“W’adɔe Ye Sen Nkwa”
Sɛnea Calvin H. Holmes ka kyerɛe
Ná ɛyɛ December 1930 mu, na na afei na makyi nantwi nufusu awie, bere a Paapa fii ne yɔnko bi a ɔbɛn yɛn a ɔkɔsraa no no nkyɛn baa fie. Bere a oyii nhoma a akyi yɛ bruu fii ne kotoku mu no, ɔkae sɛ: “Nhoma a Wyman de afɛm me ni.” Na wɔato no din Deliverance na Ɔwɛn Aban Asafo no na wotintimii. Paapa a na ɔntaa nkenkan biribiara no kenkanee nhoma no kosii ɔdasum.
AKYIRI yi, Paapa kɔfɛm nhoma afoforo a wɔato din Light ne Reconciliation a akyerɛwfo koro no ara na wɔkyerɛwee. Ɔfaa Maame Bible dedaw bi na ɔtraa ase de kanea kenkan kosii ɔdasum. Paapa yɛɛ nsakrae kɛse. Saa awɔw bere no, ɔne yɛn—me ne me maame, ne me nuabeanom no baasa—kasae nnɔnhwerew pii bere a na yɛatwa ahyia muka a emu gya dɛw ho no.
Paapa kae sɛ wɔfrɛ nkurɔfo a wotintim nhoma horow yi Bible Asuafo, na wɔkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri no” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔrensɛe asase wɔ wiase awiei na mmom wɔbɛdan no paradise wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase. (2 Petro 3:5-7, 13; Adiyisɛm 21:3, 4) M’ani gyee ɛno ho yiye.
Paapa fii ase ne me kasae bere a me ne no yɛɛ adwuma no. Mekae sɛ na yɛrehuan aburow bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa no. (Dwom 83:18) Ɛno nti, wɔ 1931 fefɛw bere mu, bere a na madi mfe 14 pɛ no na migyee Yehowa ne N’ahenni toom. Migyinaa ofie no akyi aprɛ afuw dedaw bi mu bɔɔ Yehowa mpae na mehyɛɛ bɔ anibere so sɛ mɛsom no daa. Na yɛn Nyankopɔn nwonwafo no adɔe aka me koma dedaw.—Dwom 63:3.
Na yɛte afuw bi a efi St. Joseph, Missouri, U.S.A. kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 30, na efi hɔ kɔ Kansas City nnu kilomita 65 no mu. Wɔwoo Paapa wɔ nnuadan bi a me nanabarima sii wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase no mu.
Ntetee Ma Ɔsom Adwuma No
Wɔ 1931 ahohuru bere mu no, yɛn abusua no tiee baguam ɔkasa a wɔato din “Ahenni no, Wiase no Anidaso,” a Joseph Rutherford, Ɔwɛn Aban Asafo titrani a na ɔwɔ hɔ saa bere no, mae wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio no ase no wɔ radio so. Ɛkaa me koma, na m’ani gyei sɛ me ne Paapa bɛkɔ akɔkyekyɛ nhomawa a saa baguam ɔkasa no wom ama yɛn amannifo.
Mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a edi kan wɔ 1932 fefɛw bere mu. Yɛn fipamfo too nsa frɛɛ me ne Paapa ma yekotiee ɔkasa a George Draper a na ɔyɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo, mae wɔ St. Joseph no. Bere a yeduu hɔ no, na wɔawie nhyiam no fã dedaw, na mehwehwɛɛ baabi trae wɔ J. D. Dreyer, a ɔyɛ ɔbran a n’akyi tɛtrɛɛ, obi a na ɔbɛboa me yiye wɔ m’asetram, akyi.
Wɔ September 1933 mu no, me ne Paapa kɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Kansas City, baabi a midii kan nyaa baguam asɛnka mu kyɛfa no bi. Paapa maa me nhomawa abiɛsa na ɔkyerɛkyerɛe sɛ menka sɛ: “Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a mereka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Ɛda adi pefee sɛ woate Ɔtemmufo Rutherford kasa wɔ radio so. Wɔbɔ ne kasa horow ho dawuru wɔ radio adwumayɛbea bɛboro 300 dapɛn biara.” Afei mede nhomawa no mae. Saa anwummere no, bere a merekyi nantwi nufusu wɔ afum hɔ no, mekae wɔ me tirim sɛ eyi yɛ da titiriw wɔ m’asetram.
Ankyɛ koraa na awɔw bere bae, na na yentumi ntu kwan pii. Nanso, Onua Dreyer ne ne yere bɛsraa yɛn na wobisae sɛ ebia yebetumi aba wɔn fie Memeneda anwummere abɛda hɔ anaa. Mfaso baa Dreyer fie a menantew kilomita 10 kɔɔ hɔ no so, efisɛ ade kyee no, mitumi ne wɔn kɔɔ asɛnka ne Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ St. Joseph. Efi saa bere no, mentaa nto asɛnka mu Kwasida. Mfaso kɛse baa Onua Dreyer ntetee ne n’afotu no so.
Awiei koraa, wɔ September 2, 1935 mu no, mitumi de nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Kansas City no ase.
Nkwa Nna Nyinaa Adwuma Mfiase
Wɔ 1936 mfiase no, mibisae hokwan sɛ mɛsom sɛ ɔkwampaefo anaa bere nyinaa somfo, na wɔde me din kaa wɔn a wɔhwehwɛ obi a wɔne no bɛyɛ akwampae adwuma din ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, minyaa krataa fii Edward Stead a ofi Arvada, Wyoming, nkyɛn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wadan obubuafo a ɔte mmubuafo akongua mu na ohia mmoa a ɛbɛma wayɛ ɔkwampaefo. Mepenee n’abisade no so ntɛm ara na wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo wɔ April 18, 1936 mu.
Ansa na merekɔ akɔka Onua Stead ho no, me maame kasa kyerɛɛ me kokoam. Obisae sɛ: “Me ba, so wugye di sɛ eyi na wopɛ sɛ woyɛ?”
Memaa mmuae sɛ: “Biribi foforo biara remma asetra so mma mfaso.” Mahu sɛ Yehowa adɔe ho hia sen biribi foforo biara.
Na akwampae adwuma a me ne Ted, sɛnea na yɛfrɛ Onua Stead, yɛe no yɛ ntetee a eye kyɛn so. Na ɔyɛ mmɔdenbɔfo na na ɔwɔ kwan pa a ɔfa so da Ahenni asɛm no adi. Nanso nea na Ted tumi yɛ ara ne akyerɛw ne kasa; na ɔkwaha ama wasinsen. Na mesɔre ntɛm guare no yi ne bogyesɛ, yɛ anɔpaduan, na mema no bi ma odi. Na afei mehyɛ no atade siesie ne ho ma asɛnka. Saa ahohuru bere no, yɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ Wyoming ne Montana, na na yɛda petee mu anadwo. Na Ted da ɔdan bi a wayɛ aka ne kar ho no mu, na meda ade so wɔ fam. Akyiri yi wɔ saa afe no mu no, mitu kɔɔ anafo fam kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Tennessee, Arkansas ne Mississippi.
Wɔ September 1937 mu no, mekɔɔ me nhyiam kɛse a edi kan wɔ Columbus, Ohio. Wɔyɛɛ nhyehyɛe wɔ hɔ sɛ yɛmfa gramafon nyɛ asɛnka adwuma no. Bere biara a yɛbɔ gramafon no kyerɛ obi no, yɛyɛ kyerɛwtohɔ biako. Wɔ ɔsram biako mu no, meyɛɛ kyerɛwtohɔ bɛboro 500, na nnipa bɛboro 800 na wotiei. Bere a midii adanse wɔ Tennessee apuei fam, Virginia, ne West Virginia wiei no, wɔtoo nsa frɛɛ me de dwumadi foforo hyɛɛ me nsa sɛ ɔkwampaefo titiriw, na me ne dantaban somfo, sɛnea na wɔfrɛ ahwɛfo akwantufo saa bere no, boom yɛɛ adwuma.
Mekɔsrasraa asafo ahorow ne akuw a atew ne ho wɔ West Virginia—na midi adapɛn abien anaa anan wɔ baabiara—na midii asɛnka adwuma no anim. Afei, wɔ January 1941 mu no, wɔpaw me sɛ dantaban somfo. Saa bere no na me Maame ne me nuabeanom baasa—Clara, Lois, ne Ruth—agye Ahenni no atom dedaw. Enti yɛn abusua no nyinaa boom kɔɔ nhyiam kɛse a wɔyɛe wɔ St. Louis saa ahohuru bere no mu no.
Wɔ nhyiam no akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ dantaban asomfo amanneɛ sɛ wɔn dwumadi no bɛba awiei wɔ November 1941 mu. Wɔ ɔsram a edi hɔ no mu no, United States de ne ho kɔhyɛɛ Wiase Ko II mu. Wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw, a na ɛhwehwɛ sɛ mede nnɔnhwerew 175 kɔ asɛnka.
Ɔsom Hokwan Atitiriw
Wɔ July 1942 mu no, me nsa kaa krataa bi a ebisae sɛ mepɛ sɛ mekɔsom wɔ amannɔne anaa. Bere a mibuae sɛ yiw no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York. Wɔfrɛɛ anuanom mmarima ahokwafo bɛyɛ 20 kɔmaa wɔn ntetee titiriw wɔ bere koro no ara mu.
Nathan H. Knorr, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asɛnka adwuma no akɔ fam ma enti wɔbɛma yɛn ntetee na yɛahyɛ asafo ahorow no den honhom mu. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea ɛnkɔ yiye wɔ asafo no mu nko na yɛpɛ sɛ yehu, na mmom nea moyɛe wɔ ho nso.”
Bere a na yɛwɔ Betel no, Fred Franz, a osii Onua Knorr ananmu sɛ otitrani wɔ 1977 mu no, maa ɔkasa bi na ɔkae wom sɛ: “Wiase Ko II bɛba awiei, na asɛnka adwuma kɛse bi befi ase. Ɛda adi pefee sɛ wɔbɛboaboa nnipa ɔpepem pii ano aba Yehowa ahyehyɛde mu!” Saa ɔkasa no sesaa adwene a na mikura no koraa. Bere a wɔkyekyɛɛ dwumadi no, mihui sɛ mɛkɔ akɔsrasra asafo ahorow a ɛwɔ Tennessee ne Kentucky amantam mu no nyinaa. Wɔfrɛɛ yɛn anuanom asomfo, edin a efi saa bere no wɔasesa no ayɛ no ɔmansin sohwɛfo.
Mifii ase som asafo ahorow no wɔ October 1, 1942 mu, bere a na meda so wɔ mfe 25 no. Saa bere no na ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so akɔ asafo ahorow bi mu ne sɛ wobɛnantew anaa wobɛtra ɔpɔnkɔ so. Ɛtɔ mmere bi a me ne abusua a wɔma me dabere no da ɔdan koro mu.
Bere a na meresom Greeneville Asafo a ɛwɔ Tennessee wɔ July 1943 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesua a ɛto so abien. Wɔ Gilead na metee nea “yɛde asoyɛ a ɛboro so tie nneɛma a yɛte no” ne “monkɔ so Awurade adwuma mu daa” no kyerɛ ankasa. (Hebrifo 2:1, NW; 1 Korintofo 15:58) Ɔsram anum sukuu adesua twaam ntɛmntɛm, na da a yɛde wiee sukuu no dui wɔ January 31, 1944 mu.
Mekɔ Canada na Metoa so Kɔ Belgium
Wɔmaa yɛn mu bi kɔɔ Canada a na wɔayi nsa afi Yehowa Adansefo adwuma a wɔbarae wɔ hɔ no so nkyɛe no. Wɔde akwantu adwuma no hyɛɛ me nsa, na na ɛhwehwɛ sɛ metwa kwan tenteenten kɔ asafo ahorow bi mu. Bere a na mitu akwan no, ɛyɛɛ me anigye sɛ metee sɛnea wɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ bere a wɔbaraa yɛn wɔ Canada no ho osuahu ahorow. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Pii kaa nea wɔfrɛ no ɔsatu kɛse no ho asɛm, bere a ɛkame ayɛ sɛ anadwo biako pɛ no wɔde nhomawa kɔɔ ofie biara a ɛwɔ Canada mu no. Asɛmpa bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi bere a yɛtee sɛ ɔko a na ɛkɔ so wɔ Europa no aba awiei wɔ May 1945 mu!
Saa ahohuru bere no mu, bere a na meresom asafo a ɛwɔ kurow ketewa Osage mu wɔ Saskatchewan no, me nsa kaa krataa fii Onua Knorr hɔ a ɛkae sɛ: “Mede hokwan no ma wo sɛ kɔ Belgium. . . . Nnwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ saa asase no so. Ɛyɛ ɔman a akodi asɛe hɔ pasaa, na yɛn nuanom hia mmoa, na ɛfata sɛ yɛsoma obi fi Amerika kɔ hɔ de mmoa ne awerɛkyekye a ɛfata a wohia no kɔma wɔn.” Memaa mmuae ntɛm ara na mepenee dwumadi no so.
Wɔ November 1945 mu no, na mewɔ Brooklyn Betel a Charles Eicher, onua akwakoraa bi a ofi Alsace rekyerɛ me Franse kasa. Minyaa sɛnea wɔhwɛ baa dwumadibea so ho ntetee ntɛmntɛm nso. Ansa na merekɔ Europa no, mede bere tiaa bi kɔsraa m’abusua ne me nnamfo wɔ St. Joseph, Missouri.
Wɔ December 11 mu no, mede hyɛn Queen Elizabeth fii New York, na nnanan akyi no miduu Southampton, England. Mede ɔsram biako traa Britania baa dwumadibea de gyee ntetee foforo. Ɛno akyi, wɔ January 15, 1946 mu no, mitwaa Engiresi Nsuka no kɔɔ Ostend, wɔ Belgium. Mefaa keteke fii hɔ kɔɔ Brussels, na Betel abusua no nyinaa behyiaa me wɔ keteke gyinabea hɔ.
Adwuma a Yɛyɛɛ no Kɛse Wɔ Ɔko no Akyi
Na m’adwuma ne sɛ mɛhwɛ Ahenni adwuma so wɔ Belgium, nanso na mente kasa no mpo. Wɔ bɛyɛ asram asia mu no, na mete Franse kasa sɛnea ɛsɛ a metumi de abɔ nkɔmmɔ. Na ɛyɛ hokwan sɛ me ne wɔn a wɔde wɔn nkwa too asiane mu yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ mfe anum Nasi nniso ase no bɛyɛ adwuma. Na woyii wɔn mu bi fii nneduaban mu nkyɛe.
Na anuanom ho pere wɔn sɛ wɔbɛyɛ adwuma no ho nhyehyɛe na wɔama wɔn a Bible ho nokware ho kɔm de wɔn no aduan. Enti yɛyɛɛ nhyehyɛe a yɛde bɛyɛ nhyiam ahorow na afei nso ahwɛfo akwantufo akɔsrasra asafo ahorow no. Yenyaa nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran nso fii Nathan Knorr, Milton Henschel, Fred Franz, Grant Suiter, ne John Booth a wɔn nyinaa yɛ ananmusifo a wofi dwumadibea no ti a ɛwɔ Brooklyn no. Saa bere no mu no, mesomee sɛ ɔmansin sohwɛfo, ɔmantam sohwɛfo ne baa dwumadibea sohwɛfo. Bere a mede bɛyɛ mfe ason ayɛ ɔsom adwuma no wɔ Belgium no, mewaree Emilia Vanopslaugh, a na ɔno nso yɛ adwuma wɔ Belgium baa dwumadibea wɔ December 6, 1952 mu.
Asram kakra bi akyi wɔ April 11, 1953 mu no, wɔfrɛɛ me kɔɔ hɔnom polisifo adwumam, na wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛhɔ a mewɔ no betumi de asɛm abrɛ Belgiumfo. Mekɔtwɛnee wɔ Luxembourg bere a wɔde m’asɛm no kɔdan Ɔman Bagua no.
Wɔ February 1954 mu no, Belgium Ɔman Bagua no gye toom sɛ ɛhɔ a mewɔ no betumi de asɛm abrɛ ɔman no. Adanse a wɔde mae ne sɛ efi bere a mebaa Belgium no, ɔman no mu Adansefo adɔɔso pii—fi 804 wɔ 1946 mu akodu 3,304 wɔ 1953 mu—ma ɛno nti ebetumi de asɛm abrɛ Belgiumfo efisɛ Adansefo nkumaa bebree resi gyinae pintinn sɛ wobekura afa biara a Kristofo nni no mu. Ɛno nti wɔde me ne Emilia kɔɔ Switzerland, na yefii ase somee wɔ ɔmansin adwuma no mu wɔ beae a wɔka Franse kasa no.
Wɔtew Ahenni Ɔsom Sukuu—Sukuu a ɛde ntetee a ɛkɔ anim ma Kristofo mpanyimfo—no wɔ 1959 mu wɔ South Lansing, New York. Wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ hɔ kɔmaa me ntetee a ɛbɛma makyerɛkyerɛ sukuu yi adesuakuw wɔ Europa. Bere a mewɔ United States no, mekɔsraa m’abusuafo wɔ St. Joseph, Missouri. Ɛno ne bere a etwa to a mihuu me maame a medɔ no no wɔ hɔ. Owui wɔ January 1962 mu; Paapa wui wɔ June 1955 mu.
Wofii Ahenni Som Sukuu a wɔyɛe wɔ Paris, France, no ase March 1961, na Emilia ne me kɔe. Ɔmantam so ahwɛfo, ɔmansin so ahwɛfo, asafo mu ahwɛfo ne akwampaefo atitiriw fi France, Belgium, ne Switzerland baa sukuu no. Wɔ asram 14 a edi hɔ no mu no, meyɛɛ adapɛn anan adesua yi 12. Ɛno akyi, wɔ April 1962 mu no, yehui sɛ Emilia anyinsɛn.
Nsakrae a Yɛyɛ Wɔ Tebea Horow Ho
Yɛsan kɔɔ Geneva, Switzerland, baabi a na yɛwɔ tumi krataa a yebetumi de atra hɔ daa. Nanso, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya baabi atra, efisɛ na adan ho yɛ nã kɛse. Na ɛnyɛ mmerɛw nso sɛ yebenya adwuma ayɛ. Akyiri yi, minyaa adwuma wɔ aguadidan kɛse bi mu wɔ Geneva kurom.
Ná mede mfe 26 na ayɛ bere nyinaa som adwuma, enti na yɛn tebea a asesa no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae kɛse. Wɔ mfe 22 a mede yɛɛ adwuma wɔ aguadidan no mu, na meboa ma yɛtetee yɛn mmabea baanu, Lois ne Eunice no, yɛn abusua no de Ahenni ho nneɛma dii kan bere nyinaa. (Mateo 6:33) Bere a onyin ma migyaee adwuma wɔ 1985 mu akyi no, mifii ase som sɛ ɔmansin sohwɛfo boafo.
Emilia akwahosan asɛe kɛse, nanso ɔyɛ nea obetumi wɔ ɔsom adwuma no mu. Lois de mfe bɛyɛ du somee sɛ ɔkwampaefo. Hwɛ honhom fam anigye ara a yɛne no nyae wɔ amanaman ntam nhyiam a ɛyɛ anigye kɛse wɔ Moscow wɔ 1993 ahohuru bere mu no! Bere tiaa bi akyi, bere a Lois kodii akwamma wɔ Senegal, Afrika no, owui bere a na ɔreguare wɔ po mu no. Ɔdɔ ne ayamye a yɛn nuanom Afrikafo ne asɛmpatrɛwfo no yii adi kyerɛe no ma minyaa awerɛkyekye kɛse bere a mituu kwan kɔɔ Senegal sɛ merekɔhwɛ ma wɔasie no no. Hwɛ sɛnea m’ani gyina sɛ mehu Lois wɔ owusɔre no mu!—Yohane 5:28, 29.
Ɛyɛ me anigye sɛ mede bɛboro mfe aduanan anya mmoa afi ɔhokafo a ɔwɔ ɔdɔ nkyɛn. Nokwarem no, me yawdi ne ɔhaw nyinaa akyi no, m’ani agye Yehowa adɔe ho na ama asetra ayɛ nea mfaso wɔ so. Me koma ka me ma mede odwontofo no asɛm ka yɛn Nyankopɔn Yehowa ho asɛm sɛ: “Na w’adɔe ye sen nkwa, mede m’ano meyi wo ayɛ.”—Dwom 63:3.
[Kratafa 26 mfonini]
Yɛde gramafon yɛɛ asɛnka adwuma no
[Kratafa 26 mfonini]
M’awofo wɔ 1936
[Kratafa 26 mfonini]
Bɔnnɔ so adansedi wɔ Belgium wɔ 1948 mu