Awofo—Mommɔ Mo Mma Ho Ban!
WƆ NIGERIA ntoaso sukuu bi mu no, na abeawa bi a wagye dimmɔne wɔ nna mu ɔbrasɛe mu ani gye ho sɛ ɔbɛka nna ho nsɛm akyerɛ ne mfɛfo sukuufo mmeawa. Aduru biako a ɔkyerɛe sɛ wobetumi de atu nyinsɛn agu ne nsa a wɔfrɛ no guinness a wɔde tawa pii afra mu. Ne mfɛfo sukuufo no mu bebree ani gyee ne nsɛm a onya fii nguamansɛm nhoma mu no ho kɛse. Ebinom fii ase sɛ wɔbɛsɔ nna ahwɛ, na wɔn mu biako nyinsɛnee. Nea ɛbɛyɛ na watumi asɛe nyinsɛn no, ɔnom guinness a wɔde tawa afra mu. Wɔ dɔnhwerew kakraa bi mu no, ofii ase fee mogya. Owui wɔ nna krakra bi akyi wɔ ayaresabea.
Wɔ nnɛ wiase yi mu no, mmerante ne mmabaa pii ka nna ho asɛm daa, na ɛma wɔsɛe wɔn a wogye biribiara di no. Henanom nkyɛn na ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa kɔ kɔhwehwɛ nokware nimdeɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban? Hwɛ fata a ɛbɛfata sɛ wobetumi de wɔn ho ato wɔn awofo a wosuro Onyankopɔn, a wɔn asɛyɛde ne sɛ wɔbɛtete wɔn wɔ ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ’ mu no so.—Efesofo 6:4.
Afrikafo Adwene Wɔ Nna Ho Nkyerɛkyerɛ Ho
Wɔ wiase nyinaa no, ɛyɛ den ma awofo bebree sɛ wɔne wɔn mma besusuw nna ho nsɛm ho. Eyi te saa titiriw wɔ Afrika. Donald, agya bi a ɔwɔ Sierra Leone kae sɛ: “Ɛnyɛ ade a wɔtaa yɛ ankasa. Ɛnyɛ Afrikafo amammerɛ sɛ wɔbɛyɛ saa.” Nigeriani bea bi a wɔfrɛ no Confident ne no yɛ adwene sɛ: “M’awofo bu nna sɛ ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔbɔ so wɔ baguam da; ɛyɛ amammerɛ mu akyide.”
Wɔ Afrika amammerɛ bi mu no, wobu no sɛ ɛyɛ kasafĩ sɛ wɔbɛbɔ nna ho nneɛma te sɛ kɔte, ahosen, anaa nsabu din. Ɔwofo Kristoni bi baraa ne babea mpo sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛmfua “nna” din ɛwom sɛ ɔkae sɛ ne babea no betumi abɔ asɛmfua “aguamammɔ” de. Nanso, Onyankopɔn Asɛm Bible no ka nna ne awo nkwaa ho asɛm penpen. (Genesis 17:11; 18:11; 30:16, 17; Leviticus 15:2) Ɛnyɛ atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛma Onyankopɔn nkurɔfo ho adwiriw wɔn anaa wɔde bɛma wɔn ani agye na mmom sɛ ɛde ahobammɔ ne nkyerɛkyerɛ bɛma wɔn.—2 Timoteo 3:16.
Wɔ amammerɛ mu akyide a ɛyɛ akyi no, agya bi a ofi Nigeria kyerɛɛ biribi foforo nti a awofo bi nka ho asɛm no: “Sɛ me ne me mma susuw nna ho a, ebetumi akanyan wɔn ma wɔakɔbɔ aguaman.” Nanso, so nna ho nsɛm a ɛfata na egyina Bible so no hyɛ mmofra nkuran ma wotu mmirika kɔsɔ hwɛ? Dabi, ɛnte saa. Nokwarem no, sɛ mmofra nni nimdeɛ pii a, ebetumi ama wɔde wɔn ho akohyem. Bible no ka sɛ: “Nyansa [a egyina nokware nimdeɛ so no] gye ne wura nkwa.”—Ɔsɛnkafo 7:12.
Wɔ Yesu bɛ no mu no, esiane sɛ ɔbadwemma no dii kan huu mframa a ebetumi abɔ no nti, ɔtoo n’aban ɔbotan so, na ɔba kwasea no too n’aban wɔ anhwea so na ohuu amane. (Mateo 7:24-27) Saa ara nso na esiane sɛ Kristofo awofo a wonim nyansa nim sɛ wɔn mma behyia nhyɛso a ɛte sɛ mframa a ɛbɛhyɛ wɔn ma wɔadi wiase no gyinapɛn ahorow a ɛma nneɛma kwan so nti, wɔde nokware nimdeɛ ne ntease a ɛbɛboa wɔn mma ma wɔagyina pintinn hyɛ wɔn den.
Afrikani bea bi ka biribi foforo nti a awofo ne wɔn mma mmɔ nna ho nkɔmmɔ ho asɛm sɛ: “Bere a na meyɛ ababaa no, m’awofo a wɔyɛ Adansefo no ne me anka nna ho asɛm, enti ɛmmaa m’adwene mu sɛ me ne me mma nka ho asɛm.” Nanso, nhyɛso no ano yɛ den ma mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no sen wɔn a na wɔwɔ hɔ mfe 10 anaa 20 a atwam no. Eyi nyɛ nwonwa. Onyankopɔn Asɛm ka too hɔ sɛ: “Nna a edi akyiri mu no . . . , nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.”—2 Timoteo 3:1, 13.
Nea ɛma ɔhaw no yɛ kɛse ne sɛ mmofra pii mpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛto wɔn awofo so anaasɛ wontumi nyɛ saa. Mpɛn pii no nkɔmmɔbɔ a ɛfa nsɛm nketenkete ho mpo ntumi nkɔ so. Aberante bi a wadi mfe 19 kae sɛ: “Me ne m’awofo nsusuw nsɛm ho. Me ne me papa ntumi mmɔ nkɔmmɔ yiye. Ɔnyɛ aso.”
Ebia mmofra besuro sɛ nna ho nsɛm a wobebisa no de nsɛnnennen bɛba. Abeawa bi a wadi mfe 16 kae sɛ: “Me ne m’awofo nsusuw nna ho esiane sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ nsɛm a ɛte saa ho no nti. Bere bi a atwam no, me nuabea panyin bisaa Maame nsɛm bi faa nna ho. Sɛ anka Maame bɛboa no wɔ ne nsɛnnennen no ho no, osusuwii sɛ wanya adwene a ɛnteɛ. Na Maame taa frɛ me bisa me me nuabea no ho nsɛm, na ɛtɔ da bi a ɔka ne suban ho nsɛmmɔne. Mempɛ sɛ mɛhwere ɔdɔ a Maame wɔ ma me no, enti menka me haw nkyerɛ no.”
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛkyerɛ Wɔn?
Ɛnyɛ sɛ kyerɛ a yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn mma nna ho nsɛm sɛnea ɛsɛ no teɛ kɛkɛ, na mmom ade a ɔdɔ wom sɛ yɛyɛ nso. Sɛ awofo ankyerɛkyerɛ wɔn mma nna ho nsɛm a, afoforo bɛyɛ saa—mpɛn pii wɔyɛ no ntɛm sen sɛnea awofo bɛhwɛ kwan, na ɛkame ayɛ sɛ ɛne nnyinasosɛm a eye nhyia da. Abeawa bi a wadi mfe 13 bɔɔ aguaman efisɛ ne yɔnko sukuuni bi ka kyerɛɛ no sɛ sɛ wansɛe ne baabun a, ɔbɛte yaw kɛse nka daakye. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde apasoɔ betwa w’abono.” Bere a wobisaa abeawa no nea enti a wanka nea ɔtee no ho asɛm ankyerɛ ne maame a ɔyɛ Kristoni no, ɔmaa mmuae sɛ: wɔne mpanyimfo nsusuw nsɛm a ɛte saa ho.
Nigeriani abeawa bi kae sɛ: “Me nnamfo a me ne wɔn kɔ sukuu no ma migye dii sɛ nna yɛ biribi a ɛsɛ sɛ onipa biara a n’adwenem da hɔ de ne ho hyem. Wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ me ne ɔbarima anna saa bere yi na midi mfe 21 a, mefi ase anya ɔyare bi a ebenya me so tumi kɛse. Enti, wɔkae sɛ, nea ɛbɛyɛ na makwati asiane a ɛyɛ hu sɛɛ no, eye sɛ me ne ɔbarima bɛda ansa na maware.”
Bere a ɔne n’awofo nyaa nkitahodi a eye no, ohui ntɛm sɛ ɛne nea wasua wɔ fie no bɔ abira. “Na te sɛ nea metaa yɛ no, mekɔɔ fie kɔkaa nea wɔaka akyerɛ me wɔ sukuu mu no kyerɛɛ me maame.” Ne maame tumi bɔɔ atosɛm no gui.—Fa toto Mmebusɛm 14:15 ho.
Sɛ awofo de nimdeɛ a mmofra hia na aboa wɔn ma wɔanya ɔsoro nyansa wɔ nna ho ma wɔn a, na wɔresiesie wɔn ama wɔahu tebea horow a asiane wom ne nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wodi wɔn amim. Ɛboa ma wɔbɔ wɔn ho ban fi yawdi a nyarewa a wonya fi nna mu ne nyinsɛn a wɔmpɛ de ba ho. Ɛma obu a wɔwɔ ma wɔn ho ne nea wonya fi afoforo hɔ no yɛ kɛse. Ɛmma wonnya adwene a ɛmfata ne dadwen. Ɛma wonya nna a ɛfata ho adwempa, na sɛ wɔware akyiri yi a, ɛma wonya anigye. Ebetumi aboa wɔn ma wɔakɔ so anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Na bere a mmofra hu sɛ wɔn awofo fi ɔdɔ mu susuw wɔn ho no, ebetumi akanyan wɔn ma wɔabu wɔn na wɔadɔ wɔn kɛse.
Nkɔmmɔbɔ Pa
Sɛ awofo betumi de wɔn mma ahiade ho afotu ama a, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Sɛ awofo anhu nea ɛwɔ wɔn mma adwene ne wɔn koma mu a, mfaso kakraa bi na wobetumi anya afi afotu pa mpo so, te sɛ nea oduruyɛfo bɔ mmɔden sɛ ɔde aduru bɛma ɔyarefo bere a onnim ɔyare ko no. Nea ɛbɛyɛ na awofo ayɛ afotufo pa no, ɛsɛ sɛ wohu wɔn mma adwene ne wɔn nkate ankasa. Ehia sɛ wohu nhyɛso ne nsɛnnennen a wɔn mma rehyia ne nsɛmmisa a ɛrehaw wɔn. Ɛho hia sɛ yetie mmofra yiye, ‘yɛ ntɛm tie, yɛ nyaa kasa.’—Yakobo 1:19; Mmebusɛm 12:18; Ɔsɛnkafo 7:8.
Egye bere, boasetɔ ne mmɔdenbɔ na awofo atumi ne wɔn mma anya abusuabɔ a emu yɛ den na ɛtra hɔ, abusuabɔ a ɛma mmofra no da wɔn komam nkate paa adi. Nanso hwɛ anigye a ɛyɛ bere a wotumi yɛ eyi no! Agya bi a ofi Afrika Atɔe fam a ɔwɔ mma baanum ka sɛ: “Meyɛ agya ne obi a wɔka atirimsɛm nso kyerɛ no. Mmofra no fi wɔn pɛ mu ka biribiara, a nna ho asɛm ka ho, kyerɛ me. Mmeawa no mpo wɔ me mu ahotoso. Yegye bere de susuw wɔn haw horow ho. Wɔka wɔn anigyesɛm nso kyerɛ me.”
Bola, a ɔyɛ ne mmabea no mu biako ka sɛ: “Memfa biribiara nsie me papa. Paapa susuw afoforo ho na ɔwɔ tema. Onsisi yɛn na ɔnyɛ yɛn atirimɔdenne bere a yɛadi mfomso mpo no. Sɛ anka ne bo befuw no, ɔhwehwɛ asɛm no mu kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea anka ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔtaa twe adwene si Youth nhoma ne Abusua Mu Anigye nhoma no so.”a
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛyɛ papa sɛ awofo befi ase ne wɔn mma aka nna ho asɛm bere a wosusua paa no. Eyi to nhyɛase pa ma nkɔmmɔ a wobɛkɔ so ne wɔn abɔ akodu mpanyin mfe a emu taa yɛ den no mu. Sɛ wɔne wɔn amfi nkɔmmɔbɔ ase ntɛm a, ɛtaa yɛ den sɛ wobefi ase akyiri yi, nanso wobetumi ayɛ. Ɛna bi a ne mma yɛ baanum kae sɛ: “Mehyɛɛ me ho kaa ho asɛm kosii sɛ awiei koraa no na ɛnhaw me ne abofra no nyinaa bio.” Esiane sɛ ne yiyedi da asiane mu nti, akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ mmɔdenbɔ a ɛte sɛɛ so.
Wɔabɔ Wɔn Ho Ban na Wɔwɔ Anigye
Mmofra ani sɔ awofo a wofi ɔdɔ mu de nimdeɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban ma wɔn no. Susuw Yehowa Adansefo a wɔwɔ Afrika no mu bi nsɛm yi ho:
Mojisola kae bere a na wadi mfe 24 no sɛ: “Mɛkyerɛ anisɔ ama me maame daa. Ɔmaa minyaa ɔbarima ne ɔbea nna ho nkyerɛkyerɛ a ɛho hia wɔ bere a ɛfata mu. Ɛwom sɛ na ɛhaw me bere a na ɔreka saa nsɛm no bere tenten a atwam ni de, nanso seesei mihu nneɛma pa a me maame yɛ maa me no.”
Iniobong ka too so sɛ: “Sɛ mehwɛ m’akyi na misusuw nea Maame ayɛ ama me sɛ ɔmaa me nna ho ntetee a ɛfata no a, ɛma m’ani gye bere nyinaa. Ayɛ mmoa kɛse ama me na akyerɛ me kwan bere a merenyin no. Mehyɛ bɔ sɛ mɛyɛ saa ara ama me mma a mɛwo wɔn daakye no.”
Kunle a wadi mfe 19 no kae sɛ: “M’awofo aboa me ma magyina nhyɛso a efi wiasefo mmea a na wɔpɛ sɛ me ne wɔn da kwa hɔ no ano. Sɛ ɛnyɛ ntetee a wɔde maa me no a, anka meyɛɛ bɔne. Mɛkyerɛ nea wɔyɛ maa me no ho anisɔ bere nyinaa.”
Christiana kae sɛ: “Minya nkɔmmɔ a me ne me maame bɔ wɔ nna ho no so mfaso pii. Abɔ me ho ban afi nyarewa a edi awu ne nyinsɛn a wɔmpɛ ho, na matumi ayɛ nhwɛso pa ama me nuanom nkumaa. Afei nso manya obu afi nkurɔfo hɔ, na me kunu a mɛware no daakye nso bebu me. Ne titiriw paa no, me ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ pa esiane sɛ midi ne mmara so nti.”
Bola, a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kae sɛ: “Obi a na me ne no kɔ sukuu kae sɛ wubetumi anya nna mu kyɛfa bere a wonwaree. Wɔ ne fam no, na ɛyɛ anigyede. Nanso, ohui sɛ ɛnyɛ anigyede bere a onyinsɛnee a wantumi ankɔyɛ sɔhwɛ a yɛde wie sukuu no. Sɛ na minni agya pa a ɔma me akwankyerɛ a, anka ebia meyɛɛ sɛ ɔno ara, huu amane kɛse.”
Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ bere a awofo a wɔyɛ Kristofo boa wɔn mma ma wohu ‘nyansa kɔ nkwagye mu’ wɔ wiase a nna agye nkurɔfo ti yi mu! (2 Timoteo 3:15) Wɔn nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no te sɛ kɔnmuadeɛ a ɛsom bo a esiesie mmofra ma wɔn ho yɛ fɛ wɔ Onyankopɔn ani so. (Mmebusɛm 1:8, 9) Mmofra nya ahobammɔ, na awofo nya abotɔyam kɛse. Agya bi a ɔwɔ Afrika a ɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔne ne mma bɛbɔ nkɔmmɔ no kae sɛ: “Yɛwɔ asomdwoe. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛn mma nim nea ɛsɔ Yehowa ani; wiasefo ntumi nnaadaa wɔn. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛbɛma abusua no adi awerɛhow. Meda Yehowa ase sɛ wɔama ahotoso a yɛwɔ no ayɛ nea ɛfata.”
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Kratafa 10 mfonini]
Kristofo mmofra a wɔn awofo ka nsɛm a egyina Bible so kyerɛ wɔn no betumi apo atosɛm a mmofra foforo ka no