Hwɛ Yiye Wɔ Fɛwdifo Ho!
Nkɔmhyɛ abu so nnɛ, na wɔn a wɔka nea ebesisi daakye ho nsɛm no adwuma renya nkɔanim. The Daily Telegraph a ɛwɔ London, no ka sɛ: “Bere a afe 2000 rebɛn no, biribi a ɛyɛ nwonwa nanso ɛnyɛ ade a yɛnhwɛ kwan koraa resi. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa renya daakye ho anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa na mpɛn pii no, etu koma.” Wɔ nnipa pii fam no, daakye ho adwennwen a ɛkɔ akyiri yi yɛ nsakrae ho akwanhwɛ a bere bi a atwam no na wɔwɔ a amma mu na asan asɔre ara kwa.
BERE a pɔnkɔ teaseɛnam bɛdɔɔso wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, ɔbarima bi hyɛɛ nkɔm sɛ daakye biara pɔnkɔ bin bɛmene Europa nkuropɔn. Nokwarem no, ne nkɔmhyɛ no amma mu. Enti bere a ɛretwe adwene asi ɔkwan a nkɔmhyɛ ahorow taa di nkogu so no, The Times a ɛwɔ London no kae sɛ: “Daakye asɛm yɛ pɔnkɔ bin ade mã kɛkɛ.”
Afoforo di wɔn a wɔhwɛ ade kɔ akyiri hu sɛ asiane bi reba no ho fɛw. Sɛ nhwɛso no, aguadi ho ɔbenfo bi a ɔwɔ U.S. sukuupɔn bi mu gyee wɔn a wɔde nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a nkurɔfo sɛe no ho kɔkɔbɔ ma no kyim sɛ wɔne no nto nkyia nhwɛ sɛ tebea no bɛsɛe koraa anaa. Sɛnea wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ New Scientist nsɛmma nhoma mu no, ɔkyerɛ sɛ “yɛn asetra renya nkɔanim na ɛbɛkɔ so ayɛ saa daa.”
Wɔ nsɛm hwanyann a obi ka biribi a na ɔfoforo abɔ agu mu no, nnipa pii gye di sɛ biribiara rensakra. Bere a wodi adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn de ne ho begye adesamma nsɛm mu ho fɛw no, wɔda su a ɛte sɛ nea afeha a edi kan Y.B. fɛwdifo daa no adi no ara bi adi.
So Biribiara Te Sɛnea Ɛte Ara?
Krataa a ɛto so abien a honhom kaa Kristoni somafo Petro ma ɔkyerɛw bɛyɛ 64 Y.B. no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba.”—2 Petro 3:3.
Nea fɛwdifo hwehwɛ ne sɛ wɔbɛma ade a wodi ho fɛw no ayɛ te sɛ aseresɛm. Sɛ obi dan fɛwdifo a, na ɔrema pɛsɛmenkominya asum no afiri, efisɛ mpɛn pii no, nea odi fɛw no pɛ sɛ wɔn a wotie no no fa ne nsusuwii no. Ebia na fɛwdifo a Petro de wɔn ho kɔkɔbɔ mae no kura su a ɛne sɛ, “wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi.” Bere a ɔrebɔ n’akenkanfo kɔkɔ no, ɔsomafo no de asɛmfua bi dii dwuma sii so dua. Ɔbɔɔ ‘fɛwdifo a wɔde fɛwdi’ bɛba ho kɔkɔ.
Afeha a edi kan fɛwdifo no gyee Kristo “ba ho bɔhyɛ” no ho kyim kae sɛ: “Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” (2 Petro 3:4) Ná saa na ɛte wɔ wɔn ani so. Nanso na Yesu ahyɛ amanehunu a ɛbɛba Yerusalem kurow no so ho nkɔm ato hɔ wɔ 33 Y.B. mu. Ɔkae sɛ: “Nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara, na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so.” Hwɛ mfomso a wɔn a wodii saa kɔkɔbɔ no ho fɛw no dii! Wɔ 70 Y.B. no, Romafo asraafo twaa Yerusalem ho hyiae na wɔsɛee kurow no ma emufo pii hweree wɔn nkwa. Dɛn nti na na nnipa dodow no ara a na wɔwɔ kurow no mu no nsiesiee wɔn ho mmaa asiane yi? Efisɛ wɔanhu sɛ Onyankopɔn nam ne Ba, Yesu so abɛhwehwɛ wɔn mu.—Luka 19:43, 44.
Ɔsomafo Petro twe adwene si gye a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu daakye so. Petro bɔ kɔkɔ sɛ: “[Yehowa, NW] da no bɛba sɛ owifo ba.” (2 Petro 3:10) Saa bere no, Onyankopɔn beyi abɔnefo afi asase nyinaa so na wama wɔn a wɔabu wɔn bem sɛ atreneefo no afa wɔn ho adi. Sɛnea nsɛmma nhoma yi akyerɛkyerɛ mu mpɛn pii no, Kristo Yesu “ba” no fii ase 1914. Nanso bere nsoe sɛ obedi dwuma sɛ Onyankopɔn Brafo a oyi amumɔyɛ fi hɔ. Ne saa nti, ɔsomafo no kɔkɔbɔ a ɛne sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ fɛwdifo ho no ho hia kɛse nnɛ.
Ebia woatwɛn bere tenten dedaw sɛ Onyankopɔn de ne ho begye adesamma nsɛm mu. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so atwɛn boasetɔ mu a worentɔ fɛwdifo afiri mu? Yɛsrɛ wo toa akenkan no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
“Nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa . . . wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara, . . . na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so.” Ná ɛnyɛ kɔkɔbɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho fɛw. Roma asraafo no sɛee Yerusalem maa nnipa pii hweree wɔn nkwa.