So W’ani Sɔ Yehowa Ahyehyɛde No?
“Sɛ [Yehowa, “NW”] se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso.”—YESAIA 66:1.
1, 2. (a) Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu ho adanse bɛn na wubetumi akyerɛ? (b) Ɛhe na Yehowa te?
SO WUGYE di sɛ Yehowa wɔ ahyehyɛde bi? Sɛ saa a, dɛn nti na wugye di? Ebia wubebua sɛ: ‘Wiɛ, yɛwɔ Ahenni Asa. Yɛwɔ asafo a wɔahyehyɛ no yiye a ɛwɔ mpanyimfo kuw. Yɛwɔ ɔmansin sohwɛfo a wɔahyɛ da apaw no a ɔbɛsra yɛn daa. Wɔyɛ nhyehyɛe ma yɛkɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow. Yɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ yɛn man mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom nyinaa ne pii a ɛkeka ho kyerɛ sɛ Yehowa wɔ ahyehyɛde a ɔde redi dwuma.’
2 Nneɛma a ɛtete saa no kyerɛ sɛ ɛyɛ ahyehyɛde. Nanso, sɛ nea yehu na yɛkyerɛ ho anisɔ no nyinaa na ɛwɔ asase so a, ɛnde na yennya nhuu Yehowa ahyehyɛde no nwiei. Yehowa ka kyerɛɛ Yesaia sɛ asase yɛ Ne nan ntiaso kɛkɛ, nanso ɔsoro yɛ N’agua. (Yesaia 66:1) “Ɔsoro” bɛn ho asɛm na na Yehowa reka no? Wim anaa? Ahunmu? Anaa baabi foforo a nkwa wɔ? Yesaia ka Yehowa ‘kronkronyɛ ne n’anuonyam trabea’ ho asɛm, na odwontofo no ka saa soro yi ho asɛm sɛ ‘ne trabea a ɔte hɔ.’ Enti, “ɔsoro” a ɛwɔ Yesaia 66:1 no gyina hɔ ma honhom atrae a aniwa ntumi nhu a Yehowa na ɔyɛ opumpuni anaa okura dibea a ɛkorɔn sen biara wɔ hɔ no.—Yesaia 63:15; Dwom 33:13, 14.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi adwenem naayɛ so?
3 Ne saa nti, sɛ yɛpɛ sɛ yehu Yehowa ahyehyɛde no na yɛkyerɛ ho anisɔ ampa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani kyerɛ soro. Na ɛno na ɛyɛ asɛnnennen ma ebinom. Esiane sɛ aniwa ntumi nhu Yehowa soro ahyehyɛde no nti, yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛwɔ hɔ ampa? Ɛtɔ mmere bi mpo a, ebinom adwenem betumi ayɛ wɔn nnaa aka sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn agye adi?’ Wiɛ, ɔkwan bɛn so na gyidi betumi adi adwenem naayɛ so? Akwan titiriw abien ne sua a yebesua Onyankopɔn Asɛm no anibere so wɔ kokoam, ne Kristofo nhyiam ahorow a daa yɛbɛkɔ na yɛanya mu kyɛfa. Ɛdenam saayɛ so no, nokware no ho hann no beyi adwenem naayɛ no afi hɔ. Onyankopɔn asomfo foforo adwenem ayɛ wɔn naa pɛn. Ma yensusuw asɛm bi a ɛfa Elisa somfo ho bere a na Israel hyɛ Siria hene ntua ase no.—Fa toto Yohane 20:24-29; Yakobo 1:5-8 ho.
Obi a Ohuu Ɔsoro Asafo Dɔm
4, 5. (a) Dɛn na na ɛhaw Elisa somfo no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa tiee Elisa mpaebɔ?
4 Siria hene somaa asraafo dɔm kɛse anadwo sɛ wɔnkɔkyere Elisa wɔ Dotan. Bere a Elisa somfo no sɔree ahemadakye sɛ ɔrefi adi, ebia ɔrekogye mframa wɔ wɔn dan a n’atifi yɛ tratraa a ɛwɔ Mediterranea Supɔw so no so no, hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no! Ná Siria asraafo dɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kurow no ho ahyia pɛ sɛ wɔbɛkyere Onyankopɔn diyifo no. Ɔsomfo no teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: “Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?” Na ɛda adi sɛ Elisa de ahotoso tɔɔ ne bo ase buae sɛ: “Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” Ɛbɛyɛ sɛ ɔsomfo no bisae sɛ, ‘Wɔwɔ he? Minhu wɔn!’ Ɛtɔ mmere bi a yɛn nso yebetumi ahyia saa haw no—yɛn ntease aniwa a yɛmfa nhu ɔsoro asafo dɔm anaa yɛnte ase.—2 Ahene 6:8-16; Efesofo 1:18.
5 Elisa bɔɔ mpae na ama ne somfo no aniwa abue. Afei dɛn na esii? “[Yehowa, NW] buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma atwa Elisa ho ahyia.” (2 Ahene 6:17) Yiw, ohuu ɔsoro asafo dɔm no, abɔfo a wɔyɛ asraafo a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn somfo no ho ban. Afei de, na obetumi ate Elisa ahotoso no ase.
6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Yehowa soro ahyehyɛde no mu nhumu?
6 So ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebehu nneɛma mu te sɛ Elisa somfo no? Tebea a aniwa tua a ɛde yɛn anaa Kristofo adwuma no to asiane mu wɔ aman bi so no nkutoo na yɛtaa hu? Sɛ saa a, so yebetumi ahwɛ kwan sɛ anisoadehu soronko bi bɛma yɛahu nneɛma ani so? Dabi, efisɛ yɛwɔ biribi a na Elisa somfo no nni—nhoma mũ, Bible, a anisoadehu ahorow pii wom a ebetumi ama yɛanya ɔsoro ahyehyɛde no mu nhumu. Asɛm a efi honhom mu yi nso de nnyinasosɛm ahorow a yɛde bɛteɛteɛ yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra ho akwankyerɛ ma. Nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ nhumu na yenya Yehowa nhyehyɛe ho anisɔ. Na yɛnam kokoam adesua, ne mpaebɔ ne dwen a yebedwennwen nneɛma ho so betumi ayɛ saa.—Romafo 12:12; Filipifo 4:6; 2 Timoteo 3:15-17.
Sua a Yebesua Ade Ate Ase
7. (a) Kokoam Bible adesua ho asɛnnennen bɛn na ebinom wɔ? (b) Dɛn nti na kokoam adesua so wɔ mfaso?
7 Nnipa pii, te sɛ wɔn a wɔn ani annye adesua ho wɔ sukuu da, anaasɛ wɔannya hokwan amfa wɔn ho anhyem bi no ani nye kokoam adesua ho. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ntease aniwa te Yehowa ahyehyɛde ase na yɛkyerɛ ho anisɔ a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebesua ade. So wubetumi anya aduan a ɛyɛ dɛ adi bere a wonyɛ ho adwuma? Sɛnea oduannoafo biara bɛka akyerɛ wo no, wɔyɛ adwuma pii na wɔde asiesie aduan a ɛyɛ dɛ. Nanso ebia wɔde dɔnhwerew fã anaa nea ennu saa na ebedi. Nea ɛne eyi bɔ abira no, obi betumi anya kokoam adesua ho mfaso wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. Sɛ yehu nkɔso a yebetumi anya afi mu a, ebetumi ama yɛanya kokoam adesua ho anigye. Ɔsomafo Paulo ka ma ɛfatae sɛ yɛmma yɛn ani mmra yɛn ho ne yɛn nkyerɛkyerɛ so na yɛnkɔ so mmata baguam akenkan ho. Egye mmɔden a wɔbɔ no daa, nanso ɛso mfaso no betumi ayɛ nea ɛtra hɔ daa.—1 Timoteo 4:13-16.
8. Suban bɛn na Mmebusɛm hyɛ ho nkuran?
8 Tete nyansafo bi kae sɛ: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.”—Mmebusɛm 2:1-5.
9. (a) Sɛ yɛde bo a sika kɔkɔɔ som no toto “Onyankopɔn ho nimdeɛ” ho a, ɛte dɛn? (b) Nnwinade bɛn na yehia na ama yɛanya nokware nimdeɛ?
9 Wuhu nea asɛyɛde no gyina ne so? Asɛm a wosii so dua ne, ‘sɛ wo.’ Afei hyɛ asɛm, ‘sɛ wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw,’ no nsow. Susuw wɔn a wotu fagude a wɔde mfehaha pii hwehwɛɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ wɔ Bolivia, Mexico, South Africa, ne aman afoforo so no ho hwɛ. Wɔyɛɛ adwuma denneennen, de nsosɔw ne sofi ahorow tutuu abotan a wobetumi anya fagude a ɛsom bo wom no. Na sika kɔkɔɔ som bo ma wɔn araa ma wɔ California, U.S.A., nkoron bi mu no, wotuu ntokuru a sɛ woka bom a, efi tia kɔpem tia yɛ kilomita 591, a emu dɔ bɛyɛ kilomita 1.5—na wɔde ahwehwɛ sika kɔkɔɔ kɛkɛ. Nanso, wubetumi adi sika kɔkɔɔ sɛ aduan? Wubetumi anom sika kɔkɔɔ sɛ nsu? Sɛ ɔkɔm ne sukum rekum wo wɔ anhweatam so a, so ebetumi awowaw wo? Dabi, nnipa na ɛkyerɛ bo a ɛsom, na egyina nneɛma pii so, a ɛsesa da biara da, sɛnea amanaman ntam aguadi ho nhyehyɛe da no adi no. Ne nyinaa akyi no, nnipa de wɔn nkwa atwa so. Ɛno nti, mmɔden bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ na yɛatumi anya honhom fam sika, “Onyankopɔn ho nimdeɛ”? Susuw Amansan Hene, n’ahyehyɛde, ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ ho hwɛ! Wɔ eyi mu no, yebetumi de honhom fam sosɔw ne sofi adi dwuma. Eyinom ne nhoma ahorow a egyina Bible so a ɛboa yɛn ma yetutu Yehowa Asɛm mu nya mu ntease no.—Hiob 28:12-19.
Nhumu a Yɛbɛbɔre Ahwehwɛ
10. Dɛn na Daniel hui wɔ anisoadehu bi mu?
10 Momma yentutu fam wɔ honhom fam sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afi ase anya Yehowa soro ahyehyɛde no ho nimdeɛ. Nea ɛbɛma yɛanya emu nimdeɛ titiriw no, momma yɛnnan nkɔ Daniel anisoadehu a ɛfa Nea Ne Nna Akyɛ a ɔte n’ahengua so no so. Daniel kyerɛw sɛ: “Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtraa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nhwi hoa sɛ oguanten nhwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, na ntwahonan ogya a ɛrefram; ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim [resom. Asɛnni Bagua no traa, NW] ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.” (Daniel 7:9, 10) Ɛhefo ne mpem mpem a na wɔresom Yehowa yi? New World Translation mu kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a ɛwɔ anoano a wɔde di dwuma sɛ “asosɔw” ne “sofi” no de yɛn kɔ nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Dwom 68:17 ne Hebrifo 1:14 no so. Yiw, wɔn a na wɔresom no yɛ ɔsoro abɔfo!
11. Ɔkwan bɛn so na Daniel anisoadehu no betumi aboa yɛn ma yɛate Elisa nsɛm no ase?
11 Daniel asɛm no nka sɛ ohuu abɔfo anokwafo a wɔhyɛ Onyankopɔn ase nyinaa. Ebetumi aba sɛ ɔpepem pii nso wɔ hɔ. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ afei de yebetumi ate nea enti a Elisa kae sɛ: “Wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no” ase. Ɛwom sɛ na abɔfo bɔne, adaemone no, taa Siria hene asraafo no akyi de, nanso na Yehowa soro asraafo no dɔɔso sen wɔn!—Dwom 34:7; 91:11.
12. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so anya abɔfo ho nimdeɛ pii?
12 Ebia w’ani begye sɛ wubehu abɔfo yi ho nsɛm pii, te sɛ afã a wonya wɔ Yehowa som mu. Yetumi hu fi Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase abɔfo no mu sɛ wɔyɛ asomafo, efisɛ ɛsan kyerɛ “ɔsomafo.” Nanso ɛnyɛ wɔn adwuma nyinaa ne no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea ɛte a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wobɔre. Sɛ wowɔ Insight on the Scriptures no bi a, wubetumi asua asɛm “Angels” (Abɔfo) ho ade, anaa wubetumi ahwehwɛ Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a aba atwam a ɛfa abɔfo ho no mu. Onyankopɔn soro abɔfo yi ho nimdeɛ dodow a wubetumi anya no bɛma wo ho adwiriw wo, na ɛbɛma woakyerɛ wɔn mmoa no ho anisɔ. (Adiyisɛm 14:6, 7) Nanso wɔ Onyankopɔn soro ahyehyɛde mu no, ahonhom abɔde bi di atirimpɔw atitiriw bi ho dwuma.
Nea Yesaia Hui
13, 14. Dɛn na Yesaia hui wɔ anisoadehu mu, na eyi kaa no dɛn?
13 Afei momma yɛmmɔre nhwehwɛ Yesaia anisoadehu no bi mu nhwɛ. Sɛ wokenkan ti 6 nkyekyem 1 kosi 7 no a, ɛsɛ sɛ ɛka wo. Yesaia ka sɛ ‘ohuu Yehowa sɛ ɔte agua so,’ na “serafim gyinagyina no so.” Ná wɔreka Yehowa anuonyam akyerɛ, na na wɔrekamfo ne kronkronyɛ. Ɛsɛ sɛ asɛm yi a wokenkan kɛkɛ no ka wo. Dɛn na Yesaia yɛe wɔ ho? “Ɛnna mekae sɛ: Minnue, na mayera [wɔ Sheol]: na meyɛ onipa a m’ano ho ntew, na mete ɔman a wɔn ano ho ntew mu, efisɛ ɔhene, asafo [Yehowa, NW], na m’aniwa ahu no yi.” Hwɛ sɛnea anisoadehu no kaa no! So ɛte saa wɔ wo fam?
14 Enti ɛyɛɛ dɛn na Yesaia tumi gyinaa anuonyam ho anisoadehu yi ano? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ serafim bi bɛboaa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔayi w’amumɔyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so.” (Yesaia 6:7) Ná Yesaia betumi de ne ho ato Onyankopɔn mmɔborohunu so na watie Yehowa nsɛm. Wiɛ, so w’ani rennye ho sɛ wubehu pii afa honhom abɔde a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn yi ho? Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Bɔre hwehwɛ ho nsɛm pii. Adwinnade biako a wubetumi de adi dwuma ne Watch Tower Publications Index a wubedi emu nhwehwɛmu ahorow a ɛdan adwene kɔ nhoma ahorow a ɛma nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ so no akyi.
Dɛn na Hesekiel Hui?
15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Hesekiel anisoadehu no so?
15 Afei momma yɛnnan nkɔ honhom abɔde foforo so. Hesekiel nyaa hokwan nyaa ɔsoro anisoadehu bi a ɛkanyan adwene bere a na ɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no. Bue wo Bible no mu wɔ Hesekiel ti 1, ne nkyekyem abiɛsa a edi kan no. Asɛm no fi ase dɛn? So ɛka sɛ ‘Bere bi a atwam wɔ akyirikyiri asase bi so no . . . ’? Dabi, eyi nyɛ anansesɛm bi wɔ tete mmere bi a wonnim mu. Nkyekyem 1 ka sɛ: “Afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho no, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.” Dɛn na wohyɛ no nsow wɔ nkyekyem yi ho? Ɛka bere ne beae pɔtee ho asɛm. Nsɛm yi twe adwene si Ɔhene Yehoiakin tukɔ no akyi afe a ɛto so anum, afe 613 A.Y.B. so.
16. Dɛn na Hesekiel hui?
16 Yehowa nsa baa Hesekiel so, na ofii ase nyaa Yehowa a ɔte agua so wɔ ɔsoro teaseɛnam kɛse bi a ɛwɔ nkyimii kɛse a aniwa ayɛ ne hankare no ho ma ho anisoade a ɛyɛ hu. Ɛho asɛm a yɛn ani gye ho wɔ ha ne ateasefo baanan a na wɔwɔ mu, a wogyinagyina nkyimii no biara nkyɛn mu. “Sɛ wɔn su te ni: Wɔwɔ onipa suban; na wɔwowɔ anim anan anan, na wɔn mu biara wɔ ntaban anan anan. . . . Na wɔn anim suban no sɛ ɛte ni: wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwi anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ ɔkɔre anim wɔ wɔn akyi.”—Hesekiel 1:5, 6, 10.
17. Kerubim anim ahorow anan no gyina hɔ ma dɛn?
17 Ná ateasefo baanan yi yɛ henanom? Hesekiel ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ na wɔyɛ Kerub. (Hesekiel 10:1-3, 14) Dɛn nti na na wɔwɔ anim anan? Egyina hɔ ma Amansan Hene Yehowa su atitiriw anan a ɛda nsow no. Ná ɔkɔre anim no yɛ nyansa a ɛma wɔhwɛ ade kɔ akyiri ho sɛnkyerɛnne. (Hiob 39:27-29) Ná nantwi anim no gyina hɔ ma dɛn? Wɔka sɛ nantwi a ɔredi ako atumi atutu ɔpɔnkɔ ne ɛsotefo ase akɔ wim esiane ahoɔden soronko a ɔwɔ wɔ ne kɔn ne na’mmati mu nti. Akyinnye biara nni ho sɛ nantwi yɛ Yehowa tumi a enni ano no ho sɛnkyerɛnne. Wɔde gyata di dwuma sɛ akokoduru a wɔde bu atɛntrenee ho sɛnkyerɛnne. Awiei koraa no, onipa anim no gyina hɔ ma Onyankopɔn dɔ ma ɛfata, esiane sɛ onipa nkutoo ne asase so abɔde a obetumi afi nyansa mu ada su yi adi nti.—Mateo 22:37, 39; 1 Yohane 4:8.
18. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Yohane ma yenya ɔsoro ahyehyɛde no ho ntease pii?
18 Anisoadehu afoforo nso wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nneɛma mu yiye. Emu bi ne Yohane anisoadehu a ɔkaa ho asɛm wɔ Bible nhoma, Adiyisɛm mu no. Te sɛ Hesekiel no, ohu Yehowa sɛ ɔte anuonyam agua so a kerubim ka ne ho. Dɛn na kerubim no reyɛ? Woti serafim mpaemuka a ɛwɔ Yesaia ti 6 no mu ka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne [Yehowa, NW] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtraa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.” (Adiyisɛm 4:6-8) Afei nso Yohane hu oguammaa bi wɔ ahengua no ho. Ná ɔno nso gyina hɔ ma hena? Onyankopɔn Guammaa, Yesu Kristo.—Adiyisɛm 5:13, 14.
19. Ɛdenam adesua yi so no, dɛn na woahu wɔ Yehowa ahyehyɛde no ho?
19 Enti dɛn na anisoadehu ahorow yi ama yɛahu? Yɛahu sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔte n’ahengua so a Oguammaa no, Yesu Kristo, a ɔne Asɛm no anaa Logos no ka ne ho no, na otua ɔsoro ahyehyɛde no ano. Afei nso yɛahu ɔsoro abɔfo dɔm, a serafim ne kerubim ka ho. Wɔka ahyehyɛde kɛse biako a wɔde biakoyɛ redi Yehowa atirimpɔw ahorow ho dwuma no ho. Na atirimpɔw ahorow no mu biako ne asɛmpa a yɛka wɔ wiase nyinaa wɔ nna a edi akyiri yi mu no.—Marko 13:10; Yohane 1:1-3; Adiyisɛm 14:6, 7.
20. Asɛmmisa bɛn na yɛbɛma ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
20 Afei yɛwɔ Yehowa Adansefo wɔ asase so a wohyiam wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so sua sɛnea wɔbɛyɛ Amansan Hene no apɛde. Akyinnye biara nni ho sɛ, afei de yebetumi ate ase sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka Satan ho na wokyi nokware no. Asɛmmisa a aka ne sɛ, Dɛn na ɔsoro ahyehyɛde no ne Ahenni asɛmpaka adwuma no wɔ yɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ ɛno ne nsɛm afoforo mu.
Nsɛmmisa a Wɔde Kaakae
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu na yɛakyerɛ Yehowa ahyehyɛde ho anisɔ?
◻ Osuahu bɛn na Elisa somfo no nyae, na ɔkwan bɛn so na odiyifo no hyɛɛ no nkuran?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu kokoam adesua?
◻ Ɔkwan bɛn so na Daniel, Yesaia, ne Hesekiel ma yenya ɔsoro ahyehyɛde no ho nsɛm pii?
[Kratafa 13 mfonini]
Kokoam adesua ho mfaso sen aduan a wɔasiesie no yiye
[Kratafa 15 mfonini]
Ɔsoro asafo dɔm ho anisoadehu so na Yehowa nam tiee Elisa mpaebɔ