Yehowa—Nokware Atɛntrenee Ne Adetrenee Fibea No
“Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ atɛntrenee. Ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu.”—DEUTERONOMIUM 32:4, NW.
1. Dɛn nti na yefi awosu mu pɛ atɛntrenee?
SƐNEA obiara fi awosu mu hia ɔdɔ no, saa ara na yɛn nyinaa pɛ sɛ wɔne yɛn di no atɛntrenee so. Sɛnea Amerikani manyɛfo Thomas Jefferson kyerɛwee no, “[atɛntrenee] fi awosu mu, na ɛhyɛ yɛn mu, . . . Ɛyɛ yɛn nipasu fã te sɛ, te a yɛte nka, hu a yehu ade, anaa te a yɛte asɛm.” Esiane sɛ Yehowa bɔɔ yɛn wɔ n’ankasa suban so nti, eyi nyɛ nwonwa. (Genesis 1:26) Nokwarem no, ɔde su ahorow a ɛda ne nipasu adi a emu biako ne atɛntrenee, maa yɛn. Ɛno nti na yefi awosu mu hia atɛntrenee na yɛpɛ sɛ yɛtra wiase a nokware atɛntrenee ne trenee te mu mu no.
2. Atɛntrenee ho hia Yehowa dɛn, na dɛn nti na ehia sɛ yɛte nea atɛntrenee kyerɛ ase?
2 Ɛreka Yehowa ho asɛm no, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ atɛntrenee.” (Deuteronomium 32:4, NW) Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛte nea ɔsoro atɛntrenee kyerɛ ase wɔ wiase a ntɛnkyea abu so wom no mu. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn Asɛm so no, yebetumi ahu sɛnea Onyankopɔn bu atɛntrenee, na ebetumi ama yɛahu Onyankopɔn akwan a ɛyɛ nwonwa no yiye. (Romafo 11:33) Bible adwene a yɛde bɛte atɛntrenee ase no ho hia efisɛ nnipa nsusuwii betumi anya adwene a yɛwɔ wɔ atɛntrenee ho no so nkɛntɛnso. Wɔ nnipa fam no, wobetumi akyerɛ atɛntrenee ase sɛ, amanyɔ mmara a wɔde di dwuma pɛpɛɛpɛ kɛkɛ. Anaasɛ sɛnea nyansapɛfo Francis Bacon kyerɛwee no, “nea atɛntrenee kyerɛ ara ne sɛ wɔbɛma onipa biara nsa aka nea ɛsɛ no.” Nanso Yehowa atɛntrenee kyerɛ pii sen saa.
Yehowa Atɛntrenee Ka Koma
3. Dɛn na yebetumi asua afi nsɛmfua a wodii kan de dii dwuma wɔ Bible mu maa atɛntrenee ne trenee a yebesusuw ho no mu?
3 Sɛ yɛbɛte sɛnea Onyankopɔn atɛntrenee te ase yiye a, gye sɛ yesusuw sɛnea wɔde nsɛmfua a wodii kan kyerɛwee no dii dwuma wɔ Bible mu no ho ansa.a Anigyesɛm ne sɛ, nsonsonoe titiriw biara nni atɛntrenee ne trenee ntam wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, wɔde Hebri nsɛmfua no di dwuma de kyerɛ nneɛma abien bom, sɛnea yehu wɔ Amos 5:24, faako a Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Atemmu [atɛntrenee, NW] mpirew mmra sɛ nsu, na trenee mmra sɛ asu a ɛsen daa.” Bio nso, wɔtaa de nsɛm “atɛntrenee ne adetrenee” di dwuma bom de si nsɛm so dua.—Dwom 33:5; Yesaia 33:5; Yeremia 33:15; Hesekiel 18:21; 45:9.
4. Atɛntrenee a wɔde bedi dwuma no kyerɛ dɛn, na dɛn na atɛntrenee gyinapɛn gyina so?
4 Adwene bɛn na Hebri ne Hela nsɛm yi ma wonya? Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, atɛntrenee a wɔde bedi dwuma no kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ na ɛfata. Esiane sɛ Yehowa na ɔhyehyɛ abrabɔ ho mmara ne nnyinasosɛm ahorow, na ɔkyerɛ nea ɛteɛ ne nea ɛfata nti, atɛntrenee gyinapɛn nyinaa gyina sɛnea Yehowa yɛ nneɛma no so. Theological Wordbook of the Old Testament no kyerɛkyerɛ mu sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase adetrenee (tseʹdheq) no “fa suban ne abrabɔ pa ho gyinapɛn ho, na nokwarem no, wɔ Apam Dedaw no mu no, saa gyinapɛn no gyina hɔ ma Onyankopɔn su ne n’apɛde.” Enti, sɛnea Onyankopɔn de ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma, ne titiriw no, ɔkwan a ɔfa so ne nnipa a wɔnyɛ pɛ di no ma yehu sɛnea nokware atɛntrenee ne adetrenee te ankasa.
5. Su ahorow bɛn na ɛne Onyankopɔn atɛntrenee wɔ abusuabɔ?
5 Kyerɛwnsɛm no ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn atɛntrenee nyɛ atirimɔden anaa katee, na mmom ɛka koma. Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] dɔ atemmu [atɛntrenee, NW], na ɔrennyaw n’ahotefo.” (Dwom 37:28) Onyankopɔn atɛntrenee ka no ma ɔda nokwaredi ne ahummɔborɔ adi kyerɛ n’asomfo. Onyankopɔn atɛntrenee ma osusuw yɛn ahiade ahorow ho, na onya yɛn mmerɛwyɛ ahorow ho koma. (Dwom 103:14) Ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn foa amumɔyɛ so, efisɛ saayɛ bɛkyerɛ sɛ ɔrehyɛ ntɛnkyea ho nkuran. (1 Samuel 3:12, 13; Ɔsɛnkafo 8:11) Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ Ɔyɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” Bere a Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔde amumɔyɛ ne mmarato befiri no, ɔmfa asotwe nkame wɔn a ɛsɛ wɔn.—Exodus 34:6, 7.
6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne n’asase so mma di nsɛm?
6 Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa de atɛntrenee di dwuma no ho a, ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ ɔtemmufo bi a ne tirim yɛ den a nea ɔpɛ ara ne sɛ obebu abɔnefo ntɛn. Mmom no, ɛsɛ sɛ yebu no sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ, nanso ɔyɛ pintinn, a bere nyinaa ɔne ne mma di nsɛm wɔ ɔkwan a eye sen biara so. Odiyifo Yesaia kae sɛ: “[Yehowa, NW], yɛn agya ne wo.” (Yesaia 64:8) Sɛ́ Agya a ɔyɛ pɛ na odi asɛntrenee no, Yehowa nam mmɔborohunu so ma gyina a ogyina pintinn wɔ nea ɛteɛ ho no kari pɛ wɔ sɛnea ɔne n’asase so mma a wohia mmoa anaa fafiri di nsɛm mu, esiane tebea a emu yɛ den anaa honam mu mmerɛwyɛ a wɔwɔ nti.—Dwom 103:6, 10, 13.
Nea Atɛntrenee Kyerɛ a Wɔma Emu Da Hɔ
7. (a) Atɛntrenee ho asuade bɛn na yenya fi Yesaia nkɔmhyɛ no mu? (b) Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛkyerɛɛ amanaman no atɛntrenee?
7 Mesia no ba a ɔbae no besii sɛnea Yehowa nam mmɔborohunu so bu atɛntrenee no so dua. Sɛnea odiyifo Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no, Yesu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro atɛntrenee, na ɔbɔɔ ne bra ma ɛne no hyiae. Ɛda adi pefee sɛ, abrɛfo a Onyankopɔn yɛ wɔn brɛbrɛ no nso yɛ n’atɛntrenee fã. Ne saa nti, wɔn aba mu mmu koraa. Yehowa ‘akoa’ Yesu, baa asase so ‘bɛkaa Onyankopɔn’ atɛntrenee yi ‘kyerɛɛ amanaman.’ Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔnam nea ɔsoro atɛntrenee kyerɛ a ɔyɛɛ ho nhwɛso no so yɛɛ saa. Sɛ́ ‘trenee bãa a ɛfɛfɛw’ ma ɔhene Dawid no, na Yesu ani gye ‘atɛntrenee ho, na na ɔyɛ adetrenee ntɛm.’—Yesaia 16:5; 42:1-4; Mateo 12:18-21; Yeremia 33:14, 15.
8. Dɛn nti na na atɛntrenee ne trenee so akata wɔ afeha a edi kan no mu?
8 Ná Yehowa atɛntrenee mu nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa ho hia titiriw wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Yudafo mpanyimfo ne nyamesom akannifo—akyerɛwfo, Farisifo, ne afoforo—no anyɛ atɛntrenee ne adetrenee ho nhwɛso pa, na wɔkaa ho asɛm kyeaa no. Ne saa nti, ɛbɛyɛ sɛ mpapahwekwaa a na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedi nea akyerɛwfo ne Farisifo no hwehwɛ so no susuwii sɛ wontumi nnu Onyankopɔn trenee gyinapɛn ho. (Mateo 23:4; Luka 11:46) Yesu kyerɛe sɛ eyi nte saa. Ɔpaw n’asuafo no fii nnipa mpapahwekwaa yi mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow.—Mateo 9:36; 11:28-30.
9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na akyerɛwfo ne Farisifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn trenee adi? (b) Ɔkwan bɛn so ne dɛn nti na Yesu daa no adi sɛ mfaso biara nni akyerɛwfo ne Farisifo no nneyɛe so?
9 Nea ɛne no bɔ abira no, Farisifo no hwehwɛe sɛ wɔbɛda wɔn “trenee” adi denam bɔ a wɔbɔɔ mpae na woyii ntoboa wɔ baguam so. (Mateo 6:1-6) Afei nso, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn trenee adi denam mmara ne ahyɛde ahorow pii a wɔbataa ho—a wɔn na wɔhyehyɛɛ emu pii—no so. Nneyɛe a ɛtete saa no ma ‘wogyaw atɛntrenee ne Nyankopɔn dɔ.’ (Luka 11:42) Wɔ nnipa ani so no, ebia wɔyɛɛ wɔn ho sɛ atreneefo, nanso na “amumɔyɛ” anaa abɔnefosɛm ahyɛ wɔn “ma.” (Mateo 23:28) Ne tiawa mu no, na wonni Onyankopɔn trenee ho nimdeɛ ahe biara.
10 Eyi nti, Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ: “Sɛ mo trenee ammoro kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni mu nhyɛn.” (Mateo 5:20) Nsonsonoe kɛse a na ɛda ɔsoro atɛntrenee a Yesu daa no adi ne Farisifo a na wontumi nsusuw nsɛm ho nkɔ akyiri a wobu wɔn ho atreneefo ntam no na ɛde akameakame baa wɔn ntam bere nyinaa no.
Ɔsoro Atɛntrenee ne Atɛnkyea
11. (a) Dɛn nti na Farisifo no bisaa Yesu nea enti a ɔsaa yare Homeda no? (b) Dɛn na Yesu mmuae no ma ɛdaa adi?
11 Wɔ Yesu som adwuma wɔ Galilea wɔ afe 31 Y.B. fefɛw bere mu no, ohuu ɔbarima bi a na ne nsa awu wɔ hyiadan mu. Esiane sɛ na ɛyɛ Homeda nti, Farisifo no bisaa Yesu sɛ: “Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa?” Sɛ́ anka wɔbɛte nka ama ɔbarima a ɔrehu amane a ohia mmoa yi no, na wɔpɛ biribi a wobegyina so abu Yesu fɔ, sɛnea wɔn asɛmmisa no ma ɛbɛdaa adi no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu dii wɔn komaden no ho yaw! Afei ɔde asɛmmisa a ɛte saa ara pem Farisifo no sɛ: “Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda?” Bere a wɔantumi ammua no, Yesu buaa n’ankasa asɛm bere a obisaa wɔn sɛ, sɛ oguan kɔhwe amoa mu Homeda a, anka wɔrenyi no anaa no.b Yesu nam nsɛm a wontumi mmɔ ngu so bisae sɛ: “Ɔsen bɛn na onipa nsen oguan?” Ɔde baa awiei sɛ: “Enti ɛwɔ ho kwan [anaa ɛfata] sɛ wɔyɛ papa homeda.” Ɛnsɛ sɛ wɔma nnipa atetesɛm kyekyere Onyankopɔn atɛntrenee da. Bere a Yesu ama saa asɛm no mu ada hɔ no, ɔsaa ɔbarima no yare no maa no.—Mateo 12:9-13; Marko 3:1-5.
12, 13. (a) Nea ɛne akyerɛwfo ne Farisifo no de bɔ abira no, ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa abɔnefo? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛda ɔsoro atɛntrenee ne bu a obi bu ne ho ɔtreneeni no ntam?
12 Ná Farisifo no nnwen wɔn a wɔwɔ nipaduam dɛmdi no ho, na kampɛsɛ wɔasusuw wɔn a na wodi hia honhom fam no ho. Wɔn adwene a na akyea wɔ adetrenee ho no ma wobuu wɔn ani guu towgyefo ne abɔnefo so buu wɔn animtia. (Yohane 7:49) Ne nyinaa akyi no, saafo no mu pii tiee Yesu nkyerɛkyerɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ wohuu ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛboa wɔn sen sɛ obebu wɔn atɛn no. (Mateo 21:31; Luka 15:1) Nanso Farisifo no buu mmɔden a Yesu bɔe sɛ ɔbɛboa wɔn a na wɔyare wɔ honhom fam no abomfiaa. Wonwiinwii sɛ: “Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.” (Luka 15:2) Yesu rema wɔn kasatia no ho mmuae no, ɔsan de nguanhwɛ adwuma yɛɛ ho mfatoho. Sɛnea sɛ oguanhwɛfo bi hu ne guan a wayera a, n’ani gye no, saa ara nso na abɔfo a wɔwɔ soro no ani gye, bere a ɔdebɔneyɛfo biako asakra n’adwene no. (Luka 15:3-7) Yesu ankasa ani gyei bere a otumi boaa Sakeo ma ɔsakra fii ne kan nnebɔne kwan so no. Ɔkae sɛ: “Onipa ba no bae sɛ ɔbɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.”—Luka 19:8-10.
13 Akameakame yi maa nsonsonoe a ɛda ɔsoro atɛntrenee a n’atirimpɔw ne sɛ ebesiesie na agye nkwa, ne bu a wobu wɔn ho atreneefo a atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛhyɛ nnipa kakraa bi anuonyam na abu nnipa dodow no ara fɔ, ntam no daa adi pefee. Ná amanne a mfaso biara nni so ne nnipa atetesɛm ama akyerɛwfo ne Farisifo no ayɛ aniammɔho ne ahantan, nanso Yesu kaa no yiye sɛ ‘wɔagyaw mmara mu nea ɛsom bo no a ɛne, atɛntrenee ne mmɔborohunu ne gyidi.’ (Mateo 23:23) Ɛmmra sɛ yebesuasua Yesu wɔ sɛnea yɛde nokware atɛntrenee di dwuma wɔ biribiara a yɛyɛ mu, na afei yɛhwɛ yiye na yɛammu yɛn ho atreneefo.
14. Ɔkwan bɛn so na Yesu anwonwade no mu biako kyerɛ sɛ Onyankopɔn atɛntrenee ma osusuw obi nsɛm tebea ho?
14 Bere a Yesu buu n’ani guu mmara horow a Farisifo ankasa hyehyɛe so no, odii Mose Mmara no so. (Mateo 5:17, 18) Ɛdenam saayɛ so no, wamma sɛnea wɔakyerɛw saa trenee Mmara no ato hɔ no ammunkam emu nnyinasosɛm ahorow so. Bere a ɔbea bi a mogya atu no mfe 12 soo Yesu atade mu ma ne ho tɔɔ no no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!” (Luka 8:43-48) Ahummɔborɔ nsɛm a Yesu de dii dwuma no sii so dua sɛ na Onyankopɔn atɛntrenee ama wasusuw ne tebea no ho. Ɛwom sɛ na ne ho ntew na na mmara kwan so no, wabu Mose Mmara no so de, nanso na ɛsɛ sɛ onya ne gyidi no so akatua.—Leviticus 15:25-27; fa toto Romafo 9:30-33 ho.
Adetrenee Wɔ Hɔ Ma Obiara
15, 16. (a) Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo ho no kyerɛ yɛn wɔ atɛntrenee ho? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ ‘atreneefo bebrebe’?
15 Mmɔborohunu a ɛbata ɔsoro atɛntrenee ho a Yesu sii so dua akyi no, ɔsan kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɛka nnipa nyinaa. Ná ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ ‘ɔde atɛntrenee befi akɔ amanaman mu.’ (Yesaia 42:1) Ná eyi ne adwene a ɛwɔ Yesu mfatoho a agye din no biako, Samariani mmɔborohunufo de no, mu. Ná mfatoho no yɛ asɛm a ɔbarima bi a na onim Mmara no mu, na ɔpɛ sɛ “obu ne ho bem” bisae no ho mmuae. Obisae sɛ: “Hena ne me yɔnko?” a akyinnye biara nni ho sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Yudafo nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔfa wɔn yɔnko. Samariani a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no daa Onyankopɔn trenee adi, efisɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsɛe ne bere ne sika wɔ ɔhɔho a na ofi ɔman foforo so no ho. Yesu de ne mfatoho no baa awiei bere a otuu ne sɛmmisafo no fo sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!” (Luka 10:25-37) Saa ara na sɛ ɛmfa ho abusua a obi fi mu no, yɛyɛ nnipa nyinaa yiye a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Onyankopɔn atɛntrenee.—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
16 Nea ɛne no bɔ abira no, akyerɛwfo ne Farisifo nhwɛso no kae yɛn sɛ, sɛ yɛde ɔsoro atɛntrenee bedi dwuma a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho ‘atreneefo bebrebe.’ (Ɔsɛnkafo 7:16) Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛma afoforo ahu sɛ yɛyɛ atreneefo, anaa twe a yɛbɛtwe adwene asi nnipa mmara ahorow so pii no remma yennya Onyankopɔn anim dom.—Mateo 6:1.
17. Dɛn nti na ehia paa sɛ yɛda ɔsoro atɛntrenee adi?
17 Ade biako a enti Yesu daa Onyankopɔn atɛntrenee su adi pefee kyerɛɛ amanaman no ne sɛ, ɛbɛma n’asuafo no nyinaa asua sɛ wɔbɛda su yi bi adi. Dɛn nti na eyi ho hia saa? Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn,’ ne sɛ Onyankopɔn akwan nyinaa yɛ trenee. (Efesofo 5:1) Saa ara na Mika 6:8 kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa ahwehwɛde biako ne “adetreneeyɛ,” bere a yɛne yɛn Nyankopɔn nantew no. Bio nso, Sefania 2:2, 3 bɔ yɛn nkae sɛ sɛ yɛpɛ sɛ wɔkora yɛn so Yehowa abufuw da no a, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ trenee’ ansa na saa da no adu.
18. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu?
18 Enti nna a edi akyiri a emu yɛ den yi ne “bere a ɛsɛ” a ɛsɛ sɛ yebu atɛntrenee. (2 Korintofo 6:2) Te sɛ Hiob no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ ‘yefura trenee’ na yɛde ‘atɛntrenee yɛ atade’ a, Yehowa behyira yɛn. (Hiob 29:14) Ɔkwan bɛn so na Yehowa atɛntrenee mu gyidi a yɛbɛkyerɛ no bɛboa yɛn ma yɛanya daakye mu ahotoso? Afei nso, bere a yɛretwɛn “asase foforo” no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn atɛntrenee bɔ yɛn ho ban wɔ honhom fam? (2 Petro 3:13) Asɛm a edi so no bebua nsɛmmisa yi.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔde nsɛm atitiriw abiɛsa na edi dwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔtaa kyerɛ emu biako (mish·patʹ) ase, “atɛntrenee.” Mpɛn pii no, wɔkyerɛ abien a aka (tseʹdheq ne nea ɛne no di nsɛ tsedha·qahʹ) ase “adetrenee.” Wɔkyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “adetrenee” (di·kai·o·syʹne) no ase sɛ “biribi a ɛteɛ anaa ɛfata.”
b Ná Yesu nhwɛso no fata efisɛ na Yudafo mmara a wɔde ano ka no hyɛ da ma wɔn kwan ma wɔboa aboa a ne ho akyere no, Homeda. Mmere foforo pii mu no, wodii akameakame wɔ ɔsɛmpɔw koro yi ara a ɛne sɛ, ebia ɛyɛ papa sɛ wɔsa yare Homeda anaa no ho.—Luka 13:10-17; 14:1-6; Yohane 9:13-16.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn na ɔsoro atɛntrenee kyerɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ amanaman no atɛntrenee?
◻ Dɛn nti na na Farisifo no trenee no mfata?
◻ Dɛn nti na ehia sɛ yebu atɛntrenee?
[Kratafa 8 mfonini]
Yesu maa sɛnea ɔsoro atɛntrenee te no mu daa hɔ pefee