So Wubetumi Ahu Papa Ne Bɔne?
“M’ankasa mikum nnipa bɛyɛ 25. . . . Ɛyɛ a na egyinagyina m’ani so anadwo ne awia nyinaa. Mesõsõ ho adae a ɛyɛ hu. . . . Mitumi kɔ baabi kohu animdua bi a ɛkae me nnipa a mikunkum wɔn no bi. Mitumi hu no pefee, te sɛ nea ɛresi nnɛ yi ara. . . . Ɛyɛ me yaw sɛ meyɛɛ saa nneɛma no.”—V.S.
“Wɔhyɛɛ me sɛ menkɔ nkɔsɛe atamfo no. . . . Mantra ase ansusuw ho sɛ wɔyɛ mmarima, mmea, ne mmofra. . . . Metee nka saa bere no, na meda so ara te nka sɛ meyɛɛ ade sɛnea wɔkyerɛɛ me no, na midii ahyɛde a wɔde maa me no so, na mente nka sɛ nea meyɛe no yɛ bɔne.”—W.C.
WƆ March 16, 1968, no, mmarima baanu a yɛafa wɔn nsɛm aka wɔ atifi hɔ no de wɔn ho hyɛɛ adeyɛ bi a akyiri yi wobuu no sɛ ɔko mu nsɛmmɔnedi a enye koraa mu. Wɔne asraafo foforo, hyɛnee Vietnamfo akuraa ketewa bi mu na wokunkum nnipa a na wɔnyɛ asraafo ɔhaha pii—a mmea, mmofra ne mmarima mpanyimfo ka ho. Nanso hyɛ nsonsonoe a ɛda asraafo baanu yi nkate ntam no nsow. Ɛda adi sɛ ɔsraani a odi kan no ho yeraw no wɔ nea ɔyɛe no ho. Nea ɔto so abien no te nka sɛ nea ɔyɛe no fata. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa baanu atumi ada nkate a nsonsonoe wom saa adi wɔ osuahu koro ho?
Ɛyɛ ahonim ntia—tumi a Onyankopɔn de maa yɛn a ɛboa yɛn ma yetumi hwehwɛ yɛn mu fefeefe na yebu yɛn nneyɛe ne yɛn nsusuwii ho atɛn. Ahonim yɛ nkatede a ɛwɔ yɛn mu a ɛma yetumi hu papa ne bɔne.
Nea ebinom gyina so sisi wɔn gyinae ne asɛm a ɛne sɛ, “Ma w’ahonim nkyerɛ wo kwan.” Nanso, awerɛhosɛm no ne sɛ, ahonim no nyɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so bere nyinaa. Nokwarem no, nnipa pii ama hokwan anaa wɔayɛ atirimɔdenne a ɛyɛ ahodwiriw mpo, nanso wɔn ahonim anhaw wɔn koraa. (Yohane 16:2; Asomafo no Nnwuma 8:1) Sɛnea Engiresi ayɛsɛm kyerɛwfo Samuel Butler kae bere bi no, sɛ ahonim no “kasa kyerɛ ebinom na wɔantie a, ɛnkyɛ na agyae.”
So wubetumi de wo ho ato w’ahonim so? Mmuae no gyina sɛnea woatete no yiye no so kɛse, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Upper war scene: U.S. Signal Corps photo