Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 4-7
  • So Wubetumi Agye Bible No Adi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Agye Bible No Adi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible no Anaa Atetesɛm?
  • Mfaso a Ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no So
  • Bible no a Wɔde Tra Ase so Mfaso
  • Bible Anaasɛ Atetesɛm?—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo
    Nyan!—1986
  • Wo Gyidi Wɔ Owusɔre Mu Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • So Ɔkra No Tra Ase Wɔ Owu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 4-7

So Wubetumi Agye Bible No Adi?

NNIPA bebree da so gye Bible no di wɔ nnɛ wiase yi mpo mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Amerikafo mu nnansa yi no, na nnipa ɔha mu nkyem 80 gye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. Sɛ́ ɛboro saa anaa ennu saa wɔ baabi a wote no, wubetumi ahu sɛ gyidifo a wɔte saa no hwɛ kwan sɛ wɔde Bible no bɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ asɔre. Nanso mpɛn pii no ɛmma no saa. Fa ɔkra a wɔyɛ no ayayade wɔ owu akyi ho nkyerɛkyerɛ no sɛ nhwɛso.

So ahodwiragya anaa hellgya wɔ Bible no mu baabi? Ɛnnɛ, Kristoman mu nhomanimfo pii bebua sɛ dabi. New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Ne korakora ne sɛ, Katolek ahodwiragya nkyerɛkyerɛ no gyina atetesɛm so, ennyina Kyerɛw Kronkron no so.” Ɛdefa hell ho no, A Dictionary of Christian Theology ka sɛ: “Wɔ Apam Foforo no mu no yenhu hellgya nkyerɛkyerɛ sɛ na ɛka tete nkyerɛkyerɛ no ho.”

Nokwasɛm ne sɛ, bere a mpanyimfo a wɔhwɛ Anglikan Asɔre no nkyerɛkyerɛ so de too gua sɛ wontwa hellgya nkyerɛkyerɛ no mu koraa no, nsɛm amanneɛbɔfo bɔɔ ho dawuru kɛse nnansa yi. Ɔbenfo Tom Wright, a ɔyɛ Litchfield Cathedral sɔfo panyin no, ka sɛ hell ho mfonini a wɔyɛe wɔ mmere a atwam no “maa Onyankopɔn bɛyɛɛ sɛ obi a ne ho yɛ hu, na ɛmaa nnipa pii adwene yɛɛ wɔn basaa.” Mpanyimfo no amanneɛbɔ no ka hell ho asɛm sɛ “enni hɔ koraa.”a Saa ara nso na, New Catholic Encyclopedia ka fa adwene a Katolekfo wɔ ho sɛ: “Nyamekyerɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ no bu hell ho asɛm te sɛ biribi a ɛma yɛtew yɛn ho fi Onyankopɔn ho.”

Nokwarem no, nea Bible no kyerɛkyerɛ fa ɔkra ho no ne ahodwiragya ne hellgya nkyerɛkyerɛ no nhyia. Bible no ka akra a wowuwu ho asɛm mpɛn pii. “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4; fa toto Catholic Douay nkyerɛase ho.) Sɛnea Bible no kyerɛ no, awufo nnim hwee, wɔnte yaw nka. “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo wɔ Bible no mu ne daakye wusɔre. Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Yesu de owu totoo nna ho. Lasaro nuabea Marta daa anidaso a Bible no ka ho asɛm adi bere a ɔkae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” Yesu sii saa anidaso a ɛwɔ hɔ ma adesamma no so dua, bere a onyanee Lasaro fii awufo mu ma ɔbɛtraa nkwa mu no.—Yohane 5:28, 29; 11:11-14, 24, 44.

Abakɔsɛm akyerɛwfo da no adi sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a atew ne ho bi a enwu da no mfi Bible no mu na mmom efi Hela nyansapɛ mu. New Catholic Encyclopedia ka sɛ tete Hebrifo no ansusuw sɛ honam ne ɔkra a ɛyɛ honhom na ɛka bom yɛ nipa. Ɛka fa Hebrifo gyidi ho sɛ: “Bere a nkwa home kɔɔ onipa a odi kan a Onyankopɔn de fam dɔte nwenee no no hwene mu no, ɔbɛyɛɛ ‘obi a ɔte ase’ (Genesis 2.7). Wɔammu owu sɛ biribi a ɛtetew nneɛma abien a ɛda nsow wɔ onipa mu mu, sɛnea ɛte wɔ Helafo nyansapɛ mu no; nkwa home no fi kɔ, na onipa bɛyɛ ‘obi a wawu’ (Leviticus 21.11; Numeri 6.6; 19.13). Wɔ emu biara mu no, asɛmfua ‘obi’ no begyina hɔ ama Hebri asɛmfua [neʹphesh], a mpɛn pii no wɔkyerɛ ase sɛ ‘ɔkra’ nanso nokwarem no, wɔde gyina hɔ ma onipa no.”

Nhoma koro no ara ka sɛ nnansa yi ara Katolek nhomanimfo “agye atom sɛ Apam Foforo no nkyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no nwu da sɛnea ɛte wɔ Helafo ntease mu no.” Ɛde ba awiei sɛ: “Owu akyi asetra ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom no nnyina nyansapɛ adwene so, na mmom egyina Owusɔre akyɛde nwonwaso no so.”

Bible no Anaa Atetesɛm?

Nanso, ɛyɛɛ dɛn na adwene a ennyina Bible no so ba bɛfraa asɔre nkyerɛkyerɛ mu? Asɔre pii ka sɛ Bible no ne ade titiriw a wogyina so kasa. Sɛ nhwɛso no, ɛnkyɛe biara na Pope John Paul II kae wɔ Kyerɛw no ho sɛ ɛho hia sɛ “anokwafo gye tom sɛ ɛyɛ nokware turodoo, na afei ɛno na yɛn gyidi gyina so koraa.” Nanso, nnipa pii gye tom sɛ nea Kristoman kyerɛkyerɛ no nnɛ no yɛ soronko wɔ nea afeha a edi kan Kristofo kyerɛkyerɛe no ho. Asɔre dodow no ara bu nsakrae ahorow no sɛ ɛfã fi asɔre nkyerɛkyerɛ a ɛde nkakrankakra abɛhyem no. Bio nso, Katolek Asɔre no gye tom sɛ atetesɛm a asɔre no kyerɛkyerɛ no ne Kyerɛwnsɛm no kura tumi koro. New Catholic Encyclopedia ka sɛ asɔre no “nokware biara nnyina Kyerɛwnsɛm nkutoo so, a atetesɛm nka ho, na saa ara nso na ennyina atetesɛm nkutoo so, a Kyerɛwnsɛm nka ho.”

Abakɔsɛm mu no, asɔre ahorow no de nkyerɛkyerɛ a egyina atetesɛm nkutoo so asi Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ ananmu. Nokwasɛm ne sɛ, seesei asɔre pii kyerɛ sɛ Bible nkyerɛkyerɛ nyɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, New Catholic Encyclopedia ka sɛ “sɛ yɛde nnansa yi nyansahu ne abakɔsɛm ho nimdeɛ kari hwɛ a, ɛda adi sɛ Bible mu nsɛm pii nyɛ nokware.” Ɛreka Bible nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ awufo nnim hwee ho asɛm no, ɛde ka ho sɛ: “Wɔ nyamesɛm mu mpo no, Apam Dedaw no di adanse sɛ owu akyi asetra . . . ho nimdeɛ no nwie pɛyɛ.” Nhoma no twe adwene si Dwom 6:5 (ɛyɛ nkyekyem 6 wɔ Bible binom mu) so sɛ eyi ho nhwɛso: “Na wo ho nkae nni wu mu. Hena na ɔbɛda wo ase wɔ asaman [anaa, Hades]?” Protestant asɔfodi sukuu ne kɔlege binom nkyerɛkyerɛ bio sɛ mfomso biara nni Bible no ho. Katolek Asɔre no nso gye di sɛ wokura asɛnka anaa ɔkyerɛkyerɛ tumi a wɔde kyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ ase. Nanso, so ɛbɛyɛ wo nwonwa, ‘Sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea saa nkyerɛase no ne Kyerɛwnsɛm no bɔ abira a?’

Mfaso a Ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no So

Yesu kɔɔ so twee adwene sii Kyerɛwnsɛm no so sɛ ɛwɔ tumi, na ɔdaa ne nsɛm adi mpɛn pii sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mateo 4:4, 7, 10; Luka 19:46) Nokwarem no, bere a Yesu kaa nnipa aware ho asɛm no, wannyina Helafo bɔtirimka nyansapɛ so, na mmom ogyinaa Genesis adebɔ ho kyerɛwtohɔ no so. (Genesis 1:27; 2:24; Mateo 19:3-9) Ɛda adi sɛ, Yesu buu Kyerɛwnsɛm no sɛ efi Onyankopɔn home mu na ɛyɛ nokware. Wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu no, ɔkae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.”—Yohane 17:17.b

Bible no yɛ sɛnea Yesu kaa ne bere so nyamesom akannifo no anim ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu. . . . Na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm no.” (Marko 7:6-13) Saa ara nso na ɔsomafo Paulo ko tiaa Helafo nyansapɛ anaa atoro atetesɛm a obegye atom de afrafra ne nkyerɛkyerɛ mu ho nhyɛso no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm. . . so ammɛfa mo nnommum.” (Kolosefo 2:8; 1 Korintofo 1:22, 23; 2:1-13) Ná atetesɛm anaa nkyerɛkyerɛ ahorow bi wɔ hɔ a Paulo hyɛɛ Kristofo sɛ wonkura mu, nanso na eyinom gyina Kyerɛwnsɛm no so na na ɛne no hyia pɛpɛɛpɛ. (2 Tesalonikafo 2:13-15) Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye . . . Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Paulo hu siei sɛ ebinom bɛman afi Kyerɛwnsɛm no ho. Ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ: “Na ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, . . . na wobeyi wɔn aso afi nokware ho.” Ɔhyɛɛ Timoteo sɛ: “Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu.” (2 Timoteo 4:3-5) Nanso ɔkwan bɛn so? Ɔkwan biako ne sɛ “wubenya adwempa.” Hela nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ Bible asɛmfua yi ase sɛ “ɔpɛ a obi wɔ sɛ obesua biribi na ɔde adwene a ɛteɛ ayɛ mu nhwehwɛmu.” Luka de asɛmfua yi dii dwuma de kyerɛɛ sɛnea na Paulo atiefo a wɔwɔ afeha a edi kan Beroia no te. Na Paulo nkyerɛkyerɛ yɛ foforo ma wɔn, na na wɔmpɛ sɛ obi daadaa wɔn. Ɔrekamfo wɔn no, Luka kyerɛwee sɛ: “Na [Beroiafo] no wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na wɔde ahwɛyiye hwehwɛɛ Kyerɛwsɛm no mu da biara sɛ nneɛma yi te saa anaa.” Adwempa a na Beroiafo no wɔ no amma wɔn adwene mu anyɛ wɔn naa, a wonni biribiara mu gyidi. Mmom no, nea efi wɔn nhwehwɛmu a wɔde nokwaredi yɛe no mu bae ne sɛ “wɔn mu pii bɛyɛɛ agyidifo.”—Asomafo no Nnwuma 17:11, 12, NW.

Bible no a Wɔde Tra Ase so Mfaso

Na wonim Kristofo a wodi kan no yiye esiane Bible no a wɔde traa ase ne wɔn ahofama a efi ɔdɔ mu nti. Nanso ɛnnɛ, nnipa pii ‘katere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.’ (2 Timoteo 3:5) Kristosom biara a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛne kan Kristosom nhyia no rentumi nnya nkurɔfo asetra so nkɛntɛnso pa. So eyi betumi aboa ma yɛate nea enti a, yehu sɛ basabasayɛ, ɔbrasɛe, abusua asetra a asɛe, ne ade dodowpɛ renya nkɔanim wɔ Kristoman mu fã kɛse saa no ase? Wɔ “Kristofo” nsase binom so no, mmusua ntam akodi a nsɛmmɔnedi ahyɛ mu ma kɔ so wɔ wɔn a wɔwɔ ɔsom koro mu mpo.

So adwempa a na Beroiafo no wɔ no afi hɔ? So kuw bi wɔ hɔ nnɛ a wogye Bible no di na wɔde tra ase?

Encyclopedia Canadiana ka sɛ: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu ne n’asuafo no de traa ase wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien yɛn bere yi mu na wɔasan akanyan no de asi hɔ bio.” Ɛreka Adansefo no ho asɛm no, New Catholic Encyclopedia ka sɛ: “Bible no nkutoo na wobu no sɛ wɔn gyidi fibea ne nea ɛkyerɛ wɔn abrabɔ kwan.”

Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne ade titiriw nti a wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wodi yiye, wɔwɔ asomdwoe, na wɔn ani gye wɔ honhom mu no. Saa nti yɛhyɛ yɛn akenkanfo nkuran sɛ wonsua Bible nkyerɛkyerɛ a ɛma honhom fam ahoɔden no pii. Nimdeɛ a yebenya no kɛse no betumi ama yɛn ahotoso wɔ Bible no mu ayɛ kɛse na yɛn gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no mu ayɛ den. Gyidi a ɛte saa so mfaso a ɛtra hɔ daa no mma mmɔdenbɔ no nyɛ ɔkwa.

[Ase hɔ nsɛm]

a National Public Radio—“Morning Edition”

b Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛm foforo a ɛfa sɛnea wotumi de ho to Bible no so ho a, hwɛ nhomawa Amansan Nhoma, a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no mu.

[Kratafa 6 mfonini]

Ɔsomafo Paulo ne afoforo kaa asɛm no wɔ gua so

[Kratafa 7 mfonini]

Yehowa Adansefo de, “Bible no nkutoo na wobu no sɛ wɔn gyidi fibea ne nea ɛkyerɛ wɔn abrabɔ kwan”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena