Mmoa a Eye Ma Abusua
“Asɛm biara nni ho sɛ yɛbɛka sɛ ɔhaw wɔ Amerika mmusua mu. Eyi ara ne asɛm a yebetumi agyina awaregu, mpena mma, [ne] mmofra ne aware mu ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade no so aka.”
SAA nsɛm yi a United States television so nkyerɛkyerɛmufo Tom Brokaw kae no betumi afa aman pii ho. Dɛn na saa ɔhaw yi kyerɛ?
Wɔ akwan pii so no, abusua no ne ade titiriw a ɔman biara gyina so. Sɛ abusua no wɔ ɔhaw mu a, na ɔman no nso wɔ ɔhaw mu. Bio nso, abusua no ne baabi a mmofra nya nkate ne sika fam mmoa. Ɛyɛ baabi a wonya asetra mu asuade a edi kan ne nea ɛho hia sen biara no. Sɛ abusua no wɔ ɔhaw mu a, na dɛn na mmofra no resua? Ɛhe na wɔn ahobammɔ wɔ? Mpanyimfo bɛn na wobenyin abɛyɛ?
So mmoa bi wɔ hɔ ma abusua no wɔ ahokyere bere yi mu? Yiw. Abusua no yɛ ahyehyɛde a Onyankopɔn ankasa na ɔde sii hɔ. (Genesis 1:27, 28) Na ɔde abusua ho akwankyerɛ a ɛho hia ankasa ama wɔ N’asɛm, Bible, mu. (Kolosefo 3:18-21) Ampa, yɛrentumi nsesa wiase nnipa nyinaa, nanso yebetumi de Bible afotu adi dwuma wɔ yɛn ankasa mmusua mu. Yɛpɛ sɛ yɛka nkurɔfo bi a wɔyɛɛ eyi, ne aba pa a ɛsowee no ho asɛm kyerɛ wo.
Awaregyae Ano a Wosiw
Wɔ aman pii mu no, aware nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu 50 kowie awaregyae mu. Ɛno yɛ nkogudi kɛse wɔ nnipa abusuabɔ mu! Ampa, nnipa pii a esiane eyi nti, wɔdan awofo a wonni ahokafo no brɛ wɔ wɔn mma tete mu. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii begye atom sɛ sɛ okunu ne ɔyere tumi di wɔn haw ahorow ho dwuma na wɔkɔ so tra a, eye kyɛn saa.
Ná awarefo bi a wɔwɔ Solomon Islands aware reyɛ agu. Ná okunu no a ɔyɛ ɔhene bi babarima no yɛ basabasa, na na ɔwɔ subammɔne pii. Asetra yɛɛ den maa ne yere no araa ma ɔyɛɛ n’adwene sɛ obedi ne ho dɔm mpo. Afei, okunu no penee so sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no. Osuae sɛ ɛnyɛ hu nko na ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani no hu bɔne, na mmom ɛsɛ sɛ ‘okyi’ nso. (Dwom 97:10) Nea ɛka ɛno ho ne nneɛma te sɛ atorodi, korɔnbɔ, basabasayɛ, ne asabow a obi bekyi. Eyi kaa ne koma, na ankyɛ na odii ne subammɔne ne n’abufuhyew no so. Nsakrae no yɛɛ ne yere no nwonwa, na esiane Onyankopɔn Asɛm mu tumi nti, wɔn aware no tuu mpɔn kɛse.
Wɔ South Africa no, ɔbea bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo tee sɛ n’adwumawura ne ne kunu pɛ sɛ wogyae aware. Ɔdansefo no kaa adwene a Onyankopɔn kura wɔ aware ho no ho asɛm kyerɛɛ n’adwumawura no, na ɔde nhoma a wɔato din Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no kyerɛɛ no. Saa nhoma yi a Yehowa Adansefo na wotintimii no ka Bible nnyinasosɛm a ɛfa aware ho no ho asɛm, na esi sɛnea Bible boa awarefo ma wodi ɔhaw ahorow ho dwuma no so dua titiriw. Adwumawura no ne ne kunu nyinaa kenkanee nhoma no, na wɔbɔɔ mmɔden yiye sɛ wɔde Bible mu afotu a ɛwom no bedi dwuma. Enti, wosii gyinae sɛ wonnyae aware—Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma ama aware bi nso agyina.
Bere a Ɛsono Obiara Som
Na aware a ɛsono awarefo no mu biara som nso ɛ? Bible tu Kristofo fo pefee sɛ wɔnware “Awurade mu nko.” (1 Korintofo 7:39) Nanso, ɛtɔ mmere bi a, aware mu hokafo bi sesa ne som. So ɛsɛ sɛ ɛno de awaregyae ba? Dabida.
Wɔ Botswana no, wobisaa ɔbea bi a ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo nkyɛe sɛnea ne gyidi foforo no asakra no. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ ommua mma no, na eyi na ne kunu no kae: “Efi bere a me yere bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, mahu nsakrae pa pii wɔ ne ho. Seesei wanya ahosodi ne nyansa a kan no na onni. Onyaa ahosodi ne akokoduru de gyaee sigaretnom, su bɔne a mintumi nnii so ara. Me yere abenya ɔdɔ kɛse ama me ne me mma ne afoforo. Ɔwɔ abodwokyɛre kɛse, titiriw wɔ mmofra no ho. Mihu no sɛ ɔde bere reyɛ n’asɛnka adwuma, rebɔ mmɔden aboa afoforo ma wɔn asetra atu mpɔn. Mahu nsakrae pa nso wɔ m’ankasa me ho. Migye di sɛ eyi nyinaa fi ne nhwɛso no.” Nkɛntɛnso pa bɛn ara na Bible nnyinasosɛm anya wɔ saa aware yi so sɛɛ yi! Nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo aka nsɛm a ɛtete saa ara afa wɔn ahokafo a wɔyɛ Adansefo ho.
Bere a Agya Bu N’ani Gu N’asɛyɛde Ahorow So
Abusuabɔ a ɛda agya ne ne mma ntam no yɛ ade titiriw a ɛma mmusua yɛ den. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ, asɛm bi a ɛwɔ The Wilson Quarterly mu no de mmusua mu nsɛnnennen pii no ho asodi too agyanom a wonni wɔn asɛyɛde ho dwuma no so. Asɛm no kae sɛ: “Wɔ 1960 ne 1990 ntam no, mmofra a ɛnyɛ wɔne wɔn agyanom ankasa na ɛte no dodow bu bɔɔ ho koraa . . . Agyanom a wobu ani gu wɔn asɛyɛde so no ne ade titiriw a ɛde ɔhaw a emu yɛ den sen biara a ɛhaw Amerika man no mu dodow no ara aba.”
So eyi kyerɛ sɛ mmofra a wɔn agyanom nhwɛ wɔn no asetra nsi wɔn yiye? Dabi. Odwontofo a ɔtraa ase tete bere mu no kae sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Abarimaa bi a wadi mfe akron a ɔwɔ Thailand no hui sɛ eyi yɛ nokware. Ne maame wui bere a na ɔyɛ akokoaa no, na n’agya a na ɔmpɛ no no de no kɔmaa ne nanabea. Esiane sɛ abarimaa no tee nka sɛ afoforo mpɛ n’asɛm na wɔnnɔ no nti, ɔbɛyɛɛ otuatewfo, na ogyee din sɛ osisifo. Ná ohunahuna ne nanabea no mpo. Da bi, Yehowa Adansefo baanu bi a wɔyɛ bere nyinaa asɛmpakafo a wɔhyɛɛ no nsow sɛ ɔtaa gyina hɔnom Ahenni Asa anim no too nsa frɛɛ no kɔɔ wɔn fie.
Wɔkaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ no—sɛ Ɔno, sɛ agya no, ɔdɔ ne mma. Wɔkaa asase so Paradise a Onyankopɔn de ahyɛ nnipa anokwafo bɔ no nso ho asɛm. (Adiyisɛm 21:3, 4) Abarimaa no ani gyee eyi nyinaa ho, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn da biara kosuaa pii. Adansefo no ka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔpɛ sɛ Onyankopɔn yɛ N’agya a, ɛsɛ sɛ ogyae nsisi. Ná eyi ne Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no hyia sɛ: “Mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Ná ɛsɛ sɛ ɔne ne nanabea di no ayamye mu nso. (1 Timoteo 5:1, 2) Ankyɛ na ɔde Bible nnyinasosɛm dii dwuma—akyinnye biara nni ho sɛ ɔne ne nanabea no ntam abusuabɔ atu mpɔn kɛse. (Galatifo 5:22, 23) Nsakrae a ne mpɔtam hɔfo hui wɔ ne ho no maa wɔn ho dwiriw wɔn araa ma wɔpɛe sɛ wɔn mma nso ne Yehowa Adansefo besua Bible no!
Asomdwoe Honhom
Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kolosefo no sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no . . . Na Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu.” (Kolosefo 3:14, 15) Asomdwoe honhom ne ɔdɔ a efi komam betumi aka abusua abom ɔkwan biara so. Na ebetumi asiesie abusua mu mpaapaemu a akyɛ. Esiane abusua mu ntawntawdi bi nti, na Rukia a ɔte Albania no ne ne nuabarima nkasa bɛboro mfe 17. Bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ohui sɛ wɔhyɛ Onyankopɔn somfo biara nkuran sɛ ɔne afoforo nni no asomdwoe mu. “Ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.”—1 Petro 3:11.
Rukia hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔne ne nuabarima no siesie wɔn ntam. Ɔbɔɔ mpae anadwo nyinaa, na ade kyee no, bere a na ne yam hyehye no no, ɔkɔɔ ne nuabarima no fie. Rukia nuabarima no babea buee pon no, de ahodwiriw bisae sɛ: “Dɛn na woreyɛ wɔ ha?” Rukia kaa no odwo mu sɛ ɔpɛ sɛ ohu ne nuabarima no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne ne nuabarima no siesie wɔn ntam. Dɛn ntia? Efisɛ na afei de wahu sɛ ɛno ne Onyankopɔn apɛde. Ne nuabarima no gyee pene ma wɔsan boom, na wɔyɛɛ atuu bere a na anigye ama nusu aguare wɔn no—abusua bi asan abom esiane Bible nnyinasosɛm a wɔde dii dwuma nti.
Fekubɔne
“Ɛnnɛ, abofra biara hwɛ television nnɔnhwerew ason da biara. Ansa na onwie mfitiase sukuu no, na wahwɛ awudi bɛboro mpem awotwe ne basabasayɛ mpem ɔha.” Saa na The 7 Habits of Highly Effective Families nhoma no ka. Nkɛntɛnso bɛn na nneɛma a ɛte saa no hwɛ nya wɔ abofra so? “Animdefo” adwene nhyia wɔ ɛno ho, nanso Bible bɔ fekubɔne ho kɔkɔ denneennen. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ: “Nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Ɛka nso sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Sɛ yefi nyansam bu saa nnyinasosɛm yi nokwasɛm, sɛ ebia fekubɔne no yɛ nnipa ne nnipa ntam de anaa television so de a, yɛn abusua asetra betumi atu mpɔn.
Ná ɛna bi a ɔwɔ Luxembourg ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Da bi ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ sɛ edu anwummere a, ne mmabea baanu a wɔadi mfe ason ne awotwe no ham ko ntɔkwaw yiye. Ɔdansefo no bisaa no nea edu anwummere a mmeawa no yɛ. Ɛna no kae sɛ wɔhwɛ television bere a ɔno resiesie gyaade. Dwumadi bɛn na wɔhwɛ? Ɛna no buae sɛ: “Oo, aseresɛm mfonini bi.” Bere a Ɔdansefo no kae sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a na basabasayɛ wɔ dwumadi a ɛtete saa mu no, mmeawa no maame hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma n’ani akɔ wɔn ho.
Da a edi hɔ ara no, ɛna no bɔɔ amanneɛ sɛ aseresɛm mfonini a na ne mmabea no rehwɛ no maa ne ho dwiriw no. Ná ɛfa ayɛsɛm mu mmoa bi a wɔn ho yɛ hu a wɔwɔ ahunmu a wofi atirimɔden mu sɛee biribiara a wohu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ne mmabea no sɛ Yehowa kyi basabasayɛ, na sɛ yɛhwɛ atirimɔdenne a ɛte saa a, n’ani nnye. (Dwom 11:5) Esiane sɛ mmeawa no pɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nti, wɔpenee so sɛ wɔbɛyɛ mfonini bi mmom sen sɛ wɔbɛhwɛ television. Wogyaee ntɔkwako no ntɛm ara, na anigye baa abusua no mu.
Eyi yɛ nhwɛso kakraa bi pɛ a ɛkyerɛ sɛ Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no ma abusua asetra tu mpɔn. Bible de tebea ahorow nyinaa ho afotu ma. Ɛyɛ nokware, na etumi nya obi so nkɛntɛnso pa. (Hebrifo 4:12) Sɛ nkurɔfo sua Bible no na wofi komam bɔ mmɔden sɛ wɔde nea ɛka no bedi dwuma a, ɛma mmusua yɛ den, nipasu ahorow tu mpɔn, na wɔkwati mfomso ahorow. Sɛ abusua muni biako mpo di Onyankopɔn afotu akyi a, nneɛma yɛ yiye. Nokwarem no, wɔ asetra afã ahorow nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yebu Onyankopɔn Asɛm sɛnea odwontofo a ɔkyerɛw nea edi so yi buu no no: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dwom 119:105.
[Kratafa 5 mfonini]
Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma ama wɔadi abusua mu haw ahorow ho dwuma