“Monhyɛ Mo Koma Den”
“Boasetɔ ho hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.”—HEBRIFO 10:36.
1, 2. (a) Dɛn na ɛtoo Kristofo bi wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Dɛn nti na ɛnyɛ den sɛ obi gyidi betumi ayɛ mmerɛw?
BIBLE akyerɛwfo no mu biara nni hɔ a ɔkaa gyidi ho asɛm mpɛn pii sen ɔsomafo Paulo. Na ɔkaa wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw anaa awu ho asɛm mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, Himeneo ne Aleksandro ‘guu wɔn gyidi ho asu.’ (1 Timoteo 1:19, 20) Dema gyaw Paulo efisɛ ‘ɔpɛɛ mprempren wiase.’ (2 Timoteo 4:10) Ebinom nam wɔn nneyɛe a na ɛnyɛ Kristofo de ne wɔn asɛyɛde ho dwuma a wɔanni so ‘paa gyidi.’ Atoro nimdeɛ daadaa afoforo ma ‘wɔteree gyidi no ho.’—1 Timoteo 5:8; 6:20, 21.
2 Dɛn nti na saa Kristofo a wɔasra wɔn yi dii nkogu wɔ saa akwan yi so? Wiɛ, “gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” (Hebrifo 11:1) Yegye nneɛma a yentumi nhu di. Yenhia sɛ yehu nneɛma bi ansa na yɛanya mu gyidi. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ ahonyade a aniwa hu ho adwuma sen honhom fam ahonyade a aniwa nhu. (Mateo 19:21, 22) Yɛn honam a ɛtɔ sin no ani betumi agye nneɛma a aniwa hu no pii—te sɛ “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa”—ho kɛse, na ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw.—1 Yohane 2:16.
3. Gyidi bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni nya?
3 Nanso, Paulo ka sɛ, “ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” Ná Mose wɔ gyidi a ɛte saa. “Ɔhwɛɛ akatua no,” na “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:6, 24, 26, 27) Kristoni hia gyidi a ɛte saa. Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, na Abraham yɛ eyi ho nhwɛso pa.
Abraham Gyidi Ho Nhwɛso
4. Ɔkwan bɛn so na Abraham gyidi nyaa n’asetra so tumi?
4 Ná Abraham wɔ Ur bere a ne nsa kaa Onyankopɔn bɔhyɛ sɛ ɔno na ɔbɛwo aseni a wɔnam ne so behyira amanaman mu nnipa nyinaa no. (Genesis 12:1-3; Asomafo no Nnwuma 7:2, 3) Saa bɔhyɛ no nti, Abraham yɛɛ osetie maa Yehowa, na nea edi kan no, otu kɔɔ Haran, na afei ɔkɔɔ Kanaan. Ɛhɔ no, Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔde asase no bɛma n’asefo. (Genesis 12:7; Nehemia 9:7, 8) Nanso, na Yehowa bɔhyɛ no mu dodow no ara benya ne mmamu wɔ Abraham wu akyi. Sɛ nhwɛso no, Kanaan asase no fã biara ammɛyɛ Abraham ankasa de da—gye Makpela ɔbodan a ɔtɔe sɛ amusiei no. (Genesis 23:1-20) Nanso, na ɔwɔ Yehowa asɛm mu gyidi. Nea ɛsen ne nyinaa no, na ɔwɔ daakye “kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn” no mu gyidi. (Hebrifo 11:10) Gyidi a ɛte saa na ɛwowaw no ne nkwa nna nyinaa mu.
5, 6. Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Abraham gyidi hwɛe wɔ Yehowa bɔhyɛ ho?
5 Yehu eyi titiriw wɔ bɔhyɛ a ɛka sɛ Abraham asefo bɛyɛ ɔman kɛse no mu. Nea ɛbɛyɛ na eyi ayɛ hɔ no, na Abraham hia ɔba, na ɔtwɛnee bere tenten ansa na ɔrewo. Yennim mfe a na wadi bere a odii kan tee Onyankopɔn bɔhyɛ no, nanso bere a otwaa kwan tenten kɔɔ Haran no, na Yehowa nnya mmaa no ɔba. (Genesis 11:30) Ɔtraa Haran kyɛe ‘boaboaa ahode ano nyaa akra,’ na bere a ofii Kanaan no, na wadi mfe 75, na na Sara adi mfe 65. Nanso, na wonni ba. (Genesis 12:4, 5) Bere a Sara dii bɛyɛ mfe 75 no, ɔkae sɛ afei de wanyin dodo sɛ ɔbɛwo ama Abraham. Enti, ɔyɛɛ nea na nkurɔfo taa yɛ saa bere no de n’afenaa Hagar maa Abraham, na ɔwoo ɔbabarima maa no. Nanso, na ɛnyɛ oyi ne bɔhyɛ ba no. Bere bi akyi no, wɔpamoo Hagar ne ne ba, Ismael. Nanso, bere a Abraham srɛ maa wɔn no, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obehyira Ismael.—Genesis 16:1-4, 10; 17:15, 16, 18-20; 21:8-21.
6 Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no—bere a wodii kan tee bɔhyɛ no akyi bere tenteenten no—Abraham a na wadi mfe 100 ne Sara a na wadi mfe 90 no, woo ɔbabarima, Isak. Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ wɔn nwonwa! Wɔ saa awarefo a na wɔn mfe akɔ anim yi fam no, na ɛreyɛ ayɛ sɛ owusɔre, bere a wɔn nipadua a na “awu” no ma wɔwoe no. (Romafo 4:19-21) Wɔtwɛnee bere tenten, nanso bere a awiei koraa no, bɔhyɛ no nyaa ne mmamu no, na ɛfata sɛ wɔtwɛnee.
7. Ɔkwan bɛn so na wɔde gyidi bata boasetɔ ho?
7 Abraham nhwɛso no kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn gyidi yɛ bere tiaa mu ade kɛkɛ. Paulo de gyidi bataa boasetɔ ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Boasetɔ ho hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. . . . Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.” (Hebrifo 10:36-39) Nnipa pii na wɔde bere tenten atwɛn bɔhyɛ no mmamu. Ebinom atwɛn wɔn nkwa nna nyinaa. Wɔn gyidi a ɛyɛ den no na awowaw wɔn. Na, te sɛ Abraham no, wɔn nsa bɛka akatua no wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu.—Habakuk 2:3.
Onyankopɔn a Yebetie No
8. Ɔkwan bɛn so na yetie Onyankopɔn nnɛ, na dɛn nti na ɛno bɛhyɛ yɛn gyidi den?
8 Anyɛ yiye koraa no, nneɛma anan na ɛhyɛɛ Abraham gyidi den, na saa nneɛma no ara betumi aboa yɛn. Nea edi kan no, ɔnam Yehowa kasa a na otie so daa no adi sɛ ‘ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.’ Enti, na ɔnte sɛ Yeremia bere so Yudafo a na wogye di sɛ Yehowa wɔ hɔ nanso ɔkasa a na wontie no. (Yeremia 44:15-19) Ɛnnɛ, Yehowa nam Bible, N’asɛm a efi honhom mu a Petro kae sɛ ɛte sɛ “ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu . . . mo koma mu” no so na ɔkasa kyerɛ yɛn. (2 Petro 1:19) Sɛ yɛkenkan Bible no yiye a, yɛyɛ nkurɔfo a ‘wɔde gyidi nsɛm ayɛn yɛn.’ (1 Timoteo 4:6; Romafo 10:17) Afei nso, wɔ nna a edi akyiri yi mu no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no rema yɛn honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu,” akwankyerɛ a ɛbɛma yɛde Bible mu nnyinasosɛm ahorow adi dwuma na ama yɛate Bible mu nkɔmhyɛ ase. (Mateo 24:45-47) Saa akwan yi a yɛbɛfa so atie Yehowa no ho hia na ama yɛanya gyidi a emu yɛ den.
9. Sɛ yɛwɔ Kristofo anidaso no mu gyidi ampa a, dɛn na ɛbɛba?
9 Ná Abraham gyidi ne n’anidaso wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. “Ogyina anidaso so gye dii, na wayɛ amanaman mufo bebree agya.” (Romafo 4:18) Eyi ne ade a ɛto so abien a ebetumi aboa yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Yehowa yɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo . . . no so.” (1 Timoteo 4:10) Sɛ yɛwɔ Kristofo anidaso no mu gyidi ampa a, yɛn asetra akwan nyinaa bɛda yɛn gyidi adi, sɛnea na ɛte wɔ Abraham fam no.
Onyankopɔn a Yɛne No Bɛkasa
10. Mpaebɔ bɛn na ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den?
10 Abraham ne Onyankopɔn kasae, na eyi ne ade a ɛto so abiɛsa a ɛhyɛɛ ne gyidi den. Ɛnnɛ, yɛn nso yɛnam Yesu Kristo so a yɛbɛfa de mpaebɔ akyɛde no adi dwuma so betumi ne Yehowa akasa. (Yohane 14:6; Efesofo 6:18) Ɛyɛ bere a Yesu buu bɛ bi a na esi hia a ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa so dua akyi na obisaa saa asɛm yi: “[Sɛ] onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?” (Luka 18:8) Mpae a ɛhyɛ gyidi den nyɛ nea aba nnim anaa emfi koma mu. Ɛyɛ nea ntease wom yiye. Sɛ nhwɛso no, mpaebɔ a efi komam ho hia bere a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a ɛho hia anaa bere a yɛwɔ ɔhaw kɛse mu no.—Luka 6:12, 13; 22:41-44.
11. (a) Bere a Abraham buee ne komam maa Onyankopɔn no, ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ no den? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Abraham suahu no mu?
11 Bere a na Abraham rebɔ akwakora na Yehowa nnya mmaa no aseni a wahyɛ ne ho bɔ no, ɔkaa n’ahiasɛm no kyerɛɛ Onyankopɔn. Yehowa maa no awerɛhyem. Dɛn na efii mu bae? Abraham “gyee [Yehowa, NW] dii, na obuu eyi sɛ trenee maa no.” Afei, Yehowa maa no sɛnkyerɛnne bi de sii n’awerɛhyem no so dua. (Genesis 15:1-18) Sɛ yebue yɛn komam ma Yehowa wɔ mpaebɔ mu, gye Yehowa Asɛm Bible mu bɔhyɛ ahorow tom, na yefi gyidi nyinaa mu tie no a, ɛnde, Yehowa nso bɛhyɛ yɛn gyidi den.—Mateo 21:22; Yuda 20, 21.
12, 13. (a) Bere a Abraham dii Yehowa akwankyerɛ akyi no, ɔkwan bɛn so na wohyiraa no? (b) Osuahu ahorow bɛn na ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den?
12 Ade a ɛto so anan a ɛhyɛɛ Abraham gyidi den ne mmoa a Yehowa de maa no bere a odii Onyankopɔn akyi no. Bere a Abraham kɔe sɛ ɔrekogye Lot afi ahene a wobetuu sa no nsam no, Yehowa ma odii nkonim. (Genesis 14:16, 20) Bere a Abraham traa asase a na n’asefo benya adi so sɛ ɔhɔho no, Yehowa hyiraa no ma onyaa ahode. (Fa toto Genesis 14:21-23 ho.) Yehowa kyerɛɛ n’akoa kwan ma onyaa ɔyere a ɔfata maa Isak. (Genesis 24:10-27) Yiw, Yehowa ‘hyiraa Abraham ade nyinaa mu.’ (Genesis 24:1) Ɛmaa ne gyidi yɛɛ den yiye na ɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛɛ den ma Yehowa frɛɛ no ‘m’adamfo.’—Yesaia 41:8; Yakobo 2:23.
13 So yebetumi anya gyidi a emu yɛ den saa nnɛ? Yiw. Te sɛ Abraham no, sɛ yɛsɔ Yehowa hwɛ denam n’ahyɛde ahorow so a yebedi no so a, obehyira yɛn nso, na wahyɛ yɛn gyidi den. Sɛ nhwɛso no, 1998 Ɔsom Afe Ho Kyerɛwtohɔ a yɛbɛhwɛ no bɛma yɛahu sɛ wohyiraa nnipa pii wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so bere a wotiee n’ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no.—Marko 13:10.
Gyidi Ho Adanse Nnɛ
14. Yehowa hyiraa Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no ho ɔsatu no so dɛn?
14 Wɔ October 1997 mu no, esiane nsiyɛ ne anigye a Adansefo ɔpepem pii no mu biara daa no adi nti, Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no ho sa a yetui wɔ wiase nyinaa no kɔɔ yiye wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Ɛho nhwɛso ne nea esii wɔ Ghana no. Wɔkyekyɛɛ bɛyɛ ɔpepem 2.5 wɔ kasa horow anan mu, na ne saa nti, nnipa bɛyɛ 2,000 kae sɛ wɔne wɔn mmesua Bible. Adansefo baanu bi a na wɔrekyekyɛ Ahenni Asɛm no wɔ Cyprus no hui sɛ ɔsɔfo bi di wɔn akyi. Bere bi akyi no, wɔmaa no Ahenni Asɛm no bi. Ná wanya bi dedaw, na ɔkae sɛ: “M’ani gyee emu nsɛm no ho araa ma mepɛe sɛ mema wɔn a wɔkyerɛwee no amo.” Wɔ Denmark no, wɔkyekyɛɛ Ahenni Asɛm no ɔpepem 1.5 ma ɛsow aba pa. Ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ ɛhɔnom dwumadibea a ɛne ɔmanfo di nkitaho no kae sɛ: “Kratawa no kasa kyerɛ obiara. Asete nyɛ den, na ɛka wo, ɛma wo kɔn dɔ sɛ wubehu pii. Ɛsom bo ankasa!”
15. Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyiraa mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ baabiara no so?
15 Wɔ 1998 no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ ɛnyɛ afie mu nko na wɔbɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo, na mmom, baabiara a wobehu wɔn. Wɔ Côte d’Ivoire no, asɛmpatrɛwfo awarefo bi kɔɔ po so ahyɛn 322 mu wɔ ahyɛn gyinabea. Wɔmaa nhoma 247, nsɛmma nhoma 2,284, nhomawa 500, nkratawa ɔhaha pii, ne video ahorow a hyɛn mu adwumayɛfo no bɛhwɛ bere a wɔwɔ po so no. Wɔ Canada no, Ɔdansefo bi kɔɔ adwumayɛbea bi a wosiesie kar. Ná adwumawura no ani gye ho, na onua no dii nnɔnhwerew anan ne fã wɔ hɔ, nanso bere a ɔde dii adanse ankasa nyinaa yɛ dɔnhwerew biako pɛ anaa nea ɛte saa, na ɔyɛɛ saa bere a nkurɔfo abɛka wɔn nnwuma ho nsɛm awie no. Bere bi akyi no, wɔyɛɛ adesua a na wɔbɛyɛ no anadwo 10:00 ho nhyehyɛe. Nanso, ɛtɔ mmere bi a na wontumi mfi ase gye sɛ abɔ anadwo dumien, na na wɔyɛ kosi anɔpa nnɔnabien. Ɛda adi sɛ na bere nhyehyɛe yi mu yɛ den, nanso ɛsow aba pa. Ɔbarima no sii gyinae too n’adwuma no mu Kwasida na ama watumi akɔ asafo nhyiam ahorow. Ankyɛ na ɔne n’abusua nyaa nkɔso pii.
16. Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no yɛ nnwinnade a tumi wom wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu?
16 Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no da so ara yɛ nnwinnade a tumi wom wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Wɔ Italy no, ɔbea kokorani bi a na ɔretwɛn bɔs gyee Ahenni Asɛm no bi. N’adekyee no, wɔkɔɔ ne nkyɛn bio, na ogyee Ahwehwɛde nhomawa no bi. Ɛno akyi no, wɔne no de simma 10 kosi 15 yɛɛ Bible adesua wɔ bɔs gyinabea hɔ da biara. Wɔ ɔsram biako ne fã akyi no, osii gyinae sɛ obefi nkokorafie hɔ akɔ ne kurom wɔ Guatemala akɔtoa adesua no so. Wɔ Malawi no, bere a asɔrekɔni bi a ɔyɛ nsi a wɔfrɛ no Lobina mmabea fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na n’ani nnye ho. Nanso, mmeawa no kaa Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛɛ wɔn maame sɛnea wobetumi. Wɔ June 1997 mu no, Lobina huu Nimdeɛ nhoma no, na asɛm, “Nimdeɛ a Ɛde Kɔ” no maa ne ho dwiriw no. Wɔ July mu no, ɔpenee so sɛ wɔne no nsua Bible no. Wɔ August mu no, ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam, na otiee dwumadi no nyinaa yiye. Eduu saa ɔsram no awiei no, na wagyae n’asɔre no ma wafata sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Wɔbɔɔ no asu wɔ November 1997 mu.
17, 18. Ɔkwan bɛn so na Asafo ti no video ahorow ada no adi sɛ ɛyɛ adwinnade a mfaso wɔ so a wɔde boa ankorankoro ma ‘wohu’ honhom fam nneɛma?
17 Asafo ti no video ahorow aboa nnipa pii ma ‘wɔahu’ honhom fam nneɛma. Wɔ Mauritius no, ɔbarima bi gyaee n’asɔre esiane mpaapaemu a na ɛwom nti. Ɔsɛmpatrɛwfo bi de United by Divine Teaching video no kyerɛɛ no biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa Adansefo mu. Ɔbarima no de ahodwiriw kae sɛ: “Yehowa Adansefo, moadu Paradise mu dedaw!” Ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Onuawa bi a ɔwɔ Japan yii Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name, video no kyerɛɛ ne kunu a onnye nni, na ɛkaa no ma ɔmaa wɔne no yɛɛ Bible adesua daa. Bere a ɔhwɛɛ United by Divine Teaching video no akyi no, ɔpɛe sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Dansefo. Video a ɛwɔ afã abiɛsa a wɔato din The Bible—A Book of Fact and Prophecy no boaa no maa ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow dii dwuma wɔ n’asetra mu. Awiei koraa no, Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video no ma ohui sɛ Yehowa hyɛ Ne nkurɔfo den ma wogyina Satan ntua ano. Wɔbɔɔ ɔbarima no asu wɔ October 1997 mu.
18 Eyinom yɛ osuahu ahorow pii a wonyae wɔ ɔsom afe a etwaam no mu kakraa bi pɛ. Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo wɔ gyidi a ɛyɛ nnam, na Yehowa nam wɔn adwuma a ohyira so no so rehyɛ wɔn gyidi den.—Yakobo 2:17.
Nya Gyidi Nnɛ
19. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛwɔ gyinabea a eye sen Abraham de no? (b) Nnipa dodow ahe na wohyiaam afe a etwaam no kaee Yesu afɔrebɔ wu no? (d) Aman bɛn na wonyaa nnipa a wɔdɔɔso yiye ma wɔbaa Nkaedi no ase afe a etwaam no? (Hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ nkratafa 12 kosi 15 no.)
19 Wɔ akwan pii so no, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no wɔ gyinabea a eye sen Abraham de no. Yenim sɛ Yehowa maa bɔ ahorow a ɔhyɛɛ Abraham no nyinaa nyaa ne mmamu. Abraham asefo nyaa Kanaan asase no dii, na wɔbɛyɛɛ ɔman kɛse ampa. (1 Ahene 4:20; Hebrifo 11:12) Afei nso, Abraham fii Haran akyi bɛyɛ mfe 1,971 no, Yohane Osuboni no bɔɔ n’aseni, Yesu, asu wɔ nsu mu, na Yehowa ankasa nso de honhom kronkron sraa no ma ɔbɛyɛɛ Mesia, Abraham Aseni a odi mu wɔ honhom fam. (Mateo 3:16, 17; Galatifo 3:16) Wɔ Nisan 14, 33 Y.B. no, Yesu de ne nkwa mae sɛ agyede maa wɔn a wobenya ne mu gyidi nyinaa. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Nnipa ɔpepem pii nam ne so betumi anya nhyira nnɛ. Afe a etwaam no, nnipa 13,896,312 na wohyiaam wɔ Nisan 14 kaee adeyɛ a efi ɔdɔ mu a ɛyɛ nwonwa yi. Yehowa, bɔhyɛ ahorow Sodifo Kɛse no, din ho a wɔsanee bɛn ara ni!
20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa a wofi aman nyinaa mu nam Abraham Aseni no so nyaa nhyira wɔ afeha a edi kan no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔrenya nhyira nnɛ?
20 Wɔ afeha a edi kan no mu no, nnipa pii a wofi aman nyinaa mu—efi honam fam Israel so—nyaa saa Abraham Aseni yi mu gyidi na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma a wɔasra wɔn, honhom fam “Nyankopɔn Israel” no mufo foforo. (Galatifo 3:26-29; 6:16; Asomafo no Nnwuma 3:25, 26) Wɔhwɛɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛyɛ honhom mu mma a wonwu da wɔ soro sɛ Onyankopɔn Ahenni mu adedifo. Nnipa 144,000 pɛ na wobehyira wɔn wɔ saa kwan yi so, na wɔn mu kakraa bi na ɛda so wɔ hɔ. (Adiyisɛm 5:9, 10; 7:4) Afe a etwaam no, nnipa 8,756 nam nkae abodoo no bi a wodii ne bobesa no bi a wɔnomee wɔ Nkaedi no ase so kyerɛe sɛ wogye di sɛ wɔka saa nkurɔfo yi ho.
21 Ɛkame ayɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa yɛ “nnipakuw kɛse” a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no mufo. Esiane sɛ wɔnam Yesu so anya nhyira nti, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Adiyisɛm 21:3-5) Nnipa 5,888,650 a wonyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ 1998 ɔsom afe no mu no di adanse sɛ wɔyɛ nnipakuw “kɛse” ampa. Na ɛyɛ anigye yiye sɛ yehui sɛ Russia ne Ukraine nyinaa buu adawurubɔfo a wɔboro 100,000 ho akontaa nea edi kan. Ade foforo a ɛda nsow nso ne amanneɛbɔ a efi United States no—adawurubɔfo 1,040,283 na wobuu akontaa wɔ August mu! Eyinom yɛ aman 19 a wobuu adawurubɔfo a wɔboro 100,000 ho akontaa wɔ afe a etwaam no mu abiɛsa pɛ.
Anidaso no Bɛbam Nnansa Yi Ara
22, 23. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn koma den nnɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ sɛ Abraham, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wonni gyidi a Paulo kaa wɔn ho asɛm no?
22 Wɔkaee wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase no baabi a yɛadu wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mmamu mu. Wɔde Yesu sii ahengua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni so Hene wɔ 1914 mu, de fii N’ahenni tumi mu a waba no ase. (Mateo 24:3; Adiyisɛm 11:15) Yiw, Abraham Aseni no redi ade wɔ soro mprempren! Yakobo ka kyerɛɛ ne bere so Kristofo no sɛ: “Montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.” (Yakobo 5:8) Wiɛ, mprempren waba ankasa! Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn koma den pintinn!
23 Ɛmmra sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a yɛwɔ no mu den denam Bible adesua a yɛbɛyɛ no daa ne mpaebɔ a ɛfata a yɛbɛbɔ so. Ɛmmra sɛ yɛrenhwere Yehowa nhyira da bere a yedi N’asɛm so no. Afei yɛbɛyɛ te sɛ Abraham, nyɛ sɛ wɔn a wɔn gyidi yɛɛ mmerɛw na ewui, sɛnea Paulo kae no. Biribiara rentetew yɛne yɛn gyidi kronkron a ɛsen biara no mu. (Yuda 20) Yɛbɔ mpae sɛ eyi mmra saa wɔ Yehowa asomfo nyinaa fam wɔ 1999 ɔsom afe yi mu enkosi daa.
So Wunim?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi atie Onyankopɔn nnɛ?
◻ Mfaso ahorow bɛn na yenya fi mpae a ɛfata a yɛbɔ Onyankopɔn no mu?
◻ Sɛ yefi ahobrɛase mu di Yehowa akwankyerɛ akyi a, ɔkwan bɛn so na yɛn gyidi bɛyɛ den?
◻ Ɔsom afe akontaabu (a ɛwɔ nkratafa 12 kosi 15) no afã bɛn na w’ani gyee ho titiriw?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12-15]
YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1998 ƆSOM AFE AKONTAABU
(Hwɛ bound volume)
[Kratafa 16 mfonini]
Sɛ yetie Yehowa Asɛm a, ne bɔhyɛ ahorow mu ahotoso a yɛwɔ no mu bɛyɛ den
[Kratafa 18 mfonini]
Sɛ yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, yɛn gyidi yɛ den