Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 1/1 kr. 21-25
  • Mmɔden A Mabɔ Sɛ Mɛyɛ “Odwumayɛni A Enhia Sɛ Ɔfɛre”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔden A Mabɔ Sɛ Mɛyɛ “Odwumayɛni A Enhia Sɛ Ɔfɛre”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • German Po so Asraadi Adwuma a Meyɛe
  • Hann Bi Hyerɛn Wɔ Beae a Wotu Biriw
  • Misuae sɛ Medi M’abufuw So
  • Bere Nhyehyɛe a Adagyew Nni Mu Nanso Akatua Wom
  • Ɔsom mu Hokwan Afoforo
  • Mekɔ M’anim a Sɔhwɛ Mfa Ho
  • Bible Akenkan—Ade A Ahyɛ Me Den Me Nkwa Nna Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Biribiara Nsen Nokware no
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 1/1 kr. 21-25

Mmɔden A Mabɔ Sɛ Mɛyɛ “Odwumayɛni A Enhia Sɛ Ɔfɛre”

SƐNEA ANDRÉ SOPPA KA KYERƐE

Wiase Ko II no mu yɛɛ den ara, ma ekowiee mogyahwiegu a ɛyɛ ahodwiriw ne abasamtu mu. Sɛ́ German Po so Asraafo a wɔde wɔn agyina beae a ɛbɛn Narvik, wɔ Norway, no amanneɛbɔfo no, mihui atirimɔdensɛm a onipa de yɛ ne yɔnko nipa no pefee. Sɛ edu anadwo a, na kusuu fam akanea a ɛhyerɛn fɛfɛɛfɛ wɔ po no so a mihu wɔ beae a na yekohintaw wɔ asutwaree no mu no ma misusuw asetra ho kɔ akyiri yiye. Na migye di sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ eyinom no na ɔde ɔko mu basabasayɛ yi ba.

WƆWOO me 1923 mu wɔ Lassoth akuraa ketewa bi (a seesei ɛwɔ Poland) a ɛbɛn Czech hye so no mu, na wɔtetee me wɔ abusua bi a na wodi hia a na wɔyɛ akuafo mu. Na m’awofo yɛ Katolekfo, na na nyamesom yɛ yɛn asetra mu ade titiriw. Nanso, mfiase pɛɛ na m’adwene mu yɛɛ me naa wɔ me som no ho. Wɔ yɛn akuraa no ase hɔ no, na mmusua abiɛsa na ɛwɔ hɔ a wɔyɛ Protestantfo, na na Katolekfo no ne wɔn mmɔ. Na minhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɛba saa. Wɔkyerɛɛ yɛn gyidikasɛm wɔ sukuu mu. Nanso bere a da bi mibisaa ɔsɔfo no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ Baasakoro mu no, mmuae a wɔde maa me yɛ mpire du a wɔkaa me. Nanso, ɛyɛ biribi a esii bere a na madi mfe 17 no na ɛmaa m’adwene mu yɛɛ me naa kɛse wɔ m’asɔre no ho. Me maame awofo wui a na ɔsram biako pɛ na ɛda wɔn wu no ntam, na na me maame nni sika pii a ɔde betua awufosom ahorow abien ho ka. Enti ɔsrɛɛ ɔsɔfo no sɛ ebia obetumi atua ka no akyiri yi anaa. Obisae sɛ: “Na w’awofo wɔ nneɛma, anaa meboa? Tɔn na fa sika no yɛ ayi no.”

Mfe kakra bi ansa na ɛno resi no, wɔ bere a Hitler bedii ade wɔ 1933 mu akyi no, wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnnka Poland kasa bio; na na ɛsɛ sɛ yɛka German kasa. Wɔn a wɔanka anaa wɔantumi ansua German kasa no de nkakrankakra tu yerae—wɔka kyerɛɛ yɛn akyiri yi sɛ, wɔde wɔn kɔɔ nneduaban mu. Na wɔsesaa yɛn kurow no din mpo de kɔɔ German kasa mu frɛɛ no Grünfliess. Bere a midii mfe 14 no migyaee sukuu, na esiane sɛ na minni Hitler Mmofra kuw no mu nti, na ɛyɛ den sɛ menya adwuma ayɛ. Ɛwom, wɔ bere bi akyi no, wɔfaa me sɛ ɔtomfo adwumayɛ boafo. Bere a ɔko no fii ase no, wɔbɔɔ mpae wɔ asɔre mu maa Hitler ne German asraafo dɔm no. Na misusuw ho sɛ ebia ɔfã foforo no nso bɛbɔ nkonimdi ho mpae a ɛte saa ara anaa.

German Po so Asraadi Adwuma a Meyɛe

Wɔ December 1941 mu no, mede me ho hyɛɛ German Po so Asraadi mu, na 1942 mfiase no, wɔde me kɔɔ Norway mpoano sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ amanneɛbɔ hyɛn bi mu. Wɔmaa yɛn adwuma sɛ yɛnyɛ awɛmfo wɔ Trondheim ne Oslo ntam, na yɛnwɛn po so hyɛn a na asraafodɔm, akode, anaa nneɛma wom no. Ɛyɛ bere a mewɔ po no so na metee sɛ hyɛnmufo baanu bi rebɔ sɛnea wɔaka wiase awiei ho asɛm asie wɔ Bible mu no ho nkɔmmɔ. Ɛwom sɛ na wosuro sɛ wɔbɛka ho asɛm ama afoforo ate de, nanso wɔka kyerɛɛ me sɛ na wɔn awofo yɛ Yehowa Adansefo na wɔn na wɔanni wɔn nhwɛso no akyi. Eyi ne bere a edi kan a metee Yehowa Adansefo ho asɛm.

Bere a ɔko no baa awiei no, Britaniafo faa yɛn nnommum de yɛn hyɛɛ Amerikafo nsa sɛ wɔmfa yɛn nsan nkɔ Germany. Wɔde yɛn a na yɛn afie wɔ Soviet asase so saa bere no kɔɔ nneduaban mu wɔ Liévin, wɔ France kusuu fam, sɛ yɛnkɔyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw. Ná eyi yɛ August 1945 mu. Mekae sɛ mibisaa France awɛmfo a wɔrewɛn yɛn no mu biako ɔsom ko a ɔwom. Na obuae sɛ, “Katolek.” Esiane sɛ na me nso meyɛ Katolekni nti, mibisaa no sɛ bɔne bɛn na yɛn mu biara de ayɛ ne yɔnko? Nea ɔkae ne sɛ: “Ntease biara nni asɛm no mu. Saa ara na ɛte.” Wɔ me fam no na ntease biara nnim sɛ nnipa a wɔwɔ ɔsom biako mu bɛko na wɔakunkum wɔn ho.

Hann Bi Hyerɛn Wɔ Beae a Wotu Biriw

Wɔ da a edi kan a me ne ɛhɔfo a wotu biriw no yɛɛ adwuma no, obi a wɔfrɛ no Evans Emiot maa me ne paanoo a wɔde nnam ahyehyɛ mu no bi dii. Baabi a ofi ankasa ne Ohio, a ɛwɔ United States no, na na watra France mfe pii. Ɔkaa wiase bi a ɔko nni mu ho asɛm kyerɛɛ me. N’ayamye no maa me ho dwiriw me. Wantan m’ani ɛwom mpo sɛ na meyɛ Germanni na na ɔno yɛ Amerikani de. Nanso yɛanhu yɛn ho bio kɔpem 1948 mfiase a ɔmaa me nhoma a wɔato din sɛ “The Prince of Peace” no. Ɛha na awiei koraa no misuaa Onyankopɔn bi a ɔtan akodi ho asɛm—Onyankopɔn a ne ho asɛm baa m’adwene mu bere a na merehwɛ apuei fam akanea no. Misii me bo sɛ mɛhwehwɛ ɔsom a ɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm yi. Nanso esiane sɛ na Evans yɛ adwuma wɔ ɔfã foforo wɔ nkorontu adwuma no mu nti, me nsa anka no. Mikyinkyinii nyamesom akuw ahorow a ɛwɔ nneduaban no mu nyinaa mu bisae sɛ ebia wonim nhoma no ho asɛm anaa, nanso mannya mmuae pa biara.

Awiei koraa no, wɔ April 1948 mu no, woyii me fii nneduaban no mu sɛ odwumayɛni a ɔwɔ ahofadi. Kwasida a edi hɔ pɛɛ no, me ho dwiriw me bere a metee sɛ wɔrewosow dɔn ketewa bi wɔ abɔnten so no. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mihuu Evans! Na ɔka Yehowa Adansefo kuw bi a wɔde nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so asensɛn wɔn ho, de rebɔ baguam kasa bi asɛmti ho dawuru no ho. Ɔdansefo a na ɔrewosow dɔn no ne Marceau Leroy a mprempren ɔyɛ France Baa Boayikuw no muni no. Wɔde me kyerɛɛ Polandni bi a ɔka German kasa a wɔfrɛ no Joseph Kulczak, a esiane ne gyidi nti wahu amane wɔ nneduaban ahorow mu no. Ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra nhyiam saa anwummere no. Mante nsɛm a wɔkae no mu pii ase, nanso bere a atiefo no mu biara maa ne nsa so no, mibisae nea ɔte me nkyɛn no nea enti a wɔn nyinaa ama wɔn nsa so no. “Wɔyɛ wɔn a wobetumi akɔ Dunkerque asɛnka dapɛn a edi hɔ no.” Mibisae sɛ: “Metumi aba bi?” Na obuae sɛ: “O yiw!” Enti mifii afie afie asɛnka ase Kwasida a edi hɔ no. Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na ɔne yɛn yɛɛ adwene de, nanso m’ani gyei na ɛno akyi no mekɔɔ asɛnka daa.

Misuae sɛ Medi M’abufuw So

Ɛno akyi bere tiaa bi no, Adansefo no fii ase kaa asɛm wɔ baabi a German nneduafo a na wɔama wɔn ahofadi no te wɔ asraafo atrae hɔ no. Na eyi nyɛ mmerɛw mma me efisɛ na wonim me sɛ meyɛ obufufafo. Sɛ na obi di me ho fɛw a, na mehunahuna no ka sɛ: “Sɛ woanhwɛ yiye a wubehu nea wompɛ.” Da bi a na mereyɛ adwuma wɔ nkorontubea no, mebɔɔ obi a na ɔredi Yehowa ho fɛw kuturuku mpo.

Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no, mitumi sesaa me suban. Da bi, bere a yɛreka asɛmpa no wɔ saa asraafo atrae yi no, na ekuw bi a wɔabow nsa dodo rehaw Adansefo binom. Esiane sɛ wonim sɛ me bo nkyɛ fuw nti, anuanom no bɔɔ mmɔden siw me kwan sɛ memmfa me ho nnkogye asɛm no mu, nanso mmarima no mu biako de ahunahuna baa me so, na ofii ase yii n’atade nguguso. Misi fii me sakre so de maa no kurae, na mede me nsa hyehyɛɛ me kotoku mu. Eyi yɛɛ no nwonwa araa ma otiee nea na mewɔ ka no. Meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ fie nkɔda na ɔmmra baguam kasa no ase. Ɔyɛɛ saa,na ɛbɔɔ awia 3:00 no na ɔwɔ hɔ! Awiei koraa no, kan nneduafo bɛyɛ 20 gyee asɛm no. Na me nso, wɔbɔɔ me asu wɔ September 1948 mu.

Bere Nhyehyɛe a Adagyew Nni Mu Nanso Akatua Wom

Wɔde asasesin a yɛbɛyɛ yɛn asɛnka adwuma wom no hyɛɛ me nsa sɛ menhwɛ so, na menhwehwɛ baabi a yɛbɛma baguam kasa no. Wɔ eyi mu no, ɛtɔ da bi a na mede me moto ketewa no twa kwan bɛyɛ kilomita 50 ansa na makɔyɛ adwuma anwummere wɔ nkorontu adwuma no mu. Afei wɔ dapɛn awiei no, na yɛde bɔs kɔ asasesin no mu na yegyaw adawurubɔfo abien anaa anan ne ɔkasafo no wɔ hɔ. Sɛ yenya beae a ɛfata wɔ nkurow akɛse mu a, yɛboaboa yɛn nnaka ano ma ɔkasafo no de yɛ asɛnka pon. Mpɛn pii no na yɛde nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw mu sensɛn yɛn ho, de bɔ baguam kasa asɛmti no ho dawuru de to nsa frɛ nkurɔfo.

Ɛyɛ 1951 mu na mihyiaa Jeannette Chauffour, Ɔdansefo bi a ofi Reims. Ntɛm ara na yɛn mu biara nyaa ɔdɔ maa ne yɔnko, na afe biako akyi, wɔ May 17, 1952 mu no yɛwaree. Yetu kɔɔ Pecquencourt, kurow bi a wotu fagude wom a ɛbɛn Douai no mu. Nanso ankyɛ na ɔyare fii ase haw me. Wohuu sɛ manya ahurututu mu yare a nea ɛde bae ne adwuma a meyɛe wɔ nkorontubea no, nanso mannya adwuma foforo biara anyɛ. Enti bere a wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam, wɔ Nuremberg, Germany, wɔ 1955 mu, na wɔkaa sɛ yɛnkɔboa asafo ketewa bi wɔ Kehl, kurow ketewa bi a mfiridwuma wom wɔ Rhine so no, na biribiara nsiw yɛn kwan sɛ yebetu akɔ hɔ. Saa bere no na adawurubɔfo 45 pɛ na wɔwɔ asafo no mu. Bɛboro mfe nson akyi a yɛne asafo yi yɛɛ adwuma no, adawurubɔfo no dodow kɔɔ anim koduu 95.

Ɔsom mu Hokwan Afoforo

Bere a yehui sɛ asafo no agyina no, yɛka kyerɛɛ Asafo ti no sɛ wɔmma yɛnkɔsom wɔ France sɛ akwampaefo atitiriw. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa kɛse ne sɛ wɔde yɛn kɔɔ Paris. Yenyaa anigye kɛse wɔ asram awotwe a yedii wɔ hɔ no mu. Sɛ yɛka bom a, me ne Jeannette nyaa hokwan yɛɛ Bible adesua ahorow 42. Wɔn a yɛne wɔn suaa ade no mu baanum bɔɔ asu bere a na yɛwɔ hɔ no, na bere bi akyi no 11 foforo nso gyee nokware no.

Esiane sɛ na yɛte Latin Quarter a ɛwɔ Paris nti, na yɛtaa hyia Sorbonne sukuupɔn no mu abenfo no. Nyansapɛ ho ɔbenfo bi a onyin ama wagyae adwuma na ɔyɛ gyidi yaresafo no suaa Bible no, na bere bi akyi no ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Da bi me ne adansi ho nimdefo bi a na ɔne Jesuit akyerɛkyerɛfo di nkitaho, fii Bible no mu nkɔmmɔbɔ ase. Ɔbaa yɛn dan mu awiabere nnɔnmiɛnsa, na ofii hɔ anwummere nnɔndu. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, ɔsan bɛbɔɔ yɛn pon mu wɔ dɔnhwere biako ne fã akyi. Na ɔne Jesuitni bi abɔ nkɔmmɔ a wantumi ankyerɛkyerɛ no ne nsɛmmisa ahorow a ɛfa Bible nkɔmhyɛ ho no mu. Ɛbɔɔ anɔpa dɔnko no, ɔkɔɔ fie, na ɔsan baa hɔ nnɔnson. Bere bi akyi no ɔno nso bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Nokware no ho sukɔm a ɛte saa no hyɛɛ me ne me yere nkuran kɛse.

Bere a mesomee wɔ Paris akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ France apuei fam. Ɛyɛɛ yɛn anigye ankasa sɛ yɛbɛkɔ akɔsrasra asafo ahorow a wɔka Franse ne German kasa no ahyehyɛ anuanom no den. Bere a yɛkɔsraa Rombas asafo a ɛwɔ Lorraine no, mihyiaa Stanislas Ambroszczak. Na ɔyɛ Polandni a wayɛ adwuma wɔ po ase akohyɛn mu wɔ ɔko mmere no mu, na na wadi ako wɔ Norway po no so. Bere a na yɛwɔ ahyɛn mu wɔ nsu koro so no, na yɛwɔ afã a wɔko tia wɔn ho wɔn ho no mu. Mprempren yɛyɛ anuanom a yɛreyɛ adwuma biako de resom yɛn Nyankopɔn, Yehowa. Bere foforo wɔ ɔmansin nhyiam ase wɔ Paris no, mihuu obi a minim no. Na ɛyɛ nneduaban no so sahene wɔ baabi a na mewɔ sɛ deduani no, wɔ France kusuu fam. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛbɔɔ mu yɛɛ adwuma wɔ nhyiam no ase! Saa na Onyankopɔn Asɛm mu tumi ma kan atamfo tumi bɛyɛ anuanom ne nnamfo ankasa!

Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, bere a meyɛɛ akwantu adwuma no mfe 14 akyi no, na ɛsɛ sɛ migyae esiane m’akwahosan a na ɛrekɔ fam no nti. Nanso na me ne me yere asi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa sɛnea yɛn ahoɔden betumi biara. Enti yenyaa dan ne adwuma wɔ Mulhouse kurow no mu wɔ France apuei, na yɛbɛyɛɛ akwampaefo (bere nyinaa asɛmpakafo).

Me ho a mede ahyɛ Ahenni Asa ahorow si mu no yɛ ade foforo a ama manya anigye kɛse wɔ mfe bebree mu. Wɔ 1985 mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menhyehyɛ adansi kuw wɔ France apuei fam. Ɛdenam adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw, ne wɔn a wofi wɔn pɛ mu tuu wɔn ho mae a yɛtetee wɔn so no, yetumi nyaa kuw a wɔanya kyɛfa wɔ adan bɛboro 80 si ne ne siesie mu, na ama afata Yehowa som. Na hwɛ anigye ara a minyae wɔ 1993 mu, sɛ meyɛɛ Nhyiam Asa ne Ahenni Asa ahorow anum bi ho adwuma wɔ French Guiana, wɔ Amerika Kesee fam!

Mekɔ M’anim a Sɔhwɛ Mfa Ho

Metumi aka no yiye sɛ bɛboro mfe 50 a mede ayɛ teokrase adwuma no, manya anigye kɛse ne ɔsom hokwan pii. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔ December 1995 mu no, me yere a medɔ no a me ne no atra mfe 43 no wui. Bere a na eyi yɛ awerɛhow kɛse—na meda so ara di ho yaw nnɛ mpo no—Yehowa ama me ahoɔden, na mmere a abɛsen kɔ no mu no, me honhom mu anuanom mmarima ne mmea ayi ɔdɔ adi aboa me ma me yaw no ano abrɛ ase wɔ ɔkwan bi so.

Meda so ara kae nsɛm a onua bi a wɔasra no kae wɔ Munich, Germany, nhyiam bi ase wɔ 1963 mu. Ɔkae sɛ: “Andre, nhwɛ benkum anaa nifa. Anuanom a na wɔwɔ nneduaban mu no hyiaa sɔhwɛ ahorow. Na mprempren ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn anim. Ɛnsɛ sɛ yenu yɛn ho da. Enti kɔ w’anim!” Mama eyi akɔ so atra m’adwenem. Mprempren a mintumi nyɛ pii esiane ɔyare ne onyin nti no, asɛm a ɛwɔ Hebrifo 6:10 no akɔ so akyekye me werɛ sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.” Yiw, Yehowa som adwuma yɛ hokwan a ɛkyɛn so a obiara betumi anya mu kyɛfa. Wɔ mfe 50 a atwam no mu no, mede ayɛ me botae bere nyinaa sɛ mɛyɛ “odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre.”—2 Timoteo 2:15.

[Kratafa 22 mfonini]

Ahyɛmma a meyɛɛ mu adwuma wɔ Norway asutwaree mu

[Kratafa 23 mfonini]

Mede sakre ka asɛm no wɔ France kusuu fam

Mfonini wɔ kratafa 23]

Nnaka a yɛboaboaa ano de yɛɛ asɛnka pon maa baguam kasa no

[Kratafa 24 mfonini ahorow]

Me ne me yere Jeannette, wɔ yɛn ayeforohyia ase wɔ 1952 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena