Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 1/15 kr. 25-27
  • Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Atetesɛm no Fi Bae?
  • “Hena na Ɔmaa Wo Tumi Yi?”
  • Mmara no Ho Ba Asɛm—Ano Aduro Foforo
  • Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Mmara a Wɔde Ano Ka no Too Hɔ?
  • Mishnah No ne Onyankopɔn Mmara a Ɔde Maa Mose No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Mmara a Ɛbae Ansa na Kristo Reba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Ne Onyankopɔn Trenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 1/15 kr. 25-27

Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?

DƐN nti na afeha a edi kan no mu Yudafo pii annye Yesu antom sɛ Mesia no? Obi a na ɔwɔ hɔ bɔ amanneɛ sɛ: ‘Na Yesu duu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mu mpanyinfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? Na hena na ɔmaa wo tumi yi?’ (Mateo 21:23) Wɔn ani so no, na Ade Nyinaa so Tumfoɔ no na ɔde Torah (Mmara) no ama Yuda man no, na ɛmaa nnipa binom nyaa tumi a efi Onyankopɔn hɔ. So na Yesu wɔ tumi a ɛte saa?

Yesu buu Torah no ne wɔn a ɛma wonyaa tumi a ɛfata ankasa no kɛse. (Mateo 5:17-20; Luka 5:14; 17:14) Nanso mpɛn pii na ɔkasa tiaa wɔn a na wobu Onyankopɔn mmara so no. (Mateo 15:3-9; 23:2-28) Saa nnipa no dii atetesɛm a wɔbɛfrɛɛ no mmara a wɔde ano ka kyerɛ no akyi. Yesu annye tumi a na ɛwɔ no antom. Ɛno amma nnipa pii annye no antom sɛ ɔno ne Mesia no. Na wogye di sɛ obi a ogyina wɔn nkurɔfo a wɔwɔ tumi no atetesɛm akyi no nkutoo na Onyankopɔn betumi agyina n’akyi.

Ɛhe na mmara a wɔde ano ka kyerɛ yi fi bae? Ɔkwan bɛn so na Yudafo no buu no sɛ ɛne Mmara a wɔakyerɛw a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no tumi yɛ pɛ? Sɛ na ɛyɛ atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ a, dɛn nti na wɔkyerɛwee akyiri yi?

Ɛhe na Atetesɛm no Fi Bae?

Israelfo no ne Yehowa Nyankopɔn yɛɛ apam wɔ Bepɔw Sinai so wɔ 1513 A.Y.B. Wɔnam Mose so na enyaa apam no mu ahyɛde ahorow no. (Exodus 24:3) Na saa ahyɛde yi so a wobedi no bɛma ‘wɔayɛ wɔn ho kronkron efisɛ na Yehowa wɔn Nyankopɔn no yɛ kronkron.’ (Leviticus 11:44) Wɔ Mmara apam no ase no, na afɔre a asɔfokuw a wɔapaw wɔn bɔ no ka Yehowa som ho. Na ɛsɛ sɛ wonya beae pɔtee a wɔbɛsom—bere bi akyi no, wɔsomee wɔ Yerusalem asɔrefi no mu.—Deuteronomium 12:5-7; 2 Beresosɛm 6:4-6.

Sɛ́ ɔman no, Mose Mmara no maa Israelfo no huu ɔsom a na wɔde bɛma Yehowa no ani so. Nanso, ankyerɛkyerɛ nsɛm ahorow bi mu pefee. Sɛ nhwɛso no, Mmara no baraa adwuma a wɔbɛyɛ no Homeda, nanso amfa nsonsonoe pɔtee a ɛda adwumayɛ ne nnwuma foforo ntam ho nkyerɛkyerɛmu amma.—Exodus 20:10.

Sɛ Yehowa hui sɛ mfaso wɔ so sɛ ɔyɛ saa a, anka na obetumi de ahyɛde no ho nkyerɛkyerɛmu a etwa nsɛmmisa biara a na ebetumi asɔre to ama. Nanso ɔde ahonim bɔɔ nnipa, na ɔmaa wɔn hokwan a ɛbɛma wɔafi wɔn pɛ mu asom no, na wɔayɛ fakaa wɔ n’ahyɛde nsusuwso no mu. Mmara no maa asɔfo, Lewifo, ne atemmufo nyaa hokwan buu ntɛn. (Deuteronomium 17:8-11) Bere a na nsɛm redɔɔso no, wɔyeyɛɛ nhwɛsode ahorow, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔde eyinom mu bi dii dwuma wɔ awo ntoatoaso biara mu. Ɔkwan a na wɔfa so yɛ asɔfodwuma wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no nso dan fii agyanom so kɔɔ mma so. Bere tenten a ɔman no nyaa asetra mu suahu pii no, na n’atetesɛm nso redɔɔso.

Nanso, na Israelfo som da so ara gyina Mmara a wɔkyerɛw maa Mose no so. Exodus 24:3, 4 ka sɛ: “Na Mose bae bɛkaa [Yehowa, NW] nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no, na ɔman mũ no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a [Yehowa, NW] aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose kyerɛw [Yehowa, “NW”] nsɛm no nyinaa.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛyɛ saa mmara a wɔakyerɛw yi a na Israelfo bedi so no na ɛmaa Nyankopɔn ne wɔn yɛɛ apam no. (Exodus 34:27) Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no anka wɔ baabiara sɛ na mmara bi a wɔde ano ka wɔ hɔ.

“Hena na Ɔmaa Wo Tumi Yi?”

Mose Mmara no gyaw ɔsom mu tumi titiriw ne akwankyerɛ maa asɔfo, Aaron asefo no pefee. (Leviticus 10:8-11; Deuteronomium 24:8; 2 Beresosɛm 26:16-20; Malaki 2:7) Nanso, wɔ mfehaha pii a etwaam no mu no, asɔfo no bi bɛyɛɛ nnipa a wonni nokware na wɔn bra asɛe. (1 Samuel 2:12-17, 22-29; Yeremia 5:31; Malaki 2:8, 9) Wɔ bere a na Hela redi tumi no mu no, asɔfo pii ankura wɔn mudi mu wɔ nyamesom ho nsɛm mu. Wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no, Farisifo no—Yudasom mu kuw foforo a wɔamfa wɔn ho anto asɔfokuw no so—fii ase hyehyɛɛ atetesɛm a na ɛbɛma onipa biara abu ne ho kronkron te sɛ asɔfo no. Nnipa pii ani gyee saa atetesɛm ahorow yi ho, nanso na ɛyɛ nneɛma a wɔde aka Mmara no ho a ɛmfata.—Deuteronomium 4:2; 12:32 (13:1 wɔ Yudafo de mu).

Farisifo no bɛyɛɛ Mmara no ho animdefo foforo a wɔyɛ nnwuma a wɔte nka sɛ na asɔfo no nyɛ no. Esiane sɛ ɛnyɛ Mose Mmara no na ɛmaa wɔn kwan nti, wɔfaa akwan foforo ne nea ɛte sɛ nea ɛfoa wɔn nsusuwii ahorow so a asete yɛ den so kyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase.a Sɛ́ nnipa titiriw a na wɔhwɛ saa atetesɛm yi so na wɔhyɛ ho nkuran no, wɔhyehyɛɛ tumidi ho nnyinasosɛm foforo wɔ Israel. Ebeduu afeha a edi kan Y.B. no mu no, na Farisifo no abɛyɛ nnipa a wɔwɔ tumi wɔ Yudasom mu.

Bere a Farisifo no boaboaa atetesɛm a ɛwɔ hɔ dedaw ano na wɔhwehwɛɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ho de hyehyɛɛ wɔn ankasa de no, wohui sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn dwumadi no nya tumi kɛse. Atetesɛm yi fibea ho adwene foforo fii ase. Rabifo no fii ase kyerɛkyerɛe sɛ: “Mose nyaa Torah no wɔ Sinai so na ɔde maa Yosua, Yosua de maa mpanyimfo, na mpanyimfo no de maa adiyifo. Na adiyifo de maa asafotow no mu mmarima no.”—Avot 1:1, Mishnah.

Sɛ rabifo ka sɛ “Mose nyaa Torah” no a, ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw no nkutoo ho asɛm na wɔreka na mmom atetesɛm no nyinaa. Wɔka sɛ, Onyankopɔn na ɔde saa atetesɛm yi—a nnipa na wɔhyehyɛe no—maa Mose wɔ Sinai. Na wɔkyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn amma nnipa kwan sɛ wɔmfa biribi nhyehyɛ mu, na mmom n’ano na ɔde kaa nea Mmara no anka no nyinaa. Sɛnea wɔkyerɛ no, Mose amfa mmara a wɔde ano aka yi amma asɔfo no, na mmom ɔde maa akannifo foforo wɔ awo ntoatoaso ahorow no mu. Farisifo no ankasa kyerɛ sɛ wɔne nkurɔfo a wɔde eyi hyɛɛ wɔn nsa fi “tete.”

Mmara no Ho Ba Asɛm—Ano Aduro Foforo

Yesu a na Yudafo nyamesom akannifo no abisa no ne tumi a efi Onyankopɔn hɔ no ho asɛm no kaa asɔrefi no sɛe ho asɛm siei. (Mateo 23:37–24:2) Bere a Romafo no sɛee asɔrefi no wɔ 70 Y.B. mu no, na wɔrentumi nni Mose Mmara no mu ahwehwɛde ahorow a ɛfa afɔrebɔ ne asɔfodwuma ho no ho dwuma bio. Na Onyankopɔn de apam foforo a egyina Yesu agyede afɔrebɔ no so asi hɔ. (Luka 22:20) Na Mose Mmara apam no aba awiei.—Hebrifo 8:7-13.

Sɛ́ anka Farisifo no bebu saa nsɛm yi sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no, wɔhwehwɛɛ biribi foforo. Na wɔagye asɔfokuw no tumi fã kɛse dedaw. Bere a na wɔasɛe asɔrefi no, na wobetumi anya hokwan foforo. Rabifo sukuu a ɛwɔ Yavneh no bɛyɛɛ beae a wɔsan hyehyɛɛ Sanhedrin—Yudafo asɛnnibea kunini no. Wɔ Yohanan ben Zakkai ne Gamaliel II a na wɔwɔ Yevneh no akanni ase no, wɔsan hyehyɛɛ Yudasom no foforo koraa. Hyiadan mu som a na rabifo na wodi anim no besii asɔrefi hɔ som a na asɔfo no hwɛ so no ananmu. Mpae ahorow a na wɔbɔ, titiriw nea na wɔbɔ no Mpata Da no, besii afɔrebɔ ahorow no ananmu. Farisifo no susuw sɛ mmara a wɔde ano ka kyerɛ a wɔde maa Mose wɔ Sinai so no kaa eyi ho asɛm siei, na na ayɛ ɛho nsiesie dedaw.

Rabifo sukuu no begyee din kɛse. Nneɛma titiriw a na wosua ne mmara no ho a wosusuw, kaakae, ne sɛnea wɔde di adwuma wɔ ɔkwan a emu dɔ so. Bere a atwam no, na wɔde nea mmara a wɔde ano aka no gyina so no abata Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu ho—Midrash. Afei, wofii ase de atetesɛm a na wɔaboaboa ano pii no kyerɛkyerɛe hyehyɛɛ no ɔkwan foforo so. Wɔyɛɛ mmara a wɔde ano ka kyerɛ no ntiatiaa ma ɛbɛyɛɛ nea na emu nsɛm ka nyɛ den, na mpɛn pii no wɔhyehyɛɛ no sɛ nnwom.

Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Mmara a Wɔde Ano Ka no Too Hɔ?

Rabifo sukuu a ɛdɔɔso ne rabifo nkyerɛkyerɛ a ɛyɛɛ pii no de ɔhaw foforo bae. Rabini nhomanimfo Adin Steinsaltz kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ɔkyerɛkyerɛfo biara wɔ ɔkwan a n’ankasa fa so hyehyɛ ne mmara wɔ n’ankasa kwan a ɛyɛ soronko so. . . . Na ɛnnɔɔso ara sɛ obi behu ne kyerɛkyerɛfo nkutoo nsɛm ahorow mu yiye bio, na wɔhyɛ osuani no sɛ onhu nhomanimfo foforo nkyerɛkyerɛ ho nsɛm . . . Enti wɔhyɛɛ asuafo no sɛ wɔnkyere nsɛm pii ngu wɔn tirim, ‘nimdeɛ a na adɔɔso no nti.’” Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ osuani no sua nneɛma a egu ahorow nti, n’adwene tu frae.

Wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, atua a Yudafo no te tiaa Roma, a na Bar Kokhba, di anim no de ɔtaa a emu yɛ den baa rabifo nhomanimfo no so. Wokum Akiba—rabini titiriw a ɔboaa Bar Kokhba—ne akannifo afoforo. Ná rabifo no suro sɛ ebia ɔtaa foforo no de wɔn mmara a wɔde ano aka no bɛto asiane mu. Na wɔwɔ gyidi sɛ atetesɛm a ɔkyerɛkyerɛfo de n’ano ka kyerɛ ne suani no yɛ adwuma yiye, nanso saa nsakrae yi maa wɔyeree wɔn ho kɛse sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe na ama wɔakora anyansafo nkyerɛkyerɛ so, na wɔn werɛ amfi koraa.

Wɔ mmere a na ɛte sɛ nea asomdwoe wɔ Roma no, Judah Ha-Nasi, rabini titiriw a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien no awiei ne nea ɛto so abiɛsa Y.B. mu no mfiase no boaboaa nhomanimfo pii ano, na wɔhyehyɛɛ atetesɛm pii a enni ano ma ɛbɛyɛɛ Ahyɛde ahorow asia a wɔakyekyɛ emu biara mu ayɛ no nketenkete—a ne nyinaa yɛ 63. Wɔbɛfrɛɛ saa nhoma yi Mishnah. Ephraim Urbach, a na ɔwɔ mmara a wɔde ano ka kyerɛ so tumi no, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wogyee Mishnah no . . . toom ma enyaa tumi a nhoma biara nnyaa bi da gye Torah no.” Na wɔapo Mesia no, na na asɔrefi no adan amamfõ, nanso esiane sɛ na wɔakyerɛw mmara a wɔde ano ka no akora so ayɛ no Mishnah no nti, wofii Yudasom foforo ase.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔfrɛ saa Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu yi midrash.

[Kratafa 26 mfonini]

Dɛn nti na Yudafo pii annye tumi a na Yesu wɔ no antom?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena