Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ada Nokware Ahobrɛase Adi?
NOKWARE ahobrɛase som bo kɛse wɔ Onyankopɔn ani so. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (Yakobo 4:6) Ɛha yi, ebetumi aba sɛ na Yakobo reka nsusuwii bebree a wɔaka ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no ho asɛm. “[Yehowa, NW] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.” “Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama [Yehowa, NW] nko so.” “Odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo.”—Dwom 138:6; Yesaia 2:11; Mmebusɛm 3:34.
Ɔsomafo Petro nso hyɛɛ ahobrɛase ho nkuran. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”—1 Petro 5:5.
Kristo Ahobrɛase Ho Nhwɛso
Ebia wubebisa sɛ, Adepa anaa mfaso bɛn na ɛwɔ ahobrɛase a obi bɛyɛ so? Wɔ onipa a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nokware Kristoni fam no, mmuae no yɛ biribi a ɛho hia—ahobrɛase a obi bɛyɛ no hwehwɛ sɛ ɔyɛ sɛ Kristo. Yesu daa n’ahobrɛase adi denam dwumadi soronko a ɛne sɛ na obefi soro aba asase so abɛyɛ onipa a ɔba fam sen abɔfo a ogye toom no so. (Hebrifo 2:7) Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ogyinaa animguase a ne nyamesom mu atamfo no de baa ne so no ano. Ɔyɛɛ koom wɔ ne sɔhwɛ ahorow mu, ɛwom mpo sɛ anka obetumi afrɛ abɔfo asafotow ma wɔabɛboa no de.—Mateo 26:53.
Awiei koraa no, Yesu a na ɔsɛn asɛndua so animguase mu no kɔɔ so dii N’agya no nokware. Enti na Paulo betumi akyerɛw afa ne ho sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.”—Filipifo 2:5-8.
Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi ada nokware ahobrɛase adi? Sɛ wɔresɔ yɛn ahobrɛase ahwɛ ankasa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ ade wɔ ahobrɛase mu na yɛanyɛ ahantan?
Sɛnea Ɔhobrɛasefo Yɛ N’ade
Ma yensusuw ahobrɛase a ɛsɛ sɛ yenya wɔ adwuma ho, sɛ́ ebia yɛreyɛ obi adwuma anaa Kristofo som adwuma no ho. Sɛ adwuma betumi akɔ so pɛpɛɛpɛ a, ahwɛfo ne mpanyimfo ne adwumawuranom ho behia. Ɛsɛ sɛ obi sisi gyinae ahorow. Woyɛ w’ade dɛn? So woka sɛ, “Osusuw sɛ ɔyɛ hena a enti ɔrekyerɛ me nea menyɛ? Mayɛ saa adwuma yi mfe pii sen no.” Yiw, sɛ woyɛ ahantan a, wo bo befuw bere a wohyɛ obi ase no. Nanso, ɔhobrɛasefo bɔ mmɔden sɛ ‘ɔrennwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom ɔde ahobrɛase adwene bebu ne yɔnkonom akyɛn n’ankasa ho.’—Filipifo 2:3.
Ɔkwan bɛn so na woyɛ w’ade bere a abofra anaa ɔbea de nyansahyɛ ma no? Sɛ wobrɛ wo ho ase a, anyɛ yiye koraa no, wubesusuw ho. Sɛ woyɛ ahantan a, ɛbɛhyɛ wo abufuw anaasɛ wobɛpo koraa. So nkamfo ne adɛfɛdɛfɛsɛm a ɛde w’asehwe bɛba mmom na w’ani gye ho anaa afotu a mfaso wɔ so a ɛbɛhyɛ wo den?—Mmebusɛm 27:9; 29:5.
So wubetumi agyina amanehunu ano? Ahobrɛase bɛboa wo ma woagyina tebea a emu yɛ den ano, sɛnea Hiob yɛe no mpo. Sɛ woyɛ ahantan a, wo bo befuw wɔ tebea ahorow a ɛhyɛ awerɛhow ho na woatew nneɛma ahorow a ɛte sɛ nea ɛho nhia ho atua.—Hiob 1:22; 2:10; 27:2-5.
Ahobrɛase Kyerɛ Ɔdɔ ne Bɔnefafiri
Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛka sɛ, “Mepa wo kyɛw. Midii mfomso. Ná wo de na ɛteɛ.” Dɛn ntia? Ahantan ntraso nti! Nanso, hwɛ sɛnea ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ kyɛwpa a efi komam bɛma aware mu ntawntawdi bi agyae.
Sɛ obi fom wo a, so wunya ɔpɛ sɛ wode befiri no? Anaa wufi ahantan mu de asɛm no hyɛ wo mu, ebia nna anaa asram bi, a wo ne nea wususuw sɛ wafom wo no nkasa? Ɛyɛ a wunya ne ho menasepɔw araa mpo ma wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ no bi atua ka? Menasepɔw a ɛte saa ama ebinom adi awu. Menasepɔw bi nso ama wɔakeka afoforo ho nsɛmmɔne. Nea ɛne no bɔ abira no, ɔhobrɛasefo wɔ ɔdɔ na ɔde bɔne firi. Dɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ mfa bɔne nhyɛ ne mu. Ná Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔde Israelfo bɔne befiri wɔn, sɛ na wobedi wɔn ahantan so a. Yesu kyidini a ɔwɔ ahobrɛase no wɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri, mpɛn pii mpo!—Yoel 2:12-14; Mateo 18:21, 22; 1 Korintofo 13:5.
Ɔhobrɛasefo ‘di kan di afoforo ni.’ (Romafo 12:10) New International Version no kenkan sɛ: “Munni afoforo ni nkyɛn mo ho.” So wokamfo afoforo na wokyerɛ wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn dom akyɛde ho anisɔ? Anaasɛ bere nyinaa wuhu sintɔ bi a ɛma woka wɔn mmɔdenbɔ ho nsɛmmɔne? Yiw, so wutumi kamfo afoforo nokwarem? Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ eyi a, ebia afoforo mu ahotoso a wunni ne ahantan na ɛma woyɛ saa.
Ɔhantanfo nni boasetɔ. Ɔhobrɛasefo wɔ boasetɔ ne abodwokyɛre. Wo nso ɛ? So wo bo haw wo wɔ asɛm biara a wususuw sɛ ɛmfata ho? Nneyɛe a ɛte saa no ne abodwokyɛre bɔ abira. Sɛ wobrɛ wo ho ase a, woremmu wo ho ntra so. Kae nea esii bere a Yesu asuafo no buu wɔn ho traa so no—ntawntawdi kɛse sɔree wɔn ntam fa onii a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn mu kɛse no ho. Wɔn werɛ fii sɛ wɔn nyinaa yɛ ‘nkoa a mfaso nni wɔn so’!—Luka 17:10; 22:24; Marko 10:35-37, 41.
Franseni nhoma kyerɛwfo Voltaire kaa ahobrɛase ho asɛm sɛ “ɔkra no a wɔbrɛ no ase . . . ahantan ano aduru.” Yiw, ahobrɛase kyerɛ komam odwo. Ɔhobrɛasefo wɔ odwo honhom, ɔnyɛ ahantan. Obu ade fɛre ade yiye.
Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden brɛ wo ho ase? Efisɛ ahobrɛase yɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛboa yɛn ma yenya Onyankopɔn akwankyerɛ. Daniel ahobrɛase ka ho bi nti na Yehowa buu odiyifo no sɛ obi a ‘wɔdɔ n’asɛm,’ na ɔsomaa ɔbɔfo bi ma ɔde anisoadehu kɔmaa no! (Daniel 9:23; 10:11, 19) Ahobrɛase so wɔ akatua pii. Ɛma wunya nokware nnamfo a wɔdɔ wo. Nea ɛsen saa no, ɛma wunya Yehowa nhyira. “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.”—Mmebusɛm 22:4.
[Kratafa 7 mfonini]
Ahobrɛase mu a wofi pa kyɛw no betumi ama nneɛma ayɛ bɔkɔɔ wɔ asetra mu