Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 2/1 kr. 14-19
  • Yɛn Ademude A Ɛwɔ Anwenne Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ademude A Ɛwɔ Anwenne Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔnwenee Tete Israel
  • Sɛnea Wɔnwenee Honhom Fam Man Bi
  • Sɛnea Wɔnwene Nyankopɔn Israel Nnɛ
  • “Hwɛ! Nnipakuw Kɛse” No
  • Ɔnwemfo Kɛse No Ne N’adwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Teokrase Ɔhwɛ Adwuma Wɔ Kristofo Bere So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma W’ani Nnye sɛ Yehowa Ne Yɛn Nwemfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Gye Yehowa Nteɛso Tom, Ma Ɔnwene Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 2/1 kr. 14-19

Yɛn Ademude A Ɛwɔ Anwenne Mu

“Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” —2 KORINTOFO 4:7.

1. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yesu nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran?

YESU ankasa huu adesamma mmerɛwyɛ ahorow bere a na Yehowa renwene no asase so ha no. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ne mudi mu kura ho nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran! Ɔsomafo no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Yesu nam ne ho ase a ɔbrɛe ma wɔnwenee no saa kwan no so no so dii wiase so nkonim. Ɔhyɛɛ n’asomafo no nso den ma wodii nkonim. (Asomafo no Nnwuma 4:13, 31; 9:27, 28; 14:3; 19:8) Na hwɛ nkuranhyɛ kɛse ara a ɔde maa wɔn wɔ ne kasa a etwa to no awiei! Ɔkae sɛ: “Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”—Yohane 16:33.

2. Nea ɛne wiase no anifurae bɔ abira no, hann bɛn na yɛwɔ?

2 Saa ara na bere a ɔsomafo Paulo de anifurae a “wi yi ase nyame” de ba no totoo “anuonyam asɛmpa no hann” ho wiei no, ɔkaa yɛn som adwuma a ɛsom bo no ho asɛm sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu. Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntew yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔhwe yɛn ase, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.” (2 Korintofo 4:4, 7-9) Ɛwom sɛ yɛyɛ “anwenne” a yɛyɛ mmerɛw de, nanso Onyankopɔn nam ne honhom so anwene yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛatumi adi Satan wiase no so nkonim koraa.—Romafo 8:35-39; 1 Korintofo 15:57.

Sɛnea Wɔnwenee Tete Israel

3. Ɔkwan bɛn so na Yesaia kaa Yuda man no nwene ho asɛm?

3 Ɛnyɛ ankorankoro nko na Yehowa nwene wɔn na mmom aman mũ nyinaa nso. Sɛ nhwɛso no, bere a tete Israel brɛɛ wɔn ho ase maa Yehowa nwenee wɔn no, wodii yiye. Nanso, awiei koraa no, wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ asoɔden. Ne saa nti, Israel Nwemfo no de ‘ɔhaw’ baa wɔn so. (Yesaia 45:9) Wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Yesaia kaa Israel nnebɔne ho asɛm kyerɛɛ Yehowa sɛ: “[Yehowa, NW], yɛn agya ne wo; yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo, na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa. . . . Yɛn afɛfɛde nyinaa ayɛ amamfõ.” (Yesaia 64:8-11) Ná wɔanwene Israel ama ayɛ anwenne a ɛfata ɔsɛe nkutoo.

4. Mfatoho bɛn na Yeremia yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no?

4 Wɔ afeha akyi, bere a atemmuda no bɛnee no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmfa ɔnwemfo kuku na ɔne Yerusalem mpanyimfo no bi nkɔ Hinom Bon no mu, na ɔde kaa ho sɛ: “Bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo kɔe no anim, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Sɛnea wɔbɔ ɔnwemfo kuku a wontumi nyɛ no yiye bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi.”—Yeremia 19:10, 11.

5. Na Yehowa atemmu a ɔde baa Israel so no mu yɛ den dɛn?

5 Wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Nebukadnesar sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie, na ɔde Yudafo a wɔankunkum wɔn no kɔɔ nnommum mu wɔ Babilon. Nanso, nnommumfa no akyi mfe 70 no, Yudafo a na wɔanu wɔn ho no tumi san bae bɛkyekyee Yerusalem ne n’asɔrefie no. (Yeremia 25:11) Nanso, ebeduu afeha a edi kan Y.B. mu no, na ɔman no agyaw Ɔnwemfo Kɛse no bio, na awiei koraa no, wɔyɛɛ bɔne a ɛsen biara a ɛne Onyankopɔn ankasa Ba a wokum no no. Wɔ afe 70 Y.B. mu no, Onyankopɔn de Roma Wiase Tumidi no dii dwuma sɛ ne brafo ma wɔtɔree Yudafo nneɛma nhyehyɛe no ase, na wɔyɛɛ Yerusalem ne n’asɔrefie pasaa. Yehowa annwene Israel man no wɔ ne ‘kronkronyɛ ne anuonyam’ mu bio da.a

Sɛnea Wɔnwenee Honhom Fam Man Bi

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo ka honhom fam Israel nwene ho asɛm? (b) “Mmɔborohunu ade” no dodow yɛ ahe, na ɛyɛɛ dɛn na ɛyɛɛ ma?

6 Wɔnwenee Yudafo a na wɔagye Yesu atom no sɛ ɔman foforo, honhom fam “Nyankopɔn Israel,” no mufo a wodi kan. (Galatifo 6:16) Ɛnde, Paulo nsɛm yi fata sɛ: “So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako a enya nidi na ɔnwene foforo nso a enni nidi? . . . Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so.”—Romafo 9:21-23.

7 Akyiri yi Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no ma yehui sɛ saa “mmɔborohunu ade” yi dodow yɛ 144,000. (Adiyisɛm 7:4; 14:1) Esiane sɛ honam fam Israel antumi amma saa nnipa dodow yi anso nti, Yehowa trɛw ne mmɔborohunu mu maa amanaman mufo no. (Romafo 11:25, 26) Kristofo asafo foforo no trɛwee ntɛmntɛm. Wɔ mfe 30 mu no, na ‘wɔreka’ asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Na eyi hwehwɛ sɛ wɔde ɛhɔnom asafo ahorow a na ahwete no ba ɔhwɛ a ɛfata ase.

8. Henanom na na wɔyɛ sodikuw a edi kan no mufo, na ɔkwan bɛn so na kuw yi nyaa nkɔanim?

8 Na Yesu asiesie asomafo 12 a wɔn na na wɔbɛyɛ sodikuw a edi kan no mufo, na na watete wɔn ne afoforo ama ɔsom adwuma no. (Luka 8:1; 9:1, 2; 10:1, 2) Wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, na ɛbere a ɛsɛ mu no wɔtrɛw ne sodikuw no mu ma ɛbɛyɛɛ ‘asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no.’ Ɛwom sɛ na Yesu nua Yakobo nyɛ ɔsomafo de, nanso ɛte sɛ nea ɔyɛɛ guamtrani bere tenten bi. (Asomafo no Nnwuma 12:17; 15:2, 6, 13; 21:18) Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius kyerɛ no, asomafo no bɛyɛɛ nnipa titiriw a na nkurɔfo de wɔn ani asi wɔn so retaa wɔn, na wɔhwete kɔɔ nsase foforo so. Wɔyɛɛ nsakrae a ɛfata wɔ sodikuw no mu.

9. Awerɛhosɛm bɛn na Yesu ka siei sɛ ɛbɛba?

9 Bere a afeha a edi kan no reba n’awiei no, ‘ɔtamfo Bonsam’ fii ase ‘guu wura bɔne’ wɔ “ɔsoro ahenni” no adedifo a wɔte sɛ awi no mu. Na Yesu ahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛma awerɛhosɛm yi ho kwan akosi otwa bere no mu wɔ “nneɛma nhyehyɛe no awiei.” Afei nso, na ‘atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu.’ (Mateo 13:24, 25, 37-43, NW) Bere bɛn na na eyi bɛba?

Sɛnea Wɔnwene Nyankopɔn Israel Nnɛ

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na wofii ase nwenee ɛnnɛyi Nyankopɔn Israel no? (b) Nkyerɛkyerɛ bɛn na na ɛwɔ Kristoman mu a na ɛne Bible Asuafo a wɔwɔ koma pa no de bɔ abira?

10 Wɔ afe 1870 mu no, Charles Taze Russell hyehyɛɛ Bible asuafo kuw bi wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Wɔ 1879 mu no, ofii ase tintim nsɛmma nhoma a ɛba ɔsram biara a wonim no sɛ Ɔwɛn-Aban nnɛ no. Ankyɛ na saa Bible Asuafo yi, sɛnea wɔbɛfrɛɛ wɔn no, hui sɛ na Kristoman afa abosonsomfo nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ ɔkra a enwu da, hellgya, ahodwiragya, Baasakoro nyame, ne nkokoaa asubɔ.

11 Nanso, nea ɛho hia titiriw no, saafo yi a wɔdɔ Bible mu nokware no san de mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwagye a ɛnam Yesu agyede afɔrebɔ so ne owusɔre a ɛde kɔ daa nkwa mu wɔ asase so paradise a asomdwoe wom wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no kyerɛkyerɛe. Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔsan sii Yehowa Nyankopɔn din ho a wɔbɛsan sɛ Amansan Hene a na abɛn no so dua. Na Bible Asuafo no gye di sɛ wɔrebebua Awurade Mpaebɔ no: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Na Onyankopɔn honhom kronkron renwene wɔn ayɛ wɔn Kristofo kuw a wɔdɔ asomdwoe wɔ wiase nyinaa.

12. Ɔkwan bɛn so na Bible Asuafo no behuu bere bi a ɛho hia no?

12 Daniel ti 4 ne nkɔmhyɛ afoforo a Bible Asuafo no hwehwɛɛ mu kɔɔ akyiri no ma wogye dii sɛ na ba a Yesu bɛba sɛ Mesia Hene no abɛn. Wohui sɛ 1914 na “amanaman no bere” no bɛba awiei. (Luka 21:24; Hesekiel 21:26, 27) Bible Asuafo no de ntɛmpɛ trɛw wɔn adwuma no mu, hyehyɛɛ Bible adesua akuw (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no asafo ahorow no) wɔ United States nyinaa. Eduu afeha yi mfiase no, na Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no mu atrɛw adu Europa ne Australia. Nhyehyɛe pa ho behiae.

13. Mmara kwan so gyinabea bɛn na Bible Asuafo no nyae, na ɔsom adwuma a ɛda nsow bɛn na Asafo ti no titrani a odi kan no yɛe?

13 Nea ɛbɛyɛ na Bible Asuafo no ayɛ mmara kwan so ahyehyɛde no, wɔhyehyɛɛ Zion’s Watch Tower Tract Society wɔ afe 1884 mu wɔ United States, na na n’adwumayɛbea ti wɔ Pittsburgh, Pennsylvania. N’akwankyerɛfo no somee sɛ Sodikuw titiriw, hwɛɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no so wɔ wiase nyinaa. Asafo ti no titrani a odi kan, Charles T. Russell, kyerɛw nhoma Studies in the Scriptures no apo asia, na otutuu akwan pii kaa asɛm no. Ɔde n’agyapade a ɔboaboaa ano ansa na ɔrefi ne Bible adesua no ase no nso mae de boaa wiase nyinaa Ahenni adwuma no. Wɔ afe 1916 mu, bere a na Ɔko Kɛse no gyina mu wɔ Europa no, Onua Russell a na wabrɛ no wui wɔ asɛnka akwantu mu. Na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama de atrɛw Onyankopɔn Ahenni ho adansedi adwuma no mu.

14. Ɔkwan bɛn so na J. F. Rutherford ‘koo ɔko pa no’? (2 Timoteo 4:7)

14 Joseph F. Rutherford, a na wayɛ ɔtemmufo kakra wɔ Missouri no, bɛyɛɛ otitrani a odi hɔ. Esiane akokoduru a ɔde bɔɔ Bible mu nokware no ho dawuru nti, Kristoman mu asɔfo ne amammuifo yɛɛ biako ‘nam mmara so bɔɔ mmusu.’ Wɔ June 21, 1918 no, wɔde Onua Rutherford ne Bible Asuafo no mpanyimfo foforo baason koguu afiase, mfe 10 anaa 20. Bible Asuafo no ko gyee wɔn ho. (Dwom 94:20; Filipifo 1:7) Bere a wɔde asɛm no kɔdan asɛnni bagua bio no, woyii wɔn March 26, 1919, na akyiri yi wogyaee wɔn koraa yii atosɛm a wotwa too wɔn so no fii wɔn so.b Asɛm yi nwenee wɔn ma wɔbɛyɛɛ nokware no ho adawurubɔfo a wɔyɛ nnam. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔfaa kwan biara a wobetumi so sɛ wobedi nkonim wɔ honhom fam akodi no mu de aka asɛmpa no a Babilon Kɛse no sɔretia mfa ho. Saa ko no akɔ so araa abedu afe 1999 yi mu.—Fa toto Mateo, ti 23; Yohane 8:38-47 ho.

15. Dɛn nti na na afe 1931 yɛ nea ɛho hia wɔ abakɔsɛm mu?

15 Wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu no, wɔkɔɔ so nwenee Nyankopɔn Israel a wɔasra wɔn no wɔ Ɔnwemfo Kɛse no akwankyerɛ ase. Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ mu hann bi puei hyɛɛ Yehowa anuonyam, na ɛtwee adwene sii Yesu Mesia Ahenni no so. Wɔ afe 1931 mu no, Bible Asuafo no ani gyei sɛ wogyee din foforo, Yehowa Adansefo, no toom.—Yesaia 43:10-12; Mateo 6:9, 10; 24:14.

16 ɛne adaka a ɛwɔ kratafa 19 no. Bere bɛn na nnipa 144,000 no dodow soe, na eyi ho adanse bɛn na ɛwɔ hɔ?

16 Wɔ 1930 mfe no mu no, ɛdaa adi sɛ nea na ‘wɔn a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn no,’ 144,000 no, dodow aso. (Adiyisɛm 17:14; hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 19 no.) Yennim wɔn a wɔasra wɔn no dodow a wɔboaboaa wɔn ano wɔ afeha a edi kan no mu ne dodow a wɔboaboaa wɔn ano fii “wura” no mu wɔ Kristoman ɔwae kɛse no mu wɔ esum mmere no mfehaha pii no mu. Nanso wɔ afe 1935 mu no, wɔ wiase nyinaa no, adawurubɔfo a na wɔn dodow si 56,153 no mu 52,465 na wodii Nkaedi abodoo no nom bobesa no bi de kyerɛe sɛ wɔwɔ ɔsorokɔ ho anidaso. Ɛhe na na wɔn a wonnya mmoaboaa wɔn ano no bɛkɔ?

“Hwɛ! Nnipakuw Kɛse” No

17. Abakɔsɛm mu asɛm bɛn na esii wɔ afe 1935 mu?

17 Wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛɛ no May 30 kosii June 3, 1935, wɔ Washington, D.C., U.S.A. ase no, Onua Rutherford maa ɔkasa titiriw bi a na n’asɛmti ne “Nnipadɔm Kɛse No.”c Na saa nnipakuw yi a “obi ntumi nkan wɔn” no bɛda wɔn ho adi wɔ bere a honhom fam Israelfo 144,000 no anosɔ bɛn n’awiei no. Ná eyinom nso bɛkyerɛ Yesu, “oguammaa no mogya no” agyede no tumi mu gyidi, na wɔde ɔsom kronn ama Yehowa wɔ n’asɔredan mu. Sɛ́ nnipakuw no, ‘wobefi ahohia kɛse no mu’ akonya asase so Paradise, baabi a “owu nni hɔ bio” atra. Mfe bi ansa na wɔreyɛ saa ɔmantam nhyiam no, na wɔfrɛ saa kuw yi mufo no Yonadabfo.—Adiyisɛm 7:9-17; 21:4; Yeremia 35:10.

18. Akwan bɛn so na na afe 1938 ho hia?

18 Na afe 1938 yɛ afe a ɛho hia wɔ nsonsonoe a ɛwɔ akuw abien yi mu ho nkyerɛkyerɛmu fann a wɔde mae mu. March 15 ne April 1, 1938, Ɔwɛn-Aban no kaa asɛmti, “Ne Nguan” ho asɛm wɔ adesua nsɛm abien mu, na ɛkyerɛkyerɛɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, nnipakuw kɛse no mu biara gyinabea mu fann. Afei June 1 ne June 15 de adesua nsɛm “Ahyehyɛde,” no gyinaa Yesaia 60:17 so. Wɔka kyerɛɛ asafo ahorow no nyinaa sɛ wɔmma Sodikuw no mpaw wɔn asafo asomfo mma wɔn, na wɔnam saayɛ so de teokrase nhyehyɛe a Onyankopɔn ahyira so a etu mpɔn adi dwuma. Asafo ahorow no yɛɛ saa.

19 ɛne ase hɔ asɛm no. Nokwasɛm ahorow bɛn na esi so dua sɛ “nguan foforo” no frɛ fii ase bɛboro mfe 60 ni?

19 Amanneɛbɔ a na ɛwɔ afe 1939 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu kae sɛ: “Kristo Yesu akyidifo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so mprempren no yɛ kakraa bi, na wɔn dodow rennɔɔso da. Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, wɔfrɛɛ saafo yi Sion, Onyankopɔn ahyehyɛde no mu ‘nkaefo.’ (Adi. 12:17) Mprempren, Awurade reboaboa ne “nguan foforo” a wɔbɛyɛ ‘nnipadɔm kɛse’ no mufo ano. (Yohane 10:16) Wɔn a wɔreboaboa wɔn ano mprempren no yɛ nkaefo no ahokafo a wɔne wɔn abom reyɛ adwuma. Efi saa bere yi rekɔ no, “nguan foforo” no dodow benya nkɔanim akosi sɛ wɔbɛboaboa ‘nnipadɔm kɛse’ no ano awie.” Wɔanwene nkaefo a wɔasra wɔn no ama wɔadi nnipakuw kɛse no anoboaboa no ho dwuma. Ná ɛsɛ sɛ wɔnwene eyinom nso.d

20. Efi afe 1942 mu no, ahyehyɛde mu nsakrae bɛn na aba?

20 Wɔ January 1942 mu, bere a na Wiase Ko II adu ne mpɔmpɔn so no, Joseph Rutherford wui, na Nathan Knorr bedii n’ade. Wɔde anigye kɛse kae Asafo ti no titrani a ɔto so abiɛsa no sɛ ɔhyehyɛɛ teokrase ɔsom sukuu wɔ asafo ahorow no mu ne Gilead Sukuu a na wɔde bɛtete asɛmpatrɛwfo. Wɔ Asafo ti no afe afe nhyiam ase wɔ afe 1944 no, ɔde too gua sɛ wɔreyɛ nsakrae wɔ Asafo ti no nhyehyɛe mu na amma nea ɛma obi bɛyɛ kuw no muni no annyina honam fam ntoboa ahorow nkutoo so, na mmom, agyina honhom fam nneɛma nso so. Wɔ mfe 30 a edii hɔ no, adwumayɛfo no dodow nyaa nkɔanim fi 156,299 koduu 2,179,256 wɔ wiase nyinaa. Ahyehyɛde no mu nsakrae foforo ho behiae wɔ 1971-75 mu. Na onipa biako a ɔresom sɛ otitrani no ntumi nkɔ so nhwɛ Ahenni adwuma no so yiye wɔ asase so nyinaa. Wɔtrɛw Sodikuw a na wɔsakra ne guamtrani no mu maa nnipa dodow a wɔwom no koduu nkaefo 18, na mprempren ɛkame ayɛ sɛ emufo no fã awie wɔn asase so som adwuma.

21. Dɛn na ama kuw ketewa no mufo afata Ahenni no?

21 Wɔnam sɔhwɛ ahorow a kuw ketewa no mufo a aka ahyia wɔ mfe pii mu no so anwene wɔn. Esiane sɛ ‘honhom no adi wɔn adanse’ nokware mu nti, wɔwɔ akokoduru. Na Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ: “Mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”—Romafo 8:16, 17; Luka 12:32; 22:28-30.

22, 23. Ɔkwan bɛn so na wɔrenwene kuw ketewa ne nguan foforo no mufo nyinaa?

22 Esiane sɛ nkaefo a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so no dodow so atew nti, ɛkame ayɛ sɛ wɔde asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no honhom fam ɔhwɛ adwuma no ahyɛ nnipakuw kɛse no mu anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw nsa. Na ansa na Adansefo a wɔasra wɔn no mufo a aka a wɔanyinyin no nwie wɔn asase so som adwuma no, na wɔatete nguan foforo no mu abirɛmpɔn sa·rimʹ no yiye ma wɔayɛ ɔhwɛ nnwuma no sɛ asafohene.—Hesekiel 44:3; Yesaia 32:1.

23 Wogu so renwene kuw ketewa ne nguan foforo no mufo nyinaa ma wɔayɛ anwenne a wɔde di dwuma a nidi wom. (Yohane 10:14-16) Sɛ́ yɛn anidaso yɛ “ɔsoro foforo” anaa “asase foforo” no so no, ɛmmra sɛ yebefi koma nyinaa mu agye nsa a Yehowa to frɛ yɛn yi so: “Momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ [ɔsoro] Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.” (Yesaia 65:17, 18) Ɛmmra sɛ yɛn nnipa a yɛyɛ mmerɛw yi bɛsom ahobrɛase mu bere nyinaa, na yɛama “tumi a ɛboro so”—Onyankopɔn honhom kronkron no tumi anwene yɛn!—2 Korintofo 4:7; Yohane 16:13.

[Ase hɔ nsɛm]

a  Ɛsɛ sɛ eyi yɛ kɔkɔbɔ ma Kristoman a awae a tete Israel yɛɛ wɔn ho mfonini no sɛ, Yehowa atemmu a ɛte saa ara retwɛn wɔn.—1 Petro 4:17, 18.

b  Wɔde Ɔtemmufo Manton, Roma Katolekni a wampɛ sɛ oyi Bible Asuafo no ankasa too afiase akyiri yi bere a wobuu no fɔ sɛ wagye adanmude no.

c  New World Translation of the Christian Greek Scriptures, a woyii no adi wɔ 1950 mu no de asɛm “nnipakuw kɛse” dii dwuma sɛ Hela asɛm no nkyerɛase a ɛfata a efi honhom mu.

d  Wɔ afe 1938 mu no, nnipa a wɔkɔɔ Nkaedi ase wɔ wiase nyinaa sii 73,420, na wɔn mu 39,225—wɔn a wɔkɔɔ ase no ɔha biara mu 53—na wodii abodoo no nom bobesa no bi. Eduu afe 1998 no na nnipa dodow a wɔkɔ ase akɔ anim akodu 13,896,312, na wɔn mu 8,756 pɛ na wodii abodoo no nom bobesa no bi, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na wɔn a wodii bi no nnu asafo ahorow 10 biara mu nnipa 1.

So Wokae?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ yɛn Nhwɛsofo wɔ ne ho ase a ɔbrɛ maa N’agya nwenee no no mu?

◻ Adenwene bɛn na ɛkɔɔ so wɔ tete Israel?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔanwene “Nyankopɔn Israel” de abesi nnɛ?

◻ Atirimpɔw bɛn mu na wɔanwene “nguan foforo” no?

[Kratafa 18 adaka]

Kristoman mu Ɔnwene Foforo

Associated Press amanneɛbɔ a efi Athens, Greece, de amanneɛbɔ a edi so yi a ɛfa Greece Ortodɔks Asɔre no panyin a wɔpaw no nnansa yi ara ho mae sɛ: “Wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ asomdwoe ho somafo. Nanso Greece Ortodɔks Asɔre no kannifo no kasa sɛ ɔsahene a ɔresiesie ne ho akɔ ɔko.

“Ɔsɔfopanyin Christodoulos kae nnansa yi wɔ Ɔbaabun Maria Sorokɔ Da kronkron afahyɛ a wodi ɛno ne Greece asraafo da bom no ase sɛ: ‘Sɛ ɛkyere so a, yɛasiesie yɛn ho sɛ yebehwie mogya agu, na yɛabɔ afɔre pii. Yɛn, sɛ asɔre no, yɛbɔ asomdwoe ho mpae . . . Nanso yehyira akode kronkron so, bere a ɛho hia sɛ yɛyɛ saa no.’”

[Kratafa 19 adaka]

“Wɔmfa Ebi Nka Ho Bio!”

Wɔ Gilead adesua awiei ase wɔ afe 1970 mu no, Frederick Franz, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani abadiakyiri saa bere no ka kyerɛɛ asuafo a na wɔn nyinaa yɛ nguan foforo a wɔwɔ asase so anidaso no sɛ, ebetumi aba sɛ wɔbɛbɔ obi asu na onii no aka sɛ ɔyɛ nkaefo a wɔasra wɔn no bi. So eyi betumi aba? Wiɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na Yohane Osuboni no yɛ nguan foforo no muni, nanso ɔno na ɔbɔɔ Yesu ne asomafo no bi asu. Afei ɔkɔɔ so bisae sɛ ebia wogu so reboaboa nkaefo foforo ano anaa. Ɔkae sɛ: “Dabi, wɔmfa ebi nka ho bio! Saa frɛ no baa awiei wɔ afe 1931-35 mu hɔ! Wɔmfa ebi nka ho bio. Ɛnde, henanom ne nnipa kakraa bi a wɔaba asafo no mu foforo a wɔredi Nkaedi abodoo no bi na wɔrenom bobesa no bi no? Sɛ wɔka nkaefo no ho a, ɛnde na wɔyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ afoforo ananmu! Wɔnyɛ wɔn a wɔde wɔn aka wɔn a wɔasra wɔn no ho, na mmom wɔyɛ wɔn a ebia wɔde wɔn ahyɛ afoforo, wɔn a ebia wɔawae no ananmu.”

[Kratafa 15 mfonini]

Hwɛ sɛnea yebu yɛn ademude a ɛne ɔsom adwuma no!

[Kratafa 16 mfonini]

Tete Israel bɛyɛɛ anwenne a ɛfata ɔsɛe nkutoo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena