Paradise a Wɔhwehwɛ
SƐNEA PASCAL STISI KA KYERƐE
Na ade asa yiye, na na obiara nni Béziers, atɔe fam France, kurow no abɔnten so. Bere a me ne m’adamfo huu nyamesom nhomatɔnbea bi fasu a wɔaka ho foforo no, yɛde ade tuntum kyerɛw Germanni nyansapɛfo Nietzsche nsɛm no akɛseakɛse guu ho sɛ: ‘Anyame no awuwu. Otumfo Pumpuni no nnya nkwa daa!’ Dɛn koraa na ɛmaa meyɛɛ eyinom nyinaa?
WƆWOO me too Katolek abusua bi a wɔyɛ Italiafo mu wɔ France, wɔ 1951 mu. Bere a meyɛ abofra no, na yekodi akwamma wɔ Italia kesee fam. Wɔ hɔ no, na akuraa biara wɔ n’ankasa Baabun Maria honi. Bere a me ne me nanabarima nam no, midii ahoni akɛse a wɔahyehyɛ no yuu no akyi wɔ santen tenten bi mu faa mmepɔw mu—nanso na minni mu gyidi koraa. Miwiee mfiase sukuu wɔ nyamesom sukuu a Jesuitfo na wɔhwɛ so mu. Nanso, mintumi nkae biribi a metee a ɛmaa minyaa Onyankopɔn mu gyidi ankasa.
Ɛyɛ bere a mekɔɔ sukuupɔn a ɛwɔ Montpellier kosuaa aduruyɛ ho nimdeɛ no na mifii ase dwennwen asetra atirimpɔw ho. Na me papa apira wɔ ɔko mu, na na nnuruyɛfo wɔ ne nkyɛn bere nyinaa. So anka ɛrenyɛ papa sɛ yebegyae ɔko mmom sen sɛ yɛbɛsɛe bere pii na yɛabɔ mmɔden pii de asa nkurɔfo yare wɔ nea efi mu ba no ho? Nanso, na wogu Vietnam Ko no so denneennen. Sɛ nhwɛso no, wɔ me fam no, ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so asa ahurututu mu kokoram ne sɛ yebeyi nea ɛde ba no afi hɔ—tawa. Na nyarewa a aduan pa a wonnya nni wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu de ba ne nea aman a edi yiye mu adidi ntraso de ba no nso ɛ? So ɛrenyɛ papa sɛ yebeyi nea ede ba no afi hɔ sen sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asa nea efi mu ba no? Dɛn nti na na amanehunu wɔ asase so saa? Metee nka sɛ na biribi atoto ma ɛyɛ hu wɔ saa nhyehyɛe a ɛredi ne ho dɔm yi mu, na mede asodi no too amammuifo no so.
Basabasayɛfo bi na ɔkyerɛw nhoma a na m’ani gye ho sen biara no, na na mekyerɛw emu nsɛm gu afasu ho. Nkakrankakra no, me nso mebɛyɛɛ basabasayɛfo, a na minni gyidi anaa su pa biara, na na minhia Onyankopɔn anaa owura biara. Me fam no, adefo ne atumfoɔ na wɔde Onyankopɔn ne nyamesom ho adwene no bae, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan ahyɛ yɛn a yɛaka no so na wɔasisi yɛn. Na ɛte sɛ nea wɔka sɛ: ‘Monyɛ adwumaden mma yɛn wɔ asase so, na mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ paradise wɔ soro.’ Nanso na anyame no bere asa. Na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ nkurɔfo. Na na afasu ho a yɛbɛkyerɛkyerɛw ne ɔkwan biako a yɛnam so bɛka akyerɛ wɔn.
Ne saa nti, na m’adesua ho nhia me biara wɔ m’asetra mu. Saa bere no, na mede me ho ahyɛ asase ho nsɛm ne abɔde ntam abusuabɔ ho adesua mu wɔ Montpellier sukuupɔn foforo a na atuatew kɔ so wɔ hɔ mu. Dodow a misuaa abɔde ntam abusuabɔ ho ade no, dodow no ara na na ɛhaw me sɛ mihui sɛ wɔresɛe yɛn okyinnsoromma fɛfɛ no ankasa.
Afe biara wɔ ahohuru bere akwamma mu no, na mesrɛ afirikafo a wɔnam kwan so ma wɔfa me tra wɔn kar mu, twa kilomita ɔpepem pii fa Europa man no mu. Bere a me ne afirikafo ɔhaha pii nam kwan so na yɛbɔ nkɔmmɔ no, m’ankasa mihuu nneɛma bɔne ne adesɛe a ɛrehaw adesamma abusua no. Da koro, bere a na merehwehwɛ paradise no, mibehuu mpoano atitiriw bi a na ɛwɔ Kreta supɔw fɛfɛ no so a na fango akata ani nyinaa. Midii yaw wɔ me koma mu. So na paradise fã bi aka wɔ asase so baabi anaa?
Mesan De M’adwene Kɔ Asase no So
Wɔ France no, na wɔn a wɔhwɛ abɔde ntam abusuabɔ so no reka sɛ sɛ wobenya ɔmanfo amanehunu ano aduru a, na gye sɛ wɔsan de wɔn adwene kɔ asase no so. Mepɛe sɛ mede me nsa yɛ adwuma. Enti metɔɔ ɔdan dedaw bi wɔ akura ketewa bi a ɛwɔ Cévennes Mmepɔw no nkoko so wɔ France kesee fam. Wɔ ɔpon no ho no, mekyerɛw “Mprempren Paradise,” Amerika mmofra a wosiw atimum kusuu na wɔnom nnubɔne no fene. Germanni abeawa bi a na ɔretwam wɔ hɔ no bɛyɛɛ me hokafo. Na enni m’adwene mu koraa sɛ mɛware wɔ aban mu, wɔ aban no nanmusini a ɔhwɛ kurow no so no anim. Na asɔre mu nso ɛ? Na enni m’adwenem koraa!
Mpɛn pii no, na yɛde yɛn nan gu fam, na na masiw atimum kusuu na magya abogyesɛ nso huhaa. Na m’ani gye nnuaba ne afum nnuan a wodua ho. Wɔ ahohuru bere mu no, na ewim yɛ bruu na na nketekre su. Na kwaewa mu nhwiren yɛ huam ankasa, na na Mediterranea nnuaba a yedua—bobe ne borɔdoma—no yɛ dɛ yiye! Ɛte sɛ nea na yɛanya nea yɛhwehwɛ wɔ paradise.
Onyankopɔn mu Gyidi a Minyae
Wɔ sukuupɔn mu no, na masua nkwammoaa, nyinsɛn, ne akwaa mu nhwehwɛmu ho ade, na na sɛnea saa dwumadi ahorow yi nyinaa mu dɔ na ehyia no ama me ho adwiriw me kɛse. Afei a na metumi de m’adwene asi adebɔ so na mahwehwɛ mu yiye da biara da no, na ne fɛ a ɛyɛ ne sɛnea etumi yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ no ma me ho dwiriw me. Da biara da na adebɔ mu nneɛma biara a mihu no kasa kyerɛ me. Da koro, bere a na manantew mmepɔw no so bere tenten na masusuw asetra ho no, mekae sɛ ɛsɛ sɛ yenya Ɔbɔadeɛ bi. Mekaa no me koma mu sɛ mɛgye Nyankopɔn adi. Kan no, na mete nka wɔ m’akoma mu sɛ minni atirimpɔw biara, ankonamyɛ a ɛhaw adwene. Da a mifii ase sɛ mɛgye Onyankopɔn adi no, mekae sɛ: ‘Pascal, worenyɛ ankonam bio.’ Na ɛyɛ nkate soronko koraa.
Ankyɛ koraa, me ne me hokafo no woo ɔbabea—Amandine. Na ɔyɛ me dɔba. Mprempren a na migye Onyankopɔn di no, mifii ase kyerɛɛ obu maa abrabɔ ho mmara kakra a minim no. Migyaee korɔnbɔ ne atorodi, na ankyɛ na mihui sɛ eyi aboa me ma makwati nsɛnnennen pii a na ɛba wɔn a me ne wɔn bɔ ntam no. Yiw, na yɛwɔ nea ɛhaw yɛn, na na ɛnyɛ nea mehwɛ kwan ara ne me paradise no. Na wɔn a wodua bobe wɔ hɔ no de nnuru ahorow a ekunkum nkoekoemmoa ne nwura adi dwuma ma asɛe me nnɔbae ahorow no nso. Na minnyaa m’asɛmmisa a ɛfa nea enti a nsɛmmɔnedi wɔ hɔ no ho mmuae. Afei, ɛwom mpo sɛ na makenkan abusua asetra ho ade pii de, nanso eyi amma akasakasa a ano yɛ den a na ɛsɔre wɔ me ne me hokafo ntam no to antwa. Na yenni nnamfo pii, na wɔn a na yɛwɔ no yɛ nnamfo bɔne; ebinom mpo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma me hokafo no asisi me. Na ɛsɛ sɛ paradise bi a eye ba.
Me Mpaebɔ Ho Mmuae
Mefaa ɔkwan a minim so bɔɔ Onyankopɔn mpae mpɛn pii sɛ ɔnkyerɛ me kwan wɔ asetra mu. Kwasida anɔpa bi, ɔbea bi a ɔpɛ nnipa a wɔfrɛ no Irene Lopez ne ne babarima kumaa bɛbɔɔ yɛn pon mu. Na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Mitiee no, na mepenee so sɛ ɔnsan mmɛsra me. Mmarima baanu bɛsraa me. Mehyɛɛ nneɛma abien bi nsow wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ no mu—Paradise ne Onyankopɔn Ahenni. Mede saa nsɛm no siei me koma mu yiye, na asram bi twaam no, metee ase sɛ sɛ mepɛ sɛ minya ahonim pa ne nokware anigye a, ɛnde ɛsɛ sɛ metotow nneɛma yiye wɔ me ne Onyankopɔn ntam da bi.
Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ama yɛn asetra ne Onyankopɔn Asɛm ahyia no, me hokafo no dii kan nyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛware me. Afei ɔde ne ho kɔhyɛɛ fekubɔne bi a nkurɔfo a wodi Onyankopɔn ne ne mmara ho fɛw wom mu. Fefɛw bere mu awia bi a mereba fie no, me ho dwiriw me kɛse. Na obiara nni yɛn fie hɔ. Me hokafo afa yɛn babea a wadi mfe abiɛsa no de no aguan. Metwɛnee nna bi hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛsan aba—nanso wɔamma. Sɛ anka mɛbɔ Onyankopɔn sobo no, mebɔɔ mpae sɛ ɔmmoa me.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, mefaa me Bible, kɔtraa me borɔdoma ase, na mifii ase kenkanee. Nokwarem no, m’ani gyee emu nsɛm no ho. Ɛwom mpo sɛ na makenkan nhoma a adwene mu nhwehwɛmufo ne adwene ho nimdefo akyerɛw pii de, nanso na minhyiaa nyansa a ɛte saa pɛn. Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wɔkyerɛw saa nhoma yi. Yesu nkyerɛkyerɛ ne sɛnea ɔte nnipa ase no maa me ho dwiriw me kɛse. Nnwom nhoma no kyekyee me werɛ, na Mmebusɛm nhoma no mu nyansa a mfaso wɔ so no maa me ho dwiriw me. Migye toom ntɛm ara sɛ, bere a abɔde ho adesua betumi atwe obi abɛn Onyankopɔn yiye no, ɛyɛ “n’akwan ano ano” kɛkɛ na ɛda no adi.—Hiob 26:14.
Adansefo no gyaw me Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne W’abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no nso.a Ɛnonom a mekenkan no buee m’ani. Nokware nhoma no boaa me maa metee nea enti a onipa rehu amane wɔ efi a ɛrekɔ so wɔ mmeae pii, ɔko, basabasayɛ a enya nkɔanim, ne nuklea ɔsɛe ho ahunahuna ho no ase. Na sɛnea ewim a mihui sɛ ayɛ kɔɔ wɔ m’afuw mu no kyerɛe sɛ da a edi hɔ no wim tebea bɛyɛ papa no, saa ara na nsɛm yi daa no adi sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn. Ɛdefa Abusua Asetra nhoma no ho de, me yam a anka na metumi de akyerɛ me hokafo no na maka akyerɛ no sɛ yebetumi anya anigye denam Bible afotu a yɛde bedi dwuma no so. Nanso na entumi nyɛ yiye saa bere no.
Honhom Mu Nkɔso a Minyae
Mepɛe sɛ mihu nneɛma pii, enti meka kyerɛɛ Robert, Ɔdansefo bi sɛ ɔmmra mmɛsra me. Nea ɛyɛɛ no nwonwa kɛse no, meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ mebɔ asu, enti yefii Bible adesua ase. Mifii ase kaa nea meresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na mifii ase kyekyɛɛ nhoma a na minya fi Ahenni Asa so no.
Nea ɛbɛyɛ na me nsa aka asetrade no, misuaa ɔdansi ho ade. Bere a na minim nnepa a Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ ama onipa no, mede hokwan biara a minyae no dii me mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo adanse wɔ bɔnnɔ so. Da koro anwummere, mihyiaa Serge wɔ abrannaa bi so. Na okura nsɛmma nhoma bi. Meka kyerɛɛ no sɛ: “Mitumi hu sɛ wopɛ akenkan.” “Yiw, nanso eyi afono me.” Mibisaa no sɛ: “So worepɛ biribi papa ankasa akenkan?” Yɛbɔɔ Onyankopɔn Ahenni ho nkɔmmɔ a edi mu, na ɛno akyi no ogyee Bible ho nhoma bi. Dapɛn a edi hɔ no, ɔne me kɔɔ Ahenni Asa so, na yefii Bible adesua ase.
Da bi mibisaa Robert sɛ ebia metumi aka asɛm no wɔ afie afie mu anaa. Ɔbɔ wuraa ne ntade korabea na okoyii atade brɛɛ me. Kwasida a edi hɔ no, me ne no yɛɛ asɛnka adwuma de fii me som adwuma ase. Awiei koraa, wɔ March 7, 1981 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ baguam.
Mmoa a Minyae Wɔ Ahohia Mu
Saa bere yi, na mahu faako a Amandine ne ne maame atu akɔtra no. Hwɛ, ne maame—faa mmara kwan nyinaa so, sɛnea ɔman a wɔte mu no mu mmara te—baraa me sɛ ɔremma minhu me babea no. Me werɛ howee. Amandine maame waree, na m’awerɛhow no yɛɛ kɛse bere a wɔbɔɔ me amanneɛ sɛ ne kunu no agye me babea no—korakora a na minnim ho hwee. Na minni me ba no so tumi biara bio. Ɛmfa ho mmara kwan a mefaa so nyinaa akyi no, mannya hokwan a mede bɛkɔ akɔsra me ba no. Metee nka sɛ nea adesoa bi a emu duru yɛ kilogram 50 da m’akyi, saa na midii yaw.
Nanso Yehowa Asɛm wowaw me wɔ akwan horow pii so. Da koro bere a na mahaw kɛse no, mitii nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:10 no mu mpɛn pii: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Saa nkyekyem yi boaa me enti manyɛ mmerɛw. Wɔ bere foforo mu, bere a na madi nkogu wɔ me babea no hwehwɛ mu akyi no, mefaa me nhoma bag kurae denneennen sɛnea metumi biara kɔɔ asɛnka. Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi nyinaa mu no, mitumi huu nokwasɛm a Dwom 126:6 yɛ, nea ɛka sɛ: “Ɔde nusu nennam kura aba a wogu, ɔde ahurusi kura n’afiafi bɛba.” Asuade titiriw a minya fii eyi mu ne sɛ sɛ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den to wo na woyɛ nea wubetumi biara wɔ ho, na sɛ anyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wugyae ne nyinaa mu gu hɔ na wokɔ w’anim wɔ wo bo a woasi sɛ wobɛsom Yehowa no mu. Eyi ne ɔkwan biako pɛ a wubetumi afa so anya anigye.
Me Nsa Ka Biribi a Ɛkyɛn So
Bere a m’awofo a wɔdɔ me no huu nsakrae ahorow a matumi ayɛ no, wɔpɛe sɛ wɔboa me ma metoa m’adesua so wɔ sukuupɔn mu. Nanso saa bere no na mewɔ botae foforo, enti medaa wɔn ase. Na nokware no ama made me ho afi nnipa nyansapɛ, anwonwade, ne nsoromma mu hwɛ ho. Mprempren mewɔ nnamfo a wonkunkum wɔn ho wɔn ho wɔ ɔko mu. Na awiei koraa no manya m’asɛmmisa a ɛfa nea enti a amanehunu pii wɔ asase so no ho mmuae. Mifi anisɔ mu pɛe sɛ mede m’ahoɔden nyinaa som Onyankopɔn. Na Yesu de ne ho ama ne som korakora, na na mepɛ sɛ midi ne nhwɛso no akyi.
Wɔ 1983 mu no, migyaee adansi adwuma no bɛyɛɛ bere nyinaa somfo. Sɛ me mpaebɔ ho mmuae no, minyaa adwuma a wɔde bere fa yɛ de hwɛɛ me ho. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ me ne Serge kɔɔ akwampaefo sukuu no, aberante a midii no adanse wɔ adansi sukuu mu no! Bere a mede mfe abiɛsa somee sɛ ɔkwampaefo no, minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Enti, wɔ 1986 mu no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Provins, kurow a ɛyɛ fɛ, a ɛne Paris ntam kwan nware no mu. Mpɛn pii no, sɛ midu fie anwummere a, mibu nkotodwe da Yehowa ase sɛ manya da a eye de aka ne ho asɛm akyerɛ afoforo. Nokwarem no, nneɛma akɛse a m’ani gye ho wɔ m’asetra mu ne sɛ mɛkasa akyerɛ Onyankopɔn, ne sɛ mɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo.
Ade foforo a ɛmaa minyaa anigye ne me maame a na wadi mfe 68 a ɔte Cébazan, akuraa ketewa bi a ɛwɔ France kesee fam, a wɔbɔɔ no asu no. Bere a me maame fii ase kenkan Bible no, mekraa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kɔmaa no. Na ɔyɛ obi a osusuw ade ho, na ankyɛ na obehuu nokwasɛm a ɛwɔ nea ɔrekenkan no mu.
Betel—Honhom Mu Paradise a Ɛda Nsow
Bere a Ɔwɛn Aban Asafo no sii gyinae sɛ wɔbɛtew akwampaefo atitiriw dodow so no, mede akwammisa kɔhwehwɛɛ Asomfo Ntetee Sukuu no ne Betel, a ɛwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ France no hokwan. Mepɛe sɛ mede hyɛ Yehowa nsa na ohu ɔkwan pa a metumi asom ma atu mpɔn. Wɔ asram kakraa bi akyi, wɔ December 1989 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Betel a ɛwɔ Louviers, France kusuu fam atɔe no. Ɛdaa adi sɛ nea afi mu aba no yɛ ade pa, esiane sɛ ɛno maa mitumi boaa me nuabarima ne me nuabarima yere ma wɔhwɛɛ m’awofo bere a na wɔyare paa no. Sɛ na anka mewɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu, a matew me ho kilomita pii a, anka mintumi nyɛ eyi.
Me maame bɛsraa me mpɛn pii wɔ Betel. Sɛ na egye afɔrebɔ na watumi atew ne ho afi me ho mpo a, na ɔtaa ka kyerɛ me sɛ: “Me Ba kɔ so tra Betel. Ɛyɛ me anigye sɛ woresom Yehowa wɔ saa kwan yi so.” Awerɛhosɛm ne sɛ, mprempren m’awofo no nyinaa awuwu. Hwɛ sɛnea mehwɛ kwan sɛ mehu wɔn wɔ asase a wɔama adan paradise ankasa no mu!
Migye di yiye sɛ sɛ ofi bi fata sɛ wɔfrɛ no “Mprempren Paradise” a, na ɛyɛ Betel—“Onyankopɔn Fie”—efisɛ, nea ɛsen saa no, paradise ankasa no yɛ honhom mu de, na honhom fam yiyedi di so wɔ Betel. Yɛwɔ hokwan a yɛde sow honhom aba no. (Galatifo 5:22, 23) Honhom fam aduan a ɛte apɔw a yenya wɔ da biara da Bible mu asɛm mu nhwehwɛmu ne Ɔwɛn-Aban adesua ase no boa me hyɛ me den wɔ Betel som no mu. Bio nso, hokwan a minya ne anuanom mmarima ne mmea a wodwen honhom fam nneɛma ho a wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii bɔ no ma Betel yɛ beae a ɛda nsow a obi betumi anyin honhom mu. Ɛwom mpo sɛ me ne me babea no ntam atetew mfe 17 ni de, nanso mahu mmofra pii a wɔyɛ nnam wɔ Betel, a mibu wɔn sɛ wɔyɛ me mma, na m’ani gye wɔn honhom mu nkɔso ho. Bɛboro mfe awotwe ni no, manya dwumadi ahorow a ɛsonsonoe ason. Bere a nsakrae yi nyɛ nea ɛda fam no, ntetee a ɛte saa no so wɔ mfaso ankasa.
Na metaa dua asɛdua bi a na ɛsow ɔhaha pii. Saa ara nso na mahu sɛ sɛ wugu bɔne a wubetwa nea enye mpɛn ɔha—na ɛnyɛ pɛnkoro. Osuahu te sɛ sukuu a emu adesua yɛ den. Sɛ me yam a anka mankɔ saa sukuu no bi da, na mmom, anka wɔtetee me wɔ Yehowa kwan so. Hokwan bɛn ara na mmofra a wɔn awofo Kristofo tete wɔn no nya sɛɛ! Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛyɛ papa sɛ yebegu nea eye wɔ Yehowa som mu na yɛatwa asomdwoe ne akomatɔyam a ɛbɔ ho ɔha.—Galatifo 6:7, 8.
Bere a na meyɛ ɔkwampaefo no, ɛtɔ mmere bi a na mitwa mu wɔ nyamesom nhomatɔnbea a na yɛkyerɛkyerɛw basabasayɛfo fene gu ho no ho. Makɔ mu mpo ne owura no akɔka Onyankopɔn teasefo no ne n’atirimpɔw ho asɛm pɛn. Yiw, Onyankopɔn te ase! Na nea ɛsen saa no, Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no, yɛ Agya nokwafo, a onnyaw ne mma da. (Adiyisɛm 15:4) Ɛmmra sɛ nnipa ɔpepem pii a wofi aman nyinaa mu behu honhom mu paradise no mprempren—ne Paradise a wɔasan de asi hɔ a ɛbɛba no—denam som a wɔbɛsom na wɔayi Onyankopɔn teasefo, Yehowa ayɛ no so!
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
Bere a abɔde a ɛyɛ nwonwa no kaa me koma no, misii gyinae wɔ me koma mu sɛ mɛgye Onyankopɔn adi. (Nifa so) Betel som mu nnɛ