Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/1 kr. 28-31
  • Baalsom—Ade a Ɛne Israelfo Koma Dii Aperepere

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Baalsom—Ade a Ɛne Israelfo Koma Dii Aperepere
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Hena Ne Baal?
  • Dɛn Nti na Wɔn Ani Gyee Ho Saa?
  • Wɔnantewee Ohu Mu, Ɛnyɛ Gyidi Mu
  • Hena na Odii Nkonim?
  • Kɔkɔbɔ Ahorow a Yenya Fi Baalsom Mu
  • Yɛn Mudi Mu a Yebekura Pintinn
  • So Ɔsom Biara Sɔ Onyankopɔn Ani?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ogyinaa Nokware Som Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɔhwɛ Bi Kɔɔ So Wɔ Karmel Bepɔw So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Wokeka Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/1 kr. 28-31

Baalsom—Ade a Ɛne Israelfo Koma Dii Aperepere

Apereperedi bi kɔɔ so wɔ Israel man no komam bɛyɛ mfirihyia apem. Osuro a egyina gyidihunu so ne ɔbarima ne ɔbea nna ho amanne ko tiaa wɔn gyidi ne wɔn nokwaredi. Ná saa owu-ne-nkwa apereperedi yi fa Baalsom ne Yehowa som ho.

SO NA Israel man no bɛkɔ so adi nokware Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no nokware? (Exodus 20:2, 3) Anaasɛ na wobegyae wɔn ho mu ama Baal, Kanaan nyame a na wɔpɛ n’asɛm a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma asase no ayɛ asase pa no?

Saa honhom fam apereperedi a ɛkɔɔ so mfe mpempem pii a atwam ni no yɛ biribi a ɛho hia yɛn. Dɛn ntia? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Wɔakyerɛw nneɛma yi ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi sɛ kɔkɔbɔ.’ (1 Korintofo 10:11) Sɛ yehu onii a na Baal yɛ, ne nea na Baalsom hwehwɛ no a, yɛbɛte abakɔsɛm mu apereperedi yi ase yiye.

Ná Hena Ne Baal?

Israelfo no bɛtoo Baal bere a woduu Kanaan bɛyɛ afe 1473 A.Y.B. mu no. Wohui sɛ Kanaanfo no som anyame pii a na wɔte sɛ Misraim anyame ara, ɛwom sɛ na ɛsono wɔn din ne wɔn su ahorow de. Nanso, Bible ka Baal ho asɛm sɛ Kanaanfo nyame titiriw, na tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu si korɔn a na ɔkorɔn no so dua. (Atemmufo 2:11) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ Baal ne Kanaan anyame mu pumpuni de, nanso na ɔno ne onyame a ne ho hia wɔn kɛse. Wogye dii sɛ ɔno na ɔma osu tɔ, ma mframa bɔ, na ɔma omununkum si, na ɔno nkutoo na obetumi agye nkurɔfo no—ne wɔn mmoa ne wɔn nnɔbae nso—afi boninyɛ anaa owu mpo mu. Sɛ ɛnyɛ Baal ahobammɔ a, anka Kanaan nyame, Mot, a ne tirim yɛ den no de ɔhaw bɛba wɔn so ɔkwan biara so.

Ná ade a ɛhyɛ Baalsom agyirae ne ɔbarima ne ɔbea nna ho afahyɛ. Na ɔsom mu nneɛma a ɛfa Baal ho, te sɛ adum ne asera nnua no, kura nna ho adwene mpo. Ɛda adi sɛ, na adum—abotan anaa abo a wɔapaapae a na ɛte sɛ ɔbarima bɔbeasu—no gyina hɔ ma Baal, ne barima a ɔde nya nna mu kyɛfa. Ɔkwan foforo so no, na asera nnua no yɛ nnua ho nneɛma anaa nnua a egyina hɔ ma Asera, Baal hokafo, ne ɔbea bɔbeasu.—1 Ahene 18:19.

Ná Baalsom ho ade titiriw foforo ne tuutuusi a ɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ ne mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre. (1 Ahene 14:23, 24; 2 Beresosɛm 28:2, 3) The Bible and Archaeology nhoma no ka sɛ: “Ná mmarima ne mmea (mmarima ne mmea ‘akronkronfo’) tuutuufo wɔ Kanaanfo asɔrefie ahorow hɔ, na wɔyɛɛ nna mu adapaade nyinaa bi. Na [Kanaanfo] gye di sɛ ɔkwan bi so no, saa amanne ahorow yi na ɛma nnɔbae ne nyɛmmoa yɛ yiye.” Akyinnye biara nni ho sɛ honam akɔnnɔ na ɛmaa asomfo no ani gyee ɔbrasɛe a ɛte saa ho de, nanso sɛnea ɛte no wobuu no sɛ ɔsom mu adeyɛ a ɛfata. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Baal daadaa Israelfo no?

Dɛn Nti na Wɔn Ani Gyee Ho Saa?

Ebia na Israelfo pii pɛ ɔsom a ɛnhwehwɛ pii mfi wɔn hɔ. Sɛ wɔsom Baal a, na wonni Mmara te sɛ Homedadi ne abrabɔ ho anohyeto pii no so. (Leviticus 18:2-30; Deuteronomium 5:1-3) Ebetumi aba sɛ honam fam nneɛma pii a na Kanaanfo no wɔ no maa afoforo gye dii sɛ ɛsɛ sɛ wɔsɔ Baal ani.

Ɛbɛyɛ sɛ na Kanaanfo abosonnan a wɔfrɛ no sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ kwae mu wɔ mmepɔw a ɛkorɔn so no yɛ ade a ɛmaa nkurɔfo ani gyee abawo amanne a na wɔyɛ wɔ hɔ no ho. Ankyɛ, na afei kɔ a Israelfo no kɔ Kanaanfo kronkrommea hɔ no mmee wɔn; wosisii wɔn ankasa de mpo. “Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne Asera nnua, nkoko sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.”—1 Ahene 14:23; Hosea 4:13.

Nanso nea edi kan koraa no, na Baalsom kanyan ɔhonam akɔnnɔ. (Galatifo 5:19-21) Wɔn akɔnnɔ no kɔɔ akyiri sen nnɔbae ne nyɛmmoa pii a na wobenya no. Wɔkamfoo ɔbarima ne ɔbea nna. Nea edi eyi ho adanse ne nneɛma pii a wɔahu, a ɔbarima ne ɔbea nna ho nneɛma pii a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ ka ho no. Apontow, asaw, ne nnwonto na wɔde fii wɔn nneyɛe bɔne no ase.

Yebetumi ayɛ tebea a ɛte saa a na ɛkɔ so wɔ otwabere mfiase no ho mfonini wɔ yɛn adwene mu. Wɔ anigye tebea a ɛte saa a na nnuan ne nsa pii wɔ ase mu no, na asomfo no di asaw. Ná wɔn abawo asaw no atirimpɔw ne sɛ ebenyan Baal afi ne nnae mu wɔ ahohuru bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a osu bɛtɔ wɔ asase no so. Na wɔsaw twa adum ne asera nnua no ho hyia. Na sɛnea wɔdannan wɔn ho no, titiriw asɔrefie tuutuufo de no, kanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ. Na nnwom ne bɛhwɛadefo no ma wɔyere wɔn ho saw. Na akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ asaw no akyi no, na wɔn a wɔsaw no kɔ Baal fie hɔ mpia mu konya ɔbrasɛe mu kyɛfa.—Numeri 25:1, 2; fa toto Exodus 32:6, 17-19; Amos 2:8 ho.

Wɔnantewee Ohu Mu, Ɛnyɛ Gyidi Mu

Bere a ɔsom mu akɔnnɔ a ɛte saa twetwee Israelfo pii no, ehu nso na ɛmaa ebinom de wɔn ho hyɛɛ Baalsom mu. Bere a Israelfo no hweree Yehowa mu gyidi no, awufo ho suro, daakye ho suro, ne asumansɛm ho anigye a wɔkyerɛe no maa wɔde wɔn ho hyɛɛ ahonhomsɛmdi a na ahohwibra pii ho amanne wom no mu. The International Standard Bible Encyclopedia ka sɛnea na Kanaanfo no di honhom a efi nnipa mu no ni sɛ wɔn nananom som fã no ho asɛm sɛ: “Na wɔhyɛ fã . . . denam amanne a na asabow ne ɔbarima ne ɔbea nna (a ebetumi aba sɛ na mogyafra ka ho) wom, adeyɛ a na wosusuw sɛ nea wawu no nya mu kyɛfa so wɔ abusua no aboda anaa nna so.” Ahonhomsɛmdi mu animguasede a Israelfo de wɔn ho hyɛɛ mu no maa wɔtwee wɔn ho fii wɔn Nyankopɔn, Yehowa, ho koraa.—Deuteronomium 18:9-12.

Ahoni—ne amanne a ɛka ho—nso twetwee Israelfo a na wɔpɛ sɛ wɔnantew ohu mu sen gyidi mu no. (2 Korintofo 5:7) Bere a wohuu anwonwade a ɛkyɛn so wɔ Yehowa nsa a aniwa nhu ase mpo no, Israelfo a na wɔafi Misraim no pii tee nka sɛ ehia sɛ wonya biribi a aniwa hu a ɛbɛma wɔakae no daa. (Exodus 32:1-4) Saa ara na na wɔn asefo no bi nso pɛ sɛ wɔsom biribi a aniwa hu, te sɛ Baal ahoni no.—1 Ahene 12:25-30.

Hena na Odii Nkonim?

Israelfo komam apereperedi no kɔɔ so mfehaha pii, efi bere a woduu Moab tataw so bere tiaa bi ansa na wɔredu Bɔhyɛ Asase so kosi bere a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no. Ná ɛte sɛ nea tebea no sakrasakra. Ɛtɔ mmere bi a, na Israelfo pii di Yehowa nokware, nanso mpɛn pii no na wɔsan kɔsom Baal. Ade titiriw a na ɛma wɔyɛ eyi ne abosonsomfo a na atwa wɔn ho ahyia a na wɔne wɔn bɔ fekuw no.

Bere a wodii Kanaan asraafo so nkonim no, Kanaanfo no nam anifere akwan pii so koe. Wɔne Israelfo no traa faako, na wɔhyɛɛ wɔn nkonimdifo no nkuran sɛ wɔnsom wɔn anyame no. Atemmufo akokodurufo te sɛ Gideon ne Samuel ko tiaa saa adeyɛ yi. Samuel tuu nkurɔfo no fo sɛ: “Munyi ananafo anyame . . . mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma [Yehowa, NW], na monsom no nko.” Bere bi akyi no, Israelfo no tiee Samuel afotu no, na ‘woyii Baalim ne Astarot ahoni no, na wofii ase som Yehowa nko.’—1 Samuel 7:3, 4; Atemmufo 6:25-27.

Wɔ Saul ne Dawid nniso akyi no, Salomo fii ase bɔɔ afɔre maa ananafo anyame wɔ ne nkwakoraabere mu. (1 Ahene 11:4-8) Israel ne Yuda ahene afoforo yɛɛ saa ara, na wɔdan kɔɔ Baalsom so. Nanso, adiyifo ne ahene anokwafo, te sɛ Elia, Elisa, ne Yosia, dii anim ko tiaa Baalsom. (2 Beresosɛm 34:1-5) Bio nso, wɔ Israelfo abakɔsɛm bere yi nyinaa mu no, ankorankoro bi wɔ hɔ a wɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Wɔ Ahab ne Isebel bere so a na Baalsom adu ne mpɔmpɔnso mpo no, nnipa mpem ason ‘ankotow Baal.’—1 Ahene 19:18.

Awiei koraa no, bere a Yudafo fi Babilon nnommumfa mu bae no, wɔanka Baalsom ho asɛm bio. Te sɛ wɔn a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Esra 6:21 no, wɔn nyinaa ‘tew wɔn ho fii asase no so amanaman no afĩde ho hwehwɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn.’

Kɔkɔbɔ Ahorow a Yenya Fi Baalsom Mu

Ɛwom sɛ Baalsom ayera bere tenten ni de, nanso saa Kanaanfo som no ne nnɛ wiase no wɔ nsɛdi bi—ɔbarima ne ɔbea nna a wɔkamfo. Ɛte sɛ nea ɔbrasɛe ho anigye a wɔkyerɛ no wɔ mframa a yɛhome no mu ankasa. (Efesofo 2:2) Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Yɛne tumi a aniwa nhu a edi wiase a aduru sum yi so, ne honhom fam adwumayɛfo a wofi ɔbɔnefo no adwumayɛbea ti hɔ na anya.”—Efesofo 6:12, Phillips.

Saa Satan “tumi a aniwa nhu” yi hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛdan nkurɔfo nkoa wɔ honhom fam. (Yohane 8:34) Wɔ ɛnnɛ wiase a wɔma biribiara ho kwan mu no, wɔnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu a wɔde wɔn ho hyɛ no sɛ abawo afahyɛ, na mmom, sɛ́ ɔkwan a ankorankoro nam so nya anigye anaa ɔkwan a obi fa so yɛ nea n’ankasa pɛ. Na adɛfɛdɛfɛsɛm no tumi sesa obi adwene. Ɛdenam anigyede, nnwom, ne nneɛma ho dawurubɔ so no, nna ho nsɛm sɛe nkurɔfo adwene. Onyankopɔn asomfo nnee wɔn ho mfii saa ntua yi ho. Nokwarem no, wɔn a wotu wɔn fi Kristofo asafo mu no mu dodow no ara yɛ nnipa a wogyaee wɔn ho mu maa nneyɛe a ɛte saa no. Sɛ Kristoni kɔ so po ɔbrasɛe ho nsɛm yi nkutoo a na ɔbɛkɔ so akura ahotew mu.—Romafo 12:9.

Adansefo mmofra titiriw na wɔwɔ asiane mu, esiane sɛ nna ho asɛm wɔ biribiara a wɔn ani betumi agye ho mu nti. Nea ama asɛm no asɛe koraa ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔko tia mmofra afoforo a wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem no nkɛntɛnso. (Fa toto Mmebusɛm 1:10-15 ho.) Sɛ nhwɛso no, wɔn mu pii na akɔ ɔhaw mu wɔ apontow akɛse ase. Te sɛ nea na ɛte wɔ Baalsom mu wɔ tete mmere mu no, nnwonto, asaw, ne nna ho akɔnnɔ nyinaa adi afra denneennen.—2 Timoteo 2:22.

Odwontofo no bisae sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho?” Obuae sɛ: “Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea [Yehowa, NW] nsɛm se.” (Dwom 119:9) Sɛnea Onyankopɔn Mmara hyɛɛ Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne Kanaanfo nya abusuabɔ a emu yɛ den no, saa ara na Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ fekubɔne mu ho. (1 Korintofo 15:32, 33) Kristoni abofra da n’ahokokwaw adi bere a ɔpo nneɛma a ɛyɛ anigye wɔ nkate fam nanso onim sɛ epira wɔ abrabɔ fam no. Te sɛ ɔnokwafo Elia no, yɛrentumi nnyina adwene a nnipa pii kura so nsisi yɛn gyinae.—1 Ahene 18:21; fa toto Mateo 7:13, 14 ho.

Kɔkɔbɔ foforo nso ne gyidi a yebetumi ahwere, “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si.” (Hebrifo 12:1) Ná ɛte sɛ nea Israelfo pii da so wɔ Yehowa mu gyidi, nanso na wosusuw sɛ Baal ne onyame a ɔbɛbɔ wɔn nnɔbae ho ban na ama wɔanya wɔn daa ahiade. Ebia na wosusuw sɛ Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no wɔ akyiri dodo ma enti wɔrentumi nni ne mmara so. Na Baalsom nhwehwɛ nneɛma pii mfi wɔn hɔ na na ɛnyɛ den—na wobetumi abɔ Baal afɔre wɔ wɔn ankasa adan atifi mpo. (Yeremia 32:29) Ebetumi aba sɛ wɔde wɔn ho maa Baalsom denam amanne ahorow bi a wonyaa mu kyɛfa ara kwa anaa afɔre a wɔbɔɔ Baal wɔ Yehowa din mu mpo so.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwere gyidi na yɛatwe yɛn ho nkakrankakra afi Onyankopɔn teasefo no ho? (Hebrifo 3:12) Yebetumi ahwere anisɔ a kan no na yɛwɔ ma nhyiam nketewa ne akɛse no nkakrankakra. Su a ɛte saa no kyerɛ ahotoso a yenni wɔ honhom fam “aduan” a Yehowa de ma “ɛbere a ɛsɛ mu” no mu. (Mateo 24:45-47) Yɛnam saayɛ so betumi ayɛ mmerɛw, na yɛagyae “nkwa asɛm no mu” anaasɛ yɛanya koma a emu apaapae mpo, na ebia yɛagyae yɛn ho mu ama honam fam ade dodowpɛ anaa ɔbrasɛe.—Filipifo 2:16; fa toto Dwom 119:113 ho.

Yɛn Mudi Mu a Yebekura Pintinn

Akyinnye biara nni ho sɛ, apereperedi bi rekɔ so wɔ yɛn komam nnɛ. So yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware anaasɛ yɛbɛma wiase mu brasɛe no atwetwe yɛn adwene? Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea Israelfo no maa Kanaanfo adapaade no twetwee wɔn no, saa ara na wɔadaadaa Kristofo mmarima ne mmea bi nnɛ ma wɔde wɔn ho ahyɛ aniwude mu.—Fa toto Mmebusɛm 7:7, 21-23 ho.

Te sɛ Mose no, sɛ ‘yɛkɔ so mia yɛn ani tra mu sɛnea yehu Nea wonhu no’ no a, yebetumi akwati honhom fam nkogudi a ɛte saa no. (Hebrifo 11:27) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ‘yedi gyidi no ho apere denneennen.’ (Yuda 3) Nanso sɛ yɛkɔ so di yɛn Nyankopɔn ne ne nnyinasosɛm ahorow nokware a, yebetumi ahwɛ bere a wobeyi atoro som afi hɔ koraa no kwan. Sɛnea Yehowa som dii Baalsom so nkonim no, saa ara na yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.

[Kratafa 31 mfonini]

Geser amamfõ so adum a na wɔde di dwuma wɔ Baalsom mu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

Musée du Louvre, Paris

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena