Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/15 kr. 25-28
  • Kristofo Asafo No—Baabi a Yenya Denhyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Asafo No—Baabi a Yenya Denhyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkuranhyɛ ne Mmoa
  • Mmoa a Ahwɛfo a Wɔwɔ Dɔ De Ma
  • Mmoa a Ɛfata a Wɔde Ma Wɔ Ɛbere a Ɛsɛ Mu
  • Nyansa a Efi Soro
  • Monhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Momma Asafo No Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Momma Asafo No Nyi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yɛ Nea Ɛsen ka a Wobɛka Sɛ “Mo Ho Nyɛ Mo Hyew na Mommee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/15 kr. 25-28

Kristofo Asafo No—Baabi a Yenya Denhyɛ

NA Popi, ɔbea bi a ɔwɔ ne mfe 20 mfiase mu ahaw, esiane nsɛm tebea a ɛyɛ yaw a ɛwɔ n’abusua mu a na ɛfa nkɔmmɔ a n’awofo ne no mmɔ ho nti.a Bere a ɔkaa n’asɛm kyerɛɛ Kristoni panyin bi ne ne yere no, ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Meda mo ase pii sɛ mugyee bere ne me kasae. Munnim sɛnea m’ani gye sɛnea mudwen me ho no ho. Meda Yehowa ase sɛ wama me nnipa a metumi anya wɔn mu ahotoso, na me ne wɔn akasa.”

Toula, ɔbea bi a ne kunu wui nkyɛe a ɔwɔ mma baanu a wɔadu wɔn mpanyin afe so no kɔɔ nkate ne sika fam ahokyere mu. Kristofo awarefo bi a wɔwɔ asafo no mu kɔsraa ɔne ne mma daa hyɛɛ wɔn den. Bere a otumi gyinaa ne tebea no ano yiye no, ɔmenaa wɔn krataa bi a wɔakyerɛw so sɛ: “Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu bere nyinaa. Mekae mpɛn dodow a mugyinaa m’akyi na moboaa me no.”

So ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ wiase yi nhyɛso a emu kɔ so yɛ den no ‘ayɛ wo adesoa’? (Mateo 11:28) So “ɛbere ne asiane” ama woanya osuahu ahorow a ɛyɛ yaw a asɛe w’asetra? (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Sɛ ɛte saa a, ɛnkaa wo nko. Nanso, sɛnea nnipa mpempem pii a wɔahu amane anya mmoa dedaw no, wo nso wubetumi anya mmoa a ɛfata wɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo no mu. Afeha a edi kan Y.B. mu no, ɔsomafo Paulo hui sɛ na ne mfɛfo gyidifo bi ‘hyɛ no den’ titiriw. (Kolosefo 4:10, 11) Wubetumi anya mmoa a ɛte saa ara.

Nkuranhyɛ ne Mmoa

Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, wɔkyerɛ asɛmfua “asafo” ase fi Hela asɛm ek·kle·siʹa mu, na ɛkyerɛ nnipakuw a wɔafrɛ wɔn ahyiam. Biakoyɛ ne nkuranhyɛ ho adwene bi wɔ saa asɛmfua no mu.

Kristofo asafo no gye Onyankopɔn Asɛm mu nokware tom, na wɔka N’ahenni ho asɛmpa no. (1 Timoteo 3:15; 1 Petro 2:9) Nanso, asafo no de honhom fam nkuranhyɛ ne mmoa ma emufo nso. Emu na obi betumi anya nnamfo a wɔwɔ dɔ, wodwen afoforo ho, ne wɔn a wɔayɛ krado na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo akyekye wɔn werɛ wɔn ahohia mu.—2 Korintofo 7:5-7.

Yehowa asomfo anya ahobammɔ ne abotɔyam wɔ n’asafo mu bere nyinaa. Odwontofo no kyerɛe sɛ onyaa anigye ne abotɔyam wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. (Dwom 27:4, 5; 55:14; 122:1) Saa ara na ɛnnɛ, Kristofo asafo no yɛ asafo a mfɛfo gyidifo a wɔkyekye wɔn ho wɔn ho werɛ hyehyɛ wɔn ho wɔn ho den na wɔwom.—Mmebusɛm 13:20; Romafo 1:11, 12.

Wɔakyerɛkyerɛ asafo no mufo sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo’ no. (Galatifo 6:10) Bible nkyerɛkyerɛ a wonya no kanyan wɔn ma woyi onuadɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. (Romafo 12:10; 1 Petro 3:8) Wɔkanyan honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu ma wɔda ayamye, asomdwoe, ne mmɔborohunu adi. (Efesofo 4:3) Sɛ́ anka wɔbɛyɛ asɔrekɔfo kɛkɛ no, wofi ɔdɔ mu dwen afoforo ho.—Yakobo 1:27.

Enti, wɔn a wɔn koma abubu nya asetra a ɔdɔ wom te sɛ abusua mu de wɔ asafo no mu. (Marko 10:29, 30) Hu a wohu sɛ wɔka nnipakuw a wɔyɛ biako na wɔwɔ dɔ ho no hyɛ wɔn den. (Dwom 133:1-3) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nam asafo no so ma honhom fam “aduan” pa wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.”—Mateo 24:45.

Mmoa a Ahwɛfo a Wɔwɔ Dɔ De Ma

Kristofo asafo no mufo betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya ahwɛfo a wɔwɔ dɔ, ntease, na wɔfata a wɔbɛyɛ wɔn mmoa na wɔahyɛ wɔn nkuran wɔ honhom fam. Ahwɛfo a wɔwɔ su horow a ɛte saa no te sɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.” (Yesaia 32:1, 2) Mpanyimfo anaa ahwɛfo a wɔde honhom apaw wɔn no hwɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔte sɛ nguan no so hyɛ ayarefo ne wɔn a wɔahaw no nkuran, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔayɛ bɔne no ma wɔagyina wɔn anan so.—Dwom 100:3; 1 Petro 5:2, 3.

Nokwarem no, asafo mu mpanyimfo kuw no nyɛ ayaresafo anaa nnuruyɛfo, a wobetumi asa wɔn mfɛfo gyidifo honam fam nyarewa anaa adwenemhaw ahorow. Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, ayarefo da so ara ‘hia ɔyaresafo.’ (Luka 5:31) Nanso, nguanhwɛfo a wɔte saa no betumi aboa wɔn a wohia honhom fam mmoa no. (Yakobo 5:14, 15) Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, mpanyimfo no yɛ mmoa foforo ho nhyehyɛe nso.—Yakobo 2:15, 16.

Hena na ɔma wɔyɛ nhyehyɛe a ɛte saa a ɔdɔ wom yi? Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa! Odiyifo Hesekiel ka sɛ, Yehowa se: “Mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn. . . . Meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa . . . Me ara mɛyɛn me nguan, na me ara mɛma wɔabutubutuw.” Onyankopɔn dwen nguan a wonni ahoɔden ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ho nso.—Hesekiel 34:11, 12, 15, 16, NW.

Mmoa a Ɛfata a Wɔde Ma Wɔ Ɛbere a Ɛsɛ Mu

So mmoa a ɛfata ankasa wɔ Kristofo asafo no mu? Yiw, na nhwɛso a edidi so yi kyerɛkyerɛ tebea ahorow a asafo no de mmoa ma mu.

◆ Ɔdɔfo bi wu. Yare bi a enni sabea kum Anna kunu. Ɔka sɛ: “Efi saa bere no, me nuanom Kristofo ayi ɔdɔ adi akyerɛ me. Nsɛm a ɛma awerɛkyekye na ɛhyɛ nkuran a me mfɛfo gyidifo fi ayamye mu ka kyerɛ me bere nyinaa, a atuu a wɔyɛ me ka ho no amma manhaw, manya awerɛkyekye mmom, na meda Yehowa ase. Wɔn dɔ no ama manya abotɔyam kɛse, ahyɛ me nkuran yiye, na mete nka sɛ wɔahwɛ me yiye.” Ebia wo nso woahyia ahometesɛm a ɛne ɔdɔfo bi wu no bi pɛn. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, asafo no mufo betumi de awerɛkyekye ne nkate fam mmoa a ɛho hia pii ama.

◆ Yare. Arthur, ɔhwɛfo kwantufo bi a ofi Poland kɔsraa asafo ahorow a ɛwɔ Central Asia no daa kɔhyɛɛ wɔn den honhom fam. Wɔ saa nsrahwɛ yi biako mu no, ɔbɛyaree yiye, na ne ho antɔ no ntɛm. Arthur de anisɔ kɛse ka sɛ: “Mepɛ sɛ meka kyerɛ mo anuanom mmarima ne mmea a mowɔ [Kazakhstan kurow kɛse bi mu] no sɛ, moahwɛ me. Anuanom mmarima ne mmea a minnim wɔn mu pii—a anigyefo mpo ka ho—brɛɛ me sika, nnuan, ne nnuru. . . . Na wɔde anigye kɛse na ɛyɛɛ saa.

“Susuw sɛnea m’ani gyei bere a me nsa kaa nhoma kotoku bi a na sika bi hyɛ mu na krataa a edi so yi ka ho no ho hwɛ: ‘Onua Dɔfo, Mikyia wo ɔdɔ mu. Maame maa me sika sɛ memfa ntɔ ice cream, nanso meyɛɛ m’adwene sɛ mede bɛma wo ma wode atɔ aduru. Mesrɛ sɛ wo ho nyɛ wo den ntɛm. Yehowa pɛ sɛ yɛtra ase kyɛ. Wo ho ntɔ wo. Na ka nsɛm a ɛyɛ dɛ na asuade pii wom kyerɛ yɛn. Vova.’” Yiw, sɛnea wɔada no adi wɔ asɛm yi mu no, mmofra ne mpanyin a wɔwɔ asafo no mu nyinaa betumi ahyɛ afoforo den wɔ wɔn yare mu.—Filipifo 2:25-29.

◆ Adwenemhaw. Ná Teri wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsom sɛ ɔkwampaefo, anaasɛ bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo. Nanso, esiane nsɛnnennen nti, na ɛsɛ sɛ ogyae akwampae adwuma no. Ɔka sɛ: “M’ahonim buu me fɔ yiye sɛ mepɛ sɛ meyɛ saa som adwuma yi na mantumi anyɛ no afe biako mpo.” Teri dii mfomso susuwii sɛ gyama Yehowa anim dom a obenya no gyina ɔsom adwuma dodow a ɔbɛyɛ so. (Fa toto Marko 12:41-44 ho.) Bere a na wahaw yiye no, ɔtwee ne ho fii afoforo ho. Nanso saa bere no mu na onyaa mmoa a abotɔyam wom fii asafo no mu.

Teri ka sɛ: “Onuawa kwampaefo bi bɛyɛɛ me mmoa ntɛm ara, na mekaa me komam asɛm ma otiee me. Bere a mifii ne fie hɔ no, metee nka sɛ nea wɔayi adesoa bi afi me so. Efi saa bere no, saa onuawa kwampaefo yi ne ne kunu a ɔyɛ asafo mu ɔpanyin no de mmoa a ɛfata maa me. Wɔne me kasaa telefon so daa bisaa sɛnea me ho te. . . . Wɔama matra wɔn abusua adesua mu mmere bi, na ama mahu hia a ehia sɛ mmusua bom tra wɔ biakoyɛ mu.”

Ɛnyɛ den sɛ nnipa pii—a Kristofo a wɔahyira wɔn ho so mpo ka ho—bɛhaw, wɔn abam bebu, na wɔayɛ ankonam. Hwɛ sɛnea yebetumi de aseda ama sɛ yenya mmoa a ɔdɔ wom, na pɛsɛmenkominya nnim wɔ Onyankopɔn asafo no mu!—1 Tesalonikafo 5:14.

◆ Asiane ne akwanhyia. Fa no sɛ woyɛ abusua a emu nnipa yɛ baanan a wɔhweree wɔn ahode nyinaa bere a wɔn fie hyewee no muni. Ankyɛ na wonyaa nea wɔfrɛɛ no “osuahu a ɛhyɛ nkuran a ɛbɛka yɛn koma akosi daa, na ɛma yehuu nokware dɔ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no.” Wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ amonom hɔ ara na yɛn honhom fam nuanom mmarima ne mmea nam telefon so fi komam kaa yɛn awerɛkyekyesɛm, daa tema pii adi kyerɛɛ yɛn. Telefon no bɔe bere nyinaa. Nokwaredi mu a wɔn mu biara fi dwenee yɛn ho, na wɔdaa ɔdɔ adi no kaa yɛn kɛse maa yɛde anisɔ sui.”

Ankyɛ na asafo no mu mpanyimfo yɛɛ nhyehyɛe maa anuanom mmarima pii kosii ɔdan foforo maa abusua yi wɔ nna kakraa bi mu. Ofipamfo bi teɛɛm sɛ: “Ɛsɛ w’ani! Nnipa ahorow nyinaa—mmarima, mmea, abibifo, wɔn a wɔka Spania kasa—reyɛ adwuma wɔ hɔ!” Eyi yɛ onuadɔ ho adanse a ɛda adi pefee.—Yohane 13:35.

Mfɛfo Kristofo maa abusua no ntama, aduan, ne sika nso. Agya no ka sɛ: “Na eyi yɛ Buronya bere, bere a obiara ma akyɛde no, nanso yebetumi aka no nokwarem sɛ obiara nni hɔ a onyaa akyɛde pii a wofii nokware ayamye mu de mae sen yɛn.” Na wɔde ka ho sɛ: “Ogya no ho nsɛm refi yɛn tirim nkakrankakra, na adɔe ne nnamfo pa ho nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛresi ananmu. Yɛn aseda kɔ yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ, Yehowa hɔ, sɛ yɛwɔ abusua nwonwaso a onuayɛ ne biakoyɛ wom saa wɔ asase so, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛyɛ emufo!”

Nokwarem no, yentumi nnya mmoa a ɛte saa, na saa ara na yɛnhwɛ kwan sɛ yebenya biribi a ɛte saa wɔ asiane biara a ɛbɛba mu. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nhwɛso yi kyerɛ mmoa a asafo no betumi de ama.

Nyansa a Efi Soro

Nnipa pii anya ade foforo a ɛboa wɔn na ɛhyɛ wɔn den wɔ Kristofo asafo no mu. Ɛyɛ dɛn? Nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tintim no. Eyinom mu atitiriw ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Nea ɛbɛyɛ na saa nhoma ahorow yi atumi de afotu a ɛma nhumu ne nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so ama no, ɛde ɔsoro nyansa a ɛwɔ Bible mu no na edi dwuma titiriw. (Dwom 119:105) Ɛde nsɛm te sɛ adwenemhaw, nsɛm a ɛma obi a wɔayɛ no ayayade ho tɔ no, asetra ne sikasɛm ho nsɛnnennen, ɔhaw ahorow a mmofra hyia, ne nsɛnnennen pɔtee a aman a ennyaa nkɔso pii hyia, a wɔayɛ ho nhwehwɛmu yiye ho nsɛm ka Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho ma. Nea ɛsen ne nyinaa no, saa nhoma ahorow yi kamfo Onyankopɔn kwan kyerɛ sɛ ɛne asetra kwan a eye sen biara.—Yesaia 30:20, 21.

Afe biara, Ɔwɛn Aban Asafo no nsa ka nkrataa mpempem pii a wɔde kyerɛ anisɔ. Sɛ nhwɛso no, abrante bi a ɔwɔ Russia kyerɛw Nyan! mu asɛm bi a ɛfa ahokum ho no ho asɛm sɛ: “Esiane adwenemhaw nti, . . . masusuw ho mpɛn pii sɛ mekum me ho. Saa asɛm yi hyɛɛ me gyidi den sɛ Onyankopɔn bɛboa me ma madi me nsɛnnennen ho dwuma. Ɔpɛ sɛ metra ase. Meda no ase wɔ mmoa a ɔnam asɛm yi so de maa me no ho.”

Sɛ ɛyɛ den pii ma wo sɛ wubegyina wiase yi mu haw a emu kɔ so yɛ den daa no ano a, wubetumi anya ahotoso sɛ guankɔbea bi wɔ Kristofo asafo no mu. Nokwarem no, sɛ saa wiase yi a ɔdɔ nnim no so anhweatam kesee no ama wo mu nsu resa a, wubetumi anya nsu a ɛma ahoɔden wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ wunya mmoa a ɛte saa a, wo nso wubetumi aka asɛm a Kristoni bea bi a otumi gyinaa ne kunu yare a emu yɛ den ano kyerɛwee no bi: “Esiane ɔdɔ a woyii no adi kyerɛɛ yɛn ne hwɛ a wɔhwɛɛ yɛn nti, mete nka sɛ nea Yehowa soaa yɛn ne nsayam faa nsɛnnennen yi mu. Hwɛ aseda a mede ma sɛ meyɛ Yehowa ahyehyɛde kɛse no muni!”

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin ahorow no.

[Kratafa 26 mfonini ahorow]

Yebetumi ahyɛ ayarefo, wɔn a wɔn biribi awu, ne afoforo den

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena