Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/1 kr. 9-14
  • ‘Nnipa Mu Akyɛde’ a Wɔbɛhwɛ Yehowa Nguan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nnipa Mu Akyɛde’ a Wɔbɛhwɛ Yehowa Nguan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nnipa Mu Akyɛde’—Wofi He?
  • Bere a Ɛho Hia sɛ ‘Wɔteɛteɛ’
  • Nguan no a ‘Wɔbɛhyɛ Wɔn Den’
  • Mmarima a Wɔhyɛ Biakoyɛ Ho Nkuran
  • Nguan no Ho Ban a Wɔbɛbɔ
  • Anisɔ a Yebenya Ama ‘Nnipa Mu Akyɛde’ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/1 kr. 9-14

‘Nnipa Mu Akyɛde’ a Wɔbɛhwɛ Yehowa Nguan

‘Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔmaa nnipa mu akyɛde.’—EFESOFO 4:8.

1. Asɛm bɛn na onuawa Kristoni bi ka faa n’asafo mu mpanyimfo ho?

“YƐDA mo ase sɛ mudwen yɛn ho pii. Mo serew, mo dɔ, ne sɛnea mususuw yɛn ho no yɛ nokware ankasa. Munya bere tie yɛn, ka Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ yɛn bere nyinaa. Mebɔ mpae sɛ meremmu m’ani ngu mo so da.” Saa na onuawa Kristoni bi kyerɛw n’asafo mu mpanyimfo. Ɛda adi sɛ na ɔdɔ a Kristofo ahwɛfo a wodwen afoforo ho ada no adi no aka ne koma.—1 Petro 5:2, 3.

2, 3. (a) Sɛnea Yesaia 32:1, 2 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ahwɛfo a wɔwɔ mmɔborohunu hwɛ Yehowa nguan no? (b) Bere bɛn na wobebu ɔpanyin bi sɛ akyɛde?

2 Mpanyimfo yɛ nsiesiei a Yehowa ayɛ a ɔnam so hwɛ ne nguan. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Yehowa dɔ ne nguan—nokwarem no, ɔdɔ wɔn araa ma ɔde Yesu mogya a ɛsom bo no tɔɔ wɔn. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ Yehowa ani gye bere a mpanyimfo yɛ ne nguan brɛbrɛ no. (Asomafo no Nnwuma 20:28, 29) Hyɛ sɛnea wɔaka saa mpanyimfo, anaa “asafohene” yi ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so no nsow: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:1, 2) Yiw, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ne nguan ho ban, ma wonya abotɔyam, na wɔkyekye wɔn werɛ. Enti mpanyimfo a wofi mmɔborohunu mu hwɛ nguan no rebɔ mmɔden ayɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn hɔ no.

3 Wɔka mpanyimfo a wɔte saa ho asɛm wɔ Bible mu sɛ ‘nnipa mu akyɛde.’ (Efesofo 4:8) Sɛ worekɔkyɛ obi ade a, ɛyɛ biribi a ebedi nea wode rekɔma no no ahiade ho dwuma anaasɛ nea ɛbɛma n’ani agye na wususuw ho. Wobetumi abu ɔpanyin bi sɛ akyɛde, bere a ɔde ne dom akyɛde di dwuma de mmoa a ɛfata ma, na ɔma nguan no ani gye no. Ɔkwan bɛn so na obetumi ayɛ eyi? Mmuae a ɛwɔ Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 4:7-16 mu no da sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwen ne nguan ho no adi.

‘Nnipa Mu Akyɛde’—Wofi He?

4. Ɛdefa Dwom 68:18 mmamu ho no, ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘foroo soro,’ na henanom ne ‘nnipa mu akyɛde’ no?

4 Bere a Paulo kaa ‘nnipa mu akyɛde’ ho asɛm no, na ɔrefa Ɔhene Dawid a ɔkaa Yehowa ho asɛm a edi so yi asɛm na aka: ‘Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu akyɛde.’ (Dwom 68:18) Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asase no so akyi mfe bi no, Yehowa ‘foroo’ Sion Bepɔw no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na ɔde Yerusalem yɛɛ Israel ahemman no ahenkurow maa Dawid yɛɛ so hene. Nanso, na henanom ne ‘nnipa mu akyɛde no’? Wɔyɛ mmarima a wɔfaa wɔn nnommum wɔ bere a na wɔreko adi asase no so no. Akyiri yi, wɔmaa saa nnommum yi mu bi boaa Lewifo no wɔ ntamadan no mu adwuma mu.—Esra 8:20.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo da no adi sɛ Dwom 68:18 anya mmamu wɔ Kristofo asafo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ‘foroo soro’?

5 Paulo da no adi wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu sɛ, odwontofo no nsɛm no anya ne mmamu kɛse wɔ Kristofo asafo no mu. Bere a Paulo rekyerɛkyerɛ Dwom 68:18 mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na wɔde ɔdom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no. Enti ose: Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔde akyɛde maa nnipa.” (Efesofo 4:7, 8) Ɛha no, Paulo de dwom yi ka Yesu ho asɛm sɛ Onyankopɔn nanmusifo. Yesu nam ne nokwaredi so ‘dii wiase so nkonim.’ (Yohane 16:33) Ɔnam nyan a Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu so nso dii owu ne Satan so nkonim. (Asomafo no Nnwuma 2:24; Hebrifo 2:14) Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu a wɔanyan no no foroo “ɔsorosoro nyinaa so”—sen ɔsoro abɔde foforo biara. (Efesofo 4:9, 10; Filipifo 2:9-11) Yesu, sɛ́ nkonimdifo no, ɔfaa “nnommum” no fii ɔtamfo no hɔ. Ɔkwan bɛn so?

6. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, ɔkwan bɛn so na Yesu a waforo soro no fii ase fow Satan fie nneɛma, na dɛn na ɔyɛɛ “nnommum” no?

6 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔnam wɔn a na wɔwɔ adaemone nkɛntɛnso ase a ogyee wɔn so daa no adi sɛ ɔwɔ Satan so tumi. Na ɛte sɛ nea Yesu atu Satan fie so sa, akyekyere no, na wafow ne nneɛma. (Mateo 12:22-29) Wo de susuw ho hwɛ, bere a wonyan Yesu na wɔde “ɔsoro ne asase so tumi nyinaa” maa no no, hwɛ sɛnea na obetumi afow nneɛma saa bere no! (Mateo 28:18) Efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yesu a waforo soro sɛ Onyankopɔn nanmusifo no fii ase fow Satan fie nneɛma denam ‘nnommum a ɔfae’—mmarima a na wɔayɛ nkoa ama bɔne ne owu bere tenten wɔ Satan nkɛntɛnso ase—no so. Saa “nnommum” yi fii wɔn pɛ mu bɛyɛɛ “Kristo nkoa a wofi ɔkra nyinaa mu yɛ Onyankopɔn apɛde.” (Efesofo 6:6, NW) Sɛnea yɛbɛka no no, Yesu gyee wɔn fii Satan nkɛntɛnso ase, na ogyinaa Yehowa ananmu de wɔn maa asafo no sɛ ‘nnipa mu akyɛde.’ Susuw sɛnea Satan bo fuwii bere a wogyee wɔn wɔ n’anim pɛɛ a na ontumi nyɛ ho hwee no ho!

7. (a) Nnwuma bɛn na ‘nnipa mu akyɛde’ no yɛ wɔ asafo no mu? (b) Hokwan bɛn na Yehowa de ama ɔbarima biara a ɔsom sɛ ɔpanyin no?

7 So yehu ‘nnipa mu akyɛde’ a ɛte saa wɔ asafo no mu nnɛ? Nokwarem no, yehu! Yehu sɛ wɔresom sɛ mpanyimfo, a wɔreyɛ adwumaden sɛ ‘asɛmpakafo, ahwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo’ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow bɛboro 87,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. (Efesofo 4:11) Biribiara nni hɔ a wɔyɛ a Satan ani begye asen sɛ wɔbɛyɛ nguan no basabasa. Nanso, ɛnyɛ saa nti na Onyankopɔn nam Kristo so de wɔn ama asafo no. Mmom no, asafo no yiyedi nti na Yehowa de saa mmarima yi ama, na wobebu nguan a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no ho akontaa. (Hebrifo 13:17) Sɛ wosom sɛ ɔpanyin a, Yehowa ama wo hokwan a ɛyɛ anigye a wode bɛda wo ho adi sɛ akyɛde, anaa nhyira, ama wo nuanom. Wubetumi ayɛ saa denam asɛyɛde atitiriw anan ho dwuma a wubedi so.

Bere a Ɛho Hia sɛ ‘Wɔteɛteɛ’

8. Akwan bɛn so na ɛtɔ mmere bi a ɛho hia sɛ wɔteɛteɛ yɛn nyinaa?

8 Nea edi kan no, Paulo ka sɛ wɔde ‘nnipa mu akyɛde’ no ma na “wɔasesɛw [wɔateɛteɛ, NW] ahotefo no yiye.” (Efesofo 4:12) Hela edin asɛm a wɔakyerɛ ase ‘ateɛteɛ’ no kyerɛ sɛ “wɔde biribi reto yiye.” Sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, ehia sɛ wɔteɛteɛ yɛn nyinaa bere ne bere mu—na ama yɛn nsusuwii, yɛn su, anaa yɛn nneyɛe ‘atɔ yiye,’ na ɛne Onyankopɔn nsusuwii ne n’apɛde ahyia. Yehowa fi ɔdɔ mu ama yɛn ‘nnipa mu akyɛde’ a wɔbɛboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae ahorow a ɛfata. Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ eyi?

9. Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin betumi aboa ateɛ oguan bi a wafom no?

9 Ɛtɔ mmere bi a, wobetumi ama ɔpanyin bi akɔboa oguan bi a wafom a ebia ‘ɔyɛɛ bɔne ansa na ɔrehu.’ Ɔpanyin no bɛyɛ dɛn atumi aboa no? Galatifo 6:1 ka sɛ: “Monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” Enti, sɛ ɔpanyin de afotu rema a, ɔrentwiw ɔbɔnefo no anim, nkeka nsɛm a ɛyɛ yaw. Ɛsɛ sɛ afotu hyɛ nkuran, ɛnsɛ sɛ ɛbɔ nea wɔde rema no no “hu.” (2 Korintofo 10:9; fa toto Hiob 33:7 ho.) Ebetumi aba sɛ onii no ani awu dedaw, enti ɔhwɛfo a ɔwɔ dɔ no renhyɛ onii no awerɛhow. Sɛ ɔdɔ ankasa na ɛka wo ma wode afotu, anaa animka a emu yɛ den mpo rema a, ɛda adi sɛ ɛbɛteɛteɛ ɔbɔnefo no nsusuwii anaa ne nneyɛe, na ama no anya ahoɔden.—2 Timoteo 4:2.

10. Dɛn na afoforo a wɔbɛteɛteɛ wɔn no kyerɛ?

10 Bere a Yehowa de ‘nnipa mu akyɛde’ rema ma wɔateɛteɛ yɛn no, na n’adwene ne sɛ mpanyimfo bɛma ne nkurɔfo anya ɔhome honhom fam, na wɔayɛ nkurɔfo a wɔfata sɛ yesuasua wɔn. (1 Korintofo 16:17, 18; Filipifo 3:17) Afoforo a wɔbɛteɛteɛ wɔn no nkyerɛ nkurɔfo a wɔyɛ bɔne a wɔbɛteɛ wɔn so nko, na mmom ɛkyerɛ anokwafo a wɔbɛboa wɔn ma wɔakɔ so anantew ɔkwantrenee so nso.a Ɛnnɛ a ɔhaw pii a ebu abam wɔ hɔ no, nnipa pii na wohia nkuranhyɛ na ama wɔakɔ so agyina. Ebehia sɛ wɔyɛ ebinom brɛbrɛ na aboa wɔn ma wɔateɛ wɔn nsusuwii ma ɛne Onyankopɔn de ahyia. Sɛ nhwɛso no, Kristofo anokwafo bi susuw sɛ wɔmfata anaasɛ wɔn ho nhia koraa. Ebia “wɔn a wɔn koma atu” saa no besusuw sɛ Yehowa rennɔ wɔn da, na Onyankopɔn ani rensɔ mmɔden biara a wɔbɛbɔ wɔ ne som mu no da. (1 Tesalonikafo 5:14) Nanso, nsusuwii a ɛte saa ne sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ n’asomfo ho ankasa no nhyia.

11. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa wɔn a wosusuw sɛ wɔn ho nhia no?

11 Mpanyimfo, dɛn na mubetumi ayɛ de aboa saafo no? Mumfi ayamye mu mfa Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ wɔn sɛ Yehowa dwen ne somfo biara ho na momma wonnya awerɛhyem sɛ Bible mu nsɛm yi fa wɔn ankasa ho. (Luka 12:6, 7, 24) Mommoa wɔn mma wonhu sɛ Yehowa na ‘watwe’ wɔn sɛ wɔmmɛsom no, enti akyinnye biara nni ho sɛ obu wɔn sɛ nnipa a wɔsom bo. (Yohane 6:44) Momma wonnya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ wɔn nko na wɔte nka saa—Yehowa asomfo anokwafo pii tee nka saa ara. Bere bi odiyifo Elia hawee araa ma na ɔpɛ sɛ owu. (1 Ahene 19:1-4) Afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔasra wɔn no bi ankasa koma ‘buu wɔn fɔ.’ (1 Yohane 3:20) Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ anokwafo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no ‘tee nka te sɛ yɛn ara.’ (Yakobo 5:17) Mubetumi ne wɔn a wɔn werɛ ahow asusuw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran ho nso. Onyankopɔn a ɔde mo ama sɛ ‘nnipa mu akyɛde’ no werɛ remfi mmɔden a mufi ɔdɔ mu bɔ sɛ mobɛma saafo no anya ahotoso no.—Hebrifo 6:10.

Nguan no a ‘Wɔbɛhyɛ Wɔn Den’

12. Dɛn na asɛm “Kristo nipadua no si” kyerɛ, na dɛn ne ade titiriw a wɔde si nguankuw no?

12 Nea ɛto so abien no, nea enti a wɔde ‘nnipa mu akyɛde’ mae ne sɛ ‘Kristo nipadua no si bɛkɔ so.’ (Efesofo 4:12) Paulo de kasakoa bi di dwuma wɔ ha. Asɛm “si” no twe adwene si adansi so, na “Kristo nipadua” no fa nnipa ho—Kristofo asafo a wɔasra no no mufo. (1 Korintofo 12:27; Efesofo 5:23, 29, 30) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo boa wɔn nuanom ma wonya honhom fam ahoɔden. Wɔn botae ne sɛ ‘wobesi na ɛnyɛ sɛ wobedwiriw’ nguan no. (2 Korintofo 10:8) Ade titiriw a ɛhyɛ nguan no den ne ɔdɔ, efisɛ “ɔdɔ de, ɛma nkɔso.”—1 Korintofo 8:1.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ timmɔbɔ, na dɛn nti na ɛho hia sɛ mpanyimfo yɛ timmɔbɔ?

13 Ɔdɔ ho ade biako a ɛboa mpanyimfo ma wɔhyɛ nguan no den ne timmɔbɔ. Sɛ́ obi bɛyɛ timmɔbɔ no kyerɛ sɛ ɔbɛte nka ama afoforo—sɛ obehu wɔn nsusuwii ne wɔn nkate, na wasusuw wɔn sintɔ ahorow ho. (1 Petro 3:8) Dɛn nti na ɛho hia sɛ mpanyimfo yɛ timmɔbɔ? Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa—nea ɔma ‘nnipa mu akyɛde’ no—yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ timmɔbɔ. Sɛ n’asomfo rehu amane anaasɛ wɔredi yaw a, ɔte nka ma wɔn. (Exodus 3:7; Yesaia 63:9) Osusuw wɔn sintɔ ahorow ho. (Dwom 103:14) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi akyerɛ sɛ wɔyɛ timmɔbɔ?

14. Akwan bɛn so na mpanyimfo betumi ada timmɔbɔ adi akyerɛ afoforo?

14 Sɛ obi a n’abam abu ba wɔn nkyɛn a, wotie no, na wohu sɛnea onii no te nka. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte wɔn nuanom suahu, wɔn nipasu, ne wɔn nsɛm tebea ase. Afei sɛ mpanyimfo de Kyerɛwnsɛm mu mmoa a ɛhyɛ nkuran ma a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama nguan no sɛ wobegye atom, efisɛ, efi ahwɛfo a wɔte wɔn ase na wodwen wɔn ho ankasa hɔ. (Mmebusɛm 16:23) Timmɔbɔ ma mpanyimfo susuw afoforo sintɔ ne nkate ahorow a wɔn sintɔ ma wonya ho nso. Sɛ nhwɛso no, ebia Kristofo a wɔwɔ ahonim pa a esiane onyin ne yare nti wontumi nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu no bebu wɔn ho fɔ. Ɔkwan foforo so no, ebinom behia nkuranhyɛ na ama wɔatu mpɔn wɔ wɔn som adwuma mu. (Hebrifo 5:12; 6:1) Timmɔbɔ bɛma mpanyimfo ahwehwɛ “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ɛhyɛ afoforo den. (Ɔsɛnkafo 12:10) Sɛ wɔhyɛ Yehowa nguan den na wɔhyɛ wɔn nkuran a, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no bɛka wɔn ma wɔayɛ nea wobetumi nyinaa de asom no!

Mmarima a Wɔhyɛ Biakoyɛ Ho Nkuran

15. Dɛn na asɛm ‘biako a yɛbɛyɛ wɔ gyidi mu’ no kyerɛ?

15 Nea ɛto so abiɛsa no, wɔde ‘nnipa mu akyɛde’ no ma na ama “yɛn nyinaa ayɛ biako wɔ gyidi mu ne Nyankopɔn ba no ho nokware nimdeɛ mu.” (Efesofo 4:13, NW) Asɛm ‘biako a yɛbɛyɛ wɔ gyidi mu’ no kyerɛ koroyɛ, na ɛmfa nneɛma a obi gye di ho nko na mmom ɛfa gyidifo nso ho. Enti, eyi nso yɛ ade foforo nti a Onyankopɔn ama yɛn ‘nnipa mu akyɛde’—na wɔahyɛ biakoyɛ ho nkuran wɔ ne nkurɔfo mu. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi?

16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ mpanyimfo ma biakoyɛ tra wɔn mu?

16 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa ma asomdwoe tra wɔn mu. Sɛ mpaapaemu wɔ ahwɛfo no mu a, wobetumi abu wɔn ani agu nguan no hwɛ so. Ebia wɔde bere a ɛfata a wobetumi de ayɛ nguanhwɛ adwuma no bɛyɛ nhyiam atenten agye nneɛma a ɛho nhia ho akyinnye wɔ ɔkwan a ɛmfata so. (1 Timoteo 2:8) Ebetumi aba sɛ ɛnyɛ biribiara a mpanyimfo no besusuw ho no na wɔn adwene behyia wɔ ho, efisɛ wɔyɛ nnipa a wɔn su gu ahorow. Biakoyɛ nkyerɛ sɛ wɔn adwene behyia wɔ biribiara ho anaasɛ wɔrentumi nna adwene a ɛsonsonoe adi wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so wɔ bere a wɔde adwempa resusuw nsɛm ho no. Mpanyimfo nam obu mu a wofi tie wɔn ho wɔn ho bere a wonni kan nnya adwemmɔne so ma biakoyɛ kɔ so tra wɔn mu. Na bere a wommuu Bible nnyinasosɛm bi so no, ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tumi gyae nsɛm mu na wɔboa gyinae a etwa to koraa a mpanyimfo kuw no si no. Nsɛm mu a wogyae no saa no kyerɛ sɛ “nyansa a efi soro” a ɛwɔ ‘asomdwoe ne ntease’ no na ɛkyerɛ wɔn kwan.—Yakobo 3:17, 18.

17. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa ama biakoyɛ atra asafo no mu?

17 Mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ na wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran nso wɔ asafo no mu. Sɛ su bi a ɛde mpaapaemu ba—te sɛ nseku a epira, afoforo ho adwemmɔne a wonya, anaa ntɔkwapɛ honhom—resɛe asomdwoe a, wɔyɛ ntɛm de ho afotu a ɛfata ma. (Filipifo 2:2, 3) Sɛ nhwɛso no, ebia mpanyimfo no behu ankorankoro bi a wɔyɛ katee dodo anaa wɔde wɔn ho hyehyɛ afoforo nsɛm mu, ma enti wɔbɛyɛ asɛmpɛfo no. (1 Timoteo 5:13; 1 Petro 4:15) Mpanyimfo bɛbɔ mmɔden aboa wɔn a wɔte saa no ma wɔahu sɛ saa nneyɛe no ne nea Onyankopɔn akyerɛkyerɛ yɛn no nhyia, na ɛsɛ sɛ obiara ‘soa n’ankasa n’adesoa.’ (Galatifo 6:5, 7; 1 Tesalonikafo 4:9-12) Bere a wɔde Kyerɛwnsɛm no redi dwuma no, wɔbɛkyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa gyaw nneɛma pii ma ankorankoro ahonim, na ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara bu afoforo atɛn wɔ nneɛma a ɛte saa ho. (Mateo 7:1, 2; Yakobo 4:10-12) Sɛ yebetumi abom asom wɔ biakoyɛ mu a, ɛsɛ sɛ ahotoso ne obu tra asafo no mu. Sɛ ‘nnipa mu akyɛde’ no de Kyerɛwnsɛm mu afotu ma wɔ bere a ɛho hia a, wɔboa yɛn ma yɛma asomdwoe ne biakoyɛ tra hɔ.—Romafo 14:19.

Nguan no Ho Ban a Wɔbɛbɔ

18, 19. (a) ‘Nnipa mu akyɛde’ no bɔ yɛn ho ban fi dɛn ho? (b) Asiane foforo bɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ nguan no ho ban wɔ ho, na ɔkwan bɛn so na mpanyimfo yɛ wɔn ade de bɔ nguan no ho ban?

18 Nea ɛto so anan no, Yehowa de ‘nnipa mu akyɛde’ ma na ama wɔabɔ yɛn ho ban afi “ɔkyerɛ mframa biara . . . nnipa kusumdi mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛe mu” nkɛntɛnso ho. (Efesofo 4:14) Wɔkyerɛ sɛ mfitiase asɛmfua ma “kusumdi” no kyerɛ “osikyi to mu nsisi” anaa “ahokokwaw a wɔde wia osikyi to mu.” So eyi nkae yɛn sɛnea awaefo aben wɔ wɔn dwumadi mu? Wɔde anodɛ kyinkyim Kyerɛwnsɛm no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa nokware Kristofo afi wɔn gyidi ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ wɔ “mpataku bɔne” a wɔte saa ho!—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.

19 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yehowa nguan ho ban fi asiane afoforo nso ho. Tete guanhwɛfo Dawid de akokoduru bɔɔ n’agya nguan ho ban fii nkekaboa ho. (1 Samuel 17:34-36) Ɛnnɛ nso, tebea horow bi betumi asɔre a ɛho behia sɛ Kristofo ahwɛfo a wodwen afoforo ho da akokoduru adi na ama wɔatumi abɔ nguan no, titiriw wɔn a wɔyɛ mmerɛw koraa no, ho ban afi obiara a ɔbɛyɛ Yehowa nguan basabasa anaasɛ ɔbɛhyɛ wɔn so ho. Mpanyimfo bɛyɛ ntɛm ayi wɔn a wɔhyɛ da nam kusumdi ne nnaadaa so yɛ bɔne, na wɔnam anifere kwan so kɔ so di nsɛmmɔne no afi asafo no mu.b—1 Korintofo 5:9-13; fa toto Dwom 101:7 ho.

20. Dɛn nti na yebetumi ate nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ wɔ ‘nnipa mu akyɛde’ no hwɛ ase?

20 Hwɛ sɛnea yɛde aseda ma wɔ ‘nnipa mu akyɛde’ no ho! Yetumi hu sɛ yɛwɔ ahobammɔ wɔ wɔn hwɛ a ɔdɔ wom ase, efisɛ wɔteɛteɛ yɛn brɛbrɛ, fi ɔdɔ mu hyɛ yɛn den, yɛ ntɛm hwɛ ma biakoyɛ tra hɔ, na wɔbɔ yɛn ho ban akokoduru so. Nanso, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ‘nnipa mu akyɛde’ no bu dwumadi a wɔwɔ wɔ asafo no mu no? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani sɔ wɔn? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ Greek Septuagint nkyerɛase mu no, wɔde adeyɛ asɛm koro yi ara a wɔkyerɛɛ ase ‘ateɛteɛ’ no dii dwuma wɔ Dwom 17[16]:5, baabi a ɔnokwafo Dawid bɔɔ mpae sɛ n’anammɔn mfa Yehowa kwan so no.

b Sɛ nhwɛso no, hwɛ November 15, 1979, Engiresi Ɔwɛn-Aban, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ,” nkratafa 31-2, ne “Momma Yenkyi Bɔne” a ɛwɔ January 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-9 mu no.

So Wokae?

◻ Henanom ne ‘nnipa mu akyɛde’ no, na dɛn nti na Onyankopɔn nam Kristo so de wɔn ama asafo no?

◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo di wɔn asɛyɛde ho dwuma de teɛteɛ nguan no?

◻ Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de ahyɛ wɔn mfɛfo gyidifo den?

◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi ama biakoyɛ atra asafo no mu?

[Kratafa 10 mfonini]

Timmɔbɔ boa mpanyimfo ma wɔhyɛ wɔn a wɔn werɛ ahow nkuran

[Kratafa 10 mfonini]

Biakoyɛ a ɛwɔ mpanyimfo mu no ma biakoyɛ tra asafo no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena