Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/1 kr. 28-31
  • Paulo Mfɛfo Adwumayɛfo Ná Wɔne Henanom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paulo Mfɛfo Adwumayɛfo Ná Wɔne Henanom?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwantu Mu Ahokafo, Ne Ahɔhogyefo
  • Nnamfonom Pii
  • Mmoa a Efi Nokwaredi Mu Bere a na Ɔda Afiase
  • “Yɛyɛ Onyankopɔn Adwumayɛboafo”
  • ‘Odii Adanse’ Fefeefe
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • “Minni Fɔ Wɔ Onipa Biara Mogya Ho”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Paulo wɔ Roma
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/1 kr. 28-31

Paulo Mfɛfo Adwumayɛfo Ná Wɔne Henanom?

WƆBƆ ankorankoro bɛyɛ ɔha biako a na wɔyɛ afeha a edi kan mu Kristofo asafo no mufo a wɔne “amanaman mu somafo” no hyiae no din wɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo no Nnwuma ne nkrataa a Paulo kyerɛwee no mu. (Romafo 11:13) Yenim wɔn mu dodow no ara ho nsɛm pii. Akyinnye biara nni ho sɛ wunim nnwuma a Apolo, Barnaba, ne Silas yɛe. Nanso, ebia ɛbɛyɛ wo den yiye sɛ wobɛka Arkipo, Klaudia, Damari, Lino, Persis, Puden, ne Sopater ho nsɛm pii.

Wɔ mmere ne tebea ahorow mu no, ankorankoro pii dii dwuma titiriw de boaa Paulo wɔ ne som adwuma no mu. Nnipa bi te sɛ Aristarko, Luka, ne Timoteo ne ɔsomafo no somee mfe pii. Ná ebinom ka ne ho bere a na ɔda afiase anaasɛ bere a na ɔredi akɔneaba no, sɛ akwantu mu ahokafo anaasɛ ahɔhogyefo. Awerɛhosɛm ne sɛ, afoforo te sɛ Aleksandro, Dema, Hermogene, ne Figelo, ankɔ so ankura Kristofo gyidi no mu.

Ɛdefa Paulo nnamfonom foforo pii a aka te sɛ Asinkrito, Herma, Yulia, anaa Filologo, ne afoforo pii ho no, yennim wɔn ho nsɛm pii gye wɔn din nko. Wɔ Nereo nuabea anaa Rufo maame anaa Kloe fifo ho no, yennim wɔn ho nsɛm pii saa ara. (Romafo 16:13-15; 1 Korintofo 1:11) Nanso, nsɛm kakraa bi a yɛwɔ fa ankorankoro ɔha anaa nea ɛte saa yi ho a yɛbɛhwehwɛ mu no bɛma yɛahu sɛnea ɔsomafo Paulo yɛɛ adwuma no mu yiye. Ɛkyerɛ yɛn biribi foforo nso fa mfaso a ɛwom sɛ wowɔ mfɛfo gyidifo pii ntam na wo ne wɔn yɛ adwuma bom no ho.

Akwantu Mu Ahokafo, Ne Ahɔhogyefo

Ɔsomafo Paulo tutuu akwan pii wɔ ne som adwuma no mu. Nhoma kyerɛwfo bi bu akontaa sɛ ɔkwan a otwae wɔ asase ne po so sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma mu nkutoo duu bɛyɛ kilomita 16,000. Ɛnyɛ ɔbrɛ nko na na ɛwɔ saa bere no mu akwantu mu, na na asiane nso wom. Asiane ahorow a ohyiae no bi ne asugu, nsubɔnten ne adwowtwafo ho asiane, sare so asiane, ne po so asiane. (2 Korintofo 11:25, 26) Sɛnea ɛfata no, na ɛntaa mma sɛ ɛbɛka Paulo nkutoo wɔ kwan a otu kɔ mmeae mmeae no mu.

Ná wɔn a wɔka Paulo ho no ma onya ayɔnkofa, nkuranhyɛ, ne mmoa a mfaso wɔ so wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛtɔ mmere bi a, na Paulo gyaw wɔn wɔ akyi, na ama wɔatumi adi gyidifo a wɔyɛ foforo no honhom fam ahiade ho dwuma. (Asomafo no Nnwuma 17:14; Tito 1:5) Nanso akyinnye biara nni ho sɛ, na ayɔnkofo ho behia na ama wanya ahobammɔ ne mmoa na wagyina nsɛnnennen a ɛwɔ akwantu mu no ano. Enti ɛbɛyɛ sɛ ankorankoro te sɛ Sopater, Sekundo, Gaio, ne Trofimo, a yenim sɛ na wɔka Paulo akwantu mu ahokafo ho no, dii dwuma titiriw maa ne som adwuma no nyaa nkɔso.—Asomafo no Nnwuma 20:4.

Ade biako nso a na ɛyɛ anigye ne mmoa a afiewuranom mmea ne mmarima de maa no no. Sɛ Paulo du kurow bi mu na ɔpɛ sɛ ɔka asɛm no wɔ hɔ anaasɛ ɔda hɔ kɛkɛ a, na nea odi kan yɛ ne sɛ ɔbɛhwehwɛ baabi a ɔbɛtra. Ná ɛsɛ sɛ obi a ɔtaa tutu akwan te sɛ Paulo no da mpa ahorow pii so ɔkwan biara so. Na obetumi ada ahɔhodan mu bere nyinaa, nanso abakɔsɛm akyerɛwfo ka eyi ho asɛm sɛ ade a “ɛyɛ hu na asiane wom,” enti, baabi a na ɛbɛyɛ yiye no, na akyinnye biara nni ho sɛ Paulo tra mfɛfo gyidifo nkyɛn.

Yenim Paulo fiewuranom mmarima ne mmea no bi din—Akwila ne Priskila, Gaio, Yason, Lidia, Mnason, Filemon, ne Filipo. (Asomafo no Nnwuma 16:14, 15; 17:7; 18:2, 3; 21:8, 16; Romafo 16:23; Filemon 1, 22) Wɔ Filipi, Tesalonika, ne Korinto no, dabere a ɛtete saa no maa Paulo nyaa baabi a obetumi afi ayɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no ho nhyehyɛe. Wɔ Korinto no, Tito Yusto nso buee ne fie maa ɔsomafo no maa onyaa baabi a na ɔbɛtra ayɛ n’asɛnka adwuma.—Asomafo no Nnwuma 18:7.

Nnamfonom Pii

Sɛnea ebia yɛbɛhwɛ kwan no, wɔkaee Paulo amannifo no wɔ akwan ahorow so esiane tebea a na ɛsonsonoe a ohyiaa wɔn wom nti. Sɛ nhwɛso no, na Maria, Persi, Foebe, Trifaina, ne Trifosa, nso yɛ mmea gyidifo a wɔkamfoo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn adwumaden ho. (Romafo 16:1, 2, 6, 12) Paulo bɔɔ Krispo, Gaio, ne Stefana fifo asu. Ɔno na ɔkaa nokware no ho asɛm maa Dionisio ne Damari gye dii wɔ Atene. (Asomafo no Nnwuma 17:34; 1 Korintofo 1:14, 16) Wɔfrɛ Androniko ne Yunia, “mmarima a wɔwɔ din asomafo no mu” a na wɔde bere tenten asom sen Paulo no, ne “yɔnko apokyerɛfo.” Ɛbɛyɛ sɛ na wɔne no ada afiase bere bi. Te sɛ Herodion, Yason, Lukio, ne Sosipatro no, Paulo kaa saa mmarima baanu yi nso ho asɛm sɛ ‘n’abusuafo.’ (Romafo 16:7, 11, 21) Bere a Hela asɛm a wɔde di dwuma wɔ ha betumi akyerɛ “mamfo” no, ne nkyerɛase titiriw ne “atipɛnfo a wofi mogya koro mu.”

Paulo nnamfonom pii tuu kwan esiane asɛmpa no nti. Sɛ ne yɔnkonom a yenim wɔn yiye no da nkyɛn a, Akaiko, Fortunato, ne Stefana nso tuu kwan fii Korinto kɔɔ Efeso de wɔn asafo no honhom fam tebea ho amanneɛbɔ kɔmaa Paulo. Artema ne Tihiko yɛɛ krado sɛ wobetu kwan akohyia Tito a na ɔresom wɔ Kreta supɔw so no, na na ɛsɛ sɛ Sena nso ne Apolo tu kwan.—1 Korintofo 16:17; Tito 3:12, 13.

Ebinom nso wɔ hɔ a Paulo ka wɔn ho asɛm a ɛyɛ anigye kakra. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ na Epaineto yɛ “abakan a ofi Asia,” na Erasto yɛ ‘kurom sikakorafo’ wɔ Korinto, na Luka yɛ oduruyɛfo, na Lidia tɔn tankɔkɔɔ, na Tertio na Paulo ma ɔkyerɛw krataa a ɔde kɔmaa Romafo no. (Romafo 16:5, 22, 23; Asomafo no Nnwuma 16:14; Kolosefo 4:14) Wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu pii fa saa nnipa yi ho fam no, saa nsɛm kakra yi ara betumi ama wɔakyerɛ wɔn ho anigye.

Paulo kaa nsɛm bi kyerɛɛ n’ayɔnkofo no bi ankasa a ɛwɔ Bible mu seesei. Sɛ nhwɛso no, wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kolosefo mu no, otuu Arkipo fo sɛ: “Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woawie no pɛpɛɛpɛ.” (Kolosefo 4:17) Ɛda adi sɛ na ntawntawdi bi wɔ Euodia ne Sintike ntam a na ɛsɛ sɛ wosiesie. Enti Paulo nam “yɔnko pa” bi a ɔwɔ Filipi a wɔammɔ ne din so tuu wɔn fo sɛ “wonnwen ade koro Awurade mu.” (Filipifo 4:2, 3) Nokwarem no, eyi yɛ afotu pa ma yɛn nyinaa.

Mmoa a Efi Nokwaredi Mu Bere a na Ɔda Afiase

Paulo daa afiase mpɛn pii. (2 Korintofo 11:23) Wɔ saa mmere no mu no, sɛ na Kristofo wɔ hɔ de a, na ɛbɛyɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa na watumi agyina ne haw no ano yiye. Bere a Paulo kɔdaa afiase nea edi kan wɔ Roma no, wɔmaa no kwan ma n’ankasa gyee ne fie tuaa ho ka mfe abien, na na ne nnamfo tumi kɔsra no. (Asomafo no Nnwuma 28:30) Saa bere no, ɔkyerɛw nkrataa kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Efeso, Filipi, ne Kolose no, ne Filemon nso. Saa nkrataa yi ka wɔn a na wɔbɛn Paulo kɛse wɔ n’afiasenna mu no ho nsɛm pii kyerɛ yɛn.

Sɛ nhwɛso no, yehu sɛ Onesimo, Filemon akoa a na waguan no, hyiaa Paulo wɔ Roma, sɛnea Tihiko a na ɛsɛ sɛ ɔka Onesimo ho wɔ ne kwan a na ɔretu asan akɔ ne wura hɔ mu nso hyiaa no no. (Kolosefo 4:7-9) Ná Epafrodito a ɔde akyɛde fi n’asafo mu tuu kwan tenten fi Filipi, na afei ɔyaree, no nso wɔ hɔ. (Filipifo 2:25; 4:18) Wɔn a wɔne Paulo boom yɛɛ adwuma wɔ Roma ne Aristarko, Marko, ne Yesu a wɔfrɛ no Yusto, a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam na wɔayɛ me awerɛkyekye” no. (Kolosefo 4:10, 11) Ná Timoteo ne Luka a wonim wɔn yiye, ne Dema a akyiri yi esiane ɔdɔ a onya maa wiase no nti ogyaw Paulo no, nso ka anokwafo no ho.—Kolosefo 1:1; 4:14; 2 Timoteo 4:10; Filemon 24.

Ɛda adi sɛ, na eyinom mu biara mfi Roma, nanso na wɔka Paulo ho wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ ebinom kɔɔ hɔ titiriw sɛ wɔrekɔboa no bere a na ɔda afiase no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Paulo ma ebinom yɛ nneɛma nketenkete ma no, na ɔma afoforo kodi nneɛma a ɛwɔ akyirikyiri nso ho dwuma, na na ɔma afoforo nso kyerɛw ne nkrataa ma no. Yɔnkodɔ ne nokwaredi a edi mu a eyinom nyinaa nya maa Paulo ne Onyankopɔn adwuma ho adanse kɛse bɛn ara ni!

Paulo nkrataa no bi awiei mu nsɛm ma yehu sɛ akyinnye biara nni ho sɛ na Kristofo anuanom mmarima ne mmea dɔm kɛse a wɔdɔɔso sen din kakraa bi a yenim no atwa Paulo ho ahyia. Wɔ mmere ahorow mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo” ne, “Wɔn a wɔne me wɔ hɔ nyinaa kyiakyia wo.”—2 Korintofo 13:13; Tito 3:15; Filipifo 4:22.

Wɔ Paulo afiasenna a ɛto so abien a na ɛyɛ hu mu wɔ Roma, bere a na ɔrebewu mogyadansefo wu no, Paulo susuw ne mfɛfo adwumayɛfo ho yiye. Anyɛ yiye koraa no, otumi kɔɔ so hwɛɛ wɔn mu binom dwumadi ahorow so. Tito ne Tihiko kɔkaa asɛm no, Kresen kɔɔ Galatia, Erasto traa Korinto, na Trofimo yare da Mileto, na na ɛsɛ sɛ Marko ne Timoteo ba ne nkyɛn. Nanso, na Luka wɔ ne nkyɛn, na bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no, na gyidifo foforo pii, te sɛ Eubolo, Puden, Lino, ne Klaudia wɔ hɔ, na wɔde wɔn dɔ nkyia kɔmaa no. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de aboa Paulo. Bere koro no ara no, Paulo ankasa de ne nkyia kɔmaa Priskila ne Akwila ne Onesiforo fifo. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, saa ɔhaw bere no mu ara na Dema gyaw no, na Aleksandro yɛɛ no ayayade pii.—2 Timoteo 4:9-21.

“Yɛyɛ Onyankopɔn Adwumayɛboafo”

Paulo anyɛ ankonam wɔ n’asɛnka adwuma no mu da. Sɛnkyerɛwfo E. Earle Ellis ka sɛ: “Nea ɛba adwenem ara ne ɔsɛmpatrɛwfo a ɛdɔm kɛse ka ne ho. Nokwarem no, na ɛyɛ den sɛ wubehu Paulo a ayɔnkofo nka ne ho.” Wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ase no, Paulo tumi boaboaa nnipa pii ano, na ɔyɛɛ asɛmpatrɛw ɔsatu ho nhyehyɛe a etu mpɔn. Ná nnamfonom a wɔbɛn no paa, bere tiaa mu aboafo, nnipa bi a wɔyɛ nsi, ne asomfo a wodwo pii atwa ne ho ahyia. Nanso, na eyinom nyɛ mfɛfo adwumayɛfo kɛkɛ. Ɛmfa ho baabi a wɔne Paulo yɛɛ adwuma anaa wɔne no bɔ kosii no, ɔdɔ a ɛka Kristofo bom ne ayɔnkofa a wɔne no nyae no yɛ nea asɛm biara nni ho.

Ná ɔsomafo Paulo wɔ nea wɔfrɛ no “adamfofa su a ɛda nsow.” Ɔbɔɔ mmɔden de asɛmpa no kɔɔ amanaman mu, nanso wammɔ mmɔden sɛ ne nkutoo bɛyɛ saa. Ɔne Kristofo ahyehyɛde a biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wom no yɛɛ biako de dii dwuma kosii ase. Paulo amfa aba a ɛsoe no ho anuonyam biara amma ne ho, na mmom, ofi ahobrɛase mu gye toom sɛ ɔyɛ akoa na anuonyam nyinaa nkɔ Onyankopɔn hɔ sɛ ɔno na ɔmaa enyinii.—1 Korintofo 3:5-7; 9:16; Filipifo 1:1.

Ná Paulo mmere no yɛ soronko wɔ yɛn de no ho, nanso sɛ saa mpo a, ɛnsɛ sɛ Kristofo asafo no muni biara susuw nnɛ sɛ obetumi atew ne ho anaasɛ ehia sɛ ɔtew ne ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde no, asafo a ɛwɔ yɛn mpɔtam, ne yɛn mfɛfo gyidifo, bom yɛ adwuma daa. Yehia wɔn mmoa ne wɔn awerɛkyekye wɔ mmere pa ne mmere bɔne mu. Yɛwɔ hokwan a ɛsom bo a ɛne sɛ yɛyɛ ‘anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa fekuw’ no mufo. (1 Petro 5:9) Sɛ yɛde nokwaredi ne ɔdɔ ne wɔn bom yɛ adwuma, na yɛne wɔn nyinaa yɛ biako a, ɛnde te sɛ Paulo no, yɛn nso yebetumi aka sɛ “yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo.”—1 Korintofo 3:9.

[Kratafa 31 mfonini ahorow]

APOLO

ARISTARKO

BARNABA

LIDIA

ONESIFORO

TERTIO

TIHIKO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena