Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wunya Yesu Kristo Mu Gyidi?
“NNIPA pii a wɔnyɛ Kristofo mpo gye di sɛ na Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a onim nyansa. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ nnipa a wɔatra ase pɛn a wɔwɔ nkɛntɛnso sen biara no mu biako.” (The World Book Encyclopedia) “Ɔne” hena? Yesu Kristo, nea ɔde Kristosom bae no.
Nanso, ɛmfa ho nea nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm no ka no, wɔ Apuei famfo ne nnipa a wɔwɔ mmeae foforo ɔpepehaha pii fam no, Yesu Kristo yɛ obi a wonnim no, edin bi a ebia wɔkae sɛ ɛwɔ ntoaso sukuu nhoma mu kɛkɛ. Wɔ Kristoman mu asɔre ahorow mpo mu no, nyamekyerɛfo ne asɔfo pii wɔ hɔ a wɔka sɛ wonnim Yesu ankasa, na wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ nokware a n’asetra ho kyerɛwtohɔ anan (Nsɛmpa no) a ɛwɔ Bible mu no yɛ no ho.
So ebetumi aba sɛ Nsɛmpa no akyerɛwfo no bɔɔ wɔn tirim na ɛkyerɛw Yesu asetra ho nsɛm? Dabida! Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo a wonim no yiye Will Durant yɛɛ saa Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ no mu nhwehwɛmu wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ́ awo ntoatoaso biako mu nnipa mpapahwekwa kakraa bi betumi abɔ wɔn tirim aka onipa a ɔwɔ tumi kɛse na ne ho yɛ anigye, na ɔwɔ abrabɔ ho mmara a ɛkorɔn, ne adesamma nuayɛ ho adwene a ɛhyɛ nkuran a ɛte saa ho asɛm no bɛyɛ anwonwade a wontumi nnye nni sen biara a wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu. Bere a Akyinnyegyefo de mfeha abien kasa tiae akyi no, Kristo asetra ho nsɛm, ne su, ne ne nkyerɛkyerɛ da so ara yɛ nea emu da hɔ yiye, na ɛno ne ade a Atɔe fam onipa biara ani gye ho sen biara wɔ abakɔsɛm mu.”
Nanso, nnipa bi bɛka sɛ ɛmfata sɛ wosusuw Yesu Kristo ho esiane nea wɔn a wɔkyerɛ sɛ wodi n’akyi no ayɛ nti. Japanfo bi bɛka sɛ, ‘wɔtow ɔtopae too Nagasaki. Na na Kristofo wɔ Nagasaki sen Japan nkurow pii mu.’ Nanso so wubetumi abɔ oduruyɛfo sobo wɔ ɔyarefo bi yare ho bere a ɔyarefo no nni oduruyɛfo no akwankyerɛ akyi no? Nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no abu wɔn ani agu Yesu akwankyerɛ a ɔde bɛsa adesamma yare no so bere tenten. Nanso, Yesu de yɛn da biara da haw ahorow ne amanehunu a adesamma hyia wɔ wiase nyinaa no ano aduru mae. Ɛno nti na yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no na w’ankasa hu nipa ko a na ɔyɛ.