Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 7/1 kr. 30-31
  • Nsrahwɛ a Wonyaa so Akatua Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsrahwɛ a Wonyaa so Akatua Pii
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanneɛbɔ a Ɛyɛ Anigye
  • Mmebusɛm a Ɛkyere Adwene, Mmuae a Ɛma Akomatɔyam
  • Asuade Ma Yɛn
  • Bere a Ayamye Bu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ná Nyansa Som Bo Ma No
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Yehowa Nyansa Nti, Yi No Ayɛ
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 7/1 kr. 30-31

Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde

Nsrahwɛ a Wonyaa so Akatua Pii

NÁ ƆKWAN a efi Seba kɔ Yerusalem no bɛma ɔhemmaa no abrɛ. Na dwoodwoo asetra nko mu na watra. Afei, na ɔte yoma so retwa kwan kilomita 2,400, a ɔbɛfa anhweatam a ɛso yɛ hyew so wɔ emu fã kɛse no ara mu. Sɛnea ɔkontaabufo bi kyerɛ no, na n’akwantu no begye nnafua 75, na na ɛno yɛ ne kɔ nkutoo!a

Dɛn nti na saa ɔhemmaa a odi yiye yi gyaw ne fie a ahotɔ wom wɔ Seba no hɔ na otwaa saa kwan tenten a ɔbrɛ wom yi?

Amanneɛbɔ a Ɛyɛ Anigye

Bere a Seba hemmaa ‘tee Salomo nka a ɛfa Yehowa din ho’ no ɔbaa Yerusalem. (1 Ahene 10:1) Wɔnka nea ɔhemmaa no tee ankasa ho asɛm. Nanso, yenim sɛ Yehowa hyiraa Salomo maa no nyansa, ahonya ne anuonyam soronko. (2 Beresosɛm 1:11, 12) Ɛyɛɛ dɛn na ɔhemmaa no tee eyi? Esiane sɛ na Seba yɛ aguadibea nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee Salomo anuonyam ho asɛm no fii aguadifo a wɔbaa n’asase no so no hɔ. Na ɛbɛyɛ sɛ eyinom bi akɔ Ofir, asase a na Salomo yɛ ne nnwuma titiriw no so.—1 Ahene 9:26-28.

Sɛnea asɛm no te biara no, ɔhemmaa no ne “asafo yuu pa de yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika bebree pa ne aboɔden abo” baa Yerusalem. (1 Ahene 10:2a) Ebinom ka sɛ na asraafodɔm ka “asafo yuu” no ho. Sɛ wohwɛ ɔhemmaa a na ɔwɔ dibea a tumi wom, na ɔde nneɛma a ne bo yɛ sika dɔla ɔpepedudu retu kwan no a, na ebetumi ayɛ nea ntease wom.b

Nanso, hyɛ no nsow sɛ, ɔhemmaa no tee Salomo anuonyam “a ɛfa Yehowa din ho” no ho asɛm. Enti na eyi nyɛ aguadi ho akwantu kɛkɛ. Ɛda adi sɛ, ɔhemmaa no bae sɛ ɔrebetie Salomo nyansa titiriw—na ebia wasua ne Nyankopɔn, Yehowa, ho ade. Esiane sɛ ɛda adi sɛ na ɔyɛ Sem anaa Ham a wɔyɛ Yehowa asomfo no aseni nti, ebia na ɔpɛ sɛ ohu biribi fa ne nananom som ho.

Mmebusɛm a Ɛkyere Adwene, Mmuae a Ɛma Akomatɔyam

Ɔhemmaa no hyiaa Salomo no, ofii ase de “mmebusɛm a ɛkyere adwene” sɔɔ no hwɛe. (1 Ahene 10:1, NW) Yebetumi akyerɛ Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no ase sɛ “aborɔme.” Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɔhemmaa no ne Salomo kodii agoru hunu bi ara kwa. Anigyesɛm ne sɛ, wɔde saa Hebri asɛmfua koro no ara dii dwuma wɔ Dwom 49:4, de kyerɛkyerɛ nsɛm bi a anibere wom a ɛfa bɔne, owu, ne ogye ho mu. Enti, ɛda adi sɛ, na Seba hemmaa no ne Salomo resusuw nsɛm a emu dɔ yiye ho, na ɛsɔɔ sɛnea ne nyansa mu dɔ no hwɛe. Bible ka sɛ “ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ.” Na Salomo nso “buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhintaw ɔhene a wanka ankyerɛ no.”—1 Ahene 10:2b, 3.

Salomo nyansa ne n’ahenni mu ahonya no yɛɛ Seba hemmaa no nwonwa araa ma “ne home tew no.” (1 Ahene 10:4, 5) Ebinom kyerɛ saa kasasin yi ase sɛ ɔhemmaa no “tuaa home.” Nhomanimfo bi mpo kyerɛ sɛ ɔtɔɔ piti! Nanso sɛnea ɛte biara no, nea ɔhemmaa no hui na ɔtee no maa ne ho dwiriw no. Ɔka kyerɛɛ Salomo nkoa no sɛ wɔwɔ anigye sɛ wɔte ɔhene nyansa no, na ohyiraa Yehowa sɛ ɔde Salomo asi agua so. Afei ɔmaa ɔhene no akyɛde pa pii, a sika kɔkɔɔ no nkutoo ano si, nnɛyi $40,000,000. Salomo nso de akyɛde mae, na ɔmaa ɔhemmaa no “n’ade a ɔpɛ a obisae nyinaa.”c—1 Ahene 10:6-13.

Asuade Ma Yɛn

Yesu de Seba hemmaa no yɛɛ asuade maa akyerɛwfo ne Farisifo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nifa hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofii asase ano nohoa betiee Salomo nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Salomo wɔ ha.” (Mateo 12:42) Yiw, Seba hemmaa no kyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ nyansa a Onyankopɔn de ma no ho. Sɛ otwaa kilomita 2,400 kotiee Salomo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ akyerɛwfo ne Farisifo, a na Yesu gyina wɔn anim pɛɛ no tie no yiye.

Yɛn a yɛte ase nnɛ no betumi akyerɛ Salomo Ɔkɛse, Yesu Kristo, ho anisɔ kɛse. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan biako ne sɛ yebedi n’akwankyerɛ a ese “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo” no so. (Mateo 28:19) Ɔkwan foforo ne sɛ yebesusuw Yesu nhwɛso ne ne su ahorow ho yiye na yɛasuasua.—Filipifo 2:5; Hebrifo 12:2, 3.

Ampa, egye mmɔdenbɔ na yɛatumi adi Salomo Ɔkɛse no nhwɛso akyi. Nanso, yebenya so akatua pii. Nokwarem no, Yehowa hyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ, sɛ wɔde wɔn ho bɔ afɔre a, ‘obebue ɔsoro mfɛnsere ama wɔn na wahwie nhyira agu wɔn so ama no aboro so.’—Malaki 3:10.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nhomanimfo pii gye tom sɛ na Seba wɔ Arabia anafo atɔe fam, wɔ nea nnɛ wonim hɔ sɛ Yemen Adehyeman no mu.

b Sɛnea tete Hela asase ho nsɛm ho ɔbenfo Strabo kyerɛ no, na nnipa a wɔwɔ Seba no di yiye ankasa. Ɔka sɛ wɔde sika kɔkɔɔ dii adwini guu wɔn nkongua, nkuku, ne afasu, apon, ne wɔn adan so suhyɛ mpo ho.

c Ebinom kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ ɔhemmaa no ne Salomo dae. Anansesɛm akyerɛwfo ka sɛ wɔwoo babarima bi mpo. Nanso, yenni adanse biara wɔ hɔ a ɛfoa eyinom biara so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena