Yehowa Siesie Kwan No
“Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi.”—MATEO 24:14.
1. Dɛn na asɛnka adwuma no ayɛ wɔ afeha a edi kan no ne nea ɛto so 20 yi nyinaa mu?
ESIANE sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn nti, ɛyɛ ne pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Timoteo 2:4) Eyi ahwehwɛ sɛ wɔka asɛm no na wɔyɛ ɔkyerɛkyerɛ satu wɔ amanaman nyinaa mu. Wɔ afeha a edi kan no mu no, saa asɛnka adwuma yi yɛɛ Kristofo asafo no “nokware dum ne nnyinaso.” (1 Timoteo 3:15) Ɛno akyi no, ɔwae baa bere tenten, na ɛmaa nokware ho hann no dumii. Nnansa yi, wɔ “awiei bere” mu no, ‘nokware nimdeɛ’ asan abu so, na ɛde daa nkwagye ho anidaso a egyina Bible so abrɛ nnipa ɔpepem pii.—Daniel 12:4.
2. Dɛn na Yehowa ayɛ wɔ asɛnka adwuma no ho?
2 Ɛmfa ho mmɔden kɛse a Satan abɔ sɛ obetwitware Onyankopɔn atirimpɔw mu no, asɛnka adwuma no anya nkɔanim kɛse wɔ afeha a edi kan no ne nea ɛto so 20 yi nyinaa mu. Ɛma yɛkae Yesaia nkɔmhyɛ no. Ɛdefa Yudafo nnommum a na wɔbɛsan aba Yuda wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu ho no, Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wɔ́mmoma abon nyinaa so, na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw, na abonkyiabonkyi nyɛ toromtorom.” (Yesaia 40:4) Yehowa siesiee kwan no yɛɛ so toromtorom maa asɛnka ɔsatu kɛse wɔ afeha a edi kan no mu, na wayɛ saa nso wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.
3. Akwan bɛn so na Yehowa tumi di n’atirimpɔw ho dwuma?
3 Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa ankasa na ɔmaa biribiara a esii wɔ asase so no bae na ama asɛmpa no ka atumi akɔ so; saa ara na ɛnkyerɛ sɛ Yehowa de tumi a ɔde hu daakye no dii dwuma de huu biribiara a ebesi. Nokwarem no, otumi hu nea ɛbɛba daakye, na otumi dannan nsɛm a ebesisi daakye. (Yesaia 46:9-11) Na otumi yɛ nneɛma a ɛkɔ so ho biribi bere a ɛresisi no nso. Te sɛ oguanhwɛfo a onim sɛnea ɔbɛkyerɛ ne nguan kwan abɔ wɔn ho ban no, Yehowa kyerɛ ne nkurɔfo kwan. Ɔkyerɛ wɔn kwan kɔ nkwagye mu, bɔ wɔn honhom fam yiyedi ho ban, na ɔkanyan wɔn ma wɔde tebea ahorow ne nsɛm a esisi di dwuma de ma asɛmpaka adwuma no nya nkɔso wɔ wiase nyinaa.—Dwom 23:1-4.
Adwuma a Ɛyɛ Den
4, 5. Dɛn nti na asɛmpa no ka ayɛ adwumaden?
4 Sɛnea na ɛte wɔ adaka no yɛ ho wɔ Noa bere so no, Ahenni asɛnka adwuma no ayɛ adwuma kɛse—wɔ afeha a edi kan no ne nnɛ mmere yi nyinaa mu. Ɛyɛ den ankasa sɛ wɔde asɛm biara bɛkɔ nnipa nyinaa nkyɛn, nanso asɛnka adwuma yi de, ɛkyɛn saa koraa. Wɔ afeha a edi kan mu no, na asuafo no sua koraa. Ná wɔabɔ wɔn Kannifo, Yesu, sobo sɛ otutu ɔman ase, ma enti wɔakum no. Ná Yudafo som no ase atim yiye. Ná asɔredan kɛse bi si Yerusalem. Ná ɔsom ahorow a ɛnyɛ Yudafo de a ɛwɔ Mediterranea hɔ no nso ase atim yiye, na na wɔwɔ asɔrefie ne asɔfokuw. Saa ara na bere a “awiei bere” no fii ase wɔ 1914 no, na Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ kakraa bi, na na ɔsom afoforo mufo a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn no dɔɔso.—Daniel 12:9.
5 Ná Yesu abɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ wɔbɛtaa wɔn. Ɔkae sɛ: “Wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 24:9) Nea ɛbɛma saa ɔhaw yi ayɛ kɛse no, titiriw wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, Kristofo behyia “mmere a emu yɛ den.” (2 Timoteo 3:1) Adwuma no kɛse, ɔtaa a wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba, ne mmere no a emu ayɛ den no ama asɛnka adwuma no ayɛ den ankasa. Gyidi a emu yɛ den ho abehia.
6. Nkɔso ho awerɛhyem bɛn na Yehowa de maa ne nkurɔfo?
6 Bere a na Yehowa nim sɛ nsɛnnennen bɛba no, na onim nso sɛ biribiara ntumi nsiw adwuma no kwan. Wɔkaa nkɔso a ɛbɛba ho asɛm siei wɔ nkɔmhyɛ bi a wonim no yiye a anya mmamu kɛse wɔ afeha a edi kan no ne nea ɛto so 20 yi mu sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa.”—Mateo 24:14; yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.
7. Wɔ afeha a edi kan mu no, asɛnka adwuma no nyaa nkɔso koduu he?
7 Bere a gyidi ne honhom kronkron ahyɛ wɔn ma no, Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no dii wɔn ahyɛde ho dwuma. Esiane sɛ na Yehowa ka wɔn ho nti, wonyaa nkɔso koraa sen nea na wɔhwɛ kwan no. Bere a Paulo kyerɛw Kolosefo no wɔ Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 27 no, na obetumi aka asɛmpa no ho asɛm sɛ “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Sɛ yɛde toto ho a, ɛde besi afeha a ɛto so 20 yi awiei no, wɔaka asɛmpa no wɔ nsase 233 so.
8. Tebea ahorow bɛn mu na nnipa pii agye asɛmpa no? Ma ho nhwɛso ahorow.
8 Nnipa ɔpepem pii agye asɛmpa no nnansa yi. Pii ayɛ saa wɔ tebea a enye mu—wɔ ɔko, anohyeto, ne ɔtaa a emu yɛ den mu. Saa pɛpɛɛpɛ na na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi wɔ afeha a edi kan mu no, wɔde nnade hwee Paulo ne Silas yiye de wɔn guu afiase. Tebea a ɛma asuafoyɛ adwuma yɛ den bɛn ara ni! Nanso, Yehowa de tebea no dii dwuma de yɛɛ biribi. Wogyaee Paulo ne Silas, na afiasehwɛfo no ne n’abusua bɛyɛɛ gyidifo. (Asomafo no Nnwuma 16:19-33) Osuahu a ɛtete saa kyerɛ sɛ asɔretiafo rentumi nsiw asɛmpa no kwan. (Yesaia 54:17) Nanso, amanehunu ne ɔtaa a emu yɛ den ayɛ Kristosom abakɔsɛm ma. Afei momma yɛmfa yɛn adwene nsi tebea pa bi a aboa asiesie ɔkwan no ama asɛmpa no ka anya nkɔso wɔ afeha a edi kan no ne nea ɛto so 20 yi mu so.
Ɔsom Mu Tebea
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma wonyaa biribi a wɔbɛhwɛ kwan wɔ bere a wɔbɛka asɛmpa no wɔ afeha a edi kan no ne nea ɛto so 20 yi mu?
9 Susuw bere a yɛde reyɛ asɛnka adwuma no wiase nyinaa no ho hwɛ. Ɛdefa afeha a edi kan mu nhyehyɛe ho no, adapɛn 70 ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 9:24-27 no twee adwene sii afe a na Mesia no bɛba so—29 Y.B. Ɛwom sɛ na afeha a edi kan no mu Yudafo no nte mmere pɔtee a nsɛm no besisi no ase de, nanso na wɔrehwɛ Mesia no kwan. (Luka 3:15) Franse Manuel Biblique ka sɛ: “Ná nkurɔfo nim sɛ adapɛn aduɔson a Daniel kaa ho asɛm no reba awiei; anyɛ obiara nwonwa sɛ wɔtee sɛ Yohane Osuboni reka sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn no.”
10 Na yɛn mmere yi mu nhyehyɛe no nso ɛ? Wiɛ, adeyɛ a ɛda nsow ne Yesu a wɔde no sii agua so wɔ soro, a ɛhyɛɛ N’ahenni tumi mu a waba mfiase agyirae no. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ eyi sii wɔ 1914 mu. (Daniel 4:13-17) Asɛm yi a na wɔhwɛ kwan no nso maa nnɛyi nyamesomfo bi hwɛɛ biribi kwan. Bible Asuafo a na wɔwɔ komapa nso hwɛɛ biribi kwan, na wofii ase tintim saa nsɛmma nhoma yi wɔ 1879 mu sɛ Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence. Enti, wɔ afeha a edi kan no ne nnɛ mmere yi nyinaa no, ɔsom mu akwanhwɛ ahorow siesiee tebea no maa asɛmpaka adwuma no.a
11. Ɔsom mu fapem bɛn na wɔto de boaa asɛmpa no ka?
11 Ade foforo a ɛboaa Kristofo adwuma no wɔ tete ne nnɛ nyinaa ne sɛ na nnipa pii nim Nkyerɛwee Kronkron no. Wɔ afeha a edi kan mu no, na Yudafo no ahwete wɔ Amanaman a na atwa wɔn ho ahyia nyinaa mu. Ná saa aman no wɔ hyia adan a nkurɔfo hyia hɔ daa kenkan Kyerɛwnsɛm no susuw ho. Enti, tete Kristofo no tumi too ɔsom ho nimdeɛ a na nkurɔfo wɔ dedaw no so. (Asomafo no Nnwuma 8:28-36; 17:1, 2) Wɔ yɛn bere yi mfiase no, Yehowa nkurɔfo hyiaa tebea a ɛte saa ara wɔ nsase pii so. Ná Bible no abu so wɔ Kristoman nyinaa mu, titiriw wɔ Prostestant nsase so. Na wɔkenkan wɔ asɔre ahorow pii mu; na na nnipa ɔpepem pii wɔ bi. Ná nkurɔfo wɔ Bible no bi dedaw, nanso na wohia mmoa na ama wɔate nea wɔwɔ no ase.
Mmara so Mfaso Ahorow
12. Ɔkwan bɛn so na mpɛn pii no, na Roma mmara yɛ ahobammɔ wɔ afeha a edi kan no mu?
12 Mpɛn pii na mmara a nniso no hyehyɛ no aboa Kristofo asɛnka adwuma no. Roma Ahemman no dii afeha a edi kan no wiase no so, na mmara a wɔhyehyɛe no nyaa nkurɔfo da biara da asetra so nkɛntɛnso. Saa mmara ahorow no bɔɔ nkurɔfo ho ban, na tete Kristofo no nyaa so mfaso. Sɛ nhwɛso no, Paulo adesrɛ a ɔde kɔdan Roma mmara no maa woyii no fii afiase, na amma wɔanhwe no. (Asomafo no Nnwuma 16:37-39; 22:25, 29) Romafo mmara kwan so nhyehyɛe bi a obi twee adwene sii so no maa basabasayɛfo bi a na wɔn bo afuw yɛɛ komm wɔ Efeso. (Asomafo no Nnwuma 19:35-41) Bere bi, wogyee Paulo fii basabasayɛ mu wɔ Yerusalem esiane sɛ na ɔyɛ Romani nti. (Asomafo no Nnwuma 23:27) Akyiri yi, Roma mmara maa okoyii ne ho ano wɔ ne gyidi ho wɔ mmara kwan so wɔ Kaesare anim. (Asomafo no Nnwuma 25:11) Ɛwom sɛ na Kaesare ahorow a wodii ade no mu pii tirim yɛ den de, nanso mpɛn pii no, afeha a edi kan no mu mmara maa wonyaa kwan ‘yii wɔn ho ano asɛmpa no ho.’—Filipifo 1:7.
13. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no anya mmara so mfaso wɔ yɛn bere yi so?
13 Ɛte saa ara wɔ nsase pii so nnɛ. Ɛwom sɛ wɔ aman dodow no ara mu no, ebinom wɔ hɔ a ‘wɔnam mmara so bɔ mmusu’ de, nanso mmara a wɔahyehyɛ no bu ɔsom mu ahofadi sɛ hokwan titiriw. (Dwom 94:20) Esiane sɛ nniso ahorow no pii ahu sɛ Yehowa Adansefo ho nyɛ hu mma ɔman nhyehyɛe nti, wɔagye yɛn atom wɔ mmara mu. Wɔ United States a Adansefo no tintim wɔn nhoma no fã kɛse no ara no, ɛhɔ mmara ama wɔatumi akɔ so atintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mfe 120 ni ma wɔakenkan wɔ wiase nyinaa.
Asomdwoe Bere ne Mmere a Wɔma Nneɛma Ho Kwan
14, 15. Ɔkwan bɛn so na asomdwoe kakra a ɛbae no boaa asɛnka adwuma no wɔ afeha a edi kan no mu?
14 Mmere a asomdwoe kakra wom nso ama asɛnka adwuma no anya nkɔso. Ɛwom sɛ Yesu ka siei ma ɛfatae sɛ bere a asɛnka adwuma no rekɔ so no, ‘ɔman bɛsɔre ɔman so’ de, nanso mmere bi wɔ hɔ a wɔanya asomdwoe kakra de ayɛ Ahenni asɛnka adwuma no kɛse. (Mateo 24:7) Afeha a edi kan no mu Kristofo no traa Pax Romana, anaa Roma Asomdwoe Bere no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Ná Mediterranea nsase no nyinaa abɛhyɛ Roma ase koraa ma enti wɔmaa akokoakoko gyaee wɔ saa mmeae no.” Saa asomdwoe yi maa tete Kristofo no nyaa ahobammɔ kakra de tutuu akwan wɔ Roma nyinaa.
15 Roma Ahemman no de nsa a ɛyɛ den bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛma nkurɔfo a ɛhyɛ n’ase nyinaa ayɛ biako. Ɛnyɛ akwantu, nneɛma ho kwan a wɔma, ne adwenkyerɛ nko na saa nhyehyɛe yi de bae, na mmom ɛmaa wonyaa amanaman ntam nuayɛ nso. On the Road to Civilization nhoma no ka sɛ: “Biakoyɛ a ɛbaa [Roma] Ahemman no mu no maa [Kristofo kaa asɛm] no wɔ tebea a eye mu. Woyiyii ahye a ɛwɔ aman ntam fii hɔ. Ná Romani yɛ ɔman ba wɔ wiase baabiara. . . Bio nso, na ɔman a ɛkyerɛ sɛ nnipa nyinaa nyɛ biako no betumi ate ɔsom a ɛkyerɛkyerɛ nnipa ntam nuayɛ ho ade no ase.”—Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 1 Petro 2:17 ho.
16, 17. Dɛn na ama wɔabɔ mmɔden sɛ wobenya asomdwoe wɔ nnɛ mmere yi, na dɛn na nnipa pii gye tom?
16 Na yɛn bere yi so nso ɛ? Akodi a asɛe nneɛma sen biara asisi afeha a ɛto so 20 yi mu, na amantam ko kɔ so wɔ nsase bi so. (Adiyisɛm 6:4) Nanso, yɛanya asomdwoe kakra wɔ mmere bi mu nso. Wiase aman a wɔwɔ tumi sen biara no ne wɔn ho wɔn ho nnii ako bɛboro mfe 50 ni. Saa tebea yi aboa asɛmpaka adwuma no kɛse wɔ saa nsase no so.
17 Ahude a afi akodi a akɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu aba no ama nnipa pii ahu hia a ehia sɛ wonya wiase nyinaa nniso. Suro a wosuro wiase nyinaa ko na ɛmaa wɔtew Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom no. (Adiyisɛm 13:14) Wɔkyerɛ sɛ ahyehyɛde abien no nyinaa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma biakoyɛ ne asomdwoe aba amanaman no ntam. Nnipa a wohu saa ahiade no taa gye wiase nniso a ɛde daa asomdwoe a edi mũ na ɛtra hɔ daa bɛba—Onyankopɔn Ahenni—no tom.
18. Nyamesom ho su bɛn na aboa asɛnka adwuma no?
18 Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, wɔde ɔtaa a emu yɛ den ba Kristofo so de, nanso wɔama nyamesom ho kwan wɔ afeha a edi kan no ne nea ɛto so 20 yi nyinaa mu mmere bi. (Yohane 15:20; Asomafo no Nnwuma 9:31) Romafo no fi wɔn pɛ mu faa nkurɔfo a wodii wɔn so nkonim no anyame ne anyamewa som wɔn. Ɔbenfo Rodney Stark kyerɛwee sɛ: “Wɔ akwan pii so no, Roma maa nkurɔfo nyaa ɔsom mu ahofadi kɛse sen nea ɛbaa bio wɔ Amerika Ɔman Anidan akyi no.” Nnɛ mmere yi no, nnipa a wɔwɔ nsase pii so atie afoforo adwenkyerɛ kɛse, na nea afi mu aba ne sɛ wɔanya ɔpɛ sɛ wobetie Bible mu asɛm a Yehowa Adansefo de brɛ wɔn no.
Dwuma a Mfiridwuma Di
19. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofo no de nhoma a wɔde krataa yɛ no dii dwuma?
19 Awiei koraa no, susuw sɛnea Yehowa ama ne nkurɔfo anya mfiridwuma mu nkɔso so mfaso no ho. Ɛwom sɛ na tete Kristofo no nte bere a mfiridwuma renya nkɔanim ntɛmntɛm mu de, nanso ade biako a wɔde dii dwuma ne codex, anaa nhoma a wɔde krataa yɛ no. Nhoma a wɔde krataa yɛ no besii nhoma mmobɔwee a na emu yɛ duru no ananmu. The Birth of the Codex nhoma no ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ egyee bere ansa na wɔde nhoma a wɔde krataa yɛ no redi dwuma de asi nhoma mmobɔwee no ananmu wɔ wiase nhoma ahorow mu no, ɛte sɛ nea Kristofo de nhoma a wɔde krataa yɛ no dii dwuma ntɛm ara wɔ mmaa nyinaa.” Saa nhoma yi ka bio sɛ: “Kristofo de nhoma a wɔde krataa yɛ no dii dwuma wɔ mmaa nyinaa wɔ afeha a ɛto so abien no mu araa ma yebetumi aka sɛ ɛbae ansa na afe 100 Y.B. reba.” Ná nhoma a wɔde krataa yɛ no dwumadi yɛ mmerɛw sen nhoma mmobɔwee no. Na wotumi hu baabi a kyerɛw nsɛm bi wɔ ntɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi na ɛboaa tete Kristofo te sɛ Paulo a ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm no ho asɛm nko na ɔkae, na mmom, ‘wɔtwee adwene sii nsɛm foforo so dii’ nneɛma a na wɔrekyerɛkyerɛ no ‘ho adanse’ nso no.—Asomafo no Nnwuma 17:2, 3.
20. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo de nnɛyi mfiridwuma adi dwuma wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu, na dɛn ntia?
20 Mfiridwuma mu nkɔso a wɔanya wɔ yɛn afeha yi mu no yɛ nwonwa. Mfiri a etumi tintim nhoma ntɛmntɛm aboa ma wotintim Bible ho nhoma ahorow wɔ kasa pii mu wɔ bere koro mu. Nnɛyi mfiridwuma ama Bible nkyerɛase adwuma no akɔ so ntɛmntɛm. Lɔre, keteke, po so ahyɛn, ne wimhyɛn ahorow ama atumi ayɛ ntɛm sɛ wɔde Bible ho nhoma ahorow bɛkɔ asase so baabiara. Telefon ne nkrasɛm mfiri ama wotumi ne nkurɔfo a wɔwɔ akyirikyiri di nkitaho ntɛm ara. Yehowa nam ne honhom so ama n’asomfo de mfiridwuma mu nimdeɛ a ɛte saa no adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so ma asɛmpa no atrɛw wɔ wiase nyinaa. Ɛnyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobehu biribiara a aba so foforo wɔ saa wiase yi mu na wɔde adi dwuma nti na wɔde nneɛma a ɛte saa no redi dwuma. Mmom no, wɔn botae titiriw a ɛsen biara ne sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ wɔn asɛnka adwuma no wɔ ɔkwan a etu mpɔn sen biara so.
21. Dɛn ho na yebetumi anya ahotoso?
21 Yesu ka siei sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa.” (Mateo 24:14) Sɛnea tete Kristofo no huu saa nkɔmhyɛ yi mmamu no, saa ara na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no hu ne mmamu kɛse. Ɛmfa ho adwuma yi kɛse ne nsɛnnennen a ɛwom no, wɔ mmere a eye ne mmere a enye mu, wɔ mmere a mmara ne su horow sakra, wɔ ɔko ne asomdwoe mmere, ne mfiridwuma mu nkɔanim ahorow a wɔanya nyinaa mu no, wɔaka asɛmpa no, na wogu so reka. So eyi mma wo ho nnwiriw wo wɔ Yehowa nyansa ne ne nhumu a ɛyɛ nwonwa no ho? Yebetumi anya ahotoso koraa sɛ yebewie asɛnka adwuma no sɛnea Yehowa bere nhyehyɛe te, ne sɛ wobedi n’atirimpɔw a ɔdɔ wom ho dwuma de ama atreneefo anya nhyira. Wobenya asase no adi, na wɔatra so daapem. (Dwom 37:29; Habakuk 2:3) Sɛ yɛma yɛn asetra ne Yehowa atirimpɔw hyia a, yɛbɛka saafo no ho.—1 Timoteo 4:16.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ Mesia ho nkɔmhyɛ ahorow abien yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no nkratafa 36, 97, ne 98-107.
Ntĩmu
◻ Dɛn nti na asɛmpaka adwuma no ayɛ adwumaden?
◻ Akwan bɛn so na Kristofo adwuma no anya aban nhyehyɛe ahorow ne asomdwoe kakra so mfaso?
◻ Ade a ɛbɛba daakye bɛn na Yehowa nhyira a ɛwɔ asɛnka adwuma no so no ma yenya ho ahotoso?