Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 9/1 kr. 25-29
  • Yehowa Ayɛ Me Botan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ayɛ Me Botan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Minyaa Honhom Fam Abusua
  • Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Ankonam
  • Migyinaa Ɔtaa ne Asutwa Ano
  • Yenyaa Nkɔso, Ɛmfa Ho Ɔtaa
  • Yehowa, ‘Yɛ Ogyefo’
  • Wɔasɔ Me Ahwɛ Wɔ Fononoo A Emu Yɛ Hyew Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ayisaa A Onni Obiara Nya Agya Bi A Ɔwɔ Ɔdɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nea Ɛsɛ Yehowa a Yɛde Bɛma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 9/1 kr. 25-29

Yehowa Ayɛ Me Botan

SƐNEA EMMANUEL LIONOUDAKIS KA KYERƐE

Me maame nyinnyam n’anim ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ wansakra w’adwene a, ɛnde wubefi fie ha.” Na mayɛ m’adwene sɛ mɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Nanso, na kyere a wɔkyere me mpɛn pii no reteetee m’abusuafo.

NA M’AWOFO dwo na na wosuro Nyankopɔn. Na wɔte akuraa Douliana a ɛwɔ Greece supɔw Kreta atɔe fam, faako a wɔwoo me wɔ 1908 no mu. Efi me mpanyin afe so na wɔkyerɛɛ me sɛ minsuro Onyankopɔn na mimmu no. Ɛwom mpo sɛ na minhuu da sɛ akyerɛkyerɛfo anaa Greece Ortodɔks asɔfo no kura Bible de, nanso na m’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho.

Bere a me yɔnko bi kenkan Studies in the Scriptures, po ahorow nsia, a C. T. Russell kyerɛwee, ne The Harp of God nhoma no wiei no, ɔde anigye kyerɛkyerɛɛ me emu Kyerɛwnsɛm a ebue ani no mu. Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, na wotintim saa nhoma ahorow no. Mede anigye hwehwɛɛ Bible ne nhoma ahorow fii Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea a ɛwɔ Athens no hɔ. Meda so kae sɛ, na me ne me yɔnko no tra ase anadwo bɔ Yehowa mpae, na yɛsɔ kanea de hwehwɛ nhoma ahorow no mu Kyerɛwnsɛm mu kɔ akyiri.

Na madi mfe 20, na na mekyerɛ ade wɔ sukuu bi mu wɔ akuraa bi a ɛbɛn yɛn mu, na mifii ase sɛ me ne afoforo bɛkyɛ Bible mu nimdeɛ foforo a me nsa aka no. Ankyɛ, na yɛn mu baanan yɛ nhyiam ahorow daa sua Bible no wɔ Douliana. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ama afoforo asua Onyankopɔn Ahenni a ɛno ne adesamma anidaso koro pɛ ho ade no, yɛsan kyekyɛɛ nkratawa, nhomawa, ne Bible ahorow.

Wɔ 1931 mu no, na yɛka nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔafa edin Yehowa Adansefo a efi Bible mu ato wɔn ho so no ho. (Yesaia 43:10) Afe a edi hɔ no mu no, yɛyɛɛ baguam dawurubɔ ho ɔsatu de kyerɛkyerɛɛ yɛn din foforo no ne nea ɛkyerɛ no mu kyerɛɛ atumfoɔ no. Nea ɛka eyi ho no, yɛkyekyɛɛ nhomawa bi a ɛfata maa ɔsɔfo, ɔtemmufo, polisi panyin, ne adwumawura biara a ɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ.

Sɛnea na yɛhwɛ kwan no, asɔfo no de ɔtaa baa yɛn so. Bere a edi kan a wɔkyeree me no, wɔde me too afiase nnafua 20. Woyii me akyi bere tiaa bi no, wɔsan kyeree me bio na wɔde me too afiase ɔsram biako. Bere a ɔtemmufo bi kae sɛ yennyae asɛmpa no ka no, yegyinaa asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 5:29 no so buae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” Akyiri yi, wɔ 1932 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no nanmusini bi bɛsraa yɛn kuw ketewaa no wɔ Douliana, na ɔbɔɔ yɛn baanan no nyinaa asu.

Minyaa Honhom Fam Abusua

Esiane sɛ na mepɛ sɛ meyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nti, migyaee adekyerɛ no. Ɛno haw me maame yiye. Ɔkae sɛ mimfi fie hɔ. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Athens no penee so maa onua Kristoni yamyefo bi a ɔwɔ Iráklion, Kreta, gyee me kɔɔ ne fie anigye so. Enti, wɔ August 1933 mu no, anuanom a wowɔ yɛn akuraa hɔ, ne anigyefo binom, kogyaa me kwan wɔ bɔs gyinabea. Yɛn werɛ how yiye saa bere no, na esiane sɛ yennim bere a yɛbɛsan ahu yɛn ho bio nti, yɛn nyinaa sui.

Wɔ Iráklion no, mebɛyɛɛ honhom fam abusua bi a wɔwɔ dɔ no muni. Na yɛne anuanom Kristofo mmarima baasa ne ɔbea biako hyiam bere nyinaa sua ade wɔ hɔ. Mihui sɛ Yesu bɔhyɛ no aba mu pefee sɛ: “Obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nuabarimanom, anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrenya ofie ne nuabarimanom, ne nuabeanom, ne ɛnanom mmɔho ɔha seesei wɔ bere yi mu.” (Marko 10:29, 30, NW) Wɔde saa kurow no ne nkuraa a ɛbemmɛn hɔ no hyɛɛ me nsa sɛ menka asɛmpa no wɔ hɔ. Bere a mekaa asɛmpa no wɔ kurow no mu wiei no, metoaa so yɛɛ adwuma wɔ Iráklion ne Lasithion amansin no mu.

Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Ankonam

Na me nantew nnɔnhwerew pii fi akuraa biako ase kɔ foforo ase. Bio nso, esiane sɛ na wɔntaa mfa nhoma mmana nti, na ɛsɛ sɛ mesoa nhoma a emu yɛ duru pii. Esiane sɛ na minni baabi a mɛda nti, na mekɔtra ɔdan bi a wɔnoa kɔfe tɔn wom wɔ akura no ase, twɛn kosi sɛ tii wura no bɛpɔn afi hɔ—mpɛn pii no bɛyɛ ɔdasum—na mada bommo a ɛsɛw fam hɔ no so, na eduru anɔpa a, mesɔre ntɛm paa ansa na owura no afi adwuma ase atɔn ne tii. Na sommɔre pii wɔ saa bommo a ɛsɛw fam hɔ no so.

Ɛwom mpo sɛ na nkurɔfo nnye asɛm no so yiye de, nanso na m’ani gye sɛ mede me mmerantebere mu ahoɔden resom Yehowa. Sɛ minya obi a ɔkyerɛ anigye wɔ Bible mu nokware no ho a, na ɛhyɛ me bo a masi no mu den sɛ mɛkɔ so ayɛ ɔsom adwuma a ɛma nkwa no. Na me honhom fam anuanom fekubɔ nso ma minya akomatɔyam. Na metaa ne wɔn kohyia wɔ nnafua 20 kosi nnafua 50 biara akyi, a na egyina baabi a mereka asɛmpa no ne Iráklion ntam kwan tenten so.

Meda so kae sɛnea meyɛɛ ankonam awia bi, titiriw bere a na me nuanom Kristofo a wɔwɔ Iráklion no rebɛyɛ wɔn asafo nhyiam a wɔyɛ daa no saa anwummere no. Ɔpɛ a na mewɔ sɛ mehu wɔn no mu yɛɛ den ara ma misii gyinae sɛ metwa kilomita 25 a na ɛda me ne wɔn ntam no akɔ hɔ. Na mennantew ahoɔhare so saa pɛn. Hwɛ sɛnea ɛyɛ akomatɔyam sɛ me ne me nuanom nyaa ayɔnkofa a anigye wom saa anwummere no, na ɛsan maa me honhom mu abura no yɛɛ mã sɛnea mɛka no no!

Ankyɛ koraa na mmɔden a mede yɛɛ asɛnka adwuma no fii ase sɛ ɛresow aba. Sɛnea na ɛte wɔ Asomafo no nna no mu no, ‘Yehowa de wɔn a wogye wɔn nkwa kaa yɛn ho.’ (Asomafo no Nnwuma 2:47) Yehowa asomfo a wɔwɔ Kreta no dodow fii ase kɔɔ soro. Bere a afoforo bɛkaa me ho wɔ ɔsom adwuma no mu no, mante nka sɛ meyɛ ankonam bio. Yegyinaa nsɛnnennen ne ɔtaa a emu yɛ den ano. Na aduan a yɛtaa di ne paanoo a nkesua, ngodua aba, anaa nnuadewa ka ho a na yɛde nhoma sesa fi wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no hɔ.

Wɔ kurow Ierápetra a ɛwɔ Kreta anaafo fam apuei no, midii Minos Kokkinakis a ɔtɔn ntama no adanse. Ɛmfa ho mmɔden a mebɔe bere nyinaa sɛ me ne no befi Bible adesua ase no, na adagyew a onni no mma onya bere koraa. Nanso, bere a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma n’ani abere nea ɔresua no ho no, ɔyɛɛ nsakrae ntɛmntɛm wɔ n’asetra mu. Ɔno nso bɛyɛɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi na ɔyɛ hyew. Emmanuel Paterakis, a na wadi mfe 18, a ɔyɛ adwuma wɔ Kokkinakis adwumam hɔ no ho dwiriw no sɛ ohuu saa nsakrae ahorow no, na ankyɛ na obisae sɛ memmrɛ no Bible ho nhoma. Hwɛ anigye ara a minyae bere a mihui sɛ Emmanuel Paterakis renya honhom fam nkɔso ntɛmntɛm na awiei koraa no ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo no!a

Ne nyinaa mu no, asafo a ɛwɔ me kurom no kɔɔ so nyaa nkɔanim, na mprempren wɔwɔ adawurubɔfo 14. Me werɛ remfi da a me nsa kaa krataa fii me honam fam nuabea Despina hɔ, a na ɛreka sɛ ɔno ne m’awofo nyinaa abegye nokware no na wɔabɔ wɔn asu mprempren sɛ Yehowa asomfo no da!

Migyinaa Ɔtaa ne Asutwa Ano

Greece Ortodɔks Asɔre no buu yɛn asɛnka adwuma no sɛ ɔhaw a mmoadabi a wɔsɛe ade de ba, ma wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtɔre yɛn ase koraa. Wɔ March 1938 mu no, wɔde me kɔɔ aban mmaranimfo anim, na ɔhyɛɛ sɛ mimfi kurom hɔ ntɛm ara. Mibuae sɛ yɛn asɛnka adwuma no so wɔ mfaso ankasa na obi a ɔwɔ tumi, yɛn Hene Yesu Kristo na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ.—Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.

Ade kyee no, wɔfrɛɛ me kɔɔ polisifo adwumam. Ɛhɔ no, wɔka kyerɛɛ me sɛ woabu me fɔ sɛ obi a ne ho yɛ hu wɔ ɔman no mu, na wotwaa me asu afe biako de me kɔɔ Aegean supɔw a ɛwɔ Amorgos no so. Wɔ nna kakraa bi akyi no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu me nsa traa hyɛn mu kɔɔ saa supɔw no so. Na Yehowa Adansefo biara nni Amorgos ka me ho. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me, bere a asram nsia akyi no, metee sɛ wɔatwa Ɔdansefo foforo asu aba saa supɔw no so no! Na ɛbɛyɛ hena? Minos Kokkinakis, me Bible suani a na ɔwɔ Kreta no. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ me nsa aka honhom fam yɔnko! Wɔ bere bi akyi no, minyaa hokwan bɔɔ no asu wɔ Amorgos nsu no mu.b

Mekɔɔ Kreta akyi bere tiaa bi no, wɔsan kyeree me, na saa bere yi, wotwaa me asu asram nsia kɔɔ kurow ketewaa bi a ɛwɔ Neapolis wɔ saa supɔw no so. Bere a mfe nsia asutwa no baa awiei no, wɔde me too afiase nnafua du, na afei wɔde me kɔɔ supɔw bi a wɔde nnipa a wɔatwa wɔn asu sɛ Komunisfo kɔ no so. Mihuu sɛnea ɔsomafo Paulo nsɛm yi yɛ nokware no: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.”—2 Timoteo 3:12.

Yenyaa Nkɔso, Ɛmfa Ho Ɔtaa

Bere a Germanfo ko faa Greece wɔ 1940 kosi 1944 mfe no mu no, anka yɛn asɛnka adwuma no reba awiei ara ne sa. Nanso, ntɛm ara na yɛboaboaa Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Greece no ano, na yefii asɛnka adwuma no ase foforo. Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ adwuma de ahyɛ mmere a yɛahwere ananmu no, yɛde nsi ne namyɛ yeree yɛn ho yɛɛ Ahenni adwuma no.

Sɛnea na yɛhwɛ kwan no, ɔsɔretia a efi nyamesom mu no san sɔree bio. Mpɛn pii no, na Greece Ortodɔks asɔfo no bu wɔn ani gu mmara so yɛ nea wɔpɛ. Wɔ nkuraa no biako ase no, asɔfo hyɛɛ basabasayɛfo nkuran ma wɔsɔre tiaa yɛn. Ɔsɔfo no ankasa ne ne ba dii me mpammorɔ. Miguan kɔɔ fie bi a ɛbɛn hɔ mu kɔtɛwee, na wɔtwee m’asɛnka mu ɔhokafo no ase kɔɔ baabi a wɔbɔ gua wɔ akuraa no ase. Ɛhɔ no, basabasayɛfo no tetee ne nhoma mu, na ɔbea bi a ogyina ne dan akyi abrannaa so teɛteɛɛm sɛ, “Munkum no!” Awiei koraa no, oduruyɛfo bi ne polisini bi a ɔretwam begyee yɛn.

Akyiri yi, wɔ 1952 mu no, wɔsan kyeree me na wotwaa me asu asram anan, de me kɔɔ Kastelli Kissamos a ɛwɔ Kreta. Ɛno akyi pɛɛ no, wɔde ntetee maa me sɛ menkɔsrasra asafo ahorow nhyehyɛ wɔn den wɔ honhom mu. Bere a meyɛɛ saa akwantu adwuma titiriw yi mfe abien no, mewaree Kristoni bea nokwafo bi a ɔne me nuabea Despina kura din biako, na ɔde bere tenten asom sɛ Yehowa nokware somfo. Wɔ ayeforohyia no akyi no, wɔde me kɔɔ Hania, kurow bi a ɛwɔ Kreta sɛ ɔkwampaefo titiriw, baabi a meda so resom.

Bɛyɛ mfe 70 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma no mu no, mayɛ adwuma wɔ Kreta mmeae ahorow pii—wɔ supɔw a ne kɛse bɛyɛ kilomita ahinanan 8,300 na ne tenten yɛ kilomita 250 no so. Nea ama manya anigye kɛse koraa ne Adansefo kakraa bi a na wɔwɔ supɔw yi so wɔ 1930 mfe no mu a mihu sɛ wɔn dodow akodu 1,100, a wɔde nsi rebɔ Onyankopɔn Ahenni ho dawuru nnɛ no. Meda Yehowa ase sɛ wama manya hokwan de aboa eyinom mu pii ma wɔabenya Bible mu nokware nimdeɛ ne daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye.

Yehowa, ‘Yɛ Ogyefo’

Masua ahu sɛ boasetɔ ho hia na woatumi aboa obi ma wabehu nokware Nyankopɔn no. Yehowa fi ayamye mu de saa su a ɛho hia kɛse yi ma. Wɔ mfe 67 a mede asom sɛ bere nyinaa somfo no mu no, makɔ so adwennwen ɔsomafo Paulo nsɛm yi ho: “Ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu; ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, ɔbrɛ nnwuma mu, pɛsi mu, mmuada mu.” (2 Korintofo 6:4, 5) Wɔ me som no mu mfe a edi kan titiriw no, na me sikasɛm nye koraa. Nanso, Yehowa anyaw me ne m’abusua no da. Wada no adi sɛ ɔyɛ Ɔboafo a ɔwɔ hɔ daa na ɔwɔ tumi. (Hebrifo 13:5, 6) Yehuu ne dɔ a ɔda no adi no mpɛn pii, wɔ ne nguan anoboaboa ne yɛn ahiade a ɔde ma yɛn no mu.

Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi na mihu sɛ wɔ honhom fam no, sare no ayɛ frɔmm a, minya awerɛhyem sɛ m’adwuma no anyɛ kwa. Mede me mmerantebere mu ahoɔden yɛɛ adwuma wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so. Bere nyinaa som adwuma a mede me ho hyɛɛ mu no ayɛ nea atirimpɔw wom sen dwumadi foforo biara. Seesei a me mfe akɔ anim no, metumi afi me koma nyinaa mu ahyɛ mmofra nkumaa nkuran ma wɔakae ‘wɔn bɔfo wɔ wɔn mmerantebere mu.’—Ɔsɛnkafo 12:1.

Ɛmfa ho sɛ madi mfe 91 no, mitumi de nnɔnhwerew 120 yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ɔsram biara. Da biara, mesɔre anɔpa 7:30 di nkurɔfo adanse wɔ mmɔnten so, nnwumayɛdan mu, anaa agoprama ahorow so. Sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, mede nsɛmma nhoma 150 ma ɔsram biara. Mprempren, m’aso mu a ayɛ den ne awerɛfi a meyare no ama asetra ayɛ den ama me, nanso honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔdɔ me—me honhom fam abusua kɛse no—ne me mmabea baanu no mmusua no, boa me ankasa.

Nea ɛsen ne nyinaa no, masua sɛnea menya Yehowa mu ahotoso. Wayɛ “me botan ne m’abankɛse ne me gyefo” daa nyinaa.—Dwom 18:2.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛdefa sɛnea Minos Kokkinakis dii nkonim wɔ asɛnni mu ho no, hwɛ Ɔwɛn-Aban, September 1, 1993, nkratafa 27-31. Minos Kokkinakis wui wɔ January 1999 mu.

b Sɛ wopɛ Emmanuel Paterakis asetra ho nsɛm a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, November 1, 1996, nkratafa 22-27.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26, 27]

Ase hɔ: Me ne me yere; benkum so: wɔ 1927 mu; kratafa a ɛhwɛ anim no: me ne Minos Kokkinakis (benkum so) ne ɔdansefo foforo wɔ Acropolis, 1939 mu, bere a yefii nnommumfa mu no akyi bere tiaa bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena