Ɔdɔ Kwan a Ɛkyɛn so a Yebesua
Kosovo, Lebanon, ne Ireland. Eyinom yɛ din a ɛtaa pue wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nnansa yi. Ɛma nkurɔfo susuw mogyahwiegu, atopae a wɔtotow, ne nnipakum ho. Nanso, akodi a nyamesom, mmusua, anaa ntawntawdi foforo de ba no nyɛ ade foforo. Nokwarem no, ayɛ mã wɔ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ mu, na ɛde amanehunu a enni kabea aba adesamma so.
ESIANE sɛ nnipa pii ahu sɛ wɔadi ako wɔ abakɔsɛm nyinaa mu nti, wɔka sɛ yentumi nkwati akodi ankasa, na ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa bɛtan wɔn ho wɔn ho. Nanso, nsusuwii a ɛte saa ne Onyankopɔn Asɛm Bible nkyerɛkyerɛ nhyia koraa. Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ: “Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ɛda adi pefee sɛ Ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ nnipa dodɔ wɔn ho wɔn ho.
Bible da no adi nso sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so. (Genesis 1:26, 27) Eyi kyerɛ sɛ wɔama adesamma tumi a wobetumi de ada Onyankopɔn su ahorow, a emu titiriw ne ɔdɔ no, adi. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na nnipa ntumi nnaa ɔdɔ adi nkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho koraa saa wɔ abakɔsɛm nyinaa mu? Bible ma yehu ɛno nso. Efi atua a nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, tew tiaa Onyankopɔn na wɔyɛɛ bɔne no. Ne saa nti, wɔde bɔne ne sintɔ woo wɔn asefo nyinaa. Romafo 3:23 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” Bɔne ne sintɔ a yenya fii awo mu no asɛe tumi a Onyankopɔn de ama yɛn a yɛde da ɔdɔ adi no. So eyi kyerɛ sɛ nnipa ntumi nna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn ho wɔn ho bio? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ yɛne yɛn yɔnko nnipa benya abusuabɔ a asomdwoe ne ɔdɔ wom da bi?
Ɛsɛ sɛ Yesua Sɛ Yɛbɛdɔ Onyankopɔn
Yehowa Nyankopɔn nim sɛ sɛnea ɛte biara no, adesamma betumi ada ɔdɔ adi. Ɛno nti na ɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani nyinaa da ɔdɔ adi sɛnea wobetumi biara no. Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, daa saa ahwehwɛde yi adi pefee bere a wobisaa no sɛ ɔnkyerɛ Mmara a wɔde maa Israel no mu kɛse no. Ɔkae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa sɛn.”—Mateo 22:37-40.
Nanso, nnipa pii te nka sɛ ɛyɛ den yiye sɛ wɔbɛdɔ obi a wontumi nhu no, na yɛn a yɛyɛ nnipa no ntumi nhu Yehowa Nyankopɔn efisɛ ɔyɛ Honhom. (Yohane 4:24) Nanso, nneɛma a Onyankopɔn yɛ no ka yɛn da biara, efisɛ nneɛma pa pii a ɔyɛe a yenya so mfaso no na ama yɛn nyinaa te ase. Ɔsomafo Paulo daa nokwasɛm yi adi bere a ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn annyae ne ho adansedi, na ɔyɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.’—Asomafo no Nnwuma 14:17.
Ɛwom sɛ obiara nya Ɔbɔadeɛ no nsiesiei so mfaso wɔ ɔkwan bi so de, nanso sɛ yɛde toto ho a, nnipa kakraa bi pɛ na wɔkyerɛ ho anisɔ anaasɛ ɛka wɔn ma wɔda no ase. Enti, ɛsɛ sɛ yebu nneɛma pa a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no nyinaa ho akontaa, na yesusuw ne su pa ahorow a ɛda adi wɔ nneɛma a ɔyɛ nyinaa ho no ho. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛahu yɛn Bɔfo Kɛse no nyansa ne ne tumi a ɛyɛ nwonwa no. (Yesaia 45:18) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ, ma enti ɛnyɛ nkwa nko na ɔde maa yɛn na mmom ɔmaa ɛyɛɛ yiye nso sɛ yebenya anigye pii wɔ asetra mu no.
Sɛ nhwɛso no, susuw nhwiren a ɛyɛ fɛ a enni ano a Onyankopɔn bɔe wɔ asase so no ho hwɛ. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ ɔmaa yetumi hu ade na yenya anigye kɛse fi saa nneɛma a ɛyɛ fɛ yi mu nso! Saa ara na Onyankopɔn maa yɛn nnuan pii a ahoɔden wom a ɛwowaw yɛn. Hwɛ sɛnea osusuw nneɛma ho kɔ akyiri sɛ ɔbɔɔ yɛn ma yetumi te ade dɛ nso, na ama yɛatumi anya anigye a ɛte sɛɛ wɔ adidi mu! So eyinom nyɛ adanse a emu yɛ den sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn ankasa, na yɛn yiyedi ho hia no?—Dwom 145:16, 17; Yesaia 42:5, 8.
“Abɔde mu nneɛma” a Ɔbɔadeɛ no nam so da ne ho adi kyerɛ yɛn akyi no, ɔnam N’asɛm Bible so kyerɛ yɛn Onyankopɔn ko a ɔyɛ. Eyi te saa efisɛ wɔakyerɛw nneɛma pa pii a Yehowa Nyankopɔn yɛe tete mmere mu ne nhyira ahorow a ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde bɛbrɛ adesamma nnansa yi ara no wɔ Bible mu. (Genesis 22:17, 18; Exodus 3:17; Dwom 72:6-16; Adiyisɛm 21:4, 5) Nea ɛsen ne nyinaa no, Bible kyerɛ yɛn Onyankopɔn dɔ a ɛsen biara a wada no adi akyerɛ adesamma—sɛ́ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae sɛ ɔmmɛyɛ yɛn Gyefo, sɛnea yebetumi ade yɛn ho afi bɔne ne owu mu. (Romafo 5:8) Nokwarem no, dodow a yesua yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no ho ade no, dodow no ara na ɛka yɛn ma yefi yɛn komam dɔ no.
Sɛnea Yesua sɛ Yɛbɛdɔ Yɛn Yɔnko Nnipa
Sɛnea Yesu kae no, nea ɛka yɛn koma, yɛn kra, ne yɛn adwene nyinaa a yɛde bɛdɔ Onyankopɔn ho no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. Nokwarem no, Onyankopɔn dɔ hyɛ yɛn sɛ yɛnnɔ yɛn yɔnko nnipa. Ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Adɔfo, sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.” Ɔkɔɔ so sii so dua sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.”—1 Yohane 4:11, 20, 21.
Ɛnnɛ yɛte wiase bi a nnipa dodow no ara da pɛsɛmenkominya su adi mu, na wɔyɛ “ahopɛfo,” sɛnea Bible ka siei no ara pɛ. (2 Timoteo 3:2) Enti, sɛ yɛpɛ sɛ yesua ɔdɔ kwan a ɛkyɛn so no a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen sakra yɛn adwene na yesuasua yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no mmom sen sɛ yebedi nnipa pɛsɛmenkominya akwan akyi. (Romafo 12:2; Efesofo 5:1) Onyankopɔn ‘ye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne’ mpo, na “ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” Esiane sɛ yɛn soro Agya yɛ nhwɛso kɛse a ɛte sɛɛ ma yɛn nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden ma yɛn yam ye na yɛboa obiara. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ada yɛn ho adi sɛ ‘yɛyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no mma.’—Luka 6:35; Mateo 5:45.
Ɛtɔ mmere bi a nneyɛe a ɔdɔ wom a ɛte saa boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ nokware Nyankopɔn asomfo. Mfe bi a atwam no, ɔbaa warefo bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako yɛe sɛ ɔbɛka Bible mu asɛm akyerɛ ne fipamfo bi, nanso wantie koraa. Nanso, nea ɔyɛe no ammu n’abam. Mmom no, ɔkɔɔ so daa ayamye adi, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ne fipamfo no. Bere bi, ɔboaa ofipamfo no ma otu kɔɔ ofie foforo mu. Bere foforo no, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa obi kogyaa ofipamfo no wimhyɛn gyinabea ma okohyiaa n’abusuafo. Akyiri yi, ofipamfo no penee Bible adesua so, na awiei koraa no, ɔbɛyɛɛ Kristoni a ɔyɛ nsi ɛmfa ho ɔtaa a emu yɛ den a ne kunu de baa ne so no. Yiw, saa ɔdɔ a oyii no adi no na ɛtoo fapem maa nhyira a ɛtra hɔ daa no.
Sɛ yɛbɛka no yiye a, yebegye atom sɛ ɛnyɛ su pa pii a yɛwɔ nti na Onyankopɔn dɔ yɛn. Mmom no, ɔdɔ yɛn, ɛwom sɛ yɛwɔ mfomso ne sintɔ bebree de. Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua sɛ yɛbɛdɔ yɛn mfɛfo nnipa, ɛmfa ho sɛ wɔyɛ mfomso pii no. Sɛ yesua sɛ yebehu afoforo su pa ahorow na yɛakyerɛ ho anisɔ mmom sen sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn ho mfomso ahorow a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ wɔn. Sɛnea yɛte nka wɔ wɔn ho no betumi akɔ akyiri mpo asen ɔdɔ a egyina nnyinasosɛm so, na ayɛ ɔdɔ a emu yɛ hyew ne anika a ɛwɔ nnamfo paa ntam no bi.
Wo Dɔ a Wobɛma Emu Ayɛ Den
Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn dɔ ne yɛn adamfofa so ma emu yɛ den, na su horow a ehia a ɛma eyi yɛ yiye no bi ne nokwaredi. Ebinom bɔ mmɔden kata wɔn sintɔ ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn fa nnamfo no ani begye wɔn ho. Nanso, adeyɛ a ɛte saa ntaa nyɛ yiye, efisɛ awiei koraa no, afoforo hu nokwasɛm no, na nkontompo a ɛte saa ma afoforo twe wɔn ho fi wɔn ho. Enti, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛma afoforo ahu sɛnea yɛte ankasa—ɛwom mpo sɛ yɛwɔ sintɔ ahorow bi a yɛrebɔ mmɔden adi so de. Eyi betumi aboa yɛn ma wɔabɛyɛ yɛn nnamfo.
Sɛ nhwɛso no, Ɔdansefo bea bi a ne mfe akɔ anim a ɔwɔ asafo bi mu wɔ Mediterranea Supɔw no Apuei Fam Akyirikyiri nnim nhoma ahe biara. Nanso, ɔmfa saa nokwasɛm no nsie afoforo. Sɛ nhwɛso no, ogye tom pefee sɛ ontumi nkyerɛkyerɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow ne abakɔsɛm mu sɛ Amanaman Mmere no baa awiei wɔ afe 1914 mu.a Nanso, ɔyɛ nhwɛso pa wɔ nsi a ɔde yɛ asɛnka adwuma no ne ɔdɔ ne ayamye a oyi no adi kyerɛ anuanom no mu, ma enti wofi ɔdɔ mu frɛ no asafo no mu aboɔdenne.
Wɔ aman bi mu no, nkurɔfo ani nnye nneɛma a wɔyɛ wɔ baguam de kyerɛ ɔdɔ no ho; wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔne nkurɔfo nni no wɔ obu mu. Bere a eye sɛ yɛda nidi ne tema adi bere nyinaa no, ɛnsɛ sɛ yɛma obu a yɛwɔ no ka yɛn nkate a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo no hyɛ anaasɛ yɛde sie. Yehowa amfɛre sɛ ɔbɛda ɔdɔ a ɔwɔ ma ne nkurɔfo a wapaw wɔn, tete Israel, adi bere a ɔkae sɛ: “Daa ɔdɔ na mede madɔ wo” no. (Yeremia 31:3) Saa ara na ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2:8) Enti bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nokware dɔ ama mfɛfo nnipa no, ɛho hia nso sɛ yɛbɛma ɛne Bible nkyerɛkyerɛ ahyia, na yɛada nkate a ɛte saa adi wɔ ɔkwan a ɛfata so sen sɛ yɛbɛka ahyɛ.
Ɛhwehwɛ sɛ Yɛkɔ so Bɔ Ho Mmɔden
Sua a yebesua sɛ yebenya ɔdɔ na yɛada no adi akyerɛ afoforo no yɛ adeyɛ a ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa. Saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ankasa efisɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di yɛn ankasa sintɔ ahorow so, na yɛko tia saa wiase a ɔdɔ nnim yi nkɛntɛnso a emu yɛ den no. Nanso, akatua pa a eyi de ba no ma mmɔden a yɛbɔ no yɛ nea ɛfata ankasa.—Mateo 24:12.
Wɔ wiase a nneɛma nkɔ yiye yi mu mpo no, yebetumi ne yɛn mfɛfo nnipa anya abusuabɔ a etu mpɔn, na yɛn ankasa ne afoforo anya anigye, asomdwoe, ne abotɔyam pii. Sɛ yɛbɔ mmɔden saa a, yebetumi ada no adi sɛ yɛfata sɛ yenya anidaso a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ yɛbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu daa no. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ yesua ɔdɔ kwan a ɛkyɛn so no a, yebetumi anya yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no anim dom ne ne nhyira mprempren akosi daa!
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, nkratafa 132-5.
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Yɛnam ayamye so betumi ada Kristofo dɔ adi
[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 8]
UN PHOTO 186226/M. Grafman