Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 11/1 kr. 9-14
  • W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Kodu He?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Kodu He?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mompɛ” Onyankopɔn Asɛm No
  • Odwontofo Bi a N’ani Gyee Onyankopɔn Mmara Ho
  • Ɔhene Bi a Otumi Daa Ne Ho Adi sɛ Ɔyɛ Soronko
  • Onyankopɔn Asɛm Wowaw Yesu
  • Nnipa Foforo a Wosuasuaa Kristo
  • Fa Wo Ho To Yehowa Asɛm So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ma Onyankopɔn Asɛm Nyɛ Wo Kwan So Hann
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Anigye A Basabasayɛ Wiase A Ɔdɔ Nni Mu Mfa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • “Ɔbataa Yehowa Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 11/1 kr. 9-14

W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Kodu He?

“Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—DWOM 119:97.

1. Dɛn ne ɔkwan biako a nnipa a wosuro Onyankopɔn fa so da anigye a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm ho no adi?

MMARIMA ne mmea ɔpepehaha pii wɔ Bible no bi. Nanso ɛsono Bible a obi wɔ na ɛsono Onyankopɔn Asɛm ho anigye a ɔwɔ. Sɛ obi ntaa nkenkan Onyankopɔn Asɛm a, so obetumi aka ma afata sɛ n’ani gye ho? Dabida! Ɔkwan foforo so no, ebinom a bere bi na wommu Bible ahe biara no kenkan no da biara da mprempren. Wɔasua sɛnea wobenya Onyankopɔn Asɛm ho anigye, na te sɛ odwontofo no, mprempren wɔma Onyankopɔn Asɛm ho hia wɔn “daa adesae.”—Dwom 119:97.

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Dansefo bi kuraa ne gyidi mu wɔ tebea horow a na emu yɛ den mu?

2 Obi a obenyaa Onyankopɔn Asɛm ho anigye ne Nasho Dori. Ɔne ne mfɛfo gyidifo gyinaa wɔn mudi mu wɔ Yehowa som mu mfirihyia pii wɔ ne man Albania mu. Saa mmere no fã kɛse ara no, na wɔabara Yehowa Adansefo, na na Bible ho nhoma kakraa bi pɛ na saa Kristofo anokwafo yi nsa ka. Nanso, Onua Dori gyidi kɔɔ so yɛɛ den. Ɔkwan bɛn so? Ɔkae sɛ: “Na me botae ne sɛ anyɛ yiye koraa no mede dɔnhwerew biako bɛkenkan Bible da biara, na mede bɛyɛ mfirihyia 60 yɛɛ saa kosii sɛ m’ani sɛee.” Nnansa yi ara na wɔrenya Bible mũ no nyinaa wɔ Albania kasa mu, nanso, na Onua Dori asua Hela kasa wɔ ne mmofraase, ma enti ɔkenkan Bible no wɔ saa kasa no mu. Bible a Onua Dori kenkan no daa no na ɛwowaw no wɔ sɔhwɛ ahorow mu, na ebetumi awowaw yɛn nso.

“Mompɛ” Onyankopɔn Asɛm No

3. Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya wɔ Onyankopɔn Asɛm ho?

3 Petro kyerɛwee sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.” (1 Petro 2:2) Sɛnea akokoaa pɛ ne maame nufusu kɛse no, saa ara na Kristofo a wɔn honhom fam ahiade ho hia wɔn no ani gye Onyankopɔn Asɛm no akenkan ho. So saa na wote nka? Sɛ ɛnte saa a, mpa abaw. Wo nso wubetumi anya Onyankopɔn Asɛm ho anigye.

4. Egye dɛn na ama obi atumi akenkan Bible daa?

4 Nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ saa no, di kan di wo ho so, na fa yɛ wo botae sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a wobɛkenkan Bible no da biara da. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Ebia wuntumi mfa dɔnhwerew biako nkenkan Bible da biara sɛnea Nasho Dori yɛe no, nanso, ɛda adi ankasa sɛ wubetumi de bere bi asi hɔ da biara de asusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Kristofo pii sɔre ntɛm kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobesusuw Bible no fã bi ho. Ɔkwan bɛn na eye sen sɛ yebetumi afi ɛda biara ase wɔ saa kwan yi so? Afoforo ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Bible no ansa na wɔakɔda. Afoforo nso kenkan Bible no bere foforo a eye ma wɔn. Ade a ɛho hia ne sɛ wobɛkenkan Bible no daa. Afei, gye bere kakra fa susuw nea woakenkan no ho. Momma yensusuw nnipa bi a wonyaa mfaso denam Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkan susuw ho no nhwɛso bi ho.

Odwontofo Bi a N’ani Gyee Onyankopɔn Mmara Ho

5, 6. Ɛwom sɛ ebia yennim Dwom 119 kyerɛwfo no din de, nanso dɛn na yɛnam nea ɔkyerɛwee no a yɛbɛkenkan asusuw ho no so betumi ahu afa ne ho?

5 Akyinnye biara nni ho sɛ na Dwom 119 kyerɛwfo no wɔ Onyankopɔn Asɛm ho anisɔ kɛse. Hena na ɔkyerɛw saa dwom no? Bible no nkyerɛ nea ɔkyerɛwee. Nanso, sɛ yɛhwɛ sɛnea nsɛm no kɔ no a, yehu biribi fa ne ho, na yenim sɛ ɔyɛ obi a ohyiaa ɔhaw ahorow wɔ n’asetra mu. N’ayɔnkofo binom a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo no ankyerɛ Bible mu nsɛm ho anigye te sɛ ɔno. Nanso, odwontofo no amma wɔn nneyɛe no ansiw adetrenee a na ɔbɛyɛ no kwan. (Dwom 119:23) Sɛ wo ne obi a ommu Bible mmara na ɛte anaasɛ wo ne no yɛ adwuma a, wubetumi ahu sɛ nsɛdi bi wɔ odwontofo no tebea no ne wo de no mu.

6 Ɛwom sɛ na odwontofo no yɛ onipa pa de, nanso na ɔnyɛ ne ho ɔtreneeni. Ogyee n’ankasa mfomso ahorow toom nokware mu. (Dwom 119:5, 6, 67) Nanso, wamma bɔne anni ne so. Obisae sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho?” Obuae sɛ: “Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.” (Dwom 119:9) Afei, bere a odwontofo no resi so dua sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ nkɛntɛnso pa no, ɔde kaa ho sɛ: “Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.” (Dwom 119:11) Biribi a ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati bɔne a yɛbɛyɛ atia Onyankopɔn no wɔ tumi a ano yɛ den yiye ampa!

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra titiriw ma Bible a wɔbɛkenkan no daa ho hia wɔn?

7 Ɛyɛ papa sɛ Kristofo mmofra besusuw odwontofo no nsɛm no ho. Kristofo mmofra wɔ ntua ase nnɛ. Ɔbonsam ani begye ho kɛse sɛ ɔbɛsɛe Yehowa asomfo nkumaa no. Satan botae ne sɛ ɔbɛdaadaa Kristofo mmofra ma wɔagyae wɔn ho mu ama honam akɔnnɔ na wɔabu Onyankopɔn mmara so. Wɔtaa yɛ sini ne television so dwumadi ahorow ma ɛda Ɔbonsam nsusuwii adi. Ɛte sɛ nea nkurɔfo ani gye wɔn a wɔagye din wɔ nnwuma a ɛtete saa mu no ho; woyi brasɛe kyerɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho. Dɛn na ɛkyerɛ? ‘Asɛm biara nni ho sɛ nnipa baanu a wɔnwaree ne wɔn ho bɛda bere tenten a wɔdɔ wɔn ho ankasa no.’ Awerɛhosɛm ne sɛ, afe biara, nsusuwii a ɛte saa nya Kristofo mmofra dodow bi so nkɛntɛnso. Ebinom gyae wɔn gyidi mu. Enti nhyɛso no wɔ hɔ! Nanso, so nhyɛso no mu yɛ den araa ma enti, mo a moyɛ mmofra no, morentumi nnyina ano anaa? Ɛnte saa! Yehowa asiesie ɔkwan bi a Kristofo mmofra betumi afa so adi akɔnnɔ bɔne so. Wobetumi ako atia akode biara a Ɔbonsam betumi de aba wɔn so no denam ‘wɔn ho so a wɔbɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm se, na wɔde Onyankopɔn nsɛm asie wɔn komam’ so. Bere tenten bɛn na wode kenkan Bible susuw ho daa?

8. Ɔkwan bɛn so na nhwɛso ahorow a wɔde ama wɔ saa nkyekyem yi mu no betumi aboa wo ma woanya Mose Mmara no ho anisɔ kɛse?

8 Dwom 119 kyerɛwfo no teɛɛm sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara!” (Dwom 119:97) Mmara bɛn na na ɔreka ho asɛm no? Ɛyɛ Yehowa asɛm a wada no adi, a Mose Mmara apam no ka ho no. Sɛ ebinom hu saa Mmara apam yi nea edi kan a, wobetumi aka sɛ ɛyɛ nea ne bere apa ho, na wonhu nea enti a obi ani betumi agye ho. Nanso, sɛ yesusuw Mose Mmara no afã horow ho sɛnea odwontofo no yɛe no a, yebetumi ahu nyansa a ɛwɔ Mmara no mu. Sɛ Mmara no mu nkɔmhyɛ nsɛm pii no da nkyɛn a, emu ahotew ne aduandi ho ahwehwɛde no maa wonyaa ahotew ne akwahosan pa. (Leviticus 7:23, 24, 26; 11:2-8) Mmara no hyɛɛ adwuma mu nokwaredi ho nkuran, na etuu Israelfo no fo sɛ wɔnyɛ timmɔbɔ mma mfɛfo asomfo a ahia wɔn no. (Exodus 22:26, 27; 23:6; Leviticus 19:35, 36; Deuteronomium 24:17-21) Na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nnipa anim wɔ atemmu mu. (Deuteronomium 16:19; 19:15) Bere a Dwom 119 kyerɛwfo no nyaa asetram osuahu no, akyinnye biara nni ho sɛ ohuu sɛnea nneɛma kɔɔ so yiye maa wɔn a wɔde Onyankopɔn Mmara yɛɛ adwuma no, na ɛho anigye a na ɔwɔ no mu yɛɛ den kɛse. Saa ara na sɛ Kristofo tumi de Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma yiye nnɛ a, Onyankopɔn Asɛm no ho anigye ne anisɔ a wɔwɔ no mu yɛ den.

Ɔhene Bi a Otumi Daa Ne Ho Adi sɛ Ɔyɛ Soronko

9. Su bɛn na Ɔhene Hesekia nyae wɔ Onyankopɔn Asɛm ho?

9 Dwom 119 mu nsɛm ne Hesekia ho nsɛm a yenim bere a na ɔda so ara yɛ abofra no hyia. Bible ho abenfo bi ka sɛ Hesekia ne dwom no kyerɛwfo. Bere a yentumi nsi eyi so dua no, yenim sɛ na Hesekia wɔ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm. Ɔde n’asetra daa no adi sɛ na ofi komam gye nsɛm a ɛwɔ Dwom 119:97 no tom. Bible ka Hesekia ho asɛm sɛ: “Ɔbataa [Yehowa, NW] ho, wansan amfi n’akyi, na odii mmara nsɛm a [Yehowa, NW] hyɛɛ Mose no so.”—2 Ahene 18:6.

10. Nkuranhyɛ bɛn na Hesekia nhwɛso no yɛ ma Kristofo a wɔannya awofo a wosuro Onyankopɔn antete wɔn no?

10 Sɛnea kyerɛwtohɔ nyinaa kyerɛ no, wɔantete Hesekia wɔ abusua a na wosuro Nyankopɔn mu. Na n’agya, Ɔhene Ahas, yɛ ɔbosonsonni a onni gyidi a anyɛ yiye koraa no, ɔma wɔhyew ne ba biako—Hesekia ankasa nua—anikan de no bɔɔ afɔre maa atoro nyame! (2 Ahene 16:3) Ɛmfa ho nhwɛso bɔne yi no, Hesekia nam Onyankopɔn Asɛm a osuae so tumi ‘tew ne kwan ho’ fii abosonsomfo nkɛntɛnso ahorow ho.—2 Beresosɛm 29:2.

11. Sɛnea Hesekia hui no, ewiee n’agya a wanni nokware no dɛn?

11 Bere a Hesekia nyinii no, ɔno ankasa huu sɛnea n’agya bosonsonni no dii Ɔman no nsɛm ho dwuma. Ná atamfo atwa Yuda ho ahyia. Ná Siria hene Resin a ɔne Israel hene Peka yɛɛ biako kɔtow hyɛɛ Yerusalem so no wɔ hɔ. (2 Ahene 16:5, 6) Ná Edomfo ne Filistifo a wɔtow hyɛɛ Yuda so faa Yudafo nkurow bi mpo no nso wɔ hɔ. (2 Beresosɛm 28:16-19) Ɔkwan bɛn so na Ahas dii nsɛnnennen yi ho dwuma? Sɛ́ anka Ahas bɛkɔ Yehowa anim akɔhwehwɛ mmoa ako atia Siria no, ɔdan kɔɔ Asiria hene nkyɛn, de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, a asɔrefie hɔ tow adaka mu de ka ho, kɔmae sɛ adanmude. Nanso, eyi amfa asomdwoe a ɛtra hɔ daa ammrɛ Yuda.—2 Ahene 16:6, 8.

12. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Hesekia yɛ na amma wanyɛ n’agya mfomso no bi?

12 Awiei koraa no, Ahas wui, na Hesekia bɛyɛɛ ɔhene bere a na wadi mfirihyia 25. (2 Beresosɛm 29:1) Na ɔyɛ abofra koraa, nanso esii no yiye sɛ ɔhene. Sɛ́ anka obesuasua n’agya a wanni nokware no nneyɛe no, ɔbataa Yehowa Mmara ho. Ná ahyɛde titiriw yi a wɔde maa ahemfo no ka Mmara no ho: “Sɛ [ɔhene no] te n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa; na ɛntra ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi.” (Deuteronomium 17:18, 19) Onyankopɔn Asɛm a na Hesekia bɛkenkan daa no bɛma wasua Yehowa suro, na wakwati sɛ ɔbɛyɛ mfomso a n’agya a na onsuro Onyankopɔn yɛe no bi.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ahu sɛ nea ɔyɛ nyinaa bewie no yiye wɔ honhom fam?

13 Ɛnyɛ Israel ahemfo nko na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw Onyankopɔn Asɛm ho daa, na mmom, na ɛsɛ sɛ Israelfo a wosuro Onyankopɔn no nyinaa nso yɛ saa. Dwom a edi kan no ka onipa a ɔwɔ anigye ankasa ho asɛm sɛ ɔne nea “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2) Odwontofo no ka onipa a ɔte saa ho asɛm sɛ: “Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:3) Nanso, Bible ka onipa a onni Yehowa Nyankopɔn mu gyidi ho asɛm sɛ: “Onipa a ne kra yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.” (Yakobo 1:8) Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn ani gye na esi yɛn yiye. Bible akenkan a mfaso wɔ so a yɛbɛyɛ no daa betumi ama yɛn ani agye.

Onyankopɔn Asɛm Wowaw Yesu

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye?

14 Bere bi, Yesu awofo huu no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Hwɛ sɛnea “ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ” saa Onyankopɔn Mmara ho animdefo yi “nwonwa”! (Luka 2:46, 47) Ɛno yɛ bere a na Yesu adi mfirihyia 12 no. Yiw, bere a na osua koraa mpo no, ɛda adi pefee sɛ na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho. Akyiri yi, Yesu de Kyerɛwnsɛm no kaa Ɔbonsam anim sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:3-10) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu kaa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kyerɛɛ ne kuromfo Nasaretfo.—Luka 4:16-21.

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso bere a na ɔreka asɛm akyerɛ afoforo no?

15 Yesu faa Onyankopɔn Asɛm mu nsɛm kae mpɛn pii, de foaa ne nkyerɛkyerɛ so. “Ne kyerɛkyerɛ no maa” n’atiefo no “ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28) Na ɛnyɛ nwonwa—efisɛ na Yesu nkyerɛkyerɛ no fi Yehowa Nyankopɔn ankasa hɔ! Yesu kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.”—Yohane 7:16, 18.

16. Yesu kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye koduu he?

16 Nà Yesu nte sɛ Dwom 119 kyerɛwfo no, enti na “nea ɛnteɛ” nni ne mu. Na bɔne nni Onyankopɔn Ba a “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu” no ho. (Filipifo 2:8; Hebrifo 7:26) Nanso, ɛmfa ho sɛ na Yesu yɛ pɛ no, osuaa Onyankopɔn Mmara yɛɛ osetie maa no. Eyi ne ade titiriw a ɛmaa otumi kuraa ne mudi mu. Bere a Petro twee nkrante pɛe sɛ ɔde bɔ ne Wura ho ban sɛnea ɛbɛyɛ na wɔankyere no no, Yesu kaa ɔsomafo no anim bisaa no sɛ: “Wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho? Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?” (Mateo 26:53, 54) Yiw, na Kyerɛwnsɛm no a ɛbɛbam no ho hia Yesu kɛse sen atirimɔden ne animguase wu a na ɔbɛma apa ne ti so no. Onyankopɔn Asɛm ho anigye a ɛda nsow bɛn ara ni!

Nnipa Foforo a Wosuasuaa Kristo

17. Ná Onyankopɔn Asɛm ho hia ɔsomafo Paulo dɛn?

17 Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Te sɛ ne Wura no, Paulo ani gyee Kyerɛwnsɛm no ho. Ɔkae sɛ: “Me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho kɛse.” (Romafo 7:22, The Jerusalem Bible) Paulo faa Onyankopɔn Asɛm mu nsɛm kae mpɛn pii. (Asomafo no Nnwuma 13:32-41; 17:2, 3; 28:23) Bere a Paulo de n’akwankyerɛ a etwa to rema ne yɔnko somfo a ɔdɔ no, Timoteo no, osii dwuma a ɛho hia sɛ “Onyankopɔn nipa” biara ma Onyankopɔn Asɛm di wɔ ne da biara da asetra mu no so dua.—2 Timoteo 3:15-17.

18. Ma ɛnnɛyi nhwɛso bi a ɛfa obi a ɔkyerɛɛ obu maa Onyankopɔn Asɛm ho.

18 Yehowa asomfo anokwafo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ mpo nso asuasua anigye a na Yesu wɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm ho no. Wɔ afeha yi mfiase no, aberante bi nsa kaa Bible fii n’adamfo hɔ. Ɔkaa nkɛntɛnso a saa akyɛde yi nyae wɔ ne so no ho asɛm sɛ: “Misii gyinae sɛ mɛma ayɛ me su sɛ mɛkenkan Bible no fã bi da biara da wɔ m’asetra mu.” Na saa aberante no ne Frederick Franz, na anigye a onyae wɔ Bible ho no maa ɔde bere tenten yɛɛ Yehowa som adwuma ma esii no yiye. Wɔkae no yiye wɔ sɛnea na otumi fi ne tirim ka Bible ti ahorow nyinaa mu nsɛm no ho.

19. Ɔkwan bɛn so na ebinom yɛ wɔn Teokrase Ɔsom Sukuu dapɛn biara Bible akenkan ho nhyehyɛe?

19 Yehowa Adansefo si Bible akenkan a wɔyɛ no daa so dua kɛse. Dapɛn biara, sɛ wɔresiesie wɔn ho ama Kristofo nhyiam ahorow no biako, Teokrase Ɔsom Sukuu a, wɔkenkan Bible ti ahorow bi. Wosusuw Bible akenkan a wɔde ma wɔn no mu nsɛntitiriw ho wɔ asafo nhyiam ase. Adansefo binom ahu sɛ eye sɛ wɔbɛkyekyɛ dapɛn no mu Bible akenkan no mu afã nketewa ason, na wɔakenkan ɔfã biako da biara. Sɛ wɔrekenkan a, wosusuw asɛm no ho. Sɛ wonya kwan a, wɔyɛ nhwehwɛmu foforo wɔ Bible ho nhoma mu.

20. Dɛn na ehia na ama obi atumi anya bere akenkan Bible daa?

20 Ebia ɛho behia sɛ ‘wotɔ bere’ fi nneɛma foforo a woyɛ mu na ama woanya bere akenkan Bible daa. (Efesofo 5:16) Nanso, ɛso mfaso a wubenya no bɛsen biribiara a wobɛhwere. Sɛ Bible akenkan bɛyɛ wo su a, Onyankopɔn Asɛm ho anigye a wowɔ no bɛyɛ kɛse. Ɛrenkyɛ na aka wo ma wo ne odwontofo no abom aka sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dwom 119:97) Su a ɛte saa bɛma yɛanya mfaso mprempren ne daakye, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛda no adi no.

So Wokae?

◻ Ɔkwan bɛn so na Dwom 119 kyerɛwfo no daa anigye kɛse adi wɔ Onyankopɔn Asɛm ho?

◻ Asuade bɛn na yebetumi anya afi Yesu ne Paulo nhwɛso no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa betumi anya Onyankopɔn Asɛm ho anigye kɛse?

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Na ɛsɛ sɛ ahemfo anokwafo kenkan Onyankopɔn Asɛm daa. So woyɛ saa?

[Kratafa 12 mfonini]

Bere a na Yesu yɛ abarimaa mpo no, na n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena