Onyankopɔn Asɛm Ho Anigye a Yebenya So Mfaso
“Dɔ [nyansa], na ɛbɛbɔ wo ho ban. . . . Sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam.”—MMEBUSƐM 4:6, 8, NW.
1. Onyankopɔn Asɛm ho anigye ankasa a obi bɛkyerɛ no kyerɛ dɛn?
BIBLE akenkan ho hia ma Kristoni. Nanso, kan a obi bɛkenkan kɛkɛ no nkyerɛ ankasa sɛ n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho. Na sɛ obi kenkan Bible na afei ɔyɛ nneɛma a Bible kasa tia nso ɛ? Ɛda adi pefee sɛ n’ani nnye Onyankopɔn Asɛm ho sɛnea Dwom 119 kyerɛwfo no ani gyee ho no. Onyankopɔn Asɛm ho anigye a onyae no na ɛma ɔtraa ase maa ɛne emu ahwehwɛde ahorow hyiae.—Dwom 119:97, 101, 105.
2. Mfaso ahorow bɛn na yenya fi nyansa a egyina Onyankopɔn Asɛm so mu?
2 Obi asetra a ɔbɛma ɛne Onyankopɔn Asɛm ahyia no hwehwɛ sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii ne n’asetra kwan mu bere nyinaa. Asetra kwan a ɛte saa da Onyankopɔn nyansa a ɛne sɛ wɔde nimdeɛ ne ntease a wonya fi Bible sua mu di dwuma ankasa no adi. “Dɔ [nyansa], na ɛbɛbɔ wo ho ban. Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam. Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri, abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo.” (Mmebusɛm 4:6, 8, 9, NW) Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ wubenya Onyankopɔn Asɛm ho anigye a ɛfata, na woama akyerɛ wo kwan! Hena na ɔmpɛ sɛ wɔbɔ ne ho ban, ma no so, na wɔhyɛ no anuonyam?
Ɛbɔ Yɛn Ho Ban Fi Ɔsɛe Koraa Ho
3. Dɛn nti na ehia sɛ wɔbɔ Kristofo ho ban sen biara nnɛ, na hena na ehia sɛ wɔbɔ wɔn ho ban fi ne ho?
3 Ɔkwan bɛn so na nyansa a obi nya fi Onyankopɔn Asɛm sua ne dwuma a ɔde di mu no bɔ ne ho ban? Ade biako ne sɛ, ɛbɔ ne ho ban fi Satan Bonsam ho. Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae na wonnye wɔn mfi ɔbɔnefo, Satan, nsam. (Mateo 6:13) Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛde saa adesrɛ yi ka yɛn mpaebɔ ho denneennen. Wɔtoo Satan ne n’adaemone fii soro gui fi afe 1914, ma enti “wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:9, 10, 12) Saa bere yi, ɛbɛyɛ sɛ n’abufuw no mu ayɛ den yiye, esiane sɛ ɔredi nkogu wɔ ko a ɔreko tia wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse” mu no nti.—Adiyisɛm 12:17.
4. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Kristofo ho ban fi Satan nhyɛso ne ne mfiri ho?
4 Satan a ne bo afuw no kɔ so de ɔhaw ba saa Kristofo asomfo yi so, na ɔde ɔtaa a emu yɛ den anaa akwanside ahorow ba wɔn som adwuma so. Ɔpɛ sɛ ɔdaadaa Ahenni adawurubɔfo nso ma wɔde wɔn adwene si nneɛma te sɛ edin a wobegye wɔ wiase, asetra a ahotɔ wom a wobenya, honam fam nneɛma a wɔbɛhwehwɛ, na wɔadi anigyede akyi so mmom, sen Ahenni ho asɛmpaka adwuma no. Dɛn na ɛbɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo ho ban fi wɔn ho mu a wobegyae ama Satan nhyɛso anaa ne mfiri a ebeyi wɔn no ho? Nokwarem no, mpaebɔ, abusuabɔ a emu yɛ den a wɔne Yehowa nya, ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi a wobenya ho hia. Nanso Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ ne wɔn bo a wosi sɛ wobetie emu nkaesɛm no na ɛma wonya eyinom nyinaa. Saa nkaesɛm yi nam Bible akenkan ne nhoma ahorow a wɔde sua Bible, Kristofo nhyiamkɔ, Kyerɛwnsɛm mu afotu a wogye fi yɔnko gyidini bi hɔ, anaa mpaebɔ a wɔde susuw Bible mu nnyinasosɛm ahorow a Onyankopɔn honhom ma wɔkae ho so na ɛba.—Yesaia 30:21; Yohane 14:26; 1 Yohane 2:15-17.
5. Akwan bɛn so na nyansa a egyina Onyankopɔn Asɛm so bɔ yɛn ho ban?
5 Wɔbɔ wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho ban wɔ akwan foforo so. Sɛ nhwɛso no, wɔnam nneɛma te sɛ nnubɔnenom, tawanom, ne ɔbrasɛe a wɔtwe wɔn ho fi ho so kwati adwenemhaw ne nyarewa a ɛde ba no. (1 Korintofo 5:11; 2 Korintofo 7:1) Wɔmfa nsekudi anaa atɛnnidi so nsɛe wɔne afoforo ntam abusuabɔ. (Efesofo 4:31) Na saa ara nso na wɔntweetwee wiase nyansapɛ a ɛyɛ nnaadaa mu mma wɔn adwenem nyɛ wɔn nãã. (1 Korintofo 3:19) Esiane sɛ wɔkyerɛ Onyankopɔn Asɛm ho anigye nti, wɔbɔ wɔn ho ban fi nneɛma a ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ne daa nkwa ho anidaso a wɔwɔ no ho. Wɔyere wɔn ho boa wɔn afipamfo ma wonya Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no mu gyidi, a wonim sɛ wɔnam saayɛ so ‘begye wɔn ho ne wɔn atiefo nkwa.’—1 Timoteo 4:16.
6. Ɔkwan bɛn so na nyansa a egyina Onyankopɔn Asɛm so bɔ yɛn ho ban wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mpo mu?
6 Nokwarem no, ‘ɛbere ne asiane’ to obiara—a wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho mpo ka ho. (Ɔsɛnkafo 9:11) Asiane, nyarewa a emu yɛ den, anaa ɔpatuwu betumi ato yɛn mu binom. Nanso, wɔbɔ yɛn ho ban ara. Asiane biara nni hɔ a ebetumi apira obi a n’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho ankasa afebɔɔ. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛde biribi a ebetumi asi daakye ho nsɛm haw yɛn ho pii. Sɛ yɛyɛ ahwɛyiye a yebetumi nyinaa wie a, ɛyɛ papa sɛ yegyae nea aka ma Yehowa, na yɛamma ahotoso a enni asetram nnɛ no ansɛe yɛn asomdwoe. (Mateo 6:33, 34; Filipifo 4:6, 7) Ma owusɔre a ɛyɛ nokwasɛm no ho anidaso ne asetra pa a ɛbɛba, bere a Onyankopɔn ‘yɛ ade nyinaa foforo’ no ntra w’adwene mu.—Adiyisɛm 21:5; Yohane 11:25.
Da Wo Ho Adi sɛ Woyɛ “Asase Pa”
7. Ɛbɛ bɛn na Yesu bu kyerɛɛ nkurɔfokuw a wobetiee no no?
7 Wosii hia a Onyankopɔn Asɛm ho adwempa a yebenya ho hia so dua wɔ Yesu mmɛ no biako mu. Bere a Yesu kaa asɛmpa no wɔ Palestina nyinaa no, nkurɔfokuw boaboaa wɔn ho ano kotiee no. (Luka 8:1, 4) Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na na wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho ankasa. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea enti a nnipa pii baa ne nkyɛn ne sɛ na wɔpɛ sɛ wohu anwonwade, anaasɛ na wɔn ani gye ɔkwan a ɛyɛ anigye a na ɔfa so kyerɛkyerɛ no ho. Enti, Yesu buu bɛ bi kyerɛɛ nkurɔfokuw no sɛ: “Ogufo bi fii adi koguu n’aba. Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wotiatiaa so, na wim nnomaa bɛsosɔwee. Na ebi koguu ɔbotan so; na efifii no, ɛhyewee, efisɛ enni fonwini ntia. Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no. Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha.”—Luka 8:5-8.
8. Wɔ Yesu bɛ no mu no, dɛn ne aba no?
8 Yesu bɛ no kyerɛe sɛ nkurɔfo betie asɛmpa no wɔ akwan horow so, na ebegyina otiefo no komam tebea so. Aba a wogu no ne “Nyankopɔn asɛm.” (Luka 8:11) Anaasɛ, sɛnea ɛbɛ no ho kyerɛwtohɔ foforo kyerɛ no, aba no ne “ahenni no ho asɛm.” (Mateo 13:19) Ná Yesu betumi de nsɛm abien no mu biara adi dwuma, efisɛ Onyankopɔn Asɛm no asɛmti ne ɔsoro Ahenni a Yesu Kristo yɛ so Hene a Yehowa nam so bɛsan ne tumidi ho na watew ne din ho no. (Mateo 6:9, 10) Sɛ saa a, ɛnde, na aba no ne asɛmpa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no. Yehowa Adansefo si saa Ahenni ho asɛm yi so dua bere a wogu aba de suasua Ogufo no ankasa, Yesu Kristo no. Nkurɔfo gye so dɛn?
9. Aba a egu (a) kwankyɛn (b) abotan so (d) nsɔe mu no, kyerɛ dɛn?
9 Yesu kae sɛ aba no bi gu kwankyɛn na wotiatia so. Eyi fa nnipa a wonnya bere koraa mma Ahenni aba no nnye ntini wɔ wɔn komam no ho. Ansa na wobenya Onyankopɔn Asɛm ho anigye no, “ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.” (Luka 8:12) Ebi kogu abotan so. Eyi fa nnipa a wɔkyerɛ Bible mu asɛm ho anigye, nanso wɔmma ɛnkanyan wɔn koma no ho. Sɛ ɔsɔretia ba, anaa ɛbɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde Bible mu afotu bedi dwuma a, ‘wogyae,’ esiane sɛ wonni ntini nti. (Luka 8:13) Afei wɔn a wɔte asɛm no na ‘asetra yi mu dadwen ne ahonya ne anigyede’ bunkam wɔn so nso wɔ hɔ. Bere kɔ so no, te sɛ afifide a nsɔe akyekyere no no, ‘emia wɔn.’—Luka 8:14.
10, 11. (a) Asase pa no gyina hɔ ma henanom? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi ‘akora’ Onyankopɔn Asɛm so wɔ yɛn koma mu?
10 Nea etwa to no, aba no bi gu asase pa mu. Eyi yɛ nnipa a wɔde “koma pa” gye asɛm no. Sɛnea ɛte no, yɛn mu biara bɛpɛ sɛ ɔka saafo yi ho. Nanso, awiei koraa no, nea Onyankopɔn bɛka na ɛyɛ nokware. (Mmebusɛm 17:3; 1 Korintofo 4:4, 5) N’asɛm ka sɛ yɛde yɛn abrabɔ a yɛwom mprempren kosi sɛ yebewu anaa kosi sɛ Onyankopɔn de nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no na ɛda yɛn ho adi sɛ yɛwɔ “koma pa.” Sɛ yɛde adwempa gye Ahenni ho asɛm no mfiase a, eye. Nanso, wɔn a wɔde koma pa gye Onyankopɔn Asɛm no na “wɔnam boasetɔ mu sow aba.”—Luka 8:15.
11 Ɔkwan biako pɛ a eye paa a yɛbɛfa so akora Onyankopɔn Asɛm so wɔ yɛn komam ne sɛ yɛbɛkenkan na yɛasua wɔ kokoam na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo abom asua. Nea ɛka eyi ho ne honhom fam aduan a wɔnam ahyehyɛde a wɔapaw sɛ enni Yesu nokware akyidifo honhom fam ahiade ho dwuma so de ma, a wɔde bedi dwuma yiye no. (Mateo 24:45-47) Saa kwan no so no, ɔdɔ kanyan wɔn a wɔkora Onyankopɔn Asɛm so wɔ wɔn komam no ma wɔnam “boasetɔ mu sow aba.”
12. Aba bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde boasetɔ sow?
12 Aba bɛn na asase pa no sow? Wɔ abɔde mu no, aba fifi ma ɛsow aba koro no ara, na afei wotumi gu ma ɛsow aba pii. Saa ara na wɔ wɔn a wɔwɔ koma pa fam no, asɛm no aba no nyin wɔ wɔn mu, na ɛma wonya honhom fam nkɔso kosi sɛ, wɔn nso, betumi agu aba no wɔ afoforo komam. (Mateo 28:19, 20) Na wɔde boasetɔ na egu wɔn aba no. Yesu daa sɛnea boasetɔ ho hia wɔ abagu no mu adi bere a ɔkae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no. Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:13, 14.
‘Aba a Yɛbɛsow Wɔ Adwuma Pa Nyinaa Mu’
13. Mpae bɛn na Paulo bɔe a ɔde aba a yɛbɛsow bataa Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a yebenya ho?
13 Ɔsomafo Paulo nso kaa hia a ehia sɛ yɛsow aba ho asɛm, na ɔde aba a yɛbɛsow bataa Onyankopɔn Asɛm ho. Ɔbɔɔ mpae maa ne mfɛfo gyidifo sɛ “[Onyankopɔn] pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛfata [Yehowa, NW] na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.”—Kolosefo 1:9, 10; Filipifo 1:9-11.
14-16. Nea ɛne Paulo mpaebɔ no hyia no, aba bɛn na wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho sow?
14 Enti Paulo da no adi sɛ Bible mu nimdeɛ ankasa a yebenya no ara nnɔɔso. Mmom no, sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm ho anigye a, ɛkanyan yɛn ma ‘yɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa,’ denam ‘adwuma pa nyinaa mu aba a yɛsow’ so. Adwuma pa bɛn? Ahenni ho asɛmpa a yɛka no ne Kristofo adwuma titiriw wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Marko 13:10) Afei nso, wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no yɛ nea wobetumi nyinaa yi ntoboa daa de boa saa adwuma yi. Wɔn ani gye hokwan yi ho, na wonim sɛ “nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Wɔn ntoboa no na wɔde tua Betel afie bɛboro ɔha a ɛhɔ na wofi kyerɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma no kwan na wotintim Bible ne Bible ho nhoma no ho ka. Wɔn ntoboa no nso boa ma wotua Kristofo nhyiam akɛse ne ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, ne bere nyinaa asɛmpakafo foforo ho ka.
15 Adwuma pa foforo nso ne mmeae a nokware asomfo som a wosi ne ɛsohwɛ. Onyankopɔn Asɛm ho anigye kanyan n’asomfo ma wɔhwɛ sɛ wɔremmu wɔn ani ngu Nhyiam Asa ne Ahenni Asa ahorow so. (Fa toto Nehemia 10:39 ho.) Esiane sɛ wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ adan a ɛte saa no anim nti, ɛho hia sɛ wɔma emu ne ɛho nyinaa tew na ɛyɛ fɛ, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom wɔ asa a ɛtete saa so no hwɛ sɛ asɛm remma wɔn ho. (2 Korintofo 6:3) Kristofo binom tumi yɛ pii. Onyankopɔn Asɛm ho anigye kanyan wɔn ma wotutu akwan kɔ akyirikyiri kɔboa ma wosisi adan foforo a wɔsom wɔ mu wɔ wiase afã bi a wohia mmoa esiane ohia anaa adansi ho nimdeɛ a wonni nti no.—2 Korintofo 8:14.
16 Nea ɛka ‘adwuma pa nyinaa mu aba a yɛbɛsow’ ho nso ne yɛn abusua mu asɛyɛde ahorow ho dwuma a yebedi ne mfɛfo Kristofo ho a yebesusuw. Onyankopɔn Asɛm ho anigye kanyan yɛn ma yehu wɔn a “wɔyɛ gyidi fifo” no, na ‘yesua onyamesom pa wɔ yɛn ankasa afie mu.’ (Galatifo 6:10; 1 Timoteo 5:4, 8) Wɔ eyi mu no, ɛyɛ adwuma pa sɛ yɛbɛsrasra wɔn a wɔyare, na yɛakyekye wɔn a wɔn werɛ ahow werɛ. Na hwɛ adwuma pa a asafo mu mpanyimfo ne Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow yɛ de boa ankorankoro a wohyia aduruyɛ mu nsɛnnennen no! (Asomafo no Nnwuma 15:29) Asiane pii na ɛresisi—ebi yɛ nea ɛno ankasa na ɛba, na afoforo fi nnipa agyimisɛm. Ɛdenam Onyankopɔn honhom mmoa so no, Yehowa Adansefo anya din pa wɔ asase so mmeae pii wɔ mmoa a wɔyɛ ntɛm de ma mfɛfo gyidifo ne afoforo a asiane to wɔn no mu. Eyinom nyinaa yɛ aba pa a wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho sow.
Daakye a Ɛyɛ Anigye Mu Mfaso
17, 18. (a) Dɛn na efi Ahenni aba a yegu no mu ba? (b) Nsɛm akɛse a ɛrebesisi bɛn na wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho rebehu nnansa yi ara?
17 Ahenni aba no gu kɔ so de mfaso pii brɛ adesamma. Wɔ mfe kakra a abɛsen mu no, nnipa bɛboro 300,000 na afe biara wɔma Bible mu asɛm gye ntini wɔ wɔn komam ma enti wɔatumi ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛwɔ hɔ ma wɔn sɛɛ yi!
18 Wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no nim sɛ ɛrenkyɛ, Yehowa Nyankopɔn bɛsɔre ahyɛ ne din anuonyam. Wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse,” wiase atoro som ahemman no. (Adiyisɛm 18:2, 8) Afei, Ɔhene Yesu Kristo bekunkum wɔn a wɔmma wɔn asetra ne Onyankopɔn Asɛm nhyia no. (Dwom 2:9-11; Daniel 2:44) Ɛno akyi no, Onyankopɔn Ahenni bɛma yɛade yɛn ho afi nsɛmmɔnedi, ɔko, ne asiane foforo ho daa. Ɛho renhia bio sɛ yɛbɛkyekye nkurɔfo werɛ esiane ɛyaw, ɔyare, ne owu nti.—Adiyisɛm 21:3, 4.
19, 20. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho ankasa?
19 Adwuma pa a anuonyam wom bɛn ara na wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho bɛyɛ saa bere no! Wɔn a wobetwa Harmagedon no befi adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne asase a wɔbɛdan no paradise no ase. Wobenya hokwan a ɛyɛ anigye ayɛ nsiesie ama nnipa a wɔawuwu a mprempren wɔregye wɔn ahome wɔ adamoa mu na wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya owusɔre mu kyɛfa no. (Yohane 5:28, 29) Saa bere no, Yehowa, Amansan Hene no, nam ne Ba a wama no so, Yesu Kristo, so de akwankyerɛ a ɛyɛ pɛ bɛma asase sofo. ‘Wobebuebue nhoma mu’ na wɔahu Yehowa akwankyerɛ a wɔde bɛtra ase wɔ wiase foforo no mu no.—Adiyisɛm 20:12.
20 Wɔ Yehowa bere a ɛfata mu no, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no nyinaa bɛkɔ soro akonya wɔn akatua sɛ “Kristo yɔnkodifo.” (Romafo 8:17) Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso mu no, wɔbɛma asase so nnipa nyinaa a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho anya nkɔso adu pɛyɛ mu wɔ adwene ne nipadua mu. Sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ anokwafo wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu wie a, wɔbɛma wɔn daa nkwa sɛ akatua, na wɔbɛba “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21; Adiyisɛm 20:1-3, 7-10) Anigye bere bɛn ara na eyi bɛyɛ sɛɛ yi! Nokwarem no, sɛ ebia Yehowa ama yɛanya ɔsoro anidaso anaa asase so de no, N’asɛm ho anigye a yɛbɛkɔ so anya daa ne yɛn bo a yebesi sɛ yɛbɛtra ase sɛnea Onyankopɔn nyansa kyerɛ no, bɛbɔ yɛn ho ban. Na ‘ahyɛ yɛn anuonyam’ daakye ‘esiane sɛ yɛyɛ no atuu nti.’—Mmebusɛm 4:6, 8.
So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm ho anigye a yebenya bɛbɔ yɛn ho ban?
◻ Dɛn ne aba a ɛwɔ Yesu bɛ no mu no, na ɔkwan bɛn so na wogu?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ “asase pa”?
◻ Mfaso ahorow bɛn na wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho betumi ahwɛ kwan?
[Kratafa 16 mfonini]
Aba a ɛwɔ Yesu bɛ no mu no gyina hɔ ma asɛmpa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no
[Asɛm Fibea]
Garo Nalbandian
[Kratafa 17 mfonini]
Yehowa Adansefo suasua Ogufo Kɛse no
[Kratafa 18 mfonini ahorow]
Wɔn a wobetwa Harmagedon no bedi asase so aba