“Dɔn No Adu”
“Ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wi yi ase akɔ agya no nkyɛn.”—YOHANE 13:1.
1. Bere a afe 33 Y.B. Twam rebɛn no, hena ho asɛm na wɔka wɔ Yerusalem nyinaa, na dɛn ntia?
WƆBƆƆ Yesu asu wɔ 29 Y.B. akyi no, ofii adeyɛ a ɛde no bɛkɔ “dɔn” a ɔde bewu, anyan, ne n’anuonyamhyɛ mu ase. Afei ɛyɛ afe 33 Y.B. fefɛw bere mu. Adapɛn kakraa bi ni a Yudafo asɛnnibea kunini, Sanhedrin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu. Bere a ɛbɛyɛ sɛ Nikodemo a ɔyɛ Sanhedrin muni a ɔpɛ Yesu asɛm no ma Yesu huu wɔn adwene no, ofii Yerusalem kɔɔ nkuraa a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no ntentenso no ase. Bere a Twam Afahyɛ no bɛn no, nnipa pii fi ɔman no mu kɔ Yerusalem, na wɔka Yesu ho asɛm wɔ kurow no mu baabiara. Nkurɔfo bisabisa wɔn ho sɛ: “Dɛn na mususuw? Sesɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?” Asɔfo mpanyin ne Farisifo no ama nneɛma mu ayɛ den denam ahyɛde a wɔde ma sɛ ɛsɛ sɛ obiara a obehu faako a Yesu wɔ no bɛbɔ wɔn amanneɛ no so.—Yohane 11:47-57.
2. Dɛn na Maria yɛ a ɛma akyinnyegye sɔre, na dɛn na Yesu mmuae a ɔde gyina n’akyi no ma ɛda adi wɔ “ne dɔn” ho?
2 Wɔ Nisan 8, bere a aka nnansia ma wɔadi Twam no, Yesu san ba baabi a ɛbɛn Yerusalem. Ɔba Betania—ne nnamfo Marta, Maria ne Lasaro kurom—baabi a efi Yerusalem kɔ hɔ bɛyɛ kilomita abiɛsa no. Ɛyɛ Fida anwummere, enti Yesu di Homeda wɔ hɔ. Ɛda a edi hɔ anwummere, bere a Maria de ngo huamhuam a ne bo yɛ den som no no, asuafo no ani annye ho. Yesu bua sɛ: “Munnyaa no, na ɔde eyi asie ama me sie da. Na ahiafo de, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me de, munni me daa.” (Yohane 12:1-8; Mateo 26:6-13) Yesu nim sɛ ‘ne dɔn adu sɛ ofi wiase kɔ Agya no nkyɛn.’ (Yohane 13:1) Aka nnanum ma “ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.” (Marko 10:45) Efi saa bere no, biribiara a Yesu yɛ na ɔkyerɛkyerɛ no gye ntɛmpɛ. Hwɛ nhwɛso pa ara a eyi yɛ ma yɛn bere a yɛde ahopere retwɛn nneɛma nhyehyɛe yi awiei no! Susuw nea esi wɔ Yesu fam da a edi hɔ pɛɛ no ho hwɛ.
Da a Yesu Hyɛn Mu Nkonimdi So
3. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛn Yerusalem Kwasida, Nisan 9, na nkurɔfo a wɔatwa ne ho ahyia no yɛ wɔn ade dɛn? (b) Mmuae bɛn na Yesu de ma Farisifo a wonwiinwii wɔ nnipakuw no ho no?
3 Kwasida, Nisan 9 no, Yesu ba Yerusalem nkonimdi so. Bere a ɔbɛn kurom—a ɔte afurum ba so ma Sakaria 9:9 nya mmamu—no, nkurɔfo a wɔatwa ne ho ahyia no de wɔn ntama sesɛw kwan no mu, na afoforo bubu nnubaa fi nnua so de sɛw fam. Wɔteɛm sɛ: “Nhyira ne ɔhene a ɔnam [Yehowa, NW] din mu reba no!” Farisifo a wɔwɔ nnipakuw no mu no binom pɛ sɛ Yesu teɛteɛ n’asuafo no. Nanso, Yesu bua wɔn sɛ: “Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.”—Luka 19:38-40; Mateo 21:6-9.
4. Dɛn nti na Yerusalem yɛ bagyabagya bere a Yesu hyɛn kurow no mu no?
4 Adapɛn kakra a atwam no, nnipakuw no mufo pii hui sɛ Yesu renyan Lasaro. Afei eyinom kɔ so ka anwonwade no ho asɛm kyerɛ afoforo. Enti bere a Yesu hyɛn Yerusalem no, kurow mũ no nyinaa yɛ bagyabagya. Nkurɔfo bisa sɛ: “Ɛhena ni?” Na wɔkɔ so ka sɛ: “Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.” Bere a Farisifo no hu nea ɛrekɔ so no, wonwiinwii sɛ: “Wiase atu adi n’akyi.”—Mateo 21:10, 11; Yohane 12:17-19.
5. Bere a Yesu kɔ asɔrefie hɔ no, dɛn na esi?
5 Sɛnea ɔtaa yɛ bere a ɔkɔ Yerusalem no, Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛ. Anifuraefo ne mpakye ba ne nkyɛn ma ɔsa wɔn yare wɔ hɔ. Bere a asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no huu eyi na wɔtee sɛ mmarimaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ teɛm sɛ: “Hosiana Dawid ba” no, anyɛ wɔn abodwo. Wonwiinwii sɛ: “Wote nea eyinom se yi?” Yesu se wɔn sɛ: “Yiw. Monkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi, anaa?” Bere a Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ no, ɔhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ asɔrefie hɔ no yiye.—Mateo 21:15, 16; Marko 11:11.
6. Dɛn nti na Yesu anyɛ n’ade mprempren te sɛ nea ɔyɛe mfiase no, na dɛn ntia?
6 Hwɛ sɛnea Yesu anyɛ n’ade te sɛ nea ɔyɛe asram asia a atwam no! Ɛno akyi no, ɔbaa Yerusalem wɔ Asese Afahyɛ no ase a “wanyi no ho adi, na mmom ohintawee.” (Yohane 7:10) Na bere nyinaa, sɛ ohu sɛ ne nkwa da asiane mu a, ɔbɔ mmɔden guan a hwee nyɛ no. Afei oyi n’anim hyɛn kurow a wɔde ahyɛde ama wom sɛ wɔnkyere no no mu! Afei nso na ɛnyɛ Yesu su sɛ ɔbɛda ne ho adi sɛ Mesia no. (Yesaia 42:2; Marko 1:40-44) Ná ɔmpɛ sɛ wɔka ne ho nsɛm wɔ baguam anaa wɔkeka ne ho nsɛm kyinkyim no. Afei nnipakuw no ka pefee sɛ ɔyɛ Ɔhene ne Agyenkwa—Mesia no—na ommua nyamesom akannifo no abisade a ɛne sɛ ɔmma wɔnyɛ dinn no! Dɛn nti na wasesa? Efisɛ sɛnea ade kyee no Yesu bɔ ho amanneɛ no: “Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ onipa Ba no anuonyam.”—Yohane 12:23.
Ɔyɛ Ade Akokoduru So—Afei Ɔde Nkyerɛkyerɛ a Egye Nkwa Ma
7, 8. Ɔkwan bɛn so na ade a Yesu yɛ wɔ Nisan 10, 33 Y.B. mu no te sɛ nea ɔyɛe wɔ asɔrefie hɔ wɔ afe 30 Y.B., Twam ase no?
7 Bere a Yesu du asɔrefie hɔ Dwoda, Nisan 10 no, ɔyɛ nea nnɛra awia ohui wɔ hɔ no ho biribi. Ofi ase ‘pam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ ade wɔ asɔrefie hɔ no, na obutuw sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkongua; na ɔmma obiara kwan sɛ ɔbɛsoa biribiara afa asɔrefie hɔ.’ Ɔrekasa atia adebɔneyɛfo no, ɔka sɛ: “Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.”—Marko 11:15-17.
8 Ade a Yesu yɛ no te sɛ nea ɔyɛe mfe abiɛsa a atwam no, bere a ɔbaa asɔrefie hɔ wɔ afe 30 Y.B., Twam no. Nanso, nsɛm a ɔka tiaa wɔn no yɛ yaw kɛse kyɛn kan de no. Saa bere yi ɔfrɛɛ aguadifo no “adwowtwafo.” (Luka 19:45, 46; Yohane 2:13-16) Wɔte saa efisɛ wɔtɔn nneɛma aboɔden ma wɔn a wohia sɛ wɔtɔ mmoa de kɔbɔ afɔre no. Asɔfo mpanyin, akyerɛwfo, ne ɔman mpanyimfo no te nea Yesu reyɛ no, na wɔsan hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akum no. Nanso, wonhu sɛnea wobekum Yesu, efisɛ nnipa a ne nkyerɛkyerɛ no ama wɔn ho adwiriw wɔn no wɔ ne nkyɛn retie no.—Marko 11:18; Luka 19:47, 48.
9. Asuade bɛn na Yesu de ma, na dɛn na ɔto nsa frɛ n’atiefo a wɔwɔ asɔrefie hɔ no sɛ wɔnyɛ?
9 Bere a Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ no, ɔka sɛ: “Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ onipa ba no anuonyam.” Yiw, na onim sɛ ne nkwa nna sɛ onipa no aka kakraa bi. Bere a Yesu aka sɛnea ɛsɛ sɛ awifua wu ansa na asow aba—n’ankasa ne wu a wɔnam so bɛma afoforo anya daa nkwa nsɛso—no, ɔto nsa frɛ n’atiefo sɛ: “Sɛ obi som me a, onni m’akyi, na nea mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’agya bedi no ni.”—Yohane 12:23-26.
10. Ná Yesu te nka dɛn wɔ owu yayaw a ɛda n’anim no ho?
10 Bere a Yesu redwen owu yayaw a obewu nnanan a edi hɔ no ho no, ɔtoa so sɛ: “Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu!” Nanso Yesu ntumi nkwati nea ɛda n’anim no. Ɔka sɛ: “Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.” Nokwarem no, Yesu pene Onyankopɔn nhyehyɛe nyinaa so. Na wasi ne bo sɛ ɔbɛma Onyankopɔn apɛde akyerɛ ne nneyɛe nyinaa kwan akosi n’afɔrebɔ wu no mu. (Yohane 12:27) Nhwɛso bɛn ara na wayɛ ama yɛn sɛɛ yi—ne ho ase a ɔbrɛe koraa maa Onyankopɔn apɛdeyɛ!
11. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛ nnipakuw a na wɔtee ɛnne bi fii soro nkyɛe no?
11 Esiane sɛ na sɛnea Yesu wu no bɛka N’agya din no ho hia no yiye nti, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɛnne bi fi soro bae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!” Ɛmaa nnipakuw a wɔwɔ asɔrefie hɔ no ho dwiriw wɔn. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no de hokwan yi di dwuma de kyerɛ nnipakuw no nea enti a wɔtee ɛnne no, nea ebefi ne wu no mu aba, ne nea enti a ɛsɛ sɛ wonya gyidi. (Yohane 12:28-36) Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu nni adagyew koraa wɔ nnanu a atwam no mu. Nanso ɛda titiriw bi da so da n’anim.
Ɔkasatia Da
12. Wɔ Benada, Nisan 11 no, ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo no bɔ mmɔden sɛ wobesum Yesu afiri, na dɛn na efi mu ba?
12 Wɔ Benada, Nisan 11 no, Yesu san kɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛ. Nnipa a wɔmpɛ n’asɛm wɔ hɔ. Asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo retwe adwene asi nea Yesu yɛe da a atwam no so no, wobisa no sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?” Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nam ne mmuae so ma wɔn ho dwiriw wɔn, na obu bɛ abiɛsa a emu da hɔ kyerɛ wɔn—emu abien fa bobeturo bi ho, na biako fa ayeforohyia apontow ho—de pa n’asɔretiafo no amumɔyɛ ho ntama. Esiane sɛ nea nyamesom akannifo no te no hyɛ wɔn abufuw nti, wɔpɛ sɛ wɔkyere no. Nanso wosuro nnipakuw a wobu Yesu sɛ odiyifo no. Enti wɔbɔ mmɔden sɛ wobesum no afiri ma waka biribi a wobegyina so akyere no. Mmuae a Yesu de ma wɔn no ma wɔyɛ komm.—Mateo 21:23–22:46.
13. Afotu bɛn na Yesu de ma n’atiefo no wɔ kyerɛwfo ne Farisifo no ho?
13 Esiane sɛ kyerɛwfo ne Farisifo no ka sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara nti, afei Yesu ka kyerɛ n’atiefo no sɛ: “Nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.” (Mateo 23:1-3) Baguam kasatia a ano yɛ den bɛn ara ni! Nanso Yesu ne wɔn nwiei. Eyi ne ne da a etwa to wɔ asɔrefie hɔ, na ofi akokoduru mu pa wɔn ho ntama pii—nnidiso nnidiso te sɛ aprannaa a ɛpae ntoatoaso.
14, 15. Nsɛm a ano yɛ den bɛn na Yesu de kasa tia kyerɛwfo ne Farisifo no?
14 Yesu ka mpɛn asia sɛ: “Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo, munnue!” Wɔte saa efisɛ sɛnea ɔkyerɛkyerɛ mu no, wɔto ɔsoro Ahenni mu nnipa anim, na wɔmma wɔn a wɔrekɔ mu no kwan nkɔ mu. Saa nyaatwomfo yi twa po ne asase ho hyia sɛ wɔbɛyɛ onipa biako wɔn fekuni, nanso sɛ ɔyɛ a, wɔde no to daa ɔsɛe ho asiane mu. Bere a wobu wɔn ani gu “mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi” so no, wɔma wɔn ani kũ ntotoso dudu a wotua ho kɛse. Enti ‘wotwiw kuruwa ne abeyaa akyi, na emu de, dwowtwa ne adifude ahyɛ no ma,’ efisɛ wɔde wɔn anim a wɔayɛ no kronkron no kata porɔw a wɔaporɔw ne wɔn adifudepɛ so. Bio nso, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛto adiyifo ada so na wɔahyehyɛ ma ayɛ fɛ wɔ nnipa ani so ma wɔakamfo wɔn ɛmfa ho mpo sɛ wɔyɛ “wɔn a wokum adiyifo no mma” no.—Mateo 23:13-15, 23-31.
15 Yesu rekasa atia n’asɔretiafo no honhom fam gyinapɛn a asɛe no, ɔka sɛ: “Munnue, mo kwankyerɛfo anifuraefo.” Abrabɔ fam no, wɔn ani afura efisɛ wɔtwe adwene si asɔrefie sika so kyɛn honhom fam mfaso a wonya wɔ beae a wɔsom no so. Yesu retoa so no, ɔkasa tia wɔn denneennen. Ɔka sɛ: “Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu?” Yiw, Yesu reka akyerɛ wɔn sɛ wɔn akwammɔne a wɔnam so nti, wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu. (Mateo 23:16-22, 33) Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛda akokoduru adi de aka Ahenni asɛm no, sɛ mpo ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yɛpa atoro som ho ntama a.
16. Bere a Yesu te Ngo Bepɔw so no, nkɔmhyɛ a ehia bɛn na ɔka kyerɛ n’asuafo no?
16 Afei Yesu fi asɔrefie hɔ kɔ. Ɔne n’asomafo no foro kɔ Ngo Bepɔw no so bere a owia no ano rebrɛ ase no. Bere a Yesu te hɔ no, ɔhyɛ asɔrefie sɛe ne ne ba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne ho nkɔm. Nea nkɔmhyɛsɛm yi kyerɛ no ba bedu yɛn bere yi mu. Saa anwummere no, Yesu san ka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu.”—Mateo 24:1-14; 26:1, 2.
Yesu ‘Dɔ Ne De Kosi Awiei’
17. (a) Nisan 14 Twam no akyi no, asuade bɛn na Yesu de ma 12 no? (b) Afahyɛ bɛn na Yesu de si hɔ bere a ɔpam Yuda Iskariot no?
17 Nnanu a edi hɔ—Nisan 12 ne 13—no, Yesu nyi n’anim pefee wɔ asɔrefie hɔ. Nyamesom akannifo no rehwehwɛ no akum no, nanso ɔmpɛ sɛ biribiara sɛe Twam afahyɛ a ɔne n’asomafo no bedi no. Owia a ɛrekɔtɔ Yawda no na efi Nisan 14—Yesu, sɛ́ ɔdesani no da a etwa to wɔ asase so no—ase. Saa anwummere no, Yesu ne n’asomafo no hyiam wɔ Yerusalem fie bi mu, faako a wɔasiesie sɛ wobedi Twam no. Bere a wɔbom di Twam no, ɔhohoro 12 no nan ho de kyerɛkyerɛ wɔn ahobrɛase ho asuade fɛfɛ bi. Yesu pamoo Yuda Iskariot a na wapene so sɛ obeyi ne Wura ama agye nnwetɛbona 30—ɛbo a wɔde tɔ akoa sɛnea Mose Mmara no kyerɛ—akyi no, ɔde ne wu ho Nkaedi no si hɔ.—Exodus 21:32; Mateo 26:14, 15, 26-29; Yohane 13:2-30.
18. Nkyerɛkyerɛ bɛn na Yesu fi ɔdɔ mu kyerɛkyerɛ n’asomafo anokwafo 11 no bio, na ɔkwan bɛn so na osiesie wɔn ma ne kɔ a na abɛn no?
18 Bere a wɔde Nkaedi no si hɔ akyi no, asomafo no gye akyinnye bi a emu yɛ den wɔ nea ɔyɛ kɛse wɔn mu no ho. Sɛ́ anka Yesu bɛka wɔn anim no, ɔde ntoboaseɛ kyerɛkyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ som a wɔsom afoforo mu. Ɔrekyerɛ ka a wɔaka ne ho wɔ ne sɔhwɛ mu ho anisɔ no, ɔne wɔn yɛ ahenni apam bi. (Luka 22:24-30) Afei nso Yesu hyɛ wɔn sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no. (Yohane 13:34) Bere a Yesu redi akɔneaba wɔ dan no mu no, ofi ɔdɔ mu siesie wɔn ma ne kɔ a abɛn no. Ɔma wɔn awerɛhyem de hyɛ wɔne ne ntam adamfofa no mu den na ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonnya gyidi, na ɔde honhom kronkron hyɛ wɔn bɔ. (Yohane 14:1-17; 15:15) Ansa na Yesu refi fie hɔ no, ɔsrɛ N’agya sɛ: “Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo ba anuonyam, na ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam.” Nokwarem no, na Yesu asiesie n’asomafo no ama ne kɔ, na akyinnye biara nni ho sɛ, ‘ɔdɔɔ n’ankasa ne de kosii awiei.’—Yohane 13:1; 17:1.
19. Dɛn nti na Yesu di yaw wɔ Getsemane turo no mu?
19 Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no du Getsemane turo no mu bere a na ɛbɛyɛ sɛ ɔdasu apa ho koraa. Ná ɔtaa ne n’asomafo no kɔ hɔ. (Yohane 18:1, 2) Nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, na wobekum Yesu sɛ ɔsɛmmɔnedifo a ne ho yɛ hu. Osuahu a ɛte sɛɛ ho yawdi ne sɛnea ebia ɛde ahohorabɔ bɛba N’agya din ho no mu yɛ den araa ma, bere a Yesu bɔ mpae no, ne ho fifiri yɛ sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam. (Luka 22:41-44) Yesu ka kyerɛ n’asomafo no sɛ: “Dɔn no adu.” “Hwɛ, nea ɔrebeyi me ama no abɛn!” Bere a ogu so rekasa no, Yuda Iskariot ba, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura agyatɛn, akanea ne akode ka ne ho. Wɔaba sɛ wɔrebɛkyere Yesu. Wanko antia wɔn. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?”—Marko 14:41-43; Mateo 26:48-54.
Wɔhyɛ Onipa Ba no Anuonyam!
20. (a) Atirimɔdenne bɛn na wɔde yɛ Yesu bere a wɔkyere no no? (b) Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, dɛn nti na ɔteɛm sɛ: “Wɔawie”?
20 Wɔkyere Yesu akyi no, adansekurumfo bɔ no atoro sobo, atemmufo a wɔhwɛ nnipa anim bu no atɛn, Pontio Pilato bu no fɔ, asɔfo ne basabasayɛfo kuw di ne ho fɛw, na asraafo yɛ no ayayade di ne ho fɛw. (Marko 14:53-65; 15:1, 15; Yohane 19:1-3) Eduu Fida owigyinae no, na wɔabɔ Yesu asɛndua mu ma ɔrehu amane kɛse bere a ne mu duru ma faako a wɔde nnadewa no abobɔ wɔ ne nsa ne ne nan tew fa mu no. (Yohane 19:17, 18) Bɛyɛ awiabere nnɔnabiɛsa no, Yesu teɛm sɛ: “Wɔawie!” Yiw, na wawie nea ɔbaa asase so bɛyɛe no nyinaa. Ɔde ne honhom hyɛ Onyankopɔn nsa na osi ne ti ase wu. (Yohane 19:28, 30; Mateo 27:45, 46; Luka 23:46) Yehowa nyan ne Ba no ɛno akyi da a ɛto so abiɛsa. (Marko 16:1-6) Yesu wusɔre akyi adaduanan no, ɔforo kɔ soro na wɔhyɛ no anuonyam.—Yohane 17:5; Asomafo no Nnwuma 1:3, 9-12; Filipifo 2:8-11.
21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu?
21 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘adi Yesu anammɔn akyi pɛɛ’? (1 Petro 2:21) Te sɛ ɔno no, momma yɛnyere yɛn ho denneennen wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu, na yɛmfa akokoduru nka Onyankopɔn asɛm no. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 4:29-31; Filipifo 1:14) Mommma yɛn ani mmpa bere a yɛwɔ mu yi so anaasɛ yennnyae sɛ yɛbɛtwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. (Marko 13:28-33; Hebrifo 10:24, 25) Ɛmmra sɛ yɛbɛma Yehowa Nyankopɔn apɛde ne nim a yenim sɛ yɛte “awiei bere” mu no akyerɛ yɛn nneyɛe nyinaa kwan.—Daniel 12:4.
Wubebua Dɛn?
• Nkɛntɛnso bɛn na nim a na Yesu nim sɛ ne wu abɛn no nyae wɔ ne som adwuma a etwa to wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no so?
• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu ‘dɔɔ n’ankasa ne de kosii awiei’?
• Dɛn na nsɛm a esisii wɔ nnɔnhwerew kakra a etwa to wɔ Yesu asetram no ma yehu wɔ ne ho?
• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Kristo Yesu wɔ yɛn som adwuma no mu?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Yesu ‘dɔɔ wɔn kosii awiei’