Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 12/15 kr. 14-19
  • Boa Afoforo Ma Wɔnnantew Sɛnea Ɛfata Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Ma Wɔnnantew Sɛnea Ɛfata Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa a Etu Mpɔn Ma Kolosefo No
  • Ka Nsɛm Pɔtee Wɔ Mpaebɔ Mu
  • Yɛ Biribi Fa Hyɛ Afoforo Den
  • Epafra “Kristo Somfo Nokwafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yehowa Betumi Ahyɛ wo Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Monhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 12/15 kr. 14-19

Boa Afoforo Ma Wɔnnantew Sɛnea Ɛfata Yehowa

“Yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, . . . na moanantew sɛnea ɛfata [Yehowa, “NW”] na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba.”—KOLOSEFO 1:9, 10.

1, 2. Dɛn titiriw na ebetumi ama yɛanya anigye ne abotɔyam?

“YƐTE fie a esi lɔre so mu wɔ afuw mu. Esiane sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ nti, yenya bere pii de asɛmpa no kɔ ɛhɔfo no nkyɛn. Yɛanya nhyira pii wɔ hokwan a yɛde aboa nnipa pii ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa no so.”—Awarefo bi a wɔyɛ bere nyinaa asomfo wɔ South Africa.

2 So wunnye ntom sɛ afoforo a yɛboa wɔn no ma yenya anigye? Ebinom bɔ mmɔden daa boa ayarefo, ahiafo, anaa wɔn a wɔayɛ ankonam—na wonya abotɔyam wɔ saayɛ mu. Nokware Kristofo nim yiye sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ a wɔbɛka akyerɛ afoforo no yɛ mmoa a ɛsen biara a wobetumi de ama. Eyi nkutoo na ebetumi aboa afoforo ma wɔagye Yesu agyede no atom, na wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa, na afei ama wɔatumi anya daa nkwa.—Asomafo no Nnwuma 3:19-21; 13:48.

3. Mmoa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ so?

3 Na, wɔn a wɔresom Onyankopɔn dedaw na wɔnam “Ɔkwan No” so a yɛbɛboa wɔn no nso ɛ? (Asomafo no Nnwuma 19:9) Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ wɔn ho anigye kɛse, nanso ebia wunhu ɔkwan a wobɛfa so ayɛ pii anaa wobɛkɔ so de mmoa bi a ehia mprempren ama. Anaasɛ ebia wo tebea no bɛma ayɛ te sɛ nea worentumi mmoa wɔn, ma enti atew anigye a anka wubetumi anya no so. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛdefa nsɛm abien yi ho no, yebetumi asua biribi afi Kolosefo nhoma no mu.

4. (a) Tebea bɛn mu na Paulo kyerɛw Kolosefo no? (b) Na ɛfa Epafra ho dɛn?

4 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Kolose no, na ɔwɔ afiase wɔ Roma a na afoforo betumi akɔsra no. Sɛnea wubetumi ahwɛ kwan no, Paulo de ahofadi kakra a na ɔwɔ no dii dwuma yiye de kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 28:16-31) Na mfɛfo Kristofo tumi kɔsra Paulo, ma ɛtɔ mmere bi mpo a ebinom tumi ne no da afiase hɔ. (Kolosefo 1:7, 8; 4:10) Wɔn mu biako ne ɔsɛnkafo nsiyɛfo Epafra, a ofi Kolose kurow Frigia, a ɛwɔ asasetaw a ɛwɔ Efeso apuei fam wɔ Asia Kumaa (nnɛyi Turkey) mu no. Epafra dii akoten wɔ asafo a wɔhyehyɛe wɔ Kolose no mu, na ɔbɔɔ asafo ahorow a na ɛwɔ Laodikea ne Hierapoli no ho mmɔden. (Kolosefo 4:12, 13) Dɛn nti na Epafra tuu kwan kɔhwɛɛ Paulo wɔ Roma, na dɛn na yebetumi asua afi nea Paulo yɛe wɔ ho no mu?

Mmoa a Etu Mpɔn Ma Kolosefo No

5. Dɛn nti na Paulo kyerɛw nea ɔyɛe no ho asɛm kɔmaa Kolosefo no?

5 Nea ɛbɛyɛ na Epafra ne Paulo asusuw nsɛm a na ɛrekɔ so wɔ Kolosefo asafo mu ho no, otwaa saa kwan tenten no kɔɔ Roma. Ɔkaa saa Kristofo no gyidi, wɔn dɔ, ne mmɔden a na wɔrebɔ wɔ asɛnka mu no ho asɛm kyerɛɛ no. (Kolosefo 1:4-8) Nanso ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa nkɛntɛnso bɔne a na ɛreyɛ asɛe Kolosefo no honhom fam yiyedi a na ɛho asɛm hia no no nso ho asɛm. Paulo yɛɛ ho biribi denam krataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee so de kasa tiaa adwene a na atoro akyerɛkyerɛfo retrɛw mu no. Ɔtwee adwene sii dwuma titiriw a ɛsɛ sɛ Yesu Kristo di so titiriw.a So Bible mu nokware atitiriw nkutoo mu na na ne mmoa ho hia? Ɔkwan foforo bɛn so na na obetumi aboa Kolosefo no, na afoforo a yɛbɛboa wɔn ho asuade bɛn na yebetumi anya afi mu?

6. Dɛn na Paulo sii so dua wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no mu?

6 Wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛwee mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mmoa bi a yebetumi abu yɛn ani agu so mu. Ná ɛyɛ mmoa a etu mpɔn a wofi akyirikyiri de ma, bere a na Paulo ne Epafra wɔ akyirikyiri a wɔmmɛn Kolose no. Paulo sii so dua sɛ: “Yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya, ase daa, yɛn mpae a yɛbɔ [NW ase hɔ asɛm, “mpae a yɛbɔ no daa”] ma mo mu.” Yiw, na eyi yɛ mpae a wɔhyɛɛ da bɔ maa Kristofo a na wɔwɔ Kolose no. Paulo de kaa ho sɛ: “Eyi nti yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne ɔsrɛ ɛ, sɛ ne pɛ mu hu nyɛ mo ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu.”—Kolosefo 1:3, 9.

7, 8. Nsɛm bɛn na yɛtaa ka wɔ yɛn ankasa mpae a yɛbɔ anaa asafo mu de mu?

7 Yenim sɛ Yehowa ne “mpaebɔ tiefo,” enti yebetumi anya sie a wasiesie ne ho sɛ obetie yɛn mpae a yɛbɔ ma ɛne n’apɛde hyia no mu ahotoso. (Dwom 65:2; 86:6; Mmebusɛm 15:8, 29; 1 Yohane 5:14) Nanso, sɛ yɛrebɔ mpae ama afoforo a, yɛbɔ no dɛn?

8 Ebia yɛbɛtaa asusuw ‘yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa’ no ho na yɛabɔ mpae ama wɔn. (1 Petro 5:9) Anaasɛ yebetumi de Kristofo ne afoforo a wɔwɔ baabi a asiane bi asi mpofirim anaa awerɛhosɛm bi ato wɔn ho asɛm akɔ Yehowa anim. Bere a afeha a edi kan asuafo a na wɔwɔ mmeae afoforo tee ɔkɔm a na asi Yudea no, ɛbɛyɛ sɛ wɔbɔɔ mpae pii maa wɔn nuanom ansa na wɔde biribi remena wɔn. (Asomafo no Nnwuma 11:27-30) Yɛn bere yi mu nso, yɛtaa te mpae a wɔbɔ ma anuanom fekuw no nyinaa anaa nea ɛfa anuanom kuw bi ho wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase, baabi a ehia sɛ nnipa pii te ase na wɔatumi aka “Amen.”—1 Korintofo 14:16.

Ka Nsɛm Pɔtee Wɔ Mpaebɔ Mu

9, 10. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ mpae a yɛbɛbɔ ama nnipa pɔtee bi no fata? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ mpae maa Paulo pɔtee?

9 Nanso, Bible no de mpaebɔ a wɔka nsɛm pɔtee wom a wɔbɔ ma afoforo, bobɔ ankorankoro din wom ho nhwɛso ma. Susuw Yesu asɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 22:31, 32 no ho hwɛ. Ná asuafo anokwafo 11 atwa ne ho ahyia. Ná wɔn nyinaa behia Onyankopɔn mmoa wɔ ahohia bere a na ɛda wɔn anim no mu, na Yesu bɔɔ mpae maa wɔn. (Yohane 17:9-14) Nanso, Yesu yii Petro sii nkyɛn, bɔɔ mpae soronko maa saa osuani no nkutoo. Nhwɛso afoforo: Elisa bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa onipa pɔtee bi, ne somfo. (2 Ahene 6:15-17) Ɔsomafo Yohane bɔɔ mpae sɛ ensi Gaio yiye honhom fam ne honam fam. (3 Yohane 1, 2) Na mpaebɔ afoforo nso twee adwene sii akuw pɔtee bi so.—Hiob 42:7, 8; Luka 6:28; Asomafo no Nnwuma 7:60; 1 Timoteo 2:1, 2.

10 Paulo nkrataa no twe adwene si mpaebɔ ahorow a na ɛka nneɛma pɔtee ho asɛm so. Ɔsrɛe sɛ wɔmmɔ mpae mma no, anaa ɔno ne wɔn a wɔka ne ho. Kolosefo 4:2, 3 kenkan sɛ: “Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu. Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda hama mu yi.” Afei nso susuw nhwɛso afoforo yi ho hwɛ: Romafo 15:30; 1 Tesalonikafo 5:25; 2 Tesalonikafo 3:1; Hebrifo 13:18.

11. Bere a na Epafra wɔ Roma no, henanom na na ɔrebɔ mpae ama wɔn no?

11 Ná Paulo hokafo bi a ɔwɔ Roma te saa ara. “Epafra a ofi mo mu no kyia mo. Daa odi apere ma mo, mpaebɔ mu.” (Kolosefo 4:12) Asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘di apere’ no betumi akyerɛ “apereperedi,” sɛnea na agumadifo yɛ wɔ tete akansi ahorow mu no. So na Epafra rebɔ mpae denneennen ama gyidifo a wɔwɔ wiase nyinaa fekuw no kɛkɛ anaa nokware asomfo a na wɔwɔ Asia Kumaa no nyinaa? Paulo kyerɛe sɛ na Epafra rebɔ mpae ama wɔn a na wɔwɔ Kolose no titiriw. Ná Epafra nim wɔn tebea no. Yennim wɔn nyinaa din, na saa ara nso na yennim ɔhaw a na wohyia, nanso susuw nsɛm a na ebetumi asisi yi ho hwɛ. Ebia na nyansapɛ a ɛwɔ hɔ saa bere no rehaw aberante Lino, na ɛbɛyɛ sɛ na Rufo hia ahoɔden a ɔde begyina nneɛma a na ɔyɛ bere bi wɔ Yudasom mu no nkɛntɛnso ano. Esiane sɛ na Persi wɔ kunu a onnye nni nti, na ohia boasetɔ ne nyansa a ɔde bɛyɛn ne mma wɔ Awurade mu, na na Asinkrito a ɔyare owuyare no nhia awerɛkyekye a ɛkyɛn so? Yiw, na Epafra nim wɔn a na wɔwɔ n’asafo mu no, na ɔbɔɔ wɔn ho mpae denneennen efisɛ na ɔne Paulo nyinaa pɛ sɛ saafo a na wɔahyira wɔn ho so no nantew sɛnea ɛsɛ Yehowa mu.

12. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka nsɛm pɔtee wɔ yɛn ankasa mpaebɔ mu?

12 So wuhu nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesua no—ɔkwan a yebetumi afa so aboa afoforo no? Sɛnea yɛahyɛ no nsow no, baguam mpae a wɔbɔ wɔ Kristofo nhyiam ase no taa fa nneɛma pii ho esiane nnipa ahorow a wɔwɔ ase no nti. Nanso yɛn ankasa anaa yɛn abusua mpae betumi afa biribi pɔtee ho. Bere a ɛtɔ mmere bi a yebetumi asrɛ sɛ Onyankopɔn nkyerɛ ahwɛfo akwantufo anaa honhom fam ahwɛfo nyinaa kwan na onhyira wɔn no, so yentumi nka biribi pɔtee ho asɛm mmere bi? Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wommɔ ɔmansin sohwɛfo a ɔbɛsra w’asafo anaa Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no din wɔ wo mpaebɔ mu? Filipifo 2:25-28 ne 1 Timoteo 5:23 ma yehu sɛnea na Paulo susuw Timoteo ne Epafrodito ho pɔtee no. So yebetumi asusuw wɔn a wɔyare a yenim wɔn din no ho saa?

13. Nsɛm tebea bɛn na ɛfata sɛ yɛde ka yɛn nsɛm ho bɔ yɛn ankasa mpae?

13 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ nkurɔfo kokoam nsɛm mu, nanso eye sɛ yɛbɛma ada adi wɔ yɛn mpaebɔ mu sɛ wɔn a yenim wɔn no ho hia yɛn ankasa na yedwen wɔn ho. (1 Timoteo 5:13; 1 Petro 4:15) Ebia na onua bi adwuma afi ne nsa, na yɛrentumi mma no foforo. Nanso, yebetumi abɔ ne din na yɛatwe adwene asi n’ahohia no so wɔ yɛn mpaebɔ mu. (Dwom 37:25; Mmebusɛm 10:3) So yenim onuawa bi a wanyin a onni kunu ne mma esiane sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛware wɔ “Awurade mu nko” nti? (1 Korintofo 7:39) Dɛn nti na wonsrɛ Yehowa wɔ w’ankasa wo mpaebɔ mu sɛ onhyira no na ama watumi akɔ so de nokwaredi asom? Sɛ nhwɛso foforo no, ebia na asafo mu mpanyimfo baanu de afotu ama onua bi a wafom. Dɛn nti na bere ne bere mu no, wɔn mu biara mmɔ ne din nkae no wɔn ankasa mpaebɔ mu?

14. Ɔkwan bɛn so na mpae pɔtee a yɛbɔ no ne boa a yɛboa afoforo no wɔ abusuabɔ?

14 Hokwan pii wɔ hɔ sɛ wobɛkae ankorankoro a wunim sɛ wohia Yehowa mmoa, awerɛkyekye, nyansa ne honhom kronkron ne aba ahorow a ɛsow no mu biara wɔ wo mpaebɔ mu. Esiane ɔkwan a ɛda mo ntam anaa tebea horow bi nti, ebia wobɛte nka sɛ wuntumi mfa biribi mma no anaa wommoa no tẽẽ. Nanso mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛbɔ mpae ama wo nuanom mmarima ne mmea. Wunim sɛ wɔpɛ sɛ wɔnantew sɛnea ɛfata Yehowa, nanso ebia na wohia mmoa ankasa na ama wɔatumi ayɛ saa. Ɔkwan a wobɛfa so aboa ne wo mpaebɔ.—Dwom 18:2; 20:1, 2; 34:15; 46:1; 121:1-3.

Yɛ Biribi Fa Hyɛ Afoforo Den

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Kolosefo nhoma no nsɛm a etwa to no ho?

15 Nokwarem no, ɛnyɛ mpaebɔ pɔtee a efi komam nkutoo ne ɔkwan a yebetumi afa so aboa afoforo, ne titiriw w’adɔfo a wɔbɛn wo no. Kolosefo nhoma no ma eyi mu da hɔ pefee. Nhomanimfo pii kyerɛ sɛ bere a Paulo de nkyerɛkyerɛ ho akwankyerɛ ne afotu ahorow ama awie no, ɔde nkyia anaa n’ankasa nkyia nso ka ho. (Kolosefo 4:7-18) Nea ɛne no bɔ abira no, yɛadi kan ahu sɛ afotu a ɛfata sɛ yesusuw ho wɔ nhoma yi fã a etwa to no mu, na yebetumi asua pii afi saa fã yi mu.

16, 17. Dɛn na yebetumi aka wɔ anuanom a wɔbobɔɔ wɔn din wɔ Kolosefo 4:10, 11 no ho?

16 Paulo kyerɛwee sɛ: “Aristarko, me yɔnko dommum, ne Barnaba wɔfase Marko (a munyaa ne ho nkra sɛ ɔba mo nkyɛn a munnye no fɛw so no,) ne Yesu a wɔfrɛ no Yusto, eyinom a wofi twetiatwa mu no, kyia mo. Eyinom nko ne me yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam, na wɔahyɛ me den.”—Kolosefo 4:10, 11, NW.

17 Ɛhɔ no, Paulo bobɔɔ anuanom bi a na wɔfata din. Ɔkae sɛ wofi twetiafo, Yudafo mu. Na Yudafo a wɔatwa twetia pii wɔ Roma, na na wɔn mu binom abɛyɛ Kristofo afei. Nanso, na wɔn a Paulo bobɔɔ wɔn din no abɛboa no. Ɛda adi sɛ wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne Amanaman mufo Kristofo no bɛbɔ, na ɛbɛyɛ sɛ wofi anigye mu ne Paulo kaa asɛm kyerɛɛ Amanaman mufo no.—Romafo 11:13; Galatifo 1:16; 2:11-14.

18. Ɔkwan bɛn so na Paulo kamfoo wɔn a na wɔwɔ ne nkyɛn no?

18 Hyɛ Paulo asɛm no nsow: “Wɔahyɛ me den.” Ɔde Hela asɛmfua bi a epue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu na edii dwuma. Nsɛm asekyerɛfo pii kyerɛ ase “awerɛkyekye.” Nanso, Hela asɛmfua foforo (pa·ra·ka·le’o) wɔ hɔ a wɔtaa kyerɛ ase “awerɛkyekye.” Paulo de eyi dii dwuma wɔ ne krataa yi mu baabi nanso ɛnyɛ Kolosefo 4:11.—Mateo 5:4; Asomafo no Nnwuma 4:36; 9:31; 2 Korintofo 1:4; Kolosefo 2:2; 4:8.

19, 20. (a) Dɛn ne adwene a ɛwɔ asɛm a Paulo de dii dwuma faa anuanom a na wɔreboa no wɔ Roma no ho no mu? (b) Akwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ saa anuanom no boaa Paulo?

19 Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a Paulo bobɔɔ wɔn din no yɛɛ nea ɛsen awerɛkyekye a wɔde ano ka ara kwa. Ɛtɔ mmere bi a wɔde Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase “wɔahyɛ me den” wɔ Kolosefo 4:11 no di dwuma wɔ wiase nhoma ahorow mu ma aduru a wɔde dwudwo ahohia ano. New Life Version no kenkan sɛ: “Hwɛ mmoa ara a wɔayɛ me!” Today’s English Version de kasasin: “Wɔayɛ me mmoa kɛse” na edi dwuma. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na saa anuanom Kristofo a na wɔbɛn Paulo no ayɛ de aboa no?

20 Ná nkurɔfo tumi bɛsra Paulo, nanso nneɛma pii wɔ hɔ a na ontumi nyɛ, te sɛ n’ahiade a ɔbɛtotɔ—aduan ne ntade a ɔbɛhyɛ wɔ awɔw bere mu. Na ɔbɛyɛ dɛn anya nhoma mmobɔwee a obesua anaasɛ ɔbɛyɛ dɛn atotɔ nneɛma a ɔde bɛkyerɛw ade? (2 Timoteo 4:13) So wuntumi mfa w’adwene mmu sɛ na anuanom yi boa Paulo ma ne nsa ka n’ahiade, bere a na wɔyɛ nneɛma nketenkete te sɛ nneɛma a wɔbɛtotɔ ama no na wasomasoma wɔn no? Ebia na ɔbɛpɛ sɛ ohu nea ɛrekɔ so wɔ asafo bi mu na wahyɛ wɔn den. Esiane sɛ na ɔda afiase nti, na ontumi nyɛ, enti ɛbɛyɛ sɛ na saa anuanom no na wɔyɛ saa nsrahwɛ no ma Paulo, de ne nkrasɛm kɔma wɔn, na wogye ho mmuae brɛ no. Hwɛ sɛnea ɛhyɛ den!

21, 22. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye nsɛm a ɛwɔ Kolosefo 4:11 no ho? (b) Akwan bɛn na yebetumi afa so de nhwɛso a wɔn a na wɔwɔ Paulo nkyɛn yɛe no adi dwuma?

21 Nea Paulo kyerɛw ho asɛm sɛ ‘ɛma denhyɛ’ no ma yenya sɛnea yebetumi aboa afoforo no mu nhumu. Ebia na wɔnantew sɛnea ɛfata Yehowa wɔ abrabɔ fam, kɔ Kristofo nhyiam ahorow, na wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa. Ɛno fam de, ɛfata sɛ yɛkamfo wɔn. Nanso, so ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii de ‘hyɛ afoforo den’ sɛnea Paulo ahokafo no yɛe no?

22 Sɛ wunim onuawa bi a ofi nyansa mu akura 1 Korintofo 7:37 mu, nanso onni abusua bi a ɛbɛn no a, so wubetumi de no aka w’abusua dwumadi bi ho, sɛ ebia wobɛto nsa afrɛ no na ɔne mo abedidi anaa ɔne mo akɔ nnamfonom anaa abusuafo apontow bi ase? Na to a wobɛto nsa afrɛ no ma ɔne w’abusua no atu kwan akɔ nhyiam anaa akwamma bi nso ɛ? Anaasɛ bere a ɛfata mu no, ma ɔmmɛka mo ho bere a morekɔtotɔ nnuan no. Yebetumi aka biribi a ɛte saa ara afa okunafo bea anaa ɔbarima, anaa wɔn a mprempren wontumi nka kar no ho. W’ani betumi agye bere a wutie wɔn suahu ahorow anaa wusua biribi fi wɔn hɔ wɔ nneɛma nketenkete te sɛ sɛnea woyiyi nnuaba mu, anaa wɔpaw mmofra ntade ho. (Leviticus 19:32; Mmebusɛm 16:31) Nea ebefi mu aba ara ne adamfofa a emu yɛ den. Ne saa nti, sɛ wohia sɛ obi kɔtɔ aduru ma wɔn anaa wɔyɛ biribi foforo ma wɔn a, wɔrensuro sɛ wɔbɛbɛn wo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ sɛ na anuanom a wɔne Paulo wɔ Roma no ahyɛ no den sɛnea ɛfata, sɛnea wo de no betumi ayɛ no. Saa bere no ne nnɛ nyinaa, nhyira foforo a abɛka ho ne sɛ ɛbɛhyɛ yɛn ntam dɔ mu den, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛde biakoyɛ bɛsom Yehowa nokwaredi mu.

23. Dɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara begye bere ayɛ?

23 Yɛn mu biara betumi asusuw tebea horow a yɛaka ho asɛm wɔ asɛm yi mu no ho. Ɛyɛ nhwɛso ara kwa, nanso ebetumi ama yɛn adwene aba sɛnea nsɛm tebea te ankasa so na ‘ahyɛ’ anuanom mmarima ne mmea ‘den’ ankasa. Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ yebesuasua wɔn a wɔkyɛ nkurɔfo a wɔyɛ mmɔbɔ ade no. Ná ɛnyɛ ɛno ne anuanom a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Kolosefo 4:10, 11 no botae. Na wɔyɛ “yɔnko adwumayɛfo Onyankopɔn ahenni no fam.” Na denhyɛ a efii mu bae no fa ɛno ho tẽẽ. Ɛmmra sɛ ɛbɛba saa wɔ yɛn fam.

24. Dɛn titiriw nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo na yɛhyɛ wɔn den?

24 Esiane sɛ yɛbɔ afoforo din wɔ yɛn ankasa mpaebɔ mu, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ wɔn den nti: Yegye di sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea pɛ sɛ ‘wɔnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ (Kolosefo 1:10) Asɛm no ne biribi foforo a Paulo kaa ho asɛm bere a na ɔrekyerɛw Epafra mpae a ɔbɔ maa Kolosefo no, sɛnea ɛbɛyɛ a, ‘wobegyina hɔ pɛ na wɔafi gyidi a emu yɛ den mu ayɛ Onyankopɔn apɛde’ no wɔ abusuabɔ. (Kolosefo 4:12) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ma yɛnhwɛ.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, nkratafa 490-1, ne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” nkratafa 226-8, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.

Wohyɛɛ no Nsow?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa afoforo yiye wɔ yɛn ankasa mpaebɔ mu?

• Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom yɛɛ ‘denhyɛ’ maa Paulo?

• Tebea horow bɛn mu na yebetumi ayɛ ‘denhyɛ’ ama afoforo?

• Botae bɛn na ɛwɔ mpae a yɛbɛbɔ ama afoforo na yɛahwehwɛ sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea den no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wubetumi ama Kristoni bi abɛka wo abusua ho ma moapue?

[Asɛm Fibea]

Courtesy of Green Chimney’s Farm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena