Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 1/15 kr. 3
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wunya Su Pa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wunya Su Pa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yebetumi Anya Su Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Worebu Bra Pa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi De Ɔbra Pa Aka Yɛn Gyidi Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Kyerɛ Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Ho Anisɔ Denam Gyidi a Wobɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 1/15 kr. 3

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wunya Su Pa?

NNANSA yi, Japanni bi a n’ani afi a ne din de Kunihito tu kɔtraa United States.a Oduu hɔ adapɛn kakraa bi akyi no, ohyiaa tebea bi a anka ebetumi ama n’adwuma asɛe. Kunihito ka sɛ: “Bere a m’adwumam panyin bisaa me sɛ metumi ayɛ adwuma bi anaa no, metee nka ankasa sɛ metumi ayɛ. Nanso, esiane sɛ wɔatete me ma mabu ahobrɛase sɛ ɛyɛ su pa nti, mibuae sɛ: ‘Minnye nni sɛ metumi ayɛ, nanso mɛbɔ me ho mmɔden.’ Wɔ m’adwumam panyin a ɔyɛ Amerikani no fam no, ɛyɛɛ no sɛ minnim adwuma na minni ahotoso. Bere a mihuu saa no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae bi.”

Maria, a ɔte New York City no yɛ kɔlegeni a waben, na bere nyinaa ɔpɛ sɛ ɔboa ne mfɛfo sukuufo. Ná Juan yɛ Maria yɔnko sukuuni a ɔhwehwɛ mmoa fi ne hɔ bere ne bere mu. Nanso ɔsan nyaa ne ho akɔnnɔ, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ababaa no ani agye no ho. Ɛmfa ho sɛ na Maria pɛ sɛ okura n’abrabɔ pa mu no, wantumi annyina Juan nnɛɛdɛe no ano, na ɔde ne ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu.

Su pa a yɛbɛda no adi wɔ nnɛ wiase a emu nneɛma gu ahorow na asɛe wɔ abrabɔ fam mu no yɛ den ankasa. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya su pa? Efisɛ ɔbra pa sɔ Onyankopɔn ani, na akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu dodow no ara pɛ sɛ yenya n’anim dom.

Onyankopɔn Asɛm, Bible no, tu n’akenkanfo fo sɛ wonnya su pa. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” (Filipifo 4:8) Na ɔsomafo Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden ‘nkyerɛ yɛn gyidi mu su pa.’ (2 Petro 1:5, NW) Nanso, dɛn ne su pa? So wobetumi akyerɛ no sukuu dan mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din ahorow no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena