Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 1/1 kr. 23-28
  • Yehowa Ama “Tumi A Ɛboro So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ama “Tumi A Ɛboro So”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abeawa Yarefo a Ɔwɔ Nsɛmmisa Pii
  • “Nhoma Yi Asɛe Wo!”
  • Asetra Foforo
  • Yɛn Nuanom a Ahia Wɔn a Yɛboa Wɔn
  • Akwantu Pii Mu, Wɔ Asiane Mu
  • Ɛdenam Yehowa Tumi So no, Manya Asetra Mu Abotɔyam
  • Yehowa Annyaw Yɛn Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Wɔtuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Albania Ne Kosovo
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
  • Sɛnea Wokum Me Honhom Fam Sukɔm
    Nyan!—2003
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 1/1 kr. 23-28

Asetram Nsɛm

Yehowa Ama “Tumi A Ɛboro So”

SƐNEA HELEN MARKS KA KYERƐE

Ná ɛyɛ ahohuru bere a ɔhyew wom paa wɔ 1986 mu. Me nkutoo na na meretwɛn wɔ ɔdan a wɔhwehwɛ akwantufo nneɛma wom no mu wɔ Europa wimhyɛn gyinabea a ɛhɔ yɛ dinn paa no mu. Ná ɛyɛ Albania ahenkuro Tiranë, a na wɔde ato gua sɛ “wɔne ɔman a wodi kan wɔ wiase a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ” no mu.

BERE a na minhu nea menyɛ na ehu aka me no, migyinaa hɔ dinn maa ɔsraani bi hwehwɛɛ me nneɛma mu. Sɛ meyɛɛ biribi anaa mekaa asɛm bi a ɛbɛma wasusuw sɛ biribi wɔ mu a, anka ebetumi ama wɔapam me afi ɔman no mu na wɔde nkurɔfo a wɔretwɛn me wɔ abɔnten no akogu afiase anaa wɔde wɔn akɔ adwumayɛban mu. Anigyesɛm ne sɛ, mitumi maa ɔsraani no daa adamfofa adi denam kyingam ne bisket a mede maa no no so. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na ɔbea a na mewɔ me mfe 60 mfinimfini mu baa tebea yi mu? Dɛn nti na migyaw asetra a na hwee nhaw me hɔ na mede me nkwa too asiane mu denam mmɔden a mebɔe sɛ mɛma Ahenni nneɛma anya nkɔso wɔ beae a etwa to a na wokura Marx ne Lenin nkyerɛkyerɛ mu denneennen saa no mu?

Abeawa Yarefo a Ɔwɔ Nsɛmmisa Pii

Bere a wɔwoo me wɔ 1920 mu wɔ Ierápetra, Crete no, mfe abien akyi na mpafe kum me papa. Na ahia maame na na onnim nhoma. Ná me na misua koraa wɔ mmofra baanan no mu, na esiane hurae a ɛyɛɛ me nti, na mayɛ hoyaa a minni ahoɔden koraa. Afipamfo kae sɛ me maame mfa n’adwene nsi mmofra baasa no so na onyae me ho ka a na ɔbɔ no mma minwu. Ɛyɛ me anigye sɛ wanni wɔn afotu no akyi.

Nea ɛbɛyɛ na Maame ahwɛ ama Paapa kra agye n’ahome wɔ soro no, na ɔtaa kɔ asiei hɔ, na mpɛn pii no na ɔma Ortodɔks sɔfo bi kɔyɛ asɔre ma no. Ɛwom, na wɔnyɛ asɔre a ɛte saa no kwa. Meda so ara kae Buronya da bi a na awɔw wom paa a na maame fi asiei reba a na meretwe me nan ase di n’akyi. Na yɛde yɛn sika a aka yɛn ho nyinaa ama ɔsɔfo no. Bere a Maame noaa ɛfan maa yɛn mmofra no akyi no, ɔde yafumpan kɔhyɛɛ dan foforo mu a na awerɛhow ama ɔrete nusu. Bere bi akyi no, minyaa akokoduru kɔɔ ɔsɔfo no hɔ kobisaa no nea nti a Paapa wui ne nea nti a ɛsɛ sɛ me maame a ahia no no tua sika ma ɔsɔfo no. Ɔde aniwu buae sɛ: “Onyankopɔn na afa no. Saa ara na ɛte. Wo werɛ befi.”

Na ɛyɛ den ma me sɛ mede ne mmuae no bɛtoto Awurade mpaebɔ a na masua wɔ sukuu mu no ho. Meda so ara kae mpaebɔ no nnianim nsɛm a ɛyɛ anigye na ntease wom no: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:9, 10) Sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ n’apɛde yɛ asase so a, dɛn nti na yehu amane pii saa?

Ɛkaa kakraa na anka minyaa ho mmuae bere a Emmanuel Lionoudakis, a ɔyɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa asɛmpakafo baa yɛn fie wɔ 1929 mu no.a Bere a me maame bisaa no nea ɔrehwehwɛ no, Emmanuel anka biribiara na mmom ɔde adansedi krataa na ɛmaa no. Maame de krataa no maa me sɛ menkenkan. Esiane sɛ na madi mfe akron pɛ nti, mante ase papa. Esiane sɛ na me maame susuw sɛ ɔsɛmpakafo a ɔbaa yɛn fie no yɛ mum nti, ɔkae sɛ: “Oo, mmɔbɔ! Wuntumi nkasa, na me nso mintumi nkenkan.” Enti maame kyerɛɛ no abɔnten kwan sɛ ɔnkɔ.

Mfe kakra bi akyi no, minyaa mmuae no. Me nuabarima Emmanuel Paterakis nsa kaa kratawa Where Are the Dead?, a Yehowa Adansefo tintimii no fii bere nyinaa ɔsɛmpakafo koro no ara hɔ.b Bere a mekenkanee no, m’ani gyei sɛ mihui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na afa me papa. Mihui sɛ owu fi adesamma sintɔ na me papa retwɛn sɛ ɔbɛsɔre aba nkwa mu wɔ paradise wɔ asase so.

“Nhoma Yi Asɛe Wo!”

Bible mu nokware buee yɛn ani. Yehuu Paapa Bible dedaw bi na yefii ase suae, a na mpɛn pii no, yɛsɔ kyɛnere tra ho wɔ gya ho. Esiane sɛ na me nko ne ababaa a n’ani gye Bible ho wɔ hɔ nti, wɔamfa me anka Adansefo kuw ketewa no dwumadi ho. Eduu bere bi no, na migye di paa—ɛwom sɛ na ɛnteɛ de—sɛ ɔsom yi yɛ mmarima nkutoo de.

Anigye a me nuabarima de yɛɛ asɛnka adwuma no kanyan me. Ankyɛ na polisifo de wɔn ani sii yɛn abusua no so, baa yɛn fie anɔpa ne awia ne anwummere bɛhwehwɛɛ Emmanuel ne nhoma ahorow. Mekae paa sɛ bere bi ɔsɔfo bi bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra asɔre. Bere a Emmanuel fi Bible no mu kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn din de Yehowa no, ohwim Bible no fii me nuabarima no nsam, hinhim no n’anim teɛɛm guu no so sɛ: “Nhoma yi asɛe wo!”

Wɔ 1940 mu bere a Emmanuel ankɔ sraadi no, wɔkyeree no de no kɔkaa Albania asraafo ho wɔ akono. Yɛante ne nka bio nti yesusuwii sɛ wawu. Nanso, mfe abien akyi no, yɛn nsa kaa krataa bi a na yɛnhwɛ kwan fii ne hɔ wɔ afiase. Ná ɔte ase a ne ho ye! Kyerɛw nsɛm a ɔtwee adwene sii so wɔ ne krataa no mu no mu biako aka m’adwenem de besi nnɛ: “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Hwɛ sɛnea na yehia saa nkuranhyɛ yi!

Bere a na Emmanuel wɔ afiase no, otumi maa anuanom binom bɛsraa me. Ntɛm ara na yefii ase hyehyɛɛ Kristofo nhyiam horow wɔ sum ase wɔ fie bi a ɛwɔ obi afum wɔ kurow no akyi. Na yennim koraa sɛ wɔrehwɛ yɛn! Kwasida bi, polisifo a atuo kurakura wɔn twaa yɛn ho hyiae. Wɔsoaa yɛn guu lɔre bi akyi de yɛn kyerɛe wɔ kurow no mu. Meda so ara kae sɛnea nkurɔfo dii yɛn ho fɛw na wobuu yɛn animtiaa, nanso, Yehowa nam ne honhom so ma yenyaa abotɔyam no.

Wɔde yɛn kɔɔ kurow foforo so de yɛn koguu afiase bi a na esum ne efĩ wɔ hɔ yiye mu. Na tiafi a ɛwɔ afiase dan a mewɔ mu no yɛ bokiti a hwee nkata so a na woyi no pɛnkoro da biara. Wɔde me too afiase asram awotwe esiane sɛ na wosusuw sɛ me ne kuw no “kyerɛkyerɛfo” no nti. Nanso, onua bi a na wɔde no ato afiase wɔ hɔ yɛɛ nhyehyɛe maa ne mmaranimfo dii yɛn asɛm no, na otumi ma woyii yɛn.

Asetra Foforo

Bere a woyii Emmanuel fii afiase no, ofii ase srasraa asafo horow a ɛwɔ Athens no sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Mekɔɔ hɔ 1947 mu. Afei mekɔtoo Adansefo kuw kɛse—a ɛnyɛ mmarima nko na mmom mmea ne mmofra nso ka ho. Afei, mitumi de nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne wɔ July 1947 mu. Na metaa dwen ho sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo daakye enti mifii ase kɔɔ anwummere sukuu kosuaa Engiresi kasa. Mebɛyɛɛ ɔkwampaefo wɔ 1950 mu. Maame ne me bɛtrae, na ɔno nso gyee Bible mu nokware no. Ɔkɔɔ so traa ase sɛ Yehowa Dansefo mfe 34 akyi kosii sɛ owui.

Saa afe no ara mu na mihyiaa John Marks (Markopoulos), ɔbarima bi a wobu no, na ɔyɛ honhom muni a ofi United States. Wɔwoo John wɔ Albania anaafo fam, na bere a otu kɔɔ United States akyi no na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Wɔ 1950 mu no, na ɔwɔ Greece rebɔ mmɔden sɛ obenya Albania—ɔman a na wokura Kumunis mu denneennen a na wɔmma ɔman foforo muni mma hɔ—akwantu tumi krataa. Ɛwom sɛ na John nhuu n’abusua fi 1936 mu de, nanso wamma no kwan amma wamma Albania. M’ani gyee nsi a na ɔwɔ ma Yehowa som adwuma ne ɔdɔ kɛse a na ɔwɔ ma anuanom no. Yɛwaree wɔ April 3, 1953. Enti me ne no tu kɔɔ yɛn fie foforo a ɛwɔ New Jersey, U.S.A. no mu.

Nea ɛbɛyɛ na yɛahwɛ yɛn ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, ná me ne John wɔ adwuma ketewa bi wɔ New Jersey mpoano, a na yɛyɛ anɔpaduan ma apofofo no. Na yɛyɛ adwuma wɔ ahohuru bere mu nkutoo, fi ahemadakye kosi anɔpa 9:00. Esiane sɛ yɛyɛɛ yɛn ho awiɛmfoɔ na yɛde honhom fam nneɛma sii yɛn ani so nti, na yetumi de bere pii yɛ asɛnka adwuma no. Bere kɔɔ so no, wɔmaa yetu kɔɔ nkurow a mmoa ho hia kɛse wɔ hɔ so. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛboaa anigyefo, hyehyɛɛ asafo horow, na yɛboa ma wosisii Ahenni Asa ahorow wɔ mmeae a yɛkɔe no.

Yɛn Nuanom a Ahia Wɔn a Yɛboa Wɔn

Nanso, ankyɛ na hokwan bi a ɛyɛ anigye bue maa yɛn. Na anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no pɛ sɛ wɔne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Balkan nsase so a na wɔabara yɛn dwumadi wɔ hɔ no di nkitaho. Mfe pii twaa mu a na Yehowa Adansefo a wɔwɔ saa aman no mu no ne amanaman ntam anuanom fekuw no nni nkitaho, na honhom fam aduan kakraa bi pɛ na wonya, na ebinom nnya bi koraa, na wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den. Na ani di wɔn mu dodow no ara akyi, na na wɔde pii agu afiase anaa adwumayɛban mu. Na wohia Bible ho nhoma horow, akwankyerɛ, ne nkuranhyɛ ntɛm paa. Sɛ nhwɛso no, yenyaa nkrasɛm bi fii Albania a ɛkenkan sɛ: “Mommɔ Awurade mpae mma yɛn. Wogye nhoma fi yɛn nsam wɔ afie afie. Wɔmmma yennsua ade. Wɔde anuanom baasa agu afiase.”

Enti wɔ November 1960 mu no, yefii asram asia akwantu bi ase de kɔsrasraa nkurow ahorow yi bi. Na ɛda adi sɛ yehia “tumi a ɛboro so,” Onyankopɔn nkyɛn akokoduru, ne nyansa na yɛatumi ayɛ yɛn adwuma no. (2 Korintofo 4:7) Baabi a yedii kan kɔe ne Albania. Yɛtɔɔ kar wɔ Paris siim kɔe. Bere a yeduu Rome no, John nkutoo na onyaa Albania akwantu tumi krataa. Ná ɛsɛ sɛ metoa so kɔ Athens, Greece, kɔtwɛn no.

February awiei mu na John duu Albania, na ɔtraa hɔ kosii March awiei. Ohyiaa anuanom 30 wɔ Tiranë. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ wɔn nsa kaa nhoma ne nkuranhyɛ a na wohia paa no! Na obiara mfii amannɔne mmɛsraa wɔn wɔ mfe 24 mu.

Anuanom yi nokwaredi ne wɔn boasetɔ no hyɛɛ John nkuran. Ɔtee sɛ wɔn mu pii nnwuma afi wɔn nsa na wɔde wɔn guu afiase esiane sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ ɔman no Kɔmunis dwumadi ahorow mu nti. Nea ɛhyɛɛ no nkuran kɛse ne bere a anuanom baanu a na wɔwɔ wɔn mfe 80 mu maa no U.S. dɔla 100 sɛ wɔde reboa asɛnka adwuma no no. Na wɔde mfe pii na asie sika afi nea na wonya fi pɛnhyen kakra a aban de ma wɔn no mu.

Da a etwa to a John fii Albania ne March 30, 1961—da a na wɔredi Yesu wu ho Nkae no. John na ɔmaa Nkaedi kasa no kyerɛɛ atiefo a na wɔn dodow si 37. Bere a ɔkasa no baa awiei no, ntɛm ara na anuanom no de John faa mfikyiri pon no mu de no kɔhyɛɛ kar mu kɔɔ Durrës po so hyɛn gyinabea, faako a ɔfaa Turkyfo aguadifo po so hyɛn a na ɛrekɔ Piraiévs (Piraeus), Greece no.

M’ani gyei sɛ ɔsan bae a hwee anyɛ no. Afei de na yebetumi afi yɛn akwantu a ɛyɛ hu no ase. Yɛn akwantu no de yɛn kɔɔ Balkan aman abiɛsa a na wɔabara yɛn dwumadi no mu—na ɛyɛ hu, efisɛ na yekura Bible ho nhoma ahorow, akyerɛw mfiri ahorow, ne nneɛma foforo. Yenyaa hokwan hyiaa anuanom mmarima ne mmea anokwafo a na wɔayɛ krado sɛ wɔde wɔn nnwuma ne wɔn ahofadi, ne wɔn nkwa mpo bɛbɔ afɔre ama Yehowa no. Wɔn nsiyɛ ne ɔdɔ a wofi komam daa no adi no hyɛɛ yɛn nkuran. Yɛn ani gyei nso sɛ Yehowa maa yɛn “tumi a ɛboro so.”

Bere a yɛde yɛn akwantu no baa awiei asomdwoe mu no, yɛsan kɔɔ United States. Wɔ mfe a edii ɛno akyi no, yɛbɔɔ mmɔden faa akwan horow so de nhoma menaa Albania anuanom gyee wɔn dwumadi ahorow ho amanneɛbɔ.

Akwantu Pii Mu, Wɔ Asiane Mu

Bere a mfe pii akyi John wui wɔ 1981 mu, bere a na wadi mfe 76 no, meyɛɛ ankonam. Me nuabea panyin ba Evangelia, ne ne kunu George Orphanides, fi ayamye mu gyee me kɔɔ wɔn fie, na wɔakɔ so aboa me yiye wɔ nkate ne honam fam fi saa bere no. Ná wɔn ankasa nso anya Yehowa mmoa ho suahu bere a na wɔresom wɔ Sudan a na wɔabara yɛn dwumadi no.c

Bere bi akyi no, na ɛsɛ sɛ yɛfa kwan foforo so ne yɛn nuanom a wɔwɔ Albania no di nkitaho. Esiane sɛ na me kunu abusuafo te hɔ nti, wobisaa me sɛ ebia mepɛ sɛ mitu kwan kɔ ɔman no mu. Yiw, mɛyɛ saa!

Asram pii a mede bɔɔ me ho mmɔden akyi no, mitumi nyaa akwantu tumi krataa fii Albania aban nanmusifo dwumadibea a ɛwɔ Athens no hɔ wɔ 1986 mu. Ɔman no ananmusifo bɔɔ me kɔkɔ denneennen sɛ sɛ biribi ankɔ yiye a, ɛnsɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ menya mmoa bi afi ɔman biara so. Bere a mekɔe sɛ merekɔtɔ Albania wimhyɛn akwantu tekiti no, nea ɔhwɛ akwantu ho nsɛm so no ho dwiriw no. Bere a mamma ehu anni me so no, ankyɛ koraa na meforo wimhyɛn biako pɛ a na efi Athens kɔ Tiranë no. Na Albaniafo baasa pɛ a na wɔn mfe akɔ anim yiye na na wɔwɔ saa wimhyɛn no mu; aduruyɛ nti na wɔkɔɔ Greece.

Bere a wimhyɛn no sii fam pɛ na wɔde me kɔɔ dan bi a hwee nnim mu, faako a na wɔhwehwɛ akwantufo nneɛma mu no. Ɛwom sɛ na me kunu nua ne ne nuabea nyɛ Yehowa Adansefo de, nanso, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa me ama mahu anuanom kakra a na wɔwɔ hɔ no. Na mmara hwehwɛ sɛ wɔbɔ nea ɔhwɛ mpɔtam hɔ no amanneɛ sɛ maba hɔ. Ne saa nti polisifo ani dii m’akyi yiye. Enti m’abusuafo no kae sɛ mentra fie bere a wɔrehwehwɛ anuanom baanu a wɔte Tiranë no na wɔde wɔn abrɛ me.

Saa bere no, na anuanom baakron na wonim wɔn sɛ wɔahyira wɔn ho so wɔ Albania nyinaa. Bara a wɔbaraa wɔn dwumadi mfe pii, ɔtaa, ne ani a wɔde dii wɔn akyi no ama wɔayɛ anifere kɛse. Na wɔn anim atwintwam yiye. Bere a anuanom baanu yi gyee me toom no, asɛm a wodii kan bisaa me ne sɛ: “Ɔwɛn-Aban ahorow no wɔ he?” Mfe pii twaa mu a na nhoma dedaw abien pɛ na na wɔwɔ—a wonni Bible mpo.

Wɔkaa atirimɔdenne a na nniso no de ayɛ wɔn no ho nsɛm pii. Wɔkaa onua dɔfo bi a na wasi ne bo sɛ ɔrennyina afã biara wɔ amanyɔsɛm mu wɔ abatow bi a na ɛrebɛba so no mu ho asɛm. Esiane sɛ ɔman no na na ɛhwɛ biribiara so nti, na ɛno kyerɛ sɛ n’abusua no rennya aduan a wɔkyekyɛ biara. Wɔde ne mma a wɔaware ne wɔn mmusua nyinaa bɛkɔ afiase, ɛmfa ho sɛ na wɔne wɔn papa no nni ɔsom biako mu no. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ esiane ehu nti, ade rebɛkye ama wɔato aba no, onua yi abusuafo kum no, tow no kyenee abura bi mu, na akyiri yi wɔkae sɛ ehu na ɛkaa no ma okum ne ho.

Sɛnea na ohia adosa mfɛfo Kristofo yi yɛ awerɛhow ankasa. Nanso, bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma wɔn mu biara dɔla 20 no, wɔannye, na wɔkae sɛ: “Yɛpɛ honhom fam aduan nkutoo.” Ná anuanom adɔfo yi de mfe dudu pii atra katabaako nniso a na atumi akyerɛkyerɛ nnipa pii ma wɔagye adi sɛ Onyankopɔn nni hɔ no ase. Nanso, na wɔn gyidi yɛ den te sɛ Adansefo a wɔwɔ baabiara no. Ampa, eduu bere a mifii Albania dapɛn abien akyi no, mihuu sɛnea Yehowa tumi ma “tumi a ɛboro so” wɔ tebea horow a emu yɛ den yiye mpo mu no paa.

Mesan nyaa hokwan kɔsraa Albania wɔ 1989 mu ne afei 1991 mu. Bere a kasa ne nyamesom mu ahofadi de nkakrankakra nyaa nkɔanim wɔ ɔman no mu no, Yehowa asomfo dodow nyaa nkɔanim ntɛmntɛm. Kristofo kakraa bi a na wɔahyira wɔn ho so wɔ hɔ wɔ 1986 mu no dodow akɔ anim akodu adawurubɔfo bɛboro 2,200. Wɔn mu biako ne me kunu nuabea Melpo. So obi betumi agye kyim sɛ na Yehowa nhyira nni saa anokwafo kuw yi so?

Ɛdenam Yehowa Tumi So no, Manya Asetra Mu Abotɔyam

Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, minya ahotoso sɛ yɛn adwuma no—John ne me de—nyɛɛ kwa. Yɛde yɛn mmabun bere mu ahoɔden dii dwuma ɔkwan pa so. Adwuma a yɛyɛe wɔ bere nyinaa som adwuma mu no asow aba pii sen biribiara a anka yebetumi ayɛ. Midi ahurusi wɔ nnipa pii a yɛaboa wɔn ma wɔasua Bible mu nokware no ho. Seesei a me mfe akɔ anim yi, metumi afi koma nyinaa mu ahyɛ mmofra nkumaa nkuran sɛ ‘wɔnkae wɔn Bɔfo Kɛse no wɔ wɔn mmeranteberem.’—Ɔsɛnkafo 12:1.

Ɛmfa ho sɛ m’adi mfe 81 no, meda so ara tumi som sɛ asɛmpa no ho bere nyinaa dawurubɔfo. Mesɔre ntɛm di nkurɔfo a wɔwɔ bɔs gyinabea, baabi a wɔde kar sisi, abɔnten so, sotɔɔ ahorow mu, anaa agoprama horow so adanse. Seesei mpanyinyɛ mu haw ama asetra ayɛ den, nanso, me nuanom mmarima ne mmea—me honhom fam abusua kɛse—ne me nuabea ba abusua no ayɛ me mmoa kɛse ankasa. Nea ɛsen ne nyinaa no, mahu sɛ “tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.”—2 Korintofo 4:7.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ Emmanuel Lionoudakis asetram nsɛm a, hwɛ September 1, 1999, Ɔwɛn-Aban nkratafa 25-9 mu.

b Sɛ wopɛ Emmanuel Peterakis asetram nsɛm a, hwɛ November 1, 1996, Ɔwɛn-Aban nkratafa 22-7 mu.

c Hwɛ1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 91-2, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Atifi: John, (benkum so) nohoa, me, (mfinimfini), ne me nuabarima Emmanuel wɔ me benkum so ne yɛn maame wɔ ne benkum so, ne Betelfo, wɔ Athens, 1950

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Benkum so: Mene John wɔ yɛn adwuma mu wɔ New Jersey mpoano, 1956

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔmantam nhyiam wɔ Tiranë, Albania, 1995

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Betel fie, Tiranë, Albania.

Wowiee no 1996

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mene me nuabea ba Evangelia Orfanidis (nifa so) ne ne kunu, George

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Atifi: asɛm bi a efi 1940 “Ɔwɛn-Aban” mu a wɔkyerɛɛ ase wɔ sum ase kɔɔ Albania kasa mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena