Wɔhyɛɛ Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo Nkuran sɛ Wonwie Wɔn Adwuma
AKYERƐKYERƐFO ɔpehaha pii hyiaam asram kakra a atwam yi mu kogyee akwankyerɛ. Efi May 2001 a etwaa mu no, “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” hyiaam wɔ Yehowa Adansefo Amantam Nhyiam ɔhaha pii ase wɔ wiase nyinaa. Wɔhyɛɛ nhyiamfo no nkuran sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ho, na wɔn ho nkokwaw yiye, na wonwie wɔn adwuma sɛ akyerɛkyerɛfo.
Wokɔɔ ɔmantam nhyiam yi bi? Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gyee honhom fam aduan a wɔde mae wɔ saa nhyiam ahorow a wohyiaam som nokware Nyankopɔn Yehowa no ase ho. Dɛn nti na wonka yɛn ho mma yentĩ nhyiam dwumadi no mu?
Da a Edi Kan—Kyerɛwnsɛm a Efi Honhom mu Ye Ma Ɔkyerɛkyerɛ
Nhyiam guamtrani no fi ɔdɔ mu de ɔkasa a n’asɛmti ne “Mo Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo, Momma Wɔnkyerɛkyerɛ Mo” maa nhyiamfo no akwaaba. Yesu Kristo suaa ade fii Yehowa “Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini” no nkyɛn ma ɔbɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse. (Yesaia 30:20; Mateo 19:16) Sɛ yɛn nso yebenya nkɔso te sɛ Nyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo a, ɛsɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn.
Ɔfã a edii hɔ ne “Ahenni Nkyerɛkyerɛ Sow Aba Pa.” Wɔnam nsɛm a wobisabisaa Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw so sii anigye ne nhyira horow a efi asuafoyɛ adwuma mu ba no so dua.
Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a edii hɔ ne “Onyankopɔn Anwonwade Kanyan Yɛn.” Wɔ afeha a edi kan mu no, “anwonwade ahorow” a ɛfa Nyankopɔn Ahenni ho no kanyan nkurɔfo ma wɔyɛɛ ade. (Asomafo no Nnwuma 2:11) Yɛn nso yɛnam “anwonwade ahorow” te sɛ Kyerɛwsɛm mu nkyerɛkyerɛ a ɛfa agyede, owusɔre, ne apam foforo no ho asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo so betumi akanyan wɔn ma wɔayɛ ade.
Ɔkasa a edi hɔ no hyɛɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ ‘Yennya Yehowa Trenee Ho Anigye.’ (Dwom 35:27) Wɔboaa yɛn sɛ yɛnhwehwɛ trenee denam sua a yebesua sɛ yɛbɛdɔ adetrenee na yɛakyi bɔne, denam Bible no a yebesua ne honhom fam nkɛntɛnso bɔne a yɛbɛko atia ne ahobrɛase a yɛbɛda no adi so. Anammɔn a ɛte saa a yebetu no bɛbɔ yɛn ho ban afi fekubɔne, honam fam nneɛma, ɔbrasɛe, ne anigyede a basabasayɛ wom no ho.
Nhyiam asɛmti ho ɔkasa no asɛmti ne, “Wɔasiesie Yɛn Koraa sɛ Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” no kaee yɛn sɛ Yehowa nam N’asɛm, ne honhom kronkron, ne n’asase so ahyehyɛde no so ayɛ yɛn n’asomfo. Ɛdefa Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma ho no, ɔkasafo no tuu yɛn fo sɛ: “Yɛn botae ne sɛ yebeyi nkrasɛm no afi Bible no mu na yɛde adua yɛn atiefo no komam.”
Nhyiam no ase ɔkasa a wɔakyekyem a edi kan no asɛmti ne “Yɛn Ho a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Bere a Yɛrekyerɛkyerɛ Afoforo No.” Nnianim asɛm no sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ yedi Kristofo abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn a yɛde kyerɛkyerɛ afoforo no so. Ɔfã a edi hɔ no tuu yɛn fo sɛ ‘yenkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15) Sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn ho a, ebehia sɛ yɛtaa yɛ kokoam Bible adesua, ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Nyankopɔn. Ɔkasa a wɔakyekyem no fã a etwa to no kyerɛe sɛ Ɔbonsam rehwɛ yɛn sɛ yɛbɛda su bi te sɛ ahomaso, ahofadi honhom, bu a obi bebu ne ho asen afoforo, ninkuntwe, ahoɔyaw, abufuw, menasepɔw, ne afoforo ho mfomso a wɔhwehwɛ, adi. Nanso, sɛ yɛyere yɛn ho ko tia Ɔbonsam a, obeguan afi yɛn nkyɛn. Sɛ yebetumi ako atia no a, ehia sɛ yɛbɛn Nyankopɔn.—Yakobo 4:7, 8.
Ɔkasa a ɛyɛ ne bere mu de a eti asɛm ne “Kyi Wiase no Aguamansɛm” no kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛko atia animguasede a ebetumi de yɛn honhom fam yiyedi ato asiane mu no. Odiyifo Habakuk ka faa Yehowa ho sɛ: “Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw.” (Habakuk 1:13) Ɛsɛ sɛ ‘yekyi bɔne.’ (Romafo 12:9) Wotuu awofo fo sɛ wɔnhwɛ dwumadi a wɔn mma hwɛ wɔ Intanɛt ne television so no yiye. Ɔkasafo no kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ nguamansɛm no hwehwɛ mmoa fi nnamfo a wɔn ho akokwaw nkyɛn. Afei nso sɛ wodwennwen kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 97:10; Mateo 5:28; 1 Korintofo 9:27; Efesofo 5:3, 12; Kolosefo 3:5; ne 1 Tesalonikafo 4:4, 5, ho na wɔkyere gu wɔn tirim a, ebetumi aboa wɔn.
Ɔkasa a edi hɔ a ɛne, “Ma Onyankopɔn Asomdwoe Mmɔ Wo Ho Ban” no, kyekyee yɛn werɛ sɛ sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, yebetumi adan yɛn adesoa ato Yehowa so. (Dwom 55:22) Sɛ yefi yɛn pɛ mu ka nea ehia yɛn wɔ mpaebɔ mu kyerɛ Yehowa a, ɔbɛma yɛn “Onyankopɔn asomdwoe,” dwoodwoo asetra a asomdwoe wom a egyina nkitahodi pa a yɛne no benya so.—Filipifo 4:6, 7.
Ɔkasa a ɛyɛ anigye a eti asɛm ne “Yehowa De Hann Hyɛ Ne Nkurɔfo Anuonyam” a ɛde da a edi kan no dwumadi baa awiei no kyerɛkyerɛɛ Yesaia ti 60 no mmamu mu. Wɔ nnɛ wiase a aduru sum mu no, “ananafo”—nguan foforo no mu nnipa kuw kɛse no—ne Kristofo a wɔasra wɔn no bom nya Yehowa hann mu kyɛfa. Bere a ɔkasafo no reka nkyekyem 19 ne 20 ho asɛm no ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa ‘rentɔ’ te sɛ owia na ne so ‘rehuan’ sɛ ɔsram. Ɔbɛkɔ so de hann ahyɛ ne nkurɔfo anuonyam. Awerɛhyem a ɛyɛ anigye a wɔde ma yɛn a yɛte nna a edi akyiri yi mu wɔ wiase a aduru sum mu bɛn ara ni!” Wɔ ɔkasafo no nsɛm a etwa to mu no, ɔde nhoma a wɔayi no adi foforo Yesaia Nkɔmhyɛ—Hann Ma Adesamma Nyinaa Po a Ɛto so Abien no too gua. So woakenkan nhoma yi awie?
Da a Ɛto so Abien—Yɛfata Yiye sɛ Yɛkyerɛkyerɛ Afoforo
Bere a yesusuw daa asɛm no ho wiei da a ɛto so abien no yɛde anigye soronko tiee ɔkasa a wɔakyekyem a ɛto so abien “Asomfo a Afoforo Nam Wɔn So Bɛyɛ Gyidifo” no. Akasafo baasa a wodii ho dwuma no mu biara sii boa a yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ gyidifo—yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no, yɛbɛboa anigyefo a yebenya wɔn no, na yɛakyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi nea Kristo ahyɛ no so no so dua. Denam mmoa a yenya fii nsɛm a wobisabisa ne ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛka ho so no, yetumi huu sɛnea yebetumi akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔabɛyɛ asuafo.
Nea edi hɔ no asɛmti ne “Fa Onyamesom Pa Ka Wo Boasetɔ Ho.” Ɔkasafo no kyerɛe sɛ nea ehia paa ne ‘gyina a yebegyina akodu awiei.’ (Mateo 24:13) Ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn nsiesiei ahorow no nyinaa—mpaebɔ, kokoam adesua, nhyiam ne asɛnkakɔ, di dwuma na yɛatumi ada Onyamesom pa adi. Ehia sɛ yɛhwɛ na yɛamma wiase akɔnnɔ ne emu dwumadi ahorow no ansiw yɛn kwan anaa ansɛe yɛn nyamesom pa no.
Ɔkwan bɛn na nnipa a wɔabrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa no nam so benya ɔhome nnɛ? Ɔkasa a ne ti asɛm ne “Ɔhome a Wubenya Wɔ Kristo Kɔndua Ase” no buaa saa asɛm no. Yesu fi ayamye mu too nsa frɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmra ne kɔndua ase na wonsua no. (Mateo 11:28-30) Yebetumi aba Kristo kɔndua ase denam ne nhwɛso a ɛne n’asetra kwan a ɛnyɛ kyenkyenee na ɛkari pɛ akyi a yebedi so. Nsɛm a wobisabisa wɔn a wɔn asetra kwan nyɛ kyenkyenee no maa saa kasa yi mu nsɛntitiriw daa adi.
Nneɛma titiriw a yenya wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase mu biako ne Onyankopɔn asomfo afoforo a wɔbɔ wɔn asu no. Onua a ɔde asubɔ kasa a n’asɛmti ne “Asubɔ Ma Yenya Hokwan Akɛse De Kyerɛkyerɛ” mae no fi ɔdɔ mu maa asubɔfo no nyinaa akwaaba na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wommenya ɔsom adwuma hokwan ahorow mu kyɛfa. Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo a wɔabɔ wɔn asu foforo a wɔne Kyerɛwsɛm mu ahwehwɛde ahorow hyia no betumi adu asɛyɛde ahorow a ɛwɔ asafo no mu no ho.
Ɔkasa a edi kan wɔ awia dwumadi no mu ne “Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No.” Wɔ bere a enni ano a Yesu de traa soro no, ɔhwɛɛ N’agya yiye suasuaa no, ma enti ɔbɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse. Bere a ɔbaa asase so no, ɔde ɔkyerɛkyerɛ su ahorow te sɛ nsɛmmisa a ɛka koma ne mfatoho a ɛyɛ tiaa na emu da hɔ dii dwuma. Yesu de ne nkyerɛkyerɛ gyinaa Onyankopɔn Asɛm so na ɔde anigye, ɔhyew, ne tumi kasae. So anka yɛn sɛ yebesuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no?
Ɔkasa a ɛno nso ka koma a ɛne, “So Wopɛ sɛ Wosom Afoforo?” no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua Yesu nhwɛso wɔ sɛnea ɔsom afoforo no ho. (Yohane 13:12-15) Ɔkasafo no hyɛɛ mmarima a wɔfata no tẽẽ sɛ wɔnyɛ te sɛ Timoteo denam hokwan ahorow a wɔde bedi dwuma de aboa afoforo no so. (Filipifo 2:20, 21) Wɔhyɛɛ awofo nkuran sɛ wonsuasua Elkana ne Hana na wɔmmoa wɔn mma mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Wotuu mmofra nso fo sɛ wonsuasua Yesu Kristo ne aberantewaa Timoteo nhwɛso no denam wɔn pɛ mu a wobefi de wɔn ho ama so. (1 Petro 2:21) Nsɛm a wɔn a wɔanya hokwan resom afoforo kae no nso hyɛɛ yɛn nkuran.
Ɔkasa a wɔakyekyem a ɛto so abiɛsa no ti asɛm ne “Nya Teokrase Nkyerɛkyerɛ so Mfaso Kɛse.” Ɔkasafo a odi kan no sii hia a ehia sɛ yɛde yɛn adwene si biribi so kyɛ so dua. Sɛ yebedu saa botae no ho a, yebetumi de kokoam adesua tiawa bi afi ase na yɛabɔ mmɔden atrɛw mu. Ɔsan hyɛɛ atiefo nkuran sɛ wɔnhwɛ kyerɛwsɛm no mu nni akasafo no akyi wɔ nhyiam ahorow ase na wɔnyɛ kyerɛwtohɔ. Ɔkasafo a ɔto so abien no maa yehuu hia a ehia sɛ yeso “nsɛm pa a eye no mu” no. (2 Timoteo 1:13, 14) Sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nsɛm ho amanneɛbɔ a enye, nnipa atetesɛm, akyinnyesɛm a ɛkɔ akyiri, ne awaefo nkyerɛkyerɛ ho a, ɛsɛ sɛ yegye bere yɛ kokoam adesua na yɛkɔ nhyiam ahorow. (Efesofo 5:15, 16) Ɔkasa a wɔakyekyem no kasafo a otwa to no sii hia a ehia sɛ yebetĩ nea yɛasua dedaw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya teokrase nkyerɛkyerɛ so mfaso no so dua.—Filipifo 4:9.
Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yɛtee ɔkasa a ɛne “Nhoma Foforo a Ɛbɛma Yɛanya Honhom Fam Nkɔso” no! Yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ ɛrenkyɛ wobetintim nhoma foforo a wɔato din sɛ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso no. Bere a ɔkasafo no kaa emu nsɛm a wɔahyehyɛ ho asɛm no, yɛn ho peree yɛn sɛ yɛn nsa bɛka nhoma no. Ɛdefa nhoma no afã a ɔkasa ho afotu ho nsɛm bebree wom ho no ɔkasafo no kae sɛ: “Wiase nsɛm biara nni saa adesua nhoma foforo yi a ekura akenkan pa, kasa pa, ne ɔkyerɛkyerɛ pa 53 yi mu. Wɔde mu nsɛm no gyinaa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm mu.” Nhoma no bɛkyerɛ yɛn sɛnea adiyifo no, Yesu, ne n’asuafo no daa ɔkyerɛkyerɛ su pa adi. Yiw, saa adesua nhoma yi ne nsɛm kakra a yenya fi Teokrase Ɔsom Sukuu no mu bɛboa yɛn ma yɛayɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo.
Da a Ɛto so Abiɛsa—Bere no Nti Monyɛ Akyerɛkyerɛfo
Wɔ da a etwa to no daa asɛm nkɔmmɔbɔ akyi no, obiara yɛɛ aso yiye tiee nhyiam no kasa a wɔakyekyem a etwa to, “Malaki Nkɔmhyɛ no Siesie Yɛn Ma Yehowa Da No.” Bere a Yudafo no fii Babilon bae akyi bɛyɛ mfirihyia ɔha na Malaki hyɛɛ nkɔm no. Na wɔasan adan awaefo, yɛ nneɛma bɔne, na woguu Yehowa din ho fĩ denam ne mmara a ɛteɛ a wobuu wɔn ani guu so ne denam mmoa a wɔn ani afura, wɔyɛ mpakye ne wɔn a wɔyare a wɔde bɔɔ afɔre maa no so. Bio nso, wogyae wɔn mmerantebere mu yerenom kɔwaree ananafo mmea.
Malaki nkɔmhyɛ no ti a edi kan no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ ne nkurɔfo. Esi hia a ehia sɛ yefi nidi mu suro Nyankopɔn na yɛkyerɛ akronkronne ho anisɔ so dua. Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛde nea eye sen biara bɛma no, na yefi ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim mu som no. Ɛnsɛ sɛ ɔsom kronn a yɛde ma no no yɛ ani so adeyɛ kɛkɛ, na ɛsɛ sɛ yebu akontaa ma Nyankopɔn.
Bere a ɔkasa a wɔakyekyem no kasafo a ɔto so abien no de Malaki ti abien retoto yɛn bere yi ho no, obisae sɛ: “So yɛyɛ ahwɛyiye sɛ ‘wɔrenhu akɔntɔnkyesɛm biara wɔ yɛn anum’?” (Malaki 2:6) Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi anim kyerɛkyerɛ no hwɛ hu sɛ nea wɔka no gyina Nyankopɔn Asɛm so pintinn. Ɛsɛ sɛ yekyi nnaadaa kwan a wɔnam so gyaee aware no.—Malaki 2:14-16.
Bere a ɔkasafo a otwa to wɔ ɔkasa a wɔakyekyem mu no reka asɛmti a ɛne “Henanom na Yehowa Da no Wobenya Nkwa?” ho asɛm no, ɔboaa yɛn sɛnea yebesiesie yɛn ho ama Yehowa da no. Ɔkasafo no teɛɛm sɛ: “Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye ma Yehowa asomfo sɛ wobehu sɛ Malaki ti 3, nkyekyem 17 no renya mmamu wɔ wɔn so!” Ɛhɔ kenkan sɛ: “Na wɔbɛyɛ me de, asafo [Yehowa, NW] na ose, ɛda a mɛyɛ no so, ayɛ m’ankasa m’ade, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.”
Ade titiriw foforo a wosii so dua wɔ nhyiam no ase ne drama a wɔhyehyɛ tetefo ntade wom a n’asɛmti ne “Kyerɛ Obu Ma Yehowa Tumidi,” a ɛtwe adwene si Kora mma no so no. Ɛmfa ho atua a wɔn agya tew tiaa Mose ne Aaron no, wɔkɔɔ so dii nokware maa Yehowa ne n’ananmusifo no. Bere a wɔsɛee Kora ne n’akyidifo no, Kora mma no nyaa wɔn ti didii mu. Ɔkasa a edi akyi, “Fi Nokwaredi Mu Brɛ Wo Ho Ase Hyɛ Onyankopɔn Tumidi Ase” de drama no mu nsɛm totoo yɛn mu biara asetra ho. Ɔkasafo no de nneɛma asia a Kora ne n’akyidifo no antumi anni ho dwuma ho kɔkɔbɔ mae: nokwaredi mu a wɔamfi annyina Yehowa tumidi akyi; ma a wɔmaa ahomaso, anuonyampɛ, ne anibere nyaa wɔn so tumi; wɔn ani a wɔde sii wɔn a Yehowa apaw wɔn sintɔ ahorow so; anwiinwii su a wonyae; ɔsom mu hokwan ahorow a wɔwɔ ansɔ wɔn ani; ne ma a wɔmaa nnamfosɛm anaa abusuasɛm ho hiaa wɔn sen nokware a wobedi ama Yehowa.
Baguam ɔkasa no asɛmti ne, “Henanom na Wɔrekyerɛkyerɛ Amanaman Nyinaa Nokware No?” Ɛnyɛ nokware kɛkɛ ho asɛm na wɔkae na mmom nokware a ɛfa Yehowa atirimpɔw a Yesu Kristo dii ho adanse no ho. Ɔkasafo no kaa sɛnea nokware no fa gyidi ahorow ho, sɛnea ɛfa ɔkwan a wɔfa so som ho, ne sɛnea ɛfa yɛn abrabɔ ho ho asɛm. Denam eyi a yɛde totoo afeha a edi kan Kristofo ne nnɛyi Yehowa Adansefo ho so no, anidaso a yɛwɔ sɛ ‘Onyankopɔn ka yɛn ho ampa’ no mu yɛɛ den ankasa.—1 Korintofo 14:25.
Bere a wɔbɔɔ Ɔwɛn-Aban adesua ma nnawɔtwe no mua wiei no, ɔkasa a wɔde wiee dwumadi no a n’asɛmti ne “Ahoɔhare a Yɛde Bɛyɛ Nkyerɛkyerɛ Adwuma No” kanyan Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ nhyiam no ase no nyinaa. Dwumadi no mu ntimu tiawa a wɔyɛe no sii hia a ehia sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no bedi dwuma akyerɛkyerɛ, akwan a yebetumi afa so ayɛ akyerɛkyerɛfo a yɛfata, ne hia a ehia sɛ yenya ahotoso wɔ nokware a yɛde rekyerɛkyerɛ afoforo no mu so dua. Ɔkasafo no tuu yɛn fo sɛ ‘yɛmma yɛn nkɔso nna adi’ na yɛmma ‘yɛn ani mmra yɛn ho ne yɛn nkyerɛkyerɛ so.’—1 Timoteo 4:15, 16.
Hwɛ honhom fam aduan ara a yenyae wɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam no ase! Ɛmmra sɛ yebesuasua yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa, ne yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse Yesu Kristo wɔ Onyankopɔn asɛm a yɛde kyerɛkyerɛ afoforo no mu.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]
Nhoma Foforo A Ebedi Ahiade Atitiriw Ho Dwuma
Nhyiamfo a wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo” Ɔmantam Nhyiam ase no de anigye gyee nhoma horow abien a ɛsɛ sɛ ɛboa ma wɔde kyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase no afã horow Kyerɛwnsɛm mu nokware no. Kratawa a wɔato din So Wowɔ Honhom a Enwu Da? no betumi ayɛ adwinnade a mfaso wɔ so a yɛne wɔn a nsonsonoe biara nni “ɔkra” ne “honhom” mu wɔ wɔn kasa mu no afi nkɔmmɔbɔ ase. Kratawa foforo no kyerɛ pefee sɛ ɛsono honhom tumi na ɛsono honhom abɔde na sɛ nnipa wu a wɔmmɛyɛ honhom abɔde.
Wɔ nhyiam no da a ɛto so abien no woyii nhomawa a ɛne Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa so Anya adi. Atirimpɔw nti a wɔyɛɛ saa nhomawa yi ne sɛ wɔne wɔn a wonni Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ nipasu ne nhoma a efi honhom mu ho adwene biara befi Bible adesua ase. So woatumi de nhoma foforo yi adi adwuma wɔ w’asɛnka mu?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]
Wɔ Milan Italy, ne nhyiam ahorow a wɔyɛɛ wɔ mmeae ahorow no wɔbɔɔ nnipa ɔhaha pii asu
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Drama a ne ti asɛm ne “Kyerɛ Obu Ma Yehowa Tumidi” no kaa atiefo no koma