‘Monkɔ So Nni M’akyi’
“Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.”—1 PETRO 2:21.
1, 2. Dɛn nti na Yesu nhwɛso a ɛyɛ pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nyɛ nea ɛkorɔn dodo sɛ yebesuasua?
YESU KRISTO ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn. Afei nso, na ɔyɛ pɛ; sɛ onipa no, wanyɛ bɔne da wɔ n’asetra nyinaa mu. (1 Petro 2:22) Nanso, so ɛno kyerɛ sɛ Yesu nhwɛso sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no korɔn araa ma, sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yentumi nsuasua anaa? Ɛnte saa koraa.
2 Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, na Yesu nkyerɛkyerɛ no nnyinaso ne ɔdɔ. Na ɔdɔ yɛ biribi a yɛn nyinaa betumi anya bi. Onyankopɔn Asɛm taa hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya nkɔso wɔ ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo no mu. (Filipifo 1:9; Kolosefo 3:14) Yehowa nhwehwɛ biribi a n’abɔde ntumi nyɛ mfi wɔn hɔ da. Nokwarem no, esiane sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” na wabɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yebetumi aka sɛ ɔyɛɛ yɛn sɛ yɛnna ɔdɔ adi. (1 Yohane 4:8; Genesis 1:27) Enti sɛ yɛkenkan ɔsomafo Petro nsɛm a wɔde ayɛ yɛn asɛmti no a, yebetumi de ahotoso adi ho dwuma. Yebetumi adi Kristo anammɔn akyi pɛɛ. Nokwarem no, yebetumi adi Yesu ahyɛde a ese: ‘Yɛnkɔ so nni n’akyi’ no so. (Luka 9:23) Momma yensusuw sɛnea yebetumi asuasua ɔdɔ a Kristo daa no adi no, nea edi kan wɔ nokware ahorow a ɔkyerɛkyerɛe no ho, ne afei nnipa a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no ho.
Ɔdɔ a Yebenya Ama Nokware Ahorow a Yesua No
3. Dɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobesua ade, nanso afotu bɛn na ɛwɔ Mmebusɛm 2:1-5?
3 Sɛ yebenya nokware ahorow a yɛkyerɛkyerɛ no ho anigye a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nya ɔdɔ ma nokware ahorow a ɛtete saa a yebesua no. Wɔ ɛnnɛ wiase no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya ɔdɔ a ɛte saa bere nyinaa. Nneɛma bi te sɛ sukuu a ebinom nkɔ nnu akyiri ne subammɔne a wonya wɔ wɔn mmabunbere mu no ma wɔbɛyɛ nkurɔfo a wɔmpɛ adesua koraa. Nanso, ɛho hia sɛ yesua Yehowa ho ade. Mmebusɛm 2:1-5 ka sɛ: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.”
4. Sɛ́ ‘yɛbɛkom’ yɛn koma no kyerɛ dɛn, na adwene bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?
4 Hyɛ no nsow sɛ efi nkyekyɛm 1 kosi 4 no, ɛnyɛ asɛm a ‘yebetie’ ne mmara a yɛde ‘besie’ nko na wɔkɔ so hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ ho mmɔden na mmom wɔhyɛ yɛn nkuran nso sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ’ na ‘yɛmmɔre nhwehwɛ.’ Nanso, dɛn na ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ eyi nyinaa? Wiɛ, hyɛ asɛm ‘kom wo koma ma ntease’ no nsow. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ afotu yi “nyɛ adwene a wɔtwe si biribi so kɛkɛ; ɛyɛ su bi a wɔhwehwɛ sɛ yenya: anigye a yɛde begye nkyerɛkyerɛ no atom.” Na dɛn na ebetumi ama yɛde anigye atie na yɛasua ade a Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no? Yɛn nsusuwii. Ɛsɛ sɛ yebu “Onyankopɔn ho nimdeɛ” sɛ “dwetɛ” ne “akorade a ahintaw.”
5, 6. (a) Dɛn na ebetumi aba bere bi akyi, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asiw ano? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so pɛ nimdeɛ a ɛyɛ akorade a yɛanya wɔ Bible mu no bi ka ho?
5 Ɛnyɛ den sɛ yebenya nsusuwii a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, ɛda adi sɛ nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma adesamma anokwafo atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so no ka “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a woanya no ho. (Dwom 37:28, 29) Bere a edi kan a wusuaa saa nokware no, akyinnye biara nni ho sɛ wubuu no sɛ akorade a edi mũ, nimdeɛ a ɛhyɛɛ w’adwene ne wo koma ma, na ɛma wunyaa anidaso ne anigye. Na ɛnnɛ nso ɛ? Bere kɔ so no, so anisɔ a wowɔ ma w’akorade no abrɛ ase anaa asɛe? Ɛnde, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nneɛma abien. Nea edi kan, kae w’anisɔ no, kyerɛ sɛ, kaakae nea enti a wubu nokware biara a Yehowa akyerɛkyerɛ wo no, a nea wusuaa no mfirihyia pii a atwam no mpo ka ho no daa.
6 Nea ɛto so abien, kɔ so pɛ w’akorade no bi ka ho. Efisɛ, sɛ wutu aboɔden abo bi a ɛsom bo a, so wobɛma nea woanya no ara adɔɔso ama wo na woagyae tu? Anaasɛ wobɛkɔ so atutu ahwɛ sɛ ebia wubenya pii aka ho? Nokware aboɔden abo ne mpɔkowa ayɛ Onyankopɔn Asɛm no ma. Ɛmfa ho dodow a woanya no, wubetumi anya pii aka ho. (Romafo 11:33) Bere a wutu nokware pɔkowa no, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ɛma ɛyɛ akorade? So ɛma minya Yehowa nipasu anaa n’atirimpɔw ahorow mu nhumu a emu dɔ yiye? So ɛma minya akwankyerɛ bi a metumi de adi dwuma ma aboa me ma madi Yesu anammɔn akyi pɛɛ?’ Nsɛmmisa a ɛtete saa a wubedwennwen ho no bɛboa wo ma woanya ɔdɔ a emu yɛ den ama nokware ahorow a Yehowa akyerɛkyerɛ wo no.
Ɔdɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Nokware Ahorow a Yɛkyerɛkyerɛ No
7, 8. Akwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛ afoforo sɛ yɛdɔ nokware ahorow a yɛasua wɔ Bible mu no? Ma nhwɛso.
7 Bere a yɛkyerɛkyerɛ afoforo no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛdɔ nokware ahorow a yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no? Bere a yedi Yesu nhwɛso akyi no, yɛde yɛn ho to Bible no so kɛse wɔ yɛn asɛnka ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Nnansa yi, wɔahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Bible no nni dwuma kɛse wɔ wɔn asɛnka mu. Bere a wode saa nyansahyɛ no di dwuma no, hwehwɛ akwan a wobɛfa so ama ofiewura no ahu sɛ w’ankasa wubu Bible mu asɛm a woreka akyerɛ no no.—Mateo 13:52.
8 Sɛ nhwɛso no, wɔ New York Kuropɔn mu amumɔyɛfo ntua no akyi pɛɛ no, na Kristoni bea bi reka Dwom 46:1, 11 ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a ohyiaa wɔn wɔ asɛnka mu no. Nea edi kan no, obisaa nkurɔfo sɛnea wɔregyina awerɛhosɛm a na asi no ano. Otiee nea wɔkae no yiye, gye toom, na afei ɔkae sɛ: “So metumi akan kyerɛwsɛm bi a akyekye me werɛ ankasa wɔ ahohia bere yi mu akyerɛ mo?” Nnipa dodow no ara na wɔmaa kwan, na wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran pii. Sɛ onuawa yi ne mmabun rekasa a, ɔtaa ka sɛ: “Mfirihyia 50 ni na makyerɛkyerɛ Bible no, na wunim? Minhyiaa ɔhaw biako mpo a saa nhoma yi ntumi mmoaa me mma minnii so.” Sɛ yɛde koma pa da anigye adi saa a, yɛkyerɛ nkurɔfo sɛ yɛwɔ obu ne ɔdɔ ma nea yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no.—Dwom 119:97, 105.
9, 10. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Bible no di dwuma bere a yɛrebua nsɛm a wobisa yɛn wɔ yɛn gyidi ahorow ho no?
9 Sɛ nkurɔfo bisa yɛn gyidi ho nsɛm a, yenya hokwan a eye a yɛde bɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn Asɛm. Bere a yedi Yesu nhwɛso akyi no, yɛmmfa yɛn ankasa nsusuwii kɛkɛ mma mmuae. (Mmebusɛm 3:5, 6) Mmom no, yɛde Bible di dwuma wɔ yɛn mmuaema mu. So wusuro sɛ ebia obi bebisa wo asɛm bi a wuntumi mma ho mmuae? Susuw akwan pa abien a wubetumi afa so ho hwɛ.
10 Yɛ nea wubetumi biara fa siesie wo ho. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase.” (1 Petro 3:15) So woasiesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ obi pɛ sɛ ohu nea enti a womfa wo ho nhyɛ amanne anaa nneyɛe bi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia mu a, nka kɛkɛ sɛ, “Etia me som.” Saa mmuae no betumi akyerɛ sɛ afoforo na esi gyinae ma wo, na ɛbɛyɛ sɛ woyɛ atoro som bi muni. Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka sɛ, “Onyankopɔn Asɛm Bible bara,” anaasɛ, “Ɛrensɔ me Nyankopɔn ani.” Afei fa nea enti a ɛte saa ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ma.—Romafo 12:1.
11. Nhwehwɛmu nhoma bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho abua nsɛmmisa a ɛfa Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow ho no?
11 Sɛ wote nka sɛ wunsiesiee wo ho a, dɛn nti na sɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no bi wɔ wo kasa mu a, wunnye bere nsua?a Paw nsɛm kakra a ɛda adi sɛ ebetumi asɔre, na fa Kyerɛwnsɛm mu nsɛntitiriw bi to wo tirim. Ma wo Reasoning nhoma no ne wo Bible mmɛn wo. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode abien no nyinaa bedi dwuma, na ka kyerɛ no sɛ wowɔ nhwehwɛmu nhoma bi a wopɛ sɛ wode hwehwɛ nsɛmmisa no ho mmuae a efi Bible mu.
12. Sɛ yennim Bible mu asɛmmisa bi ho mmuae a, dɛn na yebetumi aka?
12 Mfa nneɛma nhaw wo ho sɛnea ɛnsɛ. Onipa a ɔnyɛ pɛ biara nni hɔ a ɔwɔ nsɛmmisa nyinaa ho mmuae. Enti sɛ wobisa wo Bible mu asɛm bi a wuntumi mma ho mmuae a, wubetumi abua bere nyinaa sɛ: “Meda wo ase sɛ woabisa asɛm a ɛyɛ anigye saa. Nokwarem no, minnim mmuae no, nanso minim sɛ ɛho mmuae wɔ Bible mu. M’ani gye Bible mu nhwehwɛmu ho, enti mɛyɛ w’asɛmmisa no ho nhwehwɛmu na masan aba wo nkyɛn.” Ahobrɛase a yɛde bɛka nokware turodoo saa no betumi abue nkɔmmɔbɔ foforo ho kwan.—Mmebusɛm 11:2.
Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Nnipa a Yɛkyerɛkyerɛ Wɔn No
13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ho adwempa?
13 Yesu daa ɔdɔ adi kyerɛɛ nnipa a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no wɔ eyi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yenni nkurɔfo a yɛne wɔn te no ho tema da. Nokwarem no, “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” rebɛn bere nyinaa, na wɔbɛsɛe adesamma mu fã kɛse no ara. (Adiyisɛm 16:14; Yeremia 25:33) Nanso, yennim nea obenya nkwa ne nea obewu. Saa atemmu no bɛba daakye, na nea Yehowa apaw no, Yesu Kristo, na obebu atɛn no. Enkosi sɛ wobebu saa atɛn no, yebu obiara sɛ obetumi abɛyɛ Yehowa somfo.—Mateo 19:24-26; 25:31-33; Asomafo no Nnwuma 17:31.
14. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛ ebia yɛwɔ tema ma nkurɔfo? (b) Akwan a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi afa so ada tema adi akyerɛ afoforo na yɛakyerɛ wɔn ho anigye?
14 Enti, te sɛ Yesu no, yɛpɛ sɛ yenya tema ma nnipa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So mewɔ tema ma nnipa a wiase yi mu nyamesom, amammui, ne aguadifo nam atorodi ne atosɛm so adaadaa wɔn no? Sɛ ɛte sɛ nea wɔyɛ anibiannaso wɔ asɛm a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no ho a, so mehwehwɛ sɛ mɛte nea enti a wɔte nka saa no ase? So mihu sɛ bere bi na me anaa afoforo a mprempren wɔresom Yehowa nokwaredi mu no te nka saa ara? So mayɛ nsakrae wɔ sɛnea meka asɛm no kyerɛ no mu? Anaasɛ mibu saa nnipa yi sɛ nea anidaso biara nni hɔ sɛ wobetumi asakra?’ (Adiyisɛm 12:9) Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛwɔ tema ankasa ma wɔn a, ɛda adi sɛ ɛbɛka wɔn ma wɔatie yɛn asɛm no. (1 Petro 3:8) Tema bɛka yɛn nso ma yɛakyerɛ nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ho anigye kɛse. Yebetumi akyerɛkyerɛw wɔn nsɛmmisa ne wɔn haw no ho nsɛm ato hɔ. Sɛ yɛsan kɔ wɔn nkyɛn a, yebetumi akyerɛ wɔn sɛ na yɛn adwene wɔ nsɛm a wɔkekae bere a yɛbaa wɔn nkyɛn no so. Na sɛ wɔwɔ ahiade bi a emu yɛ den saa bere no a, ebia yebetumi ayɛ wɔn mmoa bi.
15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ su pa a ɛwɔ afoforo ho no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
15 Te sɛ Yesu no, yɛhwehwɛ su pa a ɛwɔ afoforo ho. Ebia na ɛna bi a onni ɔhokafo rebɔ mmɔden a ɛfata nkamfo retete ne mma. Ɔbarima bi rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua. Obi a ne mfe akɔ anim kyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye. So yɛhyɛ su pa horow a ɛwɔ nkurɔfo a yehyia wɔn ho no nsow na yɛkamfo wɔn wɔ ho? Sɛ yɛyɛ saa a, yesi biribi a yɛne wɔn adwene hyia wɔ ho so dua, na ebetumi abue kwan ma yɛadi Ahenni no ho adanse.—Asomafo no Nnwuma 26:2, 3.
Ahobrɛase Ho Hia na Ama Yɛada Ɔdɔ Adi
16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so da ahobrɛase ne obu adi kyerɛ wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no?
16 Ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no bɛka yɛn ma yɛatie Bible kɔkɔbɔ a nyansa wom yi: “Nimdeɛ horan, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.” (1 Korintofo 8:1) Na Yesu wɔ nimdeɛ pii, nanso wamma ne ho so da. Enti bere a woka wo gyidi ho asɛm kyerɛ no, kwati akyinnyegye su anaa ahantan. Yɛn botae ne sɛ yebedu nnipa komam na yɛatwetwe wɔn aba nokware ahorow a yɛn ani gye ho kɛse no ho. (Kolosefo 4:6) Kae sɛ, bere a Petro tuu Kristofo fo sɛ yensiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu no, ɔkaee yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ “odwo ne osuro mu.” (1 Petro 3:16) Sɛ yedwo na yebu ade a, ɛda adi yiye sɛ yebetumi atwe nnipa abɛn Onyankopɔn a yɛsom no no.
17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ kasa a wɔkasa tia yɛn wɔ fata a yɛfata sɛ asomfo no ho? (b) Dɛn nti na tete Bible mu kasa horow ho nimdeɛ ho nhia mma Bible asuafo?
17 Ɛho nhia sɛ yɛnam yɛn nimdeɛ anaa yɛn nhomanim so bɛma nkurɔfo ani agye yɛn ho. Sɛ ebinom a wɔwɔ w’asasesin mu mpɛ sɛ wotie obiara a onni sukuupɔn abodin krataa bi a, mma wɔn su no mmmu w’abam. Yesu buu n’ani guu asɛm a ɛne sɛ na ɔnkɔɔ rabifo sukuu ahorow a na agye din wɔ ne bere so no so; na saa ara na wanni adwene a ɛnteɛ a na ɛwɔ hɔ no akyi ammɔ mmɔden sɛ ɔnam ne nimdeɛ pii no so bɛma nkurɔfo ani agye ne ho.—Yohane 7:15.
18 Ahobrɛase ne ɔdɔ ho hia Kristofo koraa sen wiase nhomasua biara. Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa, ma yɛfata ma ɔsom adwuma no. (2 Korintofo 3:5, 6) Na ɛmfa ho nea Kristoman asɔfo binom ka biara no, enhia sɛ yebesua tete Bible kasa na ama yɛafata sɛ nkurɔfo a yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm. Yehowa de honhom kaa nkurɔfo ma wɔkyerɛw Bible no wɔ kasa a emu da hɔ pefee mu ma ɛkame ayɛ sɛ obiara betumi ate emu nokware ahorow a ɛsom bo no ase. Saa nokware ahorow no nsakrae bere a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow ɔhaha pii mu mpo no. Enti bere a ɛtɔ mmere bi a mfaso wɔ tete kasa ho nimdeɛ a obi benya so no, ɛnyɛ nea ɛho hia ankasa. Afei nso, kasa horow ho nimdeɛ a obi wɔ no betumi ama wahoman ma wahwere su a ɛho hia na ama nokware Kristofo ayɛ nkurɔfo a wotumi kyerɛkyerɛ wɔn no.—1 Timoteo 6:4.
19. Ɔkwan bɛn so na yɛn Kristofo asɛnka adwuma no yɛ ɔsom?
19 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn Kristofo som adwuma no yɛ adwuma a ɛhwehwɛ ahobrɛase. Yehyia ɔsɔretia, anibiannaso, ne ɔtaa mpo bere nyinaa. (Yohane 15:20) Nanso, sɛ yɛde nokwaredi yɛ yɛn som adwuma no a, na yɛreyɛ adwuma a ɛho hia. Sɛ yɛkɔ so de ahobrɛase som afoforo wɔ adwuma yi mu a, na yɛresuasua ɔdɔ a Yesu Kristo yii no adi kyerɛɛ nnipa no bi. Susuw ho hwɛ: Sɛ yɛkaa asɛm kyerɛɛ nnipa apem a wɔyɛɛ anibiannaso anaa wɔsɔre tiaa yɛn ansa na yɛredu onipa biako a ɔwɔ nguanten su nkyɛn a, so mfaso nni mmɔden a yɛbɔe no so? Akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ so! Enti sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho wɔ adwuma no mu, na yɛampa abaw a, na yɛde nokwaredi resom nnipa a wɔwɔ nguanten su a yennya nnuu wɔn nkyɛn no. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ne Yesu bɛhwɛ sɛ yebehu nnipa a wɔsom bo saa no pii na yɛaboa wɔn ansa na awiei no aba.—Hagai 2:7.
20. Akwan a yebetumi afa so de nhwɛso akyerɛkyerɛ no bi ne dɛn?
20 Nhwɛso a yɛnam so bɛkyerɛkyerɛ yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so da ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom afoforo no adi. Sɛ nhwɛso no, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wohu sɛ Yehowa, ‘anigye Nyankopɔn’ no, a yɛbɛsom no no ne asetra kwan a eye sen biara na abotɔyam wom a yebetumi anya. (1 Timoteo 1:11) Na bere a wɔhwɛ yɛn nneyɛe ne sɛnea yɛne yɛn afipamfo, sukuufo, ne adwumayɛfo di no, so wobetumi ahu sɛ yɛwɔ anigye ne abotɔyam? Saa ara na yɛkyerɛkyerɛ Bible adesuafo sɛ Kristofo asafo no yɛ beae a ɔdɔ wɔ wɔ wiase a tema nnim, na anuɔden ahyɛ mu ma no mu. So yɛn adesuafo no betumi ahu sɛ yɛdɔ asafo no mufo nyinaa, na yɛrebɔ mmɔden akora asomdwoe a ɛwɔ yɛn ntam no so ntɛm ara?—1 Petro 4:8.
21, 22. (a) Hokwan ahorow bɛn na yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ wɔ yɛn som adwuma ho no betumi ama yɛde adi dwuma? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba no mu nsɛm mu?
21 Ɛtɔ mmere bi a, ɔpɛ a yɛwɔ ma ɔsom adwuma no betumi akanyan yɛn ma yɛasan ahwehwɛ yɛn ho mu. Bere a nnipa pii de nokwaredi yɛ saa no, wohu sɛ wobetumi atrɛw wɔn som adwuma mu denam bere nyinaa som adwuma a wɔbɛyɛ anaa tu a wobetu akɔ baabi a mmoa ho hia kɛse no so. Afoforo asi gyinae sɛ wobesua ɔman foforo so kasa na ama wɔatumi asom atubrafo a wɔredɔɔso wɔ wɔn man mu no. Sɛ hokwan ahorow a ɛtete saa abue ama wo a, fa mpaebɔ susuw ho yiye. Ɔsom adwuma a wobɛyɛ no bɛma woanya anigye, abotɔyam, ne asomdwoe kɛse.—Ɔsɛnkafo 5:12.
22 Ɔkwan biara so no, momma yɛnkɔ so nsuasua Yesu Kristo denam ɔdɔ a yebenya ama nokware ahorow a yɛkyerɛkyerɛ ne nnipa a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no so. Ɔdɔ a yebenya na yɛada no adi wɔ akwan abien yi so no bɛboa yɛn ma yɛato nhyɛase pa sɛ akyerɛkyerɛfo a yɛte sɛ Kristo. Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi ato saa nhyɛase no so? Wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba no mu no, yebesusuw nsɛm bi a ɛbɛkyerɛ akwan pɔtee a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no bi ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintimii.
Wubebua Dɛn?
• Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ Yesu nhwɛso sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nyɛ nea ɛkorɔn dodo sɛ yebesuasua?
• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛdɔ Bible mu nokware ahorow a yɛasua no?
• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase bere a yenya nimdeɛ pii no?
• Dɛn ne akwan bi a yebetumi afa so ada ɔdɔ adi akyerɛ nnipa a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn no?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]
Yɛ nea wubetumi biara fa siesie wo ho
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]
Sɛ wubu “Onyankopɔn ho nimdeɛ” sɛ ɛsom bo a, wubetumi de Bible no adi dwuma yiye
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nkurɔfo denam asɛmpa no a yɛka kyerɛ wɔn no so