So Wokae?
So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:
• Akwan horow bɛn so na Rut yɛɛ nhwɛso pa?
Ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa, nokware dɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ Naomi, ne nsiyɛ ne ahobrɛase a na ɔwɔ no ho. Ntease pa bi nti, nkurɔfo huu no sɛ ‘ɔbea pa.’ (Rut 3:11)—4/15, kratafa 23-6.
• Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwen mmɔborɔfo ho?
Ɔka kyerɛɛ Israelfo a wɔyɛɛ wɔn nso ayayade wɔ Misraim no sɛ, wɔmmmɔ ahiafo atirimmɔden. (Exodus 22:21-24) Yesu, a osuasuaa N’agya no, kyerɛɛ mmɔborɔfo ho anigye, na ɔpaw “mpapahwekwa” sɛ n’asomafo. (Asomafo no Nnwuma 4:13; Mateo 9:36) Yebetumi asuasua Onyankopɔn denam afoforo, te sɛ mmofra, a yebedwen wɔn ho so.—4/15, kratafa 28-31.
• Ntease bɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ Yehowa hu nea yɛyɛ?
Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ Yehowa hu nnipa nnwuma. Ohuu afɔre a Habel bɔe no, na ohu ‘yɛn ayeyi afɔre a yɛde yɛn anofafa bɔ no.’ (Hebrifo 13:15) Ná Yehowa nim mmɔden a Henok bɔe sɛ ɔbɛsɔ n’ani denam abrabɔ a ɛho tew a ɔde traa ase so no. Na Onyankopɔn huu ɔkwan a okunafo bi a ofi Sarefat a ɔnyɛ Israelni faa so ne odiyifo Elia kyɛɛ n’aduan ketewaa bi a na aka no. Yehowa hu gyidi nnwuma a yɛyɛ no nso.—5/1, kratafa 28-31.
• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi no, na ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔadan Kristofo no ankasa hyira wɔn ho so ma Onyankopɔn?
Wɔ 1513 A.Y.B. mu no, tete Israelfo nam ahosohyira so ne Yehowa nyaa abusuabɔ. (Exodus 19:3-8) Efi saa bere no kɔ no, wɔnam Mmara apam no so woo Yudafo no too saa ɔman a wɔahyira wɔn ho so no mu. Nanso Yehowa nam Kristo wu a owui wɔ afe 33 Y.B. mu no so yii Mmara apam no fii hɔ. (Kolosefo 2:14) Ɛno akyi no, na ɛho hia sɛ Yudafo a wɔpɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so no hyira wɔn ho so ma no na wɔma wɔbɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu.—5/15, kratafa 30-1.
• So aduhuam a wɔhyew no wɔ ɔfã bi wɔ nokware som mu?
Na aduhuamhyew yɛ nokware som no fã wɔ tete Israel. (Exodus 30:37, 38; Leviticus 16:12, 13) Nanso Kristo wu no de Mmara apam no ne aduhuamhyew no nyinaa baa awiei. Kristofo betumi asi gyinae sɛ wɔde aduhuamhyew bedi dwuma wɔ nneɛma a ɛmfa nyamesom ho mu, nanso wɔmfa nni dwuma wɔ nokware som mu nnɛ. Ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo nkate nso ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnto wɔn hintidua.—6/1, kratafa 28-30.
• Nsɛm ho amanneɛbɔ bɛn na aka nkurɔfo pii ma wɔagye adi yiye sɛ Yesu atra asase so pɛn?
Wɔabɔ nnompe adaka bi a wɔde akado afa ho a wohui wɔ Israel no ho dawuru kɛse. Ɛte sɛ nea efi afeha a edi kan no mu, na nkyerɛwde bi wɔ ho a ɛkenkan sɛ: “Yosef ba Yakobo, Yesu nua.” Ebinom susuw sɛ eyi yɛ Yesu ho “adanse a emfi Bible mu a wonya fii wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu hɔ a akyɛ sen biara.”—6/15, kratafa 3-4.
• Ɔkwan bɛn so na nnipa sua ɔdɔ?
Nnipa sua sɛ wɔbɛdɔ afoforo nea edi kan denam wɔn awofo nhwɛso ne ntetee a wɔde ma wɔn so. Sɛ okunu ne ɔyere da ɔdɔ ne obu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho a, mmofra no sua ɔdɔ. (Efesofo 5:28; Tito 2:4) Mpo sɛ obi mfi abusua a woyi ɔdɔ adi kyerɛ mu a, obetumi asua ɔdɔ denam akwankyerɛ a Yehowa de ma sɛ agya a obegye atom so, denam honhom kronkron no mmoa a ɔbɛhwehwɛ so, ne denam mmoa a ɔdɔ wom a efi Kristofo nuayɛkuw no hɔ a obenya so.—7/1, kratafa 4-7.
• Ná hena ne Eusebius, na dɛn na yebetumi asua afi n’asetram?
Na Eusebius yɛ tete abakɔsɛm kyerɛwfo a, wɔ 324 Y.B. mu no, owiee nhoma apo du a eti asɛm ne History of the Christian Church no ho adwuma no. Ɛwom sɛ Eusebius gye toom sɛ na Agya no wɔ hɔ ansa na Ɔba no reba de, nanso ogyee adwenkyerɛ ahorow toom wɔ Nicaea bagua no ase. Ɛda adi sɛ obuu n’ani guu Yesu ahwehwɛde a ɛne sɛ N’akyidifo ‘nyɛ wiase no fã’ no so. (Yohane 17:16)—7/15, kratafa 29-31.
• So Yehowa asesa n’adwene wɔ aware dodow ho?
Dabi, Yehowa nsesaa n’adwene wɔ aware dodow ho. (Malaki 3:6) Ná Onyankopɔn nhyehyɛe ma onipa a odi kan no ne sɛ ‘ɔbɛbata ne yere ho’ na ɔne ne yere ayɛ ɔhonam koro. (Genesis 2:24) Yesu kae sɛ, sɛ obi gyae aware na ennyina aguamammɔ so na sɛ ɔware bio a, ɛma onii no bɛyɛ ɔwaresɛefo. (Mateo 19:4-6, 9) Pene a Yehowa penee aware dodow so no baa awiei bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ no.—8/1, kratafa 28.