Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 3/1 kr. 29
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ne Me Kyɛfa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • “Mɛma Ɔkra A Wabrɛ Ahome”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • “Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
  • Yeremia​—Onyankopɔn Atemmu Ahorow ho Diyifo a Wɔmpɛ N’asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 3/1 kr. 29

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ na Lewifo no nni agyapade wɔ tete Israel nti, ɛyɛɛ dɛn na Lewini Hanamel tumi tɔn afuw maa ne busuani Yeremia a ɔyɛ Lewini, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yeremia 32:7 no?

Yehowa kaa Lewifo no ho asɛm kyerɛɛ Aaron sɛ: “Wɔn asase no bi na worenni, na worennya kyɛfa bi [Israelfo] mu.” (Numeri 18:20) Nanso, wɔde nkurow 48 a apete wɔ Bɔhyɛ Asase no nyinaa so ne ɛho mfikyisase maa Lewifo no. Ná Yeremia kurom ne Anatot, nkurow a wɔde maa “Aaron mma asɔfo no” mu biako.—Yosua 21:13-19; Numeri 35:1-8; 1 Beresosɛm 6:54, 60.

Yehu wɔ Leviticus 25:32-34 sɛ Yehowa de akwankyerɛ pɔtee a ɛfa Lewifo agyapade “gye ho kwan” anaa ne tɔ ho mae. Ɛda adi sɛ, na Lewifo mmusua bɛwɔ dwuma a wɔde wɔn agyapade di ne agyapade no afã pɔtee bi tɔn ho kwan. Sɛnea ɛte no, na agyapade a wɔbɛtɔn na wɔasan agye bɛka ho.a Wɔ akwan pii so no, sɛnea Lewifo hwɛɛ wɔn agyapade so na wɔde dii dwuma no te sɛ Israelfo mmusua a aka no ara pɛ.

Ebetumi aba sɛ wɔnam abusua adedi so na enyaa Lewifo agyapade a ɛte saa no. Nanso, ɛdefa ‘ogye ho kwan’ anaa agyapade tɔn ho no, na wɔma Lewifo tɔn anaa wɔtɔ fi wɔn mfɛfo Lewifo hɔ nkutoo. Afei nso, ɛte sɛ nea na agyapade a ɛwɔ kurom nkutoo na na wɔma wɔtɔ anaa wɔtɔn, na na ɛnsɛ sɛ wɔtɔn “wɔn nkurow ho mfikyisase” efisɛ na “ɛyɛ wɔn ade a wodi so daa.”—Leviticus 25:32, 34.

Enti, ɛda adi sɛ na afuw a Yeremia tɔ fii Hanamel hɔ no te saa, a na wobetumi atɔ anaa wɔagye na akɔ so ayɛ wɔn agyapade. Ebetumi aba sɛ na ɛwɔ kurom mpo. Yehowa ankasa sii so dua sɛ “afuw” a yɛreka ho asɛm no yɛ Hanamel dea, na na Yeremia wɔ ne “gye ho kwan” anaasɛ ɔfata sɛ ɔtɔ. (Yeremia 32:6, 7) Yehowa de adetɔ no dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de hyɛɛ bɔ a na wahyɛ sɛ Israelfo no befi nnommumfa mu wɔ Babilon asan abɛtra wɔn asase so bere bi akyi no mu den.—Yeremia 32:13-15.

Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Hanamel faa kwammɔne so na onyaa agyapade wɔ Anatot. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔtoo Yehowa mmara sɛ ɔfrɛɛ Yeremia sɛ ɔmmɛtɔ n’afuw a ɛwɔ Anatot no, na saa ara na Yeremia amfa ho kwan a ɔwɔ no anni dwuma ɔkwammɔne so sɛ ɔtɔɔ afuw no.—Yeremia 32:8-15.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Lewini Barnaba tɔn n’asase na ɔde sika no yii ntoboa de boaa Kristo akyidifo a ahia wɔn a na wɔwɔ Yerusalem no. Ɛbɛyɛ sɛ na asase no wɔ Palestina anaa Kipro. Anaasɛ ebetumi aba sɛ na ɛyɛ amusiei asase a na Barnaba atɔ wɔ Yerusalem mpɔtam hɔ.—Asomafo no Nnwuma 4:34-37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena