Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 3/15 kr. 3
  • Afahyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afahyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • ‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 3/15 kr. 3

Afahyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho

BERE a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔde afahyɛ bi a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sii hɔ. Na ɛno nkutoo ne nyamesom mu afahyɛ a n’ankasa hyɛɛ n’akyidifo sɛ wonni. Na ɛno ne Awurade Anwummeduan, a wɔsan frɛ no Anwummeduan a Etwa To no.

Fa no sɛ wuhuu nsɛm a esisii ansa na wɔredi afahyɛ no. Na Yesu ne n’asomafo no abehyiam wɔ Yerusalem wɔ abansoro bi so rebedi Yudafo Twam Afahyɛ no. Wɔadi amanne kwan so Twam aduan, a ɛyɛ oguammaa a wɔatotõ, fan nwenenwene, abodoo a mmɔkaw nnim, ne bobesa kɔkɔɔ no awie. Na wɔama ɔfatwafo Yuda Iskariot afi adi na na ɛrenkyɛ obeyi ne Wura no ama. (Mateo 26:17-25; Yohane 13:21, 26-30) Na Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no nkutoo na wɔwɔ hɔ. Na na Mateo yɛ wɔn mu biako.

Sɛnea Mateo kyerɛwtohɔ a ɛfa nea ohui ho kyerɛ no, sɛɛ na Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ: “Yesu faa abodoo [a mmɔkaw nnim], na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa [a bobesa wom], na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.”—Mateo 26:26-28.

Dɛn nti na Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ? Dɛn nti na bere a ɔde resi hɔ no, ɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ dii dwuma? So na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo nyinaa di nkae aduan no bi? Mpɛn ahe na na ɛsɛ sɛ wodi saa aduan yi? Na so ɛkyerɛ biribi ankasa ma wo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena