Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 4/1 kr. 3
  • 666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yebetumi Ahu Nea Aboa no ne N’agyiraehyɛde no Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Onyankopɔn Atamfo Ho Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 4/1 kr. 3

666—Ɛnyɛ Asɛm Bi a Ɛkyere Adwene Kɛkɛ

“Obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko. Ɛha na nyansa wɔ. Nea ɔwɔ adwene mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia.”—Adiyisɛm 13:17, 18.

NKƆMHYƐ a ɛfa “aboa no” agyiraehyɛde anaa ne din 666 a wɔnte ase no ho no akanyan anigye paa na abɛyɛ ahiasɛm sen Bible mu nsɛm pii. Abɛyɛ ade a wɔtaa ka ho asɛm bere nyinaa wɔ television ne Intanɛt so, sini, nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow mu.

Ebinom gye di sɛ 666 no yɛ antikristo a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu no agyiraehyɛde. Afoforo nso kyerɛ sɛ ɛyɛ nkyerɛwee bi a wɔhyɛ obi kyerɛw wɔ ne ho na ada no adi sɛ ɔyɛ aboa no akoa. Nnipa bi nso ka sɛ 666 no yɛ Katolek popenom agyiraehyɛde. Wotumi de Romafo nɔma ahorow bi si pope no abodin a ɛne Vicarius Filii Dei (Onyankopɔn Ba no Nanmusifo) no ananmu, na wɔnam nyansakwan so dannan no ka sɛ 666 no ne popenom no dibea. Wɔsan ka sɛ wobetumi anya nɔma koro no ara afi sɛnea wɔfrɛ Roma Ɔhempɔn Diocletian wɔ Latin mu ne sɛnea wɔfrɛ Nero Caesar wɔ Hebri mu no nso mu.a

Nanso yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu sɛ sɛnea wɔabɔ wɔn tirim akyerɛkyerɛ eyi mu ne nea Bible no ankasa ka fa aboa no ho no nhyia koraa. Bible da no adi sɛ Onyankopɔn de n’abufuhyew bɛba wɔn a wɔwɔ aboa no agyiraehyɛde no so bere a ɔde nneɛma nhyehyɛe yi reba n’awiei no. (Adiyisɛm 14:9-11; 19:20) Enti, nea 666 no gyina hɔ ma a yebehu no kyerɛ pii sen asɛm bi a ɛkyere adwene a yebehu ano ara kwa. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Nyankopɔn a ɔdɔ ahyɛ ne ma na ɔyɛ nokware nimdeɛ Wura no mfaa nokwasɛm a ɛwɔ ahiasɛm yi mu no nhintaw ne nkoa.—2 Timoteo 3:16; 1 Yohane 1:5; 4:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ akontaahyɛde ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ September 8, 2002, Nyan! no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena