Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 8/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Complutensian Polyglot No—Ade Titiriw a Ɛboaa Kasa Asekyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Adehye Bible No Ade Titiriw a Wɔatumi Ayɛ Wɔ Nhomasua Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ahantan ne Ahobrɛase Ho Asuade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 8/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Dɛn nti na wonhwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa?

• Ná dɛn ne Complutensian Polyglot no, na dɛn nti na na ɛho hia?

Ná ɛyɛ Bible a wɔatintim no kasa pii mu a egyina Kyerɛwnsɛm a edi mũ a na ɛwɔ hɔ saa bere no a ɛne Hebri, Hela, Latin ne Aram fã bi so no. Na saa Bible biako a ɛwɔ kasa pii mu a wotintimii no yɛ nkɔanim kɛse wɔ mfitiase kasa ahorow no a wosiesie ma edii mũ no mu.—4/15, kratafa 28-31.

• Ɔkwan bɛn so na nnipa betumi ama Onyankopɔn ani agye?

Sɛ́ ɔteasefo ankasa no, Yehowa tumi susuw nneɛma ho, otumi di ne nsusuwii ho dwuma, na ɔwɔ atenka nso. Ɔno ne ‘anigye Nyankopɔn no’ na n’ani gye ho sɛ obedi n’atirimpɔw ho dwuma. (1 Timoteo 1:11; Dwom 104:31) Dodow a yesua sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma ho no, dodow no ara na yebehu nea yebetumi ayɛ de ama Onyankopɔn koma ani agye.—5/15, kratafa 4-7.

• Dɛn nti na Dawid maa ne yere Mikal kwan ma ɔfaa abusua honi no?

Bere a Ɔhene Saul bɔɔ pɔw sɛ obekum Dawid no, Mikal boaa no ma oguanee denam ohoni a ɛda adi sɛ ne yɛbea te sɛ nipa a ɔde no too mpa no so no so. Ebetumi aba sɛ na ɔwɔ abusua honi no esiane sɛ na ne koma nni mu wɔ Yehowa ho nti. Saa ara nso na na Dawid nnim abusua honi no ho hwee, anaasɛ esiane sɛ na Mikal yɛ Ɔhene Saul babea nti na Dawid maa ho kwan no. (1 Beresosɛm 16:25, 26)—6/1, kratafa 29.

• Ade titiriw bɛn na Onyankopɔn ahyɛde a ɛfa mogya ho no twee adwene sii so?

Onyankopɔn nam nea ɔkaa ho asɛm wɔ Nsuyiri no akyi, Mose Mmara no mu, ne ahyɛde a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 no so twee adwene sii afɔrebɔ a na ɛfa Yesu mogya a na obehwie agu ho no so. Ɛnam saa mogya no nkutoo so na yebetumi anya bɔne fafiri na asomdwoe aba yɛne Onyankopɔn ntam. (Kolosefo 1:20)—6/15, kratafa 14-19.

• Yesu anwonwade dodow ahe na Bible no ka ho asɛm?

Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ no twe adwene si anwonwade ahorow a Yesu yɛe no mu 35 so. Nanso, wɔanna anwonwade dodow ankasa a Yesu yɛe, a nea wɔanyɛ ho kyerɛwtohɔ ka ho, adi. (Mateo 14:14)—7/15, kratafa 5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena