Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 2/1 kr. 28-31
  • So Nokware no Resow Aba Wɔ Wɔn a Wokyerɛkyerɛ Wɔn Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nokware no Resow Aba Wɔ Wɔn a Wokyerɛkyerɛ Wɔn Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛsɛ sɛ Nokware no Du Koma no Mu
  • Suasua Yesu
  • Sɛnea Yebehu Nea Ɛwɔ Koma no Mu
  • Kɔ So Fa Nokware no Yɛ Adwuma
  • Odii Nokware Wɔ Sɔhwɛ Ahorow Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Suasua Petro​—Mpa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 2/1 kr. 28-31

So Nokware no Resow Aba Wɔ Wɔn a Wokyerɛkyerɛ Wɔn Mu?

BERE a aberante Eric kae sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo bio no, n’awofo werɛ howee yiye. Wɔanhu sɛ na biribi saa rebesi. Bere a na Eric yɛ abofra no, sɛ wɔreyɛ abusua Bible adesua a na ɔka ho bi, wɔrekɔ Kristofo nhyiam a na ɔkɔ bi, asafo no rekɔ asɛnka nso a, na ɔka ho bi. Sɛ yɛbɛka a, ná ɛte sɛ nea ɔwɔ nokware no mu. Nanso bere a ofii fie no, n’awofo behui sɛ na Bible mu nokware no nni ne mu. Eyi a n’awofo behui no maa wɔn ho dwiriw wɔn, na ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse.

Saa ara na ebinom ate nka bere a wɔn Bible suani bi gyae adesua no mpofirim no. Sɛ biribi saa si a, yɛtaa bisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na manhu sɛ eyi rebesi?’ So yebetumi afa ɔkwan bi so ahu sɛ nokware no resow aba wɔ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu ansa na wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ asɛe? Ɔkwan foforo so no, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ nokware no resow aba wɔ yɛne wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no mu? Yehu sɛnea yebetumi anya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ ogufo ho bɛ a Yesu bui a wonim no yiye no mu.

Ɛsɛ sɛ Nokware no Du Koma no Mu

Yesu kae sɛ: “Aba a wogu no ne Nyankopɔn asɛm. Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.” (Luka 8:11, 15) Enti ansa na Ahenni ho asɛm no betumi asow aba no, ɛsɛ sɛ edu asuafo no koma mu tɔnn. Te sɛ aba pa a wɔagu no asase pa mu no, Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ Onyankopɔn nokwasɛm no du koma pa mu a, ɛyɛ mu adwuma ntɛm na ɛsow aba. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu?

Ɛnyɛ bere nyinaa na ɔsom mu nneɛma kɛkɛ a obi yɛ no ma wohu nea ɛwɔ ne komam ankasa. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ suban a ofi komam da no adi, na ɛnyɛ nea ɔyɛ no wɔ nnipa ani so. (Yeremia 17:9, 10; Mateo 15:7-9) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ade kɔ akyiri. Ɛsɛ sɛ yehu nsakrae pɔtee bi wɔ nneɛma a nipa no ani gye ho, ne botae, ne nea ɛho hia no wɔ asetram no mu. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ onii no renya nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ no. (Efesofo 4:20-24) Nhwɛso bi ni: Paulo kae sɛ bere a Tesalonikafo no tee asɛmpa no, wogyee no sɛ Onyankopɔn asɛm. Nanso boasetɔ, gyidi, ne ɔdɔ a wɔdaa no adi akyiri yi no na ɛmaa Paulo behui ampa ara sɛ nokware no ‘reyɛ adwuma wɔ wɔn mu.’—1 Tesalonikafo 2:13, 14; 3:6.

Te sɛ Eric asɛm no, nokwasɛm ni, biribiara a ɛwɔ osuani bi komam no bɛba abɛda adi ɔkwan biara so. (Marko 7:21, 22; Yakobo 1:14, 15) Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a suban bɔne bi a osuani bi wɔ bɛda adi no, ebia na aka akyi dodow. Enti asɛnnennen no ne sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu mmerɛwyɛ pɔtee no ansa na abɛyɛ akwanside ama no wɔ ɔsom a ɔpɛ sɛ ɔde ma Onyankopɔn no mu. Ɛsɛ sɛ yenya ɔkwan bi a yɛbɛfa so ahu nea ɛrekɔ so wɔ ne komam ankasa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Suasua Yesu

Nokwarem no, na Yesu tumi hu biribiara a ɛwɔ nnipa komam. (Mateo 12:25) Yɛn mu biara ntumi nyɛ saa. Nanso, ɔmaa yehui sɛ yɛn nso yebetumi ahu nea obi ani gye ho, nea odwen ho, ne nea ehia no wɔ n’asetram. Sɛnea oduruyɛfo a waben fa akwan pii so hu komayare kõ a ɔyarefo bi anya no, saa ara na Yesu nso de Onyankopɔn Asɛm ‘saw’ nkurɔfo koma mu nsu sɛnea yɛbɛka no no, na ɔmaa wɔn ‘komam nsusuwii ne adwene’ a na obiara nnim mpo bɛdaa adi.—Mmebusɛm 20:5; Hebrifo 4:12.

Sɛ nhwɛso no, bere bi Yesu boaa Petro ma obehuu mmerɛwyɛ bi a na ɔwɔ a akyiri yi ɛbɛyɛɛ akwanside maa no. Ná Yesu nim sɛ Petro dɔ no. Nokwasɛm ni, na Yesu de “ahenni ano nsafe” no ahyɛ Petro nsa. (Mateo 16:13-19) Nanso, na Yesu san nim sɛ Satan de n’ani asi asomafo no so. Ná ɛrenkyɛ na wɔde nhyɛso kɛse aba wɔn so sɛ wonnyae wɔn ho mu. Ɛda adi sɛ Yesu hui sɛ na n’akyidifo no bi gyidi yɛ mmerɛw. Enti, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Susuw sɛnea ɔde asɛm no bae maa wosusuw ho no ho hwɛ.

Mateo 16:21 ka sɛ: ‘Efi hɔ na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛsɛ sɛ ohu amane na wokum no.’ Hyɛ no nsow sɛ Yesu kyerɛɛ wɔn nea ɛbɛto no, na wanka nea na ɛbɛto no ankyerɛ wɔn kɛkɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ɔne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm te sɛ Dwom 22:14-18 anaa Yesaia 53:10-12 a ɛka sɛ Mesia no behu amane na wawu no ho. Sɛnea na asɛm no te biara no, Yesu nam Kyerɛwnsɛm no a ɔkenkanee anaa emu asɛm a ɔfa kae so maa Petro ne afoforo a aka no nyaa hokwan fii wɔn komam kasae. Dɛn na na wɔbɛyɛ wɔ ɔtaa a na ɛbɛba no ho?

Anwonwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho akokoduru ne nsiyɛ a na Petro ada no adi no, asɛm a ɔkae a wanwene ho ankɔ akyiri saa bere no maa ɛbɛdaa adi sɛ ɔwɔ mmerɛwyɛ kɛse bi. Petro kae sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Akyinnye biara nni ho sɛ adwene a na Petro anya no nyɛ adwempa efisɛ Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ‘onnnwen Onyankopɔn adwene na mmom nnipa de’—mmerɛwyɛ kɛse a ebetumi ama obi ayɛ bɔne a anibere wom. Dɛn bio na Yesu yɛe? Bere a Yesu kaa Petro anim wiei no, ɔka kyerɛɛ Petro ne afoforo a aka no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” Yesu fi ayamye mu gyinaa adwene a ɛwɔ asɛm a ɛwɔ Dwom 49:8 ne 62:12 so maa wɔtee ase sɛ onipa ntumi mma wɔn daa nkwa na mmom Onyankopɔn.—Mateo 16:22-28.

Ɛwom sɛ akyiri yi ehu kaa Petro kakra maa ɔpaa Yesu mprɛnsa de, nanso saa asɛm yi ne afoforo a wosusuw ho no boaa no maa otumi siesiee ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ntɛm ara. (Yohane 21:15-19) Nnafua 50 pɛ wɔ asɛm yi akyi no, Petro de akokoduru gyinaa dɔm bi anim wɔ Yerusalem dii Yesu wusɔre ho adanse. Petro de akokoduru gyinaa ɔkyere, ɔhwe, ne afiasenna ano mpɛn pii de yɛɛ mudi a wofi akokoduru mu kura mu ho nhwɛso.—Asomafo no Nnwuma 2:14-36; 4:18-21; 5:29-32, 40-42; 12:3-5.

Dɛn na yesua fi eyi mu? Wuhu ɔkwan a Yesu faa so maa Petro daa ne koma mu nsɛm adi no? Nea edi kan no, ɔpaw kyerɛw nsɛm a ɛfata a ɔnam so bɛtwe Petro adwene asi ade pɔtee a ɔpɛ sɛ ɔne no ka ho asɛm no so. Nea ɛto so abien, ɔmaa Petro kwan ma ofi ne komam kasae. Nea ɛto so abiɛsa, ɔde Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm boaa Petro de siesiee ne nkate ne ne nsusuwii. Ebia wobɛte nka sɛ worentumi nkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a ɛte saa so, nanso ma yensusuw nhwɛso abien bi ho, na ɛbɛma yɛahu sɛ, sɛ yesiesie yɛn ho de yɛn ho to Yehowa so a, yɛn mu biara betumi asuasua Yesu nhwɛso no.

Sɛnea Yebehu Nea Ɛwɔ Koma no Mu

Bere a agya bi a ɔyɛ Kristoni tee sɛ ne mmabarima nkumaa baanu a biako wɔ sukuu afe a edi kan na biako nso wɔ sukuu afe a ɛto so abien akɔfa tɔfe bi a ɛda wɔn kyerɛkyerɛfo pon so no, ɔne wɔn susuw asɛm no ho. Sɛ́ anka agya no bɛka sɛ ɛyɛ mmofrasɛm na ɛnhaw adwene no, ɔka sɛ, “Mebɔɔ mmɔden sɛ mehu nea ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ adebɔne a ɛte saa no.”

Agya no ka kyerɛɛ mmofra no sɛ wɔnkae nea ɛtoo Akan a wɔaka ho asɛm wɔ Yosua ti 7 no. Mmofra no huu nea na agya no repɛ akyerɛ ntɛm ara ma enti wɔkaa nokware. Ná wɔn ahonim afi ase rehaw wɔn dedaw. Enti agya no maa wɔkenkan Efesofo 4:28 a ɛka eyi no: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden . . . nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.” Agya no nam tɔfe no a ɔmaa ne mma no tɔɔ bi kɔmaa ɔkyerɛkyerɛfo no so maa Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɔde maa wɔn no tim wɔn koma mu.

Agya no ka sɛ: “Ná bere biara a yebehu sɛ mmofra no anya suban bɔne bi no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne wɔn besusuw nsɛm ho na yɛayi afi hɔ de papa adua wɔn komam.” Esiane sɛ saa awofo no suasuaa Yesu bere a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma no nti, wotwaa aba pa akyiri yi. Wɔtoo nsa frɛɛ ne mmabarima baanu no nyinaa maa wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel, yɛn adwumayɛbea ti hɔ, na wɔn mu biako akɔ so asom wɔ hɔ mfirihyia 25 ni.

Susuw sɛnea Kristoni bi nso tumi boaa ne Bible suani bi ho hwɛ. Ná saa osuani no kɔ asafo nhyiam ne asɛnka, na na waka dedaw mpo sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu. Nanso, sɛ anka ɔde ne ho bɛto Yehowa so no, na ɛte sɛ nea ɔde ne ho ato n’ankasa ho so dodo. Ɔdansefo no ka sɛ: “Sɛ́ ɔbea a onni kunu no, na ɔnka ne ho nkɔ afoforo ho koraa. Ná ɛhaw me sɛ anhwɛ a ɛbɛbɔ no yare anaasɛ obegyae Onyankopɔn som.”

Ɛno nti Ɔdansefo no kɔɔ osuani no nkyɛn ne no kosusuw Mateo 6:33 ho, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ nsakrae wɔ n’ahiade mu mfa Ahenni no nni kan wɔ n’asetram, na onnya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛboa no ma ne nsa aka n’ahiade biara. Ɔdansefo no bisaa osuani no pen sɛ: “So ɛtɔ da bi a wo ho a woatwe afi afoforo ho no ma no yɛ den ma wo sɛ wode wo ho bɛto afoforo so a Yehowa nso ka ho?” Osuani no gye toom sɛ ɛte sɛ nea wagyae mpae mpo bɔ. Ɔdansefo no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa afotu a ɛwɔ Dwom 55:22 no nni dwuma na ɔmfa n’adesoa nto Yehowa so efisɛ 1 Petro 5:7 ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘odwen yɛn ho.’ Saa nsɛm yi kaa osuani no koma. Ɔdansefo no ka sɛ, “Ɔntaa su, nanso saa da no de, mihui sɛ ɔresu.”

Kɔ So Fa Nokware no Yɛ Adwuma

Sɛ yehu sɛ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no de Bible mu nokware no reyɛ adwuma a, ɛma yɛn ani gye kɛse. Nanso sɛ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛboa afoforo no bɛsow aba a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛ nhwɛso pa. (Yuda 22, 23) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de ‘osuro ne ahopopo yɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma.’ (Filipifo 2:12) Nea ɛka eyi ho ne Kyerɛwnsɛm no a yɛbɛma ahyerɛn wɔ yɛn ankasa koma mu na yɛahwehwɛ yɛn suban, nea yɛn ani gye ho, ne sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho mu ahwɛ sɛ ebia yebehu nneɛma bi a ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wom anaa.—2 Petro 1:19.

Sɛ nhwɛso no, so nsi a na wode yɛ Kristofo som adwuma no so atew? Sɛ saa, dɛn na ama aba saa? Ebetumi aba sɛ wode wo ho ato wo ho so dodo. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ eyi ne wo haw? Kenkan Hagai 1:2-11, na fi nokwaredi mu susuw sɛnea Yehowa ne Yudafo a na wɔasan aba wɔn kurom susuw nsɛm ho no ho. Ɛno akyi no, bisa wo ho sɛ: ‘So mede m’adwene di sika fam ahobammɔ ne honam fam nneɛma akyi dodo? So migye Yehowa di ampa ara sɛ, sɛ mede ne som di kan a ɔbɛhwɛ m’abusua ama me? Anaa mete nka sɛ ɛsɛ sɛ midi kan hwɛ me ho ansa?’ Sɛ wuhu sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo nsusuwii ne sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho mu a, ntwentwɛn wo nan ase koraa. Kyerɛwnsɛm mu afotu te sɛ nea ɛwɔ Mateo 6:25-33, Luka 12:13-21 ne 1 Timoteo 6:6-12 ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yenya adwuma ne honam fam nneɛma ho adwene a ɛfata, na sɛ yenya adwene a ɛfata saa a, ɛma Yehowa hyira yɛn.—Malaki 3:10.

Nhwehwɛmu a ɛte saa a wufi nokwaredi mu bɛyɛ no bɛma woasusuw nneɛma ho akɔ akyiri. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebegye mmerɛwyɛ bi a yɛwɔ a obi ka ho asɛm kyerɛ yɛn atom. Nanso, ɛmfa ho sɛ ebia asɛm bi ka yɛ ka na no, sɛ wufi ɔdɔ mu boa wo ba, wo Bible suani, anaasɛ woboa w’ankasa wo ho mpo a, ebia na ɛno yɛ ade a edi kan a woreyɛ de abɔ ne nkwa anaa w’ankasa de ho ban.—Galatifo 6:1.

Nanso, sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wo mmɔdenbɔ no nsow aba pa nso ɛ? Mma w’abam mmu ntɛm. Egye ahwɛyiye, anifere, ne bere pii na ama woatumi de ayɛ koma a ɛnyɛ pɛ ho adwuma, na ɛtɔ mmere bi mpo a ebetumi ahyɛ abufuw. Nanso biribi pa nso betumi afi mu aba.

Akyiri yi, aberante Eric a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ani baa ne ho so na ɔsan ‘bɛfaa nokware kwan no so.’ (2 Yohane 4) Ɔka sɛ: “Ɛyɛ bere a mihuu ade kɛse a m’ahwere no na ɛmaa mesan baa Yehowa nkyɛn.” Ɛdenam Eric awofo mmoa so no, seesei, Eric resom Onyankopɔn nokwaredi mu. Ɛwom sɛ bere bi, mmɔden pii a Eric awofo bɔe sɛ wɔbɛboa no ma wahwehwɛ ne komam no hyɛɛ no abufuw de, nanso mprempren, n’ani asɔ nea n’awofo yɛe no. Ɔka sɛ: “M’awofo ye paa. Ɔdɔ a wɔwɔ ma me no to antwa da.”

Sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm no hyerɛn wɔ wɔn a yɛkyerɛkyerɛ wɔn no koma mu a, na yɛreyɛ wɔn adɔe. (Dwom 141:5) Kɔ so hwehwɛ wo mma ne wo Bible asuafo koma mu hwɛ sɛ wɔanya Kristofo nipasu foforo no anaa. Ma nokware no nkɔ so nyɛ adwuma wɔ wo ne afoforo mu denam “nokwasɛm no mu” a wubekura “pɛpɛɛpɛ” so.—2 Timoteo 2:15.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yesu asɛm no maa Petro mmerɛwyɛ bɛdaa adi

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Fa Bible di dwuma ma nea ɛwɔ ne komam no nna adi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena