So Wo Gyidi Ka Wo Ma Woyɛ Nnwuma?
NA ƆSRAANI panyin no gye di sɛ Yesu betumi asa n’akoa a ɔyare mmubui no yare. Nanso ɔsraani panyin no anto nsa amfrɛ Yesu ankɔ ne fie, ebia na ɔte nka sɛ ɔmfata anaasɛ ebia na ɔyɛ Amanaman muni nti. Mmom no, ɔsomaa mmarima mpanyimfo bi a wɔyɛ Yudafo ma wɔkɔ ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Owura, memfata sɛ woba me fie, na wo de ka biribi, na m’akoa no ho bɛtɔ no.” Bere a Yesu hui sɛ ɔsraani panyin no gye di sɛ obetumi agyina akyirikyiri asa yare no, ɔka kyerɛɛ nnipa kuw no sɛ: “Meka mo nokware sɛ, obiara nni Israel a mahu gyidi a ɛsõ saa wɔ ne mu.”—Mateo 8:5-10; Luka 7:1-10.
Osuahu yi betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi gyidi ho nokwasɛm titiriw bi so. Nokware gyidi nyɛ nea wɔde ano ka sɛ wɔwɔ ara kwa; wɔde nnwuma na ɛkyerɛ. Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a, na awu n’ankasa mu.” (Yakobo 2:17) Nokwasɛm yi mu da hɔ kɛse mpo bere a yesusuw nhwɛso ankasa a ɛfa nea ebetumi asi bere a wɔmfa nnwuma nka gyidi ho ho no.
Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, na wɔnam Mmara apam no so aka Israel man no abata Yehowa Nyankopɔn ho. Sɛ apam no mu ntamgyinafo no, Mose kaa Onyankopɔn anom asɛm kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ . . . ɔman kronkron.” (Exodus 19:3-6) Yiw, na kronkron a Israel bɛyɛ no gyina osetie a wɔbɛyɛ so.
Mfe pii akyi no, Yudafo no fii ase de wɔn adwene sii Mmara no a wobesua so sen emu nnyinasosɛm a wɔde bɛyɛ adwuma no. Alfred Edersheim kyerɛw wɔ ne nhoma The Life and Times of Jesus the Messiah mu sɛ: “Na [rabifo]—‘Atitiriw a wɔwɔ wiase no’ adi ho dwuma dedaw, sɛ adesua kɛkɛ no ara ho hia sen sɛ wɔde nea wosua bedi dwuma.”
Ɛyɛ nokware sɛ, wɔhyɛɛ tete Israelfo no sɛ wɔmfa nsi nsua Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no. Onyankopɔn ankasa kae sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Nanso so Yehowa kyerɛɛ wɔn wɔ bere bi mu sɛ Mmara no sua hia sen emu nsɛm a wɔde bedi dwuma no? Momma yɛnhwehwɛ mu.
Nhomasua a Ɛkɔ Akyiri
Na ntease wom ma Israelfo no sɛ wɔde wɔn adwene besi Mmara no a wobesua no so kɛse, efisɛ Yudafo atetesɛm bi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa gyee nnɔnhwerew abiɛsa da biara de suaa Mmara no. Wubetumi ate nea enti a Yudafo bi betumi asusuw sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn sua Mmara no daa a, so ɛnsɛ sɛ n’asase so abɔde de bere pii yɛ saa ara?’ no ase.
Eduu afeha a edi kan Y.B. mu no, na rabifo no ama Mmara no mu nhwehwɛmu ne emu nkyerɛkyerɛmu agye wɔn ti ma asɛe wɔn adwene koraa. Yesu kae sɛ: ‘Akyerɛwfo ne Farisifo no . . . wɔka nanso wɔnyɛ. Wɔkyekyere nnesoa a emu yɛ duru de to nnipa mmati so, nanso wɔn de wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.’ (Mateo 23:2-4) Saa nyamesom akannifo no kyekyeree mmara pii too nnipa mpapahwekwa so, nanso wɔn ankasa faa nyaatwom akwan bi so yii wɔn ho fii saa mmara no ho. Bio nso, saa nnipa yi a na wɔyere wɔn ho sua mmara no ammu “Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntrenee ne mmɔborohunu ne nokwaredi no.”—Mateo 23:16-24.
Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ bere a Farisifo ne akyerɛwfo no rehwehwɛ sɛ wɔde wɔn ankasa trenee besi hɔ no, nea efii mu bae ne sɛ wɔman fii Mmara koro no ara a wɔkyerɛ sɛ wodi so no ho! Mfe pii a wɔde agye akyinnye wɔ nsɛm ne nneɛma nketenkete a ɛwɔ Mmara no ho no antwe wɔn ammɛn Onyankopɔn. Na nea efii mu bae no te sɛ man a ebinom man fii gyidi no ho a nea ɛde bae ne nea ɔsomafo Paulo frɛɛ no “nsɛnhunu” a etia akronkronne ne “akyinnyesɛm” a ɛfa nea wodi atoro frɛ no “nimdeɛ” ho no. (1 Timoteo 6:20, 21) Nanso, asɛm foforo a na anibere wom nso ne nkɛntɛnso a nhwehwɛmu a wɔanyɛ anwie da nyae wɔ wɔn so no. Wɔannya gyidi a ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ nnwuma no bi.
Wɔwɔ Nimdeɛ Nanso Wonni Gyidi
Hwɛ sɛnea na Yudafo nyamesom akannifo no nsusuwii yɛ soronko koraa wɔ Onyankopɔn de ho! Aka bere tiaa bi ma Israelfo no ahyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.” (Deuteronomium 32:46) Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ Mmara no ho animdefo nkutoo na na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo yɛ, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔde Mmara no di dwuma nso.
Nanso, mpɛn pii na Israel man no anni Yehowa nokware. Sɛ anka Israel man no bɛyɛ nnwuma a ɛfata no, ‘wɔannye no anni, na wɔantie ne nne.’ (Deuteronomium 9:23; Atemmufo 2:15, 16; 2 Beresosɛm 24:18, 19; Yeremia 25:4-7) Awiei koraa no, Yudafo no yɛɛ ade a ɛnkyerɛ nokwaredi koraa bere a wɔpoo Yesu sɛ Mesia no. (Yohane 19:14-16) Ne saa nti, Yehowa Nyankopɔn poo Israel na ɔdan n’adwene kɔɔ amanaman no so.—Asomafo Nnwuma 13:46.
Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛanni mfomso koro no ara bi—ansusuw sɛ yebetumi de nimdeɛ pii a yɛanya no asom Onyankopɔn, a yenni koma a egye di. Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛsɛ sɛ Bible no a yebesua no hia yɛn sen nimdeɛ pii a yebenya. Ɛsɛ sɛ nokware nimdeɛ a yenya no du yɛn komam na anya yɛn asetra so nkɛntɛnso pa. Mfaso bɛn na ebefi mu aba sɛ yebesua sɛnea wɔyɛ atosode afuw nanso yɛrennua aba biara da? Nokwarem no, yebetumi anya afuwyɛ ho nimdeɛ bi de, nanso yɛrentwa aba biara da! Saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam Bible no so sua Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow no ma kwan ma nokware no ho aba du wɔn komam sɛnea ɛbɛyɛ a saa aba no befifi na aka wɔn ma wɔayɛ ho biribi.—Mateo 13:3-9, 19-23.
“Monyɛ Asɛm no Yɛfo”
Ɔsomafo Paulo kae sɛ, “gyidi nam nea wɔte so.” (Romafo 10:17) Onyankopɔn Asɛm a yɛte a ɛma yenya ne Ba Yesu Kristo mu gyidi no, ma yenya daa nkwa ho anidaso. Yiw, pii wɔ hɔ a ɛho hia sen sɛ yɛbɛka kɛkɛ sɛ, ‘Migye Onyankopɔn ne Kristo di.’
Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ wonnya gyidi a ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ nnwuma: “Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii na moada mo ho adi sɛ m’asuafo.” (Yohane 15:8) Akyiri yi, Yesu nua Yakobo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko.” (Yakobo 1:22) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yesu nam nsɛm ne nhwɛso so kyerɛe nea ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani.
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ adwumaden de maa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso na ɔhyɛɛ n’Agya din anuonyam. (Yohane 17:4-8) Ɔkwan bɛn so? Nnipa pii bɛkae anwonwakwan a Yesu faa so saa ayarefo ne mmubuafo yare no. Nanso Mateo Asɛmpa no ma yehu ɔkwan titiriw a Yesu faa so no pefee: “Yesu kokyinkyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu kaa ahenni no ho asɛmpa.” Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, Yesu anka asɛm no ankyerɛ ne nnamfo ne amannifo kakraa bi a na ohyia wɔn no. Ɔyeree ne ho denneennen faa ɔkwan biara a obetumi so duu nkurɔfo nkyɛn wɔ “Galilea nyinaa.”—Mateo 4:23, 24; 9:35.
Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔn nso wɔnyɛ asuafoyɛ adwuma no bi. Nokwarem no, ɔmaa wɔn nhwɛso fɛfɛ sɛ wonni akyi. (1 Petro 2:21) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.
Sɛnea yenim no, yehyia nsɛnnennen ankasa wɔ asɛnka adwuma no mu. Yesu ankasa kae sɛ: “Hwɛ! meresoma mo sɛ nguammaa akɔ mpataku mu.” (Luka 10:3) Sɛ yehyia ɔsɔretia a, nea ɛtaa ba ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho na ama yɛakwati awerɛhow anaasɛ dadwen a ɛho nhia. Saa na esii anadwo a wɔkyeree Yesu no. Ehu nti asomafo no guanee. Bere a akyiri yi ade sae no, Petro paa Yesu mprɛnsa sɛ onnim no.—Mateo 26:56, 69-75.
Bio nso, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wobehu sɛ ɔsomafo Paulo mpo kae sɛ ɔno ankasa faa amanehunu mu de kaa asɛmpa no. Ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo asafo no sɛ: “Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu.”—1 Tesalonikafo 2:1, 2.
Paulo ne ne mfɛfo asomafo no tumi dii ehu so kaa Onyankopɔn Ahenni no kyerɛɛ afoforo, enti wo nso wubetumi ayɛ saa. Ɔkwan bɛn so? Ade a ehia paa sɛ woyɛ ne sɛ wode wo ho bɛto Yehowa so. Sɛ yenya Yehowa mu gyidi koraa a, saa gyidi no bɛka yɛn ma yɛayɛ nnwuma, na yebetumi ayɛ n’apɛde.—Asomafo Nnwuma 4:17-20; 5:18, 27-29.
Mo Nnwuma so Bɛba Mfaso
Yehowa nim mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom no no. Sɛ nhwɛso no, bere a yɛyare anaa yɛabrɛ no, onim. Onim ahotoso a yenni no. Sɛ sika fam ahokyere ma yɛbotow anaasɛ sɛ yɛn akwahosan anaa yɛn nkate mma yentumi nyɛ pii a, Yehowa hu yɛn tebea no bere nyinaa.—2 Beresosɛm 16:9; 1 Petro 3:12.
Hwɛ sɛnea Yehowa ani begye bere a yɛn gyidi ka yɛn ma yɛyɛ nnwuma ɛmfa ho sɛ yɛwɔ sintɔ ne nsɛnnennen no! Sɛnea Yehowa te nka ma n’asomfo anokwafo no nyɛ atenka hunu—ɔda atenka a ɛte saa adi denam bɔ a ɔhyɛ yɛn no so. Honhom kronkron kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho a ɛne sɛ moasom akronkronfo na moda so som wɔn no.”—Hebrifo 6:10.
Wubetumi anya ahotoso wɔ nsɛm a Bible ka fa Yehowa ho sɛ ɔyɛ “nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu,” “na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo” no mu. (Deuteronomium 32:4; Hebrifo 11:6) Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a ɔwɔ California U.S.A., ka sɛ: “Me papa de mfe du somee sɛ bere nyinaa somfo ansa na ɔrewo ne mma. M’ani gyee nsɛm a ɔka faa sɛnea Yehowa wowaw no wɔ ne som adwuma no mu no ho. Mpɛn pii no ɔde ne sika a aka wɔ ne ho nyinaa tɔ petro gu ne kar mu sɛnea ɛbɛyɛ na watumi ayɛ ne som adwuma no. Mpɛn pii no obefi asɛnka bɛba no, na wɔde nnuan abegu ne pon ano a ɔnhwɛ kwan.”
Sɛ yɛde honam fam mmoa a Onyankopɔn dema yɛn no to nkyɛn a, “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn,” no ma yɛn nkate ne honhom fam mmoa nso. (2 Korintofo 1:3) Ɔdansefo bi a ɔde mfe pii agyina sɔhwɛ bebree ano no ka sɛ: “Yehowa so a wode wo ho bɛto no ma wunya akomatɔyam. Ɛma wunya hokwan de wo werɛ hyɛ Yehowa mu na wuhu nea ɔyɛ de boa wo no.” Wubetumi de wo ho ato “mpaebɔ tiefo” no so, na wanya awerɛhyem sɛ obedi nea ɛhaw wo no ho dwuma ama wo.—Dwom 65:2.
Nhyira ne mfaso horow a honhom fam otwa adwumayɛfo nya no dɔɔso. (Mateo 9:37, 38) Asɛnka adwuma no ama nnipa pii anya akwahosan pa, na wo nso ebetumi aboa wo. Nanso, ne titiriw no, afoforo a yedi wɔn adanse no boa yɛn ma yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa.—Yakobo 2:23.
Kɔ so Yɛ Adepa
Ɛbɛyɛ mfomso sɛ Onyankopɔn somfo bi bɛka sɛ esiane ɔyare anaa esiane mpanyinyɛ nti, sɛ wantumi anyɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu a, Yehowa ani rensɔ. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔn a nyarewa, abusua mu asɛyɛde ahorow, anaa ɔhaw afoforo mma wontumi nyɛ pii no susuw.
Kae sɛ bere a ɔsomafo Paulo hyiaa akwanside ne yare no, ‘ɔsrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ onyi mfi ne so.’ Sɛ anka Onyankopɔn bɛsa Paulo yare na ama watumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu no, Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me dom no ara dɔɔso ma wo; me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Korintofo 12:7-10) Enti nya awerɛhyem sɛ, ɛmfa ho nsɛnnennen biara a wubehyia no, wo soro Agya no ani sɔ nea wubetumi ayɛ biara de ama ne som adwuma no anya nkɔso no.—Hebrifo 13:15, 16.
Yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no nhwehwɛ nea yɛrentumi nyɛ mfi yɛn hɔ. Nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebenya gyidi a ɛka yɛn ma yɛyɛ nnwuma.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
So na Mmara no a wosua no nkutoo dɔɔso?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]
Ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka yɛn gyidi ho