So Mfaso Wɔ Nokwaredi So?
JACK ka kyerɛɛ n’adamfo Peter sɛ: “Ɛsɛ sɛ wopɛ adwuma foforo yɛ. Akatua a wugye wɔ adwuma a woyɛ seesei mu no sua. Sɛ wugyae kɔpɛ adwuma foforo yɛ a, wubegye akatua pii.”a
Peter kae sɛ: “Nea woreka no betumi ayɛ nokware, nanso mayɛ adwuma wɔ ha akyɛ. Wɔaboa me yiye wɔ bere a atwam no, na mepɛ sɛ mekɔ so ne wɔn yɛ adwuma.”
Jack kae sɛ: “Eye sɛ wobɛkɔ so ne wɔn ayɛ adwuma. Nanso, worehwere sika pii!”
Asɛm a Jack kae no yɛ nokware. Mpɛn pii no, nokware a wubedi ama obi no betumi ama woahwere sika pii. Ɛsan nso gye bere, ahoɔden ne ahofama. So mfaso wɔ nokwaredi so?
Nnipa Pii Ka sɛ Nokwaredi Ye Nanso Wonni Nokware
Wɔ nhwehwɛmu bi a Allensbach ahyehyɛde no yɛe wɔ adwene a nkurɔfo kura wɔ nneɛma ho wɔ Germany mu no, wɔn a wɔkyerɛɛ wɔn adwene ɔha biara mu 96 kae sɛ nokwaredi yɛ su pa. Wɔ nhwehwɛmu a ɛto so abien a Allensbach ahyehyɛde no yɛe wɔ nnipa a wɔadi mfe 18 kosi 24 mu no, nnipa 3 biara mu 2 kae sɛ nokwaredi yɛ su pa.
Ɛwom sɛ nkurɔfo ka sɛ nokwaredi ye de, nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wodi nokware a, ɛyɛ ade foforo koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Europa aman pii so no, awarefo anaa abusua mufo ntaa nni wɔn ho wɔn ho nokware. Nnamfo ntaa nni wɔn ho nokware. Ɛnnɛ, nokware a anka mmere bi a atwam no na adwumawura ne odwumayɛni di wɔn ho wɔn ho anaa adwuma bi ne n’adetɔfo di wɔn ho wɔn ho no nni hɔ bio. Dɛn ntia?
Ɛtɔ mmere bi a, esiane sɛ yenni yɛn ho adagyew wɔ asetra mu nti, ɛmma yennya bere anaa ahoɔden mfa nni bɔ a yɛhyehyɛ so. Ebia ɛbɛyɛ den ama nkurɔfo a wɔadi wɔn huammɔ wɔ wɔne afoforo abusuabɔ mu no sɛ wobedi obi nokware. Ebia afoforo nso rempɛ sɛ wɔne nkurɔfo bɛfa nnamfo denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho asɛyɛde biara mmɛda wɔn so.
Ɛmfa ho nea ɛmma afoforo nni nokware biara no, nkurɔfo taa ka sɛ nokwaredi ye, nanso wonni nokware. Ɛnde nsɛmmisa no ne sɛ: So mfaso wɔ nokwaredi so? Sɛ saa a, hena na ɛsɛ sɛ yedi no nokware, na wɔ akwan bɛn so? Mfaso horow bɛn na yenya fi nokwaredi so?
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa edin no bi wɔ asɛm yi ne nea edi hɔ no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
Nkurɔfo taa ka sɛ nokwaredi ye, nanso wonni nokware