Mfaso Wɔ Nokwaredi So
WƆ AMAN bi so no, mmofra ani gye ho sɛ wɔde mpupuaa bɛtetare wɔn yɔnko a wɔne no di agoru atade mu de agoru ne ho. Sɛ mpupuaa no tetare atade no mu a, biribiara nni hɔ a onii a wɔde mpupuaa atetare n’atade mu no bɛyɛ a ɛbɛtetew agu fam—sɛ́ ɔrenantew, ɔretu mmirika, ɔrewosow ne ho, anaa ɔrehuruhuruw no. Ɔkwan biako pɛ a obetumi afa so atetew afi n’atade mu ara ne sɛ ɔbɛtetew no mmiako mmiako. Wɔ mmofra fam no, wɔyɛ saa de gyigye wɔn ani.
Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na n’ani gye ho sɛ mpupuaa bɛtetare n’atade mu, nanso, ɔkwan a ɛfa so tare atade mu no yɛ obiara nwonwa. Obi a ɔyɛ ɔnokwafo wɔ su a ɛte saa ara. Ɔnokwafo mma biribiara ntetew ɔne ne yɔnko ntam. Ofi nokwaredi mu yɛ nnwuma ne asɛyɛde a ɛwɔ saa abusuabɔ no mu, sɛ tebea bi ma ɛyɛ den sɛ ɔbɛyɛ saa mpo a. Asɛmfua “nokwaredi” ma su pa te sɛ, biribi ho a wɔbata, ne ahofama ba yɛn adwenem. Nanso, bere a ebia nkurɔfo di wo nokware a w’ani bɛsɔ no, so woasi wo bo sɛ wubedi afoforo nokware? Sɛ saa a, hena na ɛsɛ sɛ wudi no nokware?
Nokwaredi Ho Hia Paa Wɔ Aware Mu
Ɛho hia paa sɛ wodi nokware wɔ aware mu, nanso awerɛhosɛm ne sɛ aware mu na wɔntaa nni nokware koraa. Okunu ne ɔyere a wɔkɔ so di nokware wɔ wɔn aware mu, kyerɛ sɛ, wɔbom tra na obiara dwen ne yɔnko yiyedi ho no, atu anammɔn a ehia a ɛbɛma wɔanya anigye ne abotɔyam. Dɛn ntia? Efisɛ wɔbɔɔ nnipa sɛ wonni nokware nkyerɛ wɔn ho wɔn ho. Bere a Onyankopɔn kaa Adam ne Hawa boom sɛ awarefo wɔ Eden turom no, ɔkae sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” Na asɛm koro no ara fa ɔyere nso ho; na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bata ne kunu ho. Ná ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere di wɔn ho nokware na wɔte wɔn ho ase.—Genesis 2:24; Mateo 19:3-9.
Nokwarem no, ɛno yɛ mfe mpempem pii a abɛsen kɔ. So ɛno kyerɛ sɛ nokware a wobedi wɔ aware mu nnɛ no atwam? Nnipa pii bɛka sɛ ɛnte saa. Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Germany hui sɛ nnipa ɔha mu nkyem 80 bu nokwaredi sɛ ɛho hia paa wɔ aware mu. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo a ɛbɛma wɔahu su a mmarima ne mmea ani gye ho wɔ wɔn ho wɔn ho ho. Wɔka kyerɛɛ mmarima dodow bi sɛ wɔnkyerɛw su anum a wɔn ani gye ho paa wɔ mmea ho, ɛnna wɔka kyerɛɛ mmea dodow bi nso sɛ wɔnkyerɛw su anum a wɔn ani gye ho paa wɔ mmarima ho. Su pa a mmarima ne mmea no nyinaa kyerɛe sɛ wɔn ani gye ho paa ne nokwaredi.
Yiw, nneɛma a ɛma aware gyina no mu biako paa ne nokwaredi. Nanso, sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, nkurɔfo ka sɛ nokwaredi ye nanso wonni nokware. Sɛ nhwɛso no, awaregyae a abu so wɔ aman pii so no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa pii nni nokware. Ɛbɛyɛ dɛn na awarefo akwati nneyɛe a ɛde awaregyae ba na wɔadi wɔn ho nokware?
Nokwaredi Ma Aware Gyina
Sɛ awarefo hwehwɛ hokwan da no adi sɛ wɔde wɔn ho ama wɔn ahokafo a, na wodi nokware wɔ wɔn aware mu. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ papa sɛ wobɛka sɛ “yɛn”—“yɛn namfonom,” “yɛn mma,” “yɛn fie,” “yɛn suahu,” ne nea ɛkeka ho, sen sɛ wobɛka sɛ “me.” Sɛ okunu ne ɔyere reyɛ nhyehyɛe anaa wɔresisi gyinae ahorow a, ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn mu biara nkate ne n’adwenkyerɛ ho—sɛ́ ɛfa beae a wɔbɛda, adwuma a wɔbɛyɛ, mmofra ntetee, anigyede, beae a wɔbɛkɔ akogye wɔn ahome, anaa ɔsom mu dwumadi ahorow ho no.—Mmebusɛm 11:14; 15:22.
Awarefo da no adi sɛ wodi nokware bere a wɔn mu biara ma ne yɔnko te nka sɛ ne ho hia no no. Sɛ obi aware mu hokafo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɔ kɔ akyiri dodo a, ɛmma onnya akomatɔyam wɔ n’aware mu. Bible tu mmarima fo sɛ wɔmmata “[wɔn] mmerantebere mu yere” ho. Ɛnsɛ sɛ okunu ma n’ani gye ɔbea foforo ho ka ne yere ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔkwati sɛ ɔne ɔbea foforo bɛda. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔfa ɔyere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa.” Wɔhwɛ kwan sɛ mmea nso bedi nokwaredi ho gyinapɛn a ɛkorɔn yi so.—Mmebusɛm 5:18; 6:32.
So mfaso wɔ so sɛ wodi nokware wɔ aware mu? Yiw, mfaso wɔ so. Ɛma aware no gyina, na ɛma awarefo no mu biara nya so mfaso. Sɛ nhwɛso no, sɛ okunu fi ne pɛ mu yɛ biribiara a ɛbɛma ne yere ani agye ma no a, ɛma ɔyere no nya abotɔyam na ɔyɛ nea obetumi biara de boa aware no. Saa ara nso na sɛ ɔbea no yɛ saa a, okunu no nso yɛ nea obetumi biara de boa aware no. Ne bo a wasi sɛ obedi ne yere nokware no boa no ma ɔfa ɔkwan a ɛteɛ so bɔ ne bra wɔ n’asetram biribiara mu.
Sɛ okunu ne ɔyere hyia nsɛnnennen a, nokwaredi bɛma wɔanya abotɔyam. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ ɔhaw sɔre wɔ aware a wonni nokware wom mu a, nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔbɛtetew mu anaa wobegyae aware. Sɛ́ anka awaregyae anaa ntetewmu besiesie ɔhaw no, ɛkɔfa ɔhaw afoforo mmom na ɛba. Wɔ 1980 mfe no mu no, obi a wagye din a nkurɔfo kɔ ne nkyɛn kogye ntadehyɛ ne ahosiesie ho afotu ne ne yere ne n’abusua tetew mu. So ɔhokwafo a ɔyɛe no ma onyaa anigye? Mfe 20 akyi no, ɔkae sɛ ne ho a ɔtew fii n’abusua ho no ma ɔyɛɛ “ankonam na ɔhawee, na na ontumi nna anadwo, na ɔpɛ sɛ ɔka kyerɛ [ne] mma sɛ wɔnna yiye.”
Awofo ne Mmofra Ntam Nokwaredi
Sɛ awofo di wɔn ho nokware a, ɛda adi sɛ wɔn mma besua sɛ wobedi nokware. Ɛbɛyɛ mmerɛw ama mmofra a wɔde nokwaredi tete wɔn wɔ abusua a ɔdɔ wom mu sɛ daakye wɔbɛhwɛ wɔn aware mu ahokafo ne afei wɔn awofo a onyin ama wɔagow no yiye.—1 Timoteo 5:4, 8.
Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na awofo di kan gow. Ɛtɔ mmere bi a ebehia sɛ wofi nokwaredi mu hwɛ abofra bi. Saa ara na na ɛte wɔ Herbert ne Gertrud a wɔyɛ Yehowa Adansefo no fam. Wɔde bɛboro mfe 40 hwɛɛ wɔn babarima bi. Wɔn babarima Dietmar nyaa yare bi fii awo mu, ma obubui wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. Aka mfe ason ama Dietmar awu wɔ November 2002 mu no, na ehia sɛ obi tra ne ho hwɛ no bere nyinaa. N’awofo fi nokwaredi mu hwɛɛ no. Wɔhyehyɛɛ afiri bi a wɔde sa yare wɔ wɔn fie na wokosuaa ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ no. Nokware a wodi wɔ abusua mu ho nhwɛso pa bɛn ara ni!
Nokwaredi Ho Hia Wɔ Adamfofa Mu
Birgit ka sɛ: “Sɛ obi nwaree a n’ani betumi agye, nanso sɛ obi nni adamfo a ɛyɛ den sɛ n’ani begye.” Ebia wo ne no yɛ adwene. Sɛ́ woaware anaa wonwaree no, adamfo pa bi di wo nokware a, ɛbɛma w’ani agye na ama w’asetra atu mpɔn. Nanso, sɛ woaware a, w’aware mu hokafo na ɛsɛ sɛ wofa no adamfo paa.
Adamfo nyɛ obi a yɛne no bɔ manni kɛkɛ. Yebetumi ne afipamfo, adwumayɛfo, ne nkurɔfo a yehyia wɔn bere ne bere abɔ manni. Nanso sɛ wubenya adamfofa a edi mu ankasa a, ɛsɛ sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden ma na woda ahofama adi. Sɛ obi fa wo adamfo a, na wadi wo ni. Sɛ wowɔ adamfo a, ɛma wunya mfaso pii, nanso asɛyɛde nso wom.
Ɛho hia sɛ yɛne yɛn nnamfonom di nkitaho pa. Ɛtɔ mmere bi a ahiasɛm bi ma ɛho behia sɛ yedi nkitaho a ɛte saa. Birgit kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ me anaa m’adamfowa wɔ ɔhaw bi a, yɛfrɛ yɛn ho wɔ telefon so pɛnkoro anaa mprenu wɔ dapɛn biako mu. Ɛma me werɛ kyekye sɛ minim sɛ ɔwɔ hɔ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie me.” Ɛnsɛ sɛ nnamfo ma kwantenten a ɛda wɔn ntam sɛe wɔn adamfofa. Ɔkwan a ɛda Gerda ne Helga ntam no ware yiye, nanso wɔakɔ so ayɛ nnamfo pa bɛboro mfe 35. Gerda kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛtaa kyerɛw yɛn ho, ka osuahu ahorow a yɛwɔ na yɛkyerɛkyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ yɛn mu paa kyerɛ yɛn ho, sɛ́ ɛyɛ anigye anaa awerɛhow no. Krataa a minya fi Helga hɔ no ma m’ani gye mmoroso. Yɛn nsusuwii hyia ankasa.”
Nokwaredi ho hia wɔ adamfofa mu. Biribi a ɛnkyerɛ nokwaredi a wɔyɛ no betumi asɛe adamfofa a akyɛ mpo. Nnamfo taa de afotu ma wɔn ho wɔ kokoam nsɛm mpo ho. Nnamfo fi wɔn koma mu kasa a wonsuro sɛ wobebu wɔn animtia anaa wɔbɛda wɔn kokoam nsɛm adi. Bible ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.
Esiane sɛ yɛn nnamfo tumi nya sɛnea yesusuw nsɛm ho, sɛnea yɛte nka, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade so nkɛntɛnso nti, ɛho hia sɛ yɛne nkurɔfo a wɔn abrabɔ ne yɛn de hyia fa nnamfo. Sɛ nhwɛso no, hwɛ hu sɛ wo ne nkurɔfo a wɔn abrabɔ, wɔn gyidi, ne gyinapɛn a wokura wɔ papa ne bɔne ho ne wode hyia na ɛbɛfa nnamfo. Nnamfo a wɔte saa no bɛboa wo ma woadu wo botae ho. Bio nso, dɛn nti na wobɛpɛ sɛ wo ne obi a ne gyinapɛn ne n’abrabɔ ne wode nhyia bɛbɔ? Bible kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛpaw nnamfo a wɔfata. Ɛka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.
Nokwaredi Yɛ Ade a Wotumi Sua
Sɛ abofra sua sɛnea wɔde mpupuaa tetare obi atade mu a, ebia ɔbɛpɛ sɛ odi agoru no mpɛn pii. Saa ara na obi a ɔyɛ ɔnokwafo te. Dɛn ntia? Efisɛ dodow a yesua sɛ yebedi nokware no, dodow no ara na ɛrenyɛ yɛn den sɛ yebedi nokware. Sɛ obi sua sɛ obedi nokware wɔ ne mmofraase wɔ abusua mu a, ɛrenyɛ den mma no akyiri yi sɛ obedi nokware wɔ nnamfofa mu. Ná bere bi akyi no, nnamfofa a ɛte saa a emu yɛ den a agyina no betumi ama wadi nokware wɔ aware mu. Eyi bɛboa no ma wadi nokware wɔ adamfofa a ehia sen biara mu nso.
Yesu kae sɛ mmara no mu kɛse ne sɛ wode wo koma nyinaa, wo kra nyinaa, w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa Nyankopɔn. (Marko 12:30) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware koraa. Yehowa Nyankopɔn a yebedi no nokware no ma yenya nhyira pii. Ɔremma yɛn nsa nsi fam anaa ɔrenni yɛn huammɔ da, efisɛ Bible ka sɛ: “Onyankopɔn . . . yɛ nokwafo.” (1 Korintofo 1:9) Nokwarem no, Onyankopɔn a yedi no nokware no ma yenya nhyira daa.—1 Yohane 2:17.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Adamfo pa nokwaredi bɛma w’ani agye
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Abusuafo a wɔyɛ anokwafo dwen wɔn ho wɔn ho