Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 11/15 kr. 3
  • So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena ne Ɔbonsam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Daa Nkwa Tamfo
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 11/15 kr. 3

So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?

WUBU Ɔbonsam dɛn? So wubu no sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a ɔsɔ nnipa hwɛ ma wɔyɛ nneɛma bɔne, anaa ogyina hɔ ma bɔne kɛkɛ? So Ɔbonsam yɛ obi a ɛsɛ sɛ yesuro no, anaa ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɔyɛ gyidihunu nsusuwii bi anaa anansesɛm mu nipa bi ara kwa? So asɛmfua “ɔbonsam” no kyerɛ tumi bi a ɛsɛe ade a aniwa ntumi nhu wɔ amansan yi mu? So edin no betumi ayɛ subammɔne bi a ɛwɔ nnipa mu sɛnea nnɛyi nyamekyerɛfo pii kyerɛ no?

Ɛnyɛ nwonwa sɛ adesamma adwene nhyia wɔ onii ko a ɔbonsam yɛ no ho. Susuw sɛnea ebetumi ayɛ den sɛ wubehu obi a ɔmma afoforo nhu sɛnea ɔte ankasa no ho hwɛ! Ebetumi ayɛ den yiye bere a onii no asi ne bo sɛ ɔremma wonhu sɛnea ɔte ankasa da no. Saa na Bible no ka Ɔbonsam ho asɛm. Bere a Bible reka Satan ho asɛm no, ɛka sɛ: “Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo.” (2 Korintofo 11:14) Ɛwom sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo de, nanso Ɔbonsam da ne ho adi sɛ obi a oye sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adaadaa afoforo. Na sɛ otumi ma nnipa gye di sɛ onni hɔ a, ɛboa no ma odi n’atirimpɔw ho dwuma yiye.

Ɛnde, na hena ne Ɔbonsam? Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ɔfa bae? Ɔkwan bɛn so na ɔfa nya adesamma so nkɛntɛnso nnɛ? So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ako atia ne nkɛntɛnso? Bible no kura Ɔbonsam mfiase pɛɛ ho abakɔsɛm a edi mu na ɛde nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware ma.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Hwɛ sɛnea ebetumi ayɛ den sɛ wubehu obi a wasi ne bo sɛ ɔremma wonhu sɛnea ɔte ankasa da!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena