Ɔdɔ Mu a Wofi Tie Asɛm
“MEDA wo ase sɛ woatie me.” So obi aka saa akyerɛ wo nnansa yi? Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ wo dɛ! Ɛkame ayɛ sɛ obiara ani gye obi a ɔyɛ aso tie afoforo ho. Sɛ yetie asɛm yiye a, yebetumi ama nnipa a wɔwɔ ahohia mu anaa ɔhaw ahyɛ wɔn so no anya abotɔyam. Na sɛ yɛyɛ atiefo pa a, so ɛmmoa yɛn mma yɛnkyerɛ afoforo ho anigye? Wɔ Kristofo asafo no mu no, ɔdɔ mu a yebefi atie asɛm no yɛ ‘yɛn ho yɛn ho a yebesusuw akanyan yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu no’ fã titiriw a ɛho hia paa.—Hebrifo 10:24.
Nanso nnipa pii nyɛ atiefo pa. Nea wɔpɛ ne sɛ wobetu fo, aka wɔn ankasa suahu, anaasɛ wɔbɛda wɔn nsusuwii adi sen sɛ wobetie nea afoforo wɔ ka. Asɛm tie yɛ biribi a wosua. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asua sɛnea wofi ɔdɔ mu tie asɛm?
Ade Titiriw a Ɛbɛboa Ma Yɛatie Asɛm
Yehowa ne yɛn ‘Kyerɛkyerɛfo Kunini.’ (Yesaia 30:20) Obetumi akyerɛkyerɛ yɛn nneɛma pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛatie asɛm. Susuw sɛnea Yehowa boaa odiyifo Elia no ho hwɛ. Esiane sɛ Ɔhemmaa Yesebel hunahunaa Elia ma ɔbɔɔ hu nti, oguan kɔɔ sare so na ɔpɛe sɛ owu. Ɛhɔ na Onyankopɔn bɔfo ne no kasae. Bere a odiyifo no rekyerɛkyerɛ nea ama wabɔ hu mu no, Yehowa tiei na ɔdaa Ne tumi kɛse adi. Dɛn na efii mu bae? Ehu no fii Elia mu ma ɔsan kɔyɛɛ n’adwuma. (1 Ahene 19:2-15) Dɛn nti na Yehowa gye bere de tie n’asomfo ahiasɛm? Efisɛ odwen wɔn ho. (1 Petro 5:7) Ɔkwan titiriw a wubetumi afa so ayɛ otiefo pa ni: Dwen afoforo ho, na fi komam te nka ma wɔn.
Bere a ɔbarima bi a ɔwɔ Bolivia yɛɛ bɔne bi a emu yɛ duru no, n’ani sɔɔ aso pa a ne yɔnko gyidini bi yɛ tiee no no. Ɔbarima no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ m’asetram nyinaa no, na me mmotow saa da. Sɛ ɛnyɛ onua bi na ogyee bere tiee me saa bere no a, anka ebia migyaee Yehowa som. Wankasa pii, nanso hu a mihui sɛ na ɔpɛ sɛ otie me kɛkɛ no hyɛɛ me den. Na ɛho nhia sɛ ɔkyerɛ me nea menyɛ; na minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Na nea mepɛ sɛ mihu ara ne sɛ obi dwen sɛnea mete nka no ho anaa. Tie a otiee me no maa abasamtu a na ahyɛ me so no gyaee.”
Yesu Kristo ne nea ɔyɛ Nhwɛsofo kɛse wɔ sɛnea wofi ɔdɔ mu tie asɛm ho. Yesu wu akyi bere tiaa bi no, na n’asuafo no mu baanu retu kwan akɔ akuraa bi a efi Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin ason no ase. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn abam abu. Enti Yesu Kristo a na wɔanyan no afi awufo mu no ne wɔn bɔɔ anan kɔe. Ɔtɔɔ ne bo ase bisaa wɔn nsɛm de huu nea ɛhaw wɔn, na asuafo no nso maa no mmuae. Wɔkyerɛkyerɛɛ anidaso a na wɔwɔ ne sɛnea afei wɔn abam abu na wonhu nea wɔnyɛ no mu kyerɛɛ no. Ná Yesu dwen wɔn ho, na sɛnea ofi ɔdɔ mu tiee wɔn no boaa asuafo no ma wɔyɛɛ aso tiee no. Afei Yesu “kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho mu wɔ Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.”—Luka 24:13-27.
Tie a yebedi kan atie afoforo no yɛ ɔdɔ kwan a yɛnam so benya afoforo ma wɔatie yɛn. Boliviani bea bi ka sɛ: “M’awofo ne me nsenom fii ase kasa tiaa ɔkwan a mefa so tete me mma no. Mamfa nea wɔkae no, nanso sɛ́ ɔwofo no, na minhu nea menyɛ. Saa bere no ara mu na Yehowa Dansefo bi baa me nkyɛn. Ɔkaa Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛɛ me. Nanso, ɛyɛ ɔkwan a ɔfaa so bisaa me nea m’adwene kyerɛ me wɔ asɛm no ho no na ɛma mihui sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie me. Memaa no agua, na ankyɛ koraa na mifii ase kaa m’ahiasɛm kyerɛɛ no. Ɔtɔɔ ne bo ase tiee me. Obisaa me nea mepɛ sɛ me mma no yɛ ne sɛnea me kunu te nka wɔ ho. Me ho tɔɔ me sɛ minyaa obi a na ɔpɛ sɛ ɔte m’asɛm ase. Bere a ofii ase kyerɛɛ me nea Bible ka fa abusua asetra ho no, mihui sɛ me ne obi a odwen me tebea no ho na ɛrekasa.”
Bible ka sɛ: ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea n’ankasa hia.’ (1 Korintofo 13:4, 5) Sɛ yebefi ɔdɔ mu atie asɛm a, ɛnde na ɛhwehwɛ sɛ yɛde nea yɛn ankasa hia to nkyɛn. Eyi betumi akyerɛ sɛ sɛ afoforo reka aniberesɛm bi akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛremma television a yɛrehwɛ, atesɛm krataa a yɛrekenkan, anaasɛ telefon a yekura kyin ntwetwe yɛn adwene. Ɔdɔ mu a wofi tie asɛm no kyerɛ sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ kɛse wɔ onipa foforo nsusuwii ho. Ɛhwehwɛ sɛ yɛkwati sɛ yebefi ase aka yɛn ankasa ho asɛm te sɛ, “W’asɛm yi ama makae nea ɛtoo me bere bi a atwam.” Asɛm a ɛte saa no ho behia bere a yɛne yɛn nnamfo rebɔ nkɔmmɔ no, nanso sɛ obi ne yɛn resusuw aniberesɛm bi ho a, ehia sɛ yɛde yɛn ankasa nsɛm to nkyɛn. Yebetumi akyerɛ afoforo ho anigye wɔ ɔkwan foforo so.
Tie na Hu Sɛnea Obi Te Nka
Anyɛ yiye koraa no ɔbarima Hiob nnamfonom no tee nsɛm pii a ɔkae no mu edu. Nanso, Hiob teɛɛm sɛ: “Oo, sɛ anka menya obi a obetie me ɛ!” (Hiob 31:35) Dɛn ntia? Efisɛ wannya awerɛkyekye biara amfi n’asɛm a wotiei no mu. Wɔannwen Hiob ho na wɔampɛ sɛ wɔbɛte sɛnea ɔte nka no ase. Akyinnye biara nni ho sɛ na wonni tema sɛ atiefo a wɔwɔ ayamhyehye. Nanso ɔsomafo Petro tu fo sɛ: “Mo nyinaa nyɛ adwene koro, na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene.” (1 Petro 3:8) Yɛbɛyɛ dɛn ada tema adi? Ɔkwan biako ne sɛ yebesusuw ɔfoforo no nkate ho na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛte n’ase. Nsɛm a ɛkyerɛ tema te sɛ “ɛbɛyɛ yaw paa” anaasɛ “wɔante wo ase” a yɛbɛka no yɛ ɔkwan biako a yɛfa so kyerɛ sɛ yedwen onii no ho. Ɔkwan foforo nso ne sɛ yɛde yɛn ankasa nsɛm bɛkyerɛkyerɛ onii no asɛm mu, na ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛtee nea ɔkae no ase. Ɔdɔ mu a yebefi atie asɛm no nkyerɛ sɛ yebetie nsɛmfua kɛkɛ na mmom sɛ́ yebehu onii no nkate nso.
Roberta yɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo a ne ho akokwaw. Ɔka sɛ: “Bere bi m’abam bui wɔ me som adwuma no mu. Enti mepɛe sɛ me ne ɔmansin sohwɛfo no ka ho asɛm. Ɔyɛɛ aso tiee me yiye na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte sɛnea mete nka no ase. Na mpo ɛte sɛ nea ohui sɛ na misuro sɛ ɔbɛkasa atia ɔkwan a mefaa so yɛɛ m’ade no. Onua no ma metee ase sɛ ɔte sɛnea mete nka no ase, efisɛ ɔno nso ate nka saa pɛn. Eyi boaa me ma metoaa me som adwuma no so.”
So yebetumi atie asɛm bere a yɛmpene nea wɔka no so? Yebetumi aka akyerɛ obi sɛ yɛn ani sɔ ɔkwan a ɔfaa so daa ne nkate adi kyerɛɛ yɛn no? Yiw. Na sɛ wo babarima kɔko ntɔkwaw wɔ sukuu mu anaasɛ wo babea a onnii mfe aduonu ba fie bɛka sɛ wahu ɔbarima bi a ɔdɔ no nso ɛ? So ɛrenyɛ papa sɛ ɔwofo no tie na ɔbɔ mmɔden hu nea ɛrekɔ so wɔ abofra no adwenem ansa na wakyerɛkyerɛ abrabɔ pa ne abrabɔ bɔne mu akyerɛ no?
Mmebusɛm 20:5 ka sɛ: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” Sɛ obi a onim nyansa na ne ho akokwaw mpɛ sɛ ofi ne pɛ mu de afotu ma a, ɛsɛ sɛ yebisa no nsɛm na ama ɔde n’afotu no ama. Saa ara na ɛte bere a yefi ɔdɔ mu tie asɛm no. Egye nhumu ansa na yɛatumi ahu obi tirim asɛm. Nsɛmmisa tumi boa, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na nsɛm a yɛrebisa no ankɔyɛ sɛ yɛrefeefee onii no kokoam nsɛm mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛhyɛ onii a ɔrekasa no nyansa sɛ ɔmfa nsɛm a ɔte nka sɛ obetumi aka no yiye mfi ase. Sɛ nhwɛso no, ɛrenyɛ den mma ɔyere a ɔpɛ sɛ ɔka ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ n’aware mu no sɛ obefi n’asɛm no ase afi ɔkwan a ɔnam so hyiaa ne kunu ma wɔwaree no so. Obi a wayɛ mmerɛw wɔ Kristofo asafo no mu betumi aka ɔkwan a ɔfaa so huu nokware no ho asɛm de afi n’asɛm ase.
Ɔdɔ mu a Wofi Tie Asɛm—Ɛnyɛ Mmerɛw
Ebetumi ayɛ den sɛ yebetie obi a ne bo afuw yɛn, efisɛ yɛn awosu ne sɛ yɛde nsɛm beyi yɛn ho ano. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina asɛnnennen yi ano? Mmebusɛm 15:1 ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” Ɔkwan biako a yɛfa so bua asɛm bɔkɔɔ ne sɛ yebefi ɔdɔ mu ama onii no aka n’asɛm na yɛde ntoboase atie bere a ɔrekyerɛkyerɛ nea ɛhaw no mu no.
Mpɛn pii no ɛyɛ nsɛm a nnipa baanu tĩ mu ka no na ɛde akyinnyegye ba. Wɔn mu biara te nka sɛ ne yɔnko ntie n’asɛm. Hwɛ sɛnea anka ebetumi ayɛ papa sɛ wɔn mu baako begyae kasa atie nea ne yɔnko no reka no! Nokwarem no, ɛho hia sɛ yenya ahosodi na yɛde anifere ne ɔdɔ ka yɛn asɛm. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea osianka n’ano yɛ onimdefo.”—Mmebusɛm 10:19.
Sɛnea wotumi fi ɔdɔ mu tie asɛm no mma kwa. Nanso, ɛyɛ ade a yebetumi abɔ mmɔden ahyɛ yɛn ho so asua. Ɛyɛ su a sɛ yenya a ɛbɛboa yɛn. Nokwarem no, sɛ afoforo rekasa na yetie a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Ɛma yɛn ani gye nso. Ɛnde hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebesua sɛnea wofi ɔdɔ mu tie asɛm!
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa din no.
[Mfonini wɔ kratafa 11]
Sɛ yɛretie asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛn ankasa hia to nkyɛn
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Sɛ obi bo afuw a, ɛbɛyɛ den sɛ wubetie n’asɛm