Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 4/15 kr. 13-16
  • Wobɛyɛ Dɛn Asisi Gyinae Ma Ɛne Onyankopɔn Apɛde Ahyia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Asisi Gyinae Ma Ɛne Onyankopɔn Apɛde Ahyia?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Eyi Ne Kwan No”
  • Fa Bible Nnyinasosɛm Ahorow Di Dwuma
  • Dwen Nneɛma Ho Kɔ Akyiri
  • Sɛnea Wubetumi Asisi Gyinae Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nya Gyidi—Sisi Gyinae Nyansam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 4/15 kr. 13-16

Wobɛyɛ Dɛn Asisi Gyinae Ma Ɛne Onyankopɔn Apɛde Ahyia?

WƆ United States no, ɔbarima bi de sika a esi US dɔla 25,000 kɔɔ sikakorabea. Ná n’adwene ne sɛ, ɔde sika no rekɔto sikakorabea hɔ. Nanso, onipa a ɔkɔtoo no wɔ hɔ no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne sika no nhyɛ aguadi nhyehyɛe bi mu, na ɔmaa no awerɛhyem mpo sɛ saa aguadi nhyehyɛe no nnii huammɔ da. Ɔbarima no de n’afotu no yɛɛ adwuma. Nanso, ankyɛ na mfaso a wonya fi saa aguadi nhyehyɛe no so tewee koraa.

Osuahu yi ma yehu sɛ, sɛ́ wubesisi gyinae a nyansa wom no nna fam. Na nneɛma a yesisi ho gyinae wɔ yɛn asetra mu no nso ɛ? Gyinaesi pii wɔ hɔ a nea ebefi mu aba no bɛkyerɛ sɛ yebedi yiye anaasɛ yɛbɛbɔ fam, na mpo ɛbɛkyerɛ sɛ daakye yebenya nkwa anaasɛ yɛrennya nkwa. Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn anya ahotoso sɛ yɛresisi gyinae a nyansa wom?

“Eyi Ne Kwan No”

Da biara da yesisi gyinae wɔ nea yebedi, nea yɛbɛhyɛ, baabi a yɛbɛkɔ, ne nea ɛkeka ho ho. Gyinaesi bi wɔ hɔ a yebebu no adewa, nanso akyiri yi ɔhaw betumi afi mu aba. Sɛ nhwɛso no, bere a edi kan a obi besi gyinae sɛ ɔbɛsɔ sigaretnom ahwɛ no betumi akowie biribi a ɔbɛyɛ no ne nkwa nna nyinaa. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ yebu gyinae ahorow bi a yesisi no adewa ka sɛ ɛho nhia.

Ɛhe na yebetumi ahwehwɛ akwankyerɛ bere a yɛresisi gyinae wɔ nneɛma nketenkete mpo mu no? Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebenya ofotufo a yɛwɔ ne mu ahotoso bere a ɛho behia sɛ yesi gyinae a emu yɛ duru no! Wubetumi anya ofotufo a ɔte saa. Tete nhoma bi a wɔde emu nsɛm yɛ adwuma ɛnnɛ no ka sɛ: “Na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:21) Ɛyɛ hena nsɛm? Na wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wubetumi de wo ho ato n’akwankyerɛ so?

Bible no na ɛde awerɛhyem yi ma, na nnipa ɔpepem pii a wɔasua no abehu sɛ efi Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn honhom mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Yehowa nim sɛnea yɛn su te, enti ɔno na obetumi ama yɛn akwankyerɛ pa. Yehowa tumi hu nea ɛbɛba daakye, na ɔka sɛ, “Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw begyina.” (Yesaia 46:10) Odwontofo bi daa ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa Asɛm mu no adi wɔ saa kwan yi so sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛ yɛn kwan ma yɛfa ɔkwampa so wɔ nnɛ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu? Yɛbɛyɛ dɛn asisi gyinae ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia?

Fa Bible Nnyinasosɛm Ahorow Di Dwuma

Yehowa Nyankopɔn de nnyinasosɛm ama Kristofo na ama wɔatumi asisi gyinae a nyansa wom. Yebetumi de Bible nnyinasosɛm ahorow a yebesua na yɛde abɔ yɛn bra no atoto kasasua ho. Sɛ wote kasa no na obi anka asɛm bi yiye a, wuhu efisɛ asɛm a onii no kae no antɔ asom papa. Ebia worentumi nkyerɛ nea ɔkae a enye no pɔtee de, nanso wunim sɛ wanka no yiye. Sɛ wusua Bible nnyinasosɛm ahorow na wode bɔ wo bra a, wubetumi akyerɛ bere a gyinaesi bi nyɛ papa na ɛne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow nhyia no.

Fa gyinae a ɛsɛ sɛ aberante bi si wɔ sɛnea obeyi ne ti ho no sɛ nhwɛso. Ahyɛde pɔtee biara nni Bible mu a ɛkasa tia sɛnea woyi ti bi. Nanso, susuw Bible nnyinasosɛm bi ho hwɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Saa ara nso na mepɛ sɛ mmea de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu, na mmom nea ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn, denam nnwuma pa so.” (1 Timoteo 2:9, 10) Ná Paulo reka mmea ho asɛm wɔ ha, nanso emu nnyinasosɛm no fa mmea ne mmarima nyinaa ho. Dɛn ne nnyinasosɛm no? Ɛsɛ sɛ yɛde anidahɔ ne adwenemtew siesie yɛn ho. Enti aberante no betumi abisa ne ho sɛ, ‘So eti a mepɛ sɛ miyi no bɛkyerɛ sɛ mereda me ho adi sɛ Kristoni?’

Na nnyinasosɛm bɛn na mmabun betumi anya afi osuani Yakobo nsɛm a edi so yi mu? “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ wiase adamfofa no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Enti Kristofo mpɛ sɛ wonya adwene a ɛbɛma wɔabɛyɛ wiase a ɛyɛ Onyankopɔn tamfo no adamfo. So eti a aberante no atipɛnfo ani gye ho no bɛma wɔahu no sɛ Onyankopɔn adamfo anaasɛ wiase no adamfo? Aberante a ɔresusuw eti ko a ɔpɛ sɛ oyi ho no betumi de Bible mu nnyinasosɛm yi adi dwuma de asi gyinae a nyansa wom. Yiw, Bible mu nnyinasosɛm boa yɛn ma yesisi gyinae. Na sɛ yɛde yɛ yɛn su bere nyinaa sɛ yebegyina Bible mu nnyinasosɛm so asisi gyinae a, ɛnde ɛrenyɛ den sɛ awiei koraa no nneɛma pa befi yɛn gyinaesi no mu aba.

Yebetumi anya nnyinasosɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a yɛrenhu kyerɛwsɛm pɔtee bi a ɛka yɛn tebea no ho asɛm. Nanso yebetumi akenkan wɔn a wotiee Onyankopɔn akwankyerɛ ne wɔn a wobuu wɔn ani guu kɔkɔbɔ so no ho nsɛm. (Genesis 4:6, 7, 13-16; Deuteronomium 30:15-20; 1 Korintofo 10:11) Kyerɛwtohɔ a ɛte saa a yɛbɛkenkan na yɛasusuw nea efii mu bae ho no bɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Fa nkɔmmɔbɔ tiawa a ɛkɔɔ so wɔ Yesu Kristo ne ɔsomafo Petro ntam no sɛ nhwɛso. Mmarima a na wogyigye nnwetɛbona abien tow no bisaa Petro sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfo no tua nnwetɛbona abien tow no anaa?” Ná Petro abua sɛ: “Yiw.” Ɛno akyi pɛɛ na Yesu bisaa Petro sɛ: “Hena nkyɛn na asase so ahemfo no gye amanne anaa tow no? Wɔn mma anaa ahɔho nkyɛn”? Bere a Petro kae sɛ: “Ahɔho nkyɛn no,” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnde na ɛnsɛ sɛ mma no tua tow. Nanso nea ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn hintidua nti, wo de kɔ po kɔtow darewa na apataa a edi kan a wubeyi no, sɛ wubue n’anom a wubehu dwetɛ sika. Yi ma wɔn fa tua me ne wo de.” (Mateo 17:24-27) Nnyinasosɛm bɛn na yesua fi kyerɛwtohɔ yi mu?

Yesu nam nsɛmmisa so teɛɛ Petro adwene sɛ: Sɛ́ Onyankopɔn Ba no, ɛnsɛ sɛ otua tow. Ɛwom sɛ mfiase no Petro ante ase de, nanso Yesu fi ayamye mu boaa no ma ɔtee ase. Sɛ afoforo di mfomso a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yɛne wɔn di no ayamye so sen sɛ yɛde ahopere bɛka wɔn anim anaa yebebu wɔn fɔ.

Afei Petro huu nea enti ɛsɛ sɛ otua tow no—sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrento afoforo hintidua. Yebetumi asua biribi foforo afi kyerɛwtohɔ yi mu. Afoforo ahonim a yebesusuw ho no hia sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛpɛ.

Dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma afoforo ahonim? Ɛyɛ ɔdɔ a yebenya ama yɛn yɔnko nipa. Yesu Kristo kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛn kra nyinaa mu a yebefi adɔ Onyankopɔn akyi no, nea edi hɔ ne sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. (Mateo 22:39) Nanso, yɛte wiase bi a ɛhyɛ ahopɛ ho nkuran mu, na sɛ́ abɔnefo no, ɛtwetwe yɛn ma yɛyɛ pɛsɛmenkominya. Eyi nti, sɛ onipa bɛdɔ ne yɔnko sɛ ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔsakra n’adwene.—Romafo 12:2.

Nnipa pii ayɛ nsakrae na wosusuw afoforo ahonim ho bere a wɔresisi gyinae nketewa ne akɛse no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, munim sɛ wɔafrɛ mo sɛ mummenya ahofadi, nanso mommma ahofadi yi mmmɛyɛ nnyinasode mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ nsonsom mo ho.” (Galatifo 5:13) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Susuw abeawa bi a otu fii kurow kɛse mu kɔtraa kurow ketewa mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm no ho hwɛ. Bere a na ɔreka asɛm no akyerɛ nkurɔfo no, obehui sɛ ne ntade a anka ɔhyɛ wɔ kurow kɛse mu a asɛm biara nni ho no abɛyɛ ade a kurow no mufo reka ho asɛm. Ɛwom sɛ na ne ntade no fata de, nanso ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhyɛ ntade a ɛba fam “sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.”—Tito 2:5.

Sɛ ɛyɛ wo na ɛho behiae sɛ wosakra w’ahosiesie anaa biribi foforo a w’ani gye ho a, anka wobɛyɛ dɛn? Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani begye wo gyinaesi ho bere a ɛkyerɛ sɛ wodwen afoforo ahonim ho no.

Dwen Nneɛma Ho Kɔ Akyiri

Sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ne afoforo ahonim to nkyɛn a, dɛn na yebetumi asusuw ho bere a yɛresisi gyinae no? Ɛwom sɛ Kristofo abrabɔ yɛ den te sɛ nea obi nam ɔkwan hiahia a ɛsan yɛ mmonkyemmɔnka so de, nanso Onyankopɔn mmara nkyekyere wɔn papee. (Mateo 7:13, 14) Ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛn gyinaesi benya yɛn honhom fam, nkate fam, yɛn adwene, ne yɛn nipadua so nkɛntɛnso daakye no ho.

Fa no sɛ woredwen adwuma bi a wopɛ sɛ woyɛ ho. Ebia na ɔbrasɛe anaa asɛm biara nni adwuma ko a wopɛ no ho. Wubetumi akɔ Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse. Akatua a wubenya no ye sen nea na wohwɛ kwan no. Adwumawura no ani gye sɛnea wunim adwuma no ho paa, na ɔpɛ sɛ onya w’ahokokwaw no so mfaso kosi ase. Ɛno da nkyɛn a, w’ani gye adwuma no ho. So biribi wɔ hɔ a ɛremma wonnye adwuma no? Na sɛ wuhu sɛ anhwɛ a adwuma no begye w’adwene dodo nso ɛ? Wɔaka akyerɛ wo sɛ wɔrenhyɛ wo mma wonnyɛ adwuma mmoro bere a ɛsɛ sɛ wode yɛ adwuma no so. Nanso sɛ ebehia sɛ wuwie adwuma bi a, so wobɛhyɛ wo ho ayɛ adwuma asen nea anka ɛsɛ sɛ woyɛ? So wobɛtaa ayɛ adwuma aboro bere a ɛsɛ sɛ wode yɛ adwuma no so? So ebetumi ama wo ne w’abusuafo ntam atetew na awiei koraa no atwe wo afi nnwuma a ɛnsɛ sɛ ɛpa wo ti so wɔ wo Nyankopɔn som mu no ho?

Susuw sɛnea Jim sii gyinae titiriw bi wɔ n’adwuma ho no ho hwɛ. Ɔbrɛe paa ansa na ɔrenya dibea a ɛkorɔn wɔ n’adwumam. Awiei koraa no, ɔbɛyɛɛ adwuma kwankyerɛfo wɔ adwuma no fã a ɛwɔ Asia Apuei fam no nyinaa, ɔpanyin paa wɔ adwuma no fã a ɛwɔ United States, na ɔbɛyɛɛ adwuma no baguakuw muni wɔ Europa. Nanso bere a Japan sikasɛm sɛee no, obehui sɛ mfaso biara nni so sɛ ɔbɛpere apɛ sika ne tumidi. Sika a na wasam fifiri apɛ no hyewee prɛko pɛ. N’abrabɔ nyinaa sesae. Obisaa ne ho sɛ: ‘Mfe du mmra no, na m’abrabɔ te dɛn?’ Afei obehui sɛ na ne yere ne ne mma wɔ atirimpɔw a mfaso wɔ so wɔ asetram. Na wɔne Yehowa Adansefo abɔ wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu. Na Jim pɛ sɛ onya anigye ne abotɔyam a n’abusua wɔ no bi. Enti ofii ase suaa Bible no.

Ankyɛ koraa na Jim behui sɛ, n’abrabɔ na amma wannya asetram atirimpɔw sɛ Kristoni. Esiane sɛ na ɔtaa tutu akwan kɔ Asia, United States ne Europa nti, na onnya bere nsua Bible no ne ne mfɛfo agyidifo mmɔ fekuw. Ná ɛsɛ sɛ osi gyinae bi: ‘Menkɔ so mmɔ me bra sɛnea mayɛ wɔ mfe 50 a atwam no, anaasɛ mensesa m’abrabɔ?’ Ɔde mpaebɔ susuw nea ebetumi afi ne gyinaesi no mu aba daakye no ho, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyae adwuma ahorow no ma aka biako sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere ama honhom fam nneɛma. (1 Timoteo 6:6-8) Gyinae a osii no maa n’ani gyei, na onyaa hokwan de yɛɛ Kristofo nnwuma pii.

Sɛ́ asɛm no yɛ kɛse anaa ketewa no, wo gyinaesi ho hia. Gyinae a nnɛ wubesi no betumi akyerɛ sɛ wubedi yiye anaa wobɛbɔ fam, na mpo ebetumi akyerɛ sɛ daakye wubenya nkwa anaasɛ worennya nkwa. Sɛ wususuw Bible nnyinasosɛm, afoforo ahonim ne nea ebetumi afi wo gyinaesi mu aba daakye ho a, ɛbɛma woasi gyina pa. Sisi gyinae a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Gyinae a wususuw sɛ esua no betumi de ɔhaw kɛse abrɛ wo

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Ɔkwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm bɛboa no ma wasi gyinae nyansam?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu fii ayamye mu kasa kyerɛɛ Petro

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena