Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 12/1 kr. 3
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuhu Nea Otia Kristo No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuhu Nea Otia Kristo No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwan Ne Deɛ Ɔtia Kristo Anaa Antikristo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Hena Ne Antikristo No?
    Nyan!—2001
  • Wɔahu Nea Otia Kristo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • So Wokae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 12/1 kr. 3

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuhu Nea Otia Kristo No?

Tete no, Onyankopɔn maa ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Moate sɛ nea otia Kristo [no] reba.” (1 Yohane 2:18) Hwɛ sɛnea asɛm yi kanyan adwene! Nkurɔfo adwennwen nea saa asɛm yi kyerɛ ho mfehaha pii. Hena ne nea otia Kristo no? Bere bɛn na ɔbɛba? Na sɛ ɔba a, dɛn na ɔbɛyɛ?

WƆN a wɔabɔ wɔn sobo sɛ wotia Kristo no yɛ bebree. Tete no, na nkurɔfo frɛ Yudafo, Katolek popenom, ne Roma ahempɔn no wɔn a “wotia Kristo.” Sɛ nhwɛso, bere a Ɔhempɔn Frederick II (1194-1250) kae sɛ ɔrenkõ Mmeamudua Kõ mma asɔre no, Pope Gregory IX frɛɛ no nea otia Kristo, na ɔpamoo no fii asɔre no mu. Innocent IV a obedii Gregory ade no nso pamoo Frederick saa ara. Na Frederick nso kae sɛ Innocent mmom ne nea otia Kristo no.

Ɔsomafo Yohane nkutoo ne Bible kyerɛwfo a ɔde asɛm nea “otia Kristo” no yɛɛ adwuma. Asɛm no pue mpɛn anum wɔ Bible mu nhoma abien a ne din da so no mu, na ɛwɔ biako kabea ne dodow kabea mu. Bible no afã a asɛm yi pue no wɔ adaka a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no. Yetumi hu fi kyerɛw nsɛm yi mu sɛ nea otia Kristo no yɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo, na wasi ne bo sɛ ɔbɛsɛe abusuabɔ a obi ne Kristo ne Onyankopɔn wɔ no. Eyi nti, ɔsomafo no ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Adɔfo, munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni, na mmom monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Nyankopɔn anaa, efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.”—1 Yohane 4:1.

Yesu nso kae sɛ yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ nnaadaafo anaa atoro adiyifo yi ho. Ɔkae sɛ: “Wɔde nguan nhoma ba mo nkyɛn, nanso wɔn mu de wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Mode wɔn aba [anaa wɔn nnwuma] na ebehu wɔn.” (Mateo 7:15, 16) So na Yesu nso rebɔ n’akyidifo kɔkɔ wɔ nea otia Kristo no ho? Ma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ahu otirimɔdenfo daadaafo yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena