Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 2/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanaman Boaboa Wɔn Ho Ano Wɔ Megido
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Harmagedon Onyankopɔn Ko A Ebetwa Akodi Nyinaa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 2/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn ne “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn . . . ko” a wɔbɛko wɔ Harmagedon no, na dɛn na ebefi mu aba?—Adiyisɛm 16:14, 16.

Sɛ yɛbɛkyerɛ mu tiawa a, Harmagedon ko no yɛ ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ wiase nyinaa daakye a Yehowa Hene a wapaw no, Yesu Kristo, bɛsɛe Onyankopɔn atamfo nyinaa. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔnam “adaemone honhom mu nsɛm” so na wɔboaboa saa atamfo yi, “asase nyinaa so ahemfo” no ano de wɔn kɔ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko . . . baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon” no.—Adiyisɛm 16:14, 16.

Beae pɔtee biara nni hɔ ankasa a akuw abien a wɔredi ako no boaboa wɔn ho ano wɔ hɔ. Enti Harmagedon kyerɛ “Megido Bepɔw.” (Adiyisɛm 16:16) Bepɔw ankasa biara nni hɔ a wɔfrɛ no Megido. Afei nso, “asase so ahemfo ne wɔn asafodɔm” ntumi mmoaboa wɔn ho ano wɔ beae koro ankasa. (Adiyisɛm 19:19) Mmom no, asɛmfua “baabi” no fa tebea a asase so ahemfo ne wɔn akyitaafo kɔ mu—wɔn nyinaa yɛ biako ko tia Yehowa ne “asafodɔm a wɔwɔ soro” a ɔsahene, “ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade,” Yesu Kristo di wɔn anim no.—Adiyisɛm 19:14, 16.

Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, edin “Harmagedon” no fa tete Israel kurow Megido ho. Ná tete kurow Megido da beae bi a ɛfata paa wɔ Bepɔw Karmel apuei fam, ma enti saa bere no na etumi ma aguadi kɔ so anaa ɛsɛe no, na saa ara nso na na etumi ma akodi kɔ so anaa ɛbrɛ no ase. Ná Megido yɛ beae a wodi ako wɔ hɔ ma ɔfã bi di nkonim koraa. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ “Megido asu no ano” na Israelni Ɔtemmufo Barak dii Kanaanfo asraafodɔm a na wɔyɛ den a na Ɔsahene Sisera di wɔn anim no so nkonim no. (Atemmufo 4:12-24; 5:19, 20) Ɛyɛ saa beae koro no ara na Ɔtemmufo Gideon yɛɛ Midianfo pasaa no. (Atemmufo 7:1-22) Bible no nam ɔko a ɛreba a ɛde toto Megido ho no so ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn nam ne Ba no so bedi n’atamfo so nkonim koraa.

Dɛn na ebefi ɔko no mu aba? Harmagedon ko no beyi ɔbrasɛe ne abɔnefosɛm nyinaa afi asase so. Ɛde adesamma bɛkɔ asetra bi a ɛyɛ anigye sen biara mu. (Adiyisɛm 21:1-4) Bere a Onyankopɔn Ahenni no di asase so wɔ ɔdɔ mu no, asase bɛdan paradise, na treneefo bɛtra so daapem.—Dwom 37:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena