Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 6/15 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ɔwɔ No Asefo—Ɔkwan Bɛn na Wɔfaa So Daa Wɔn Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Wɔda Ɔwɔ no Adi Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Bible no Asɛmti Titiriw
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 6/15 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ná ɔwɔ a ɔne Hawa kasae no wɔ anan?

Sɛnea Genesis 3:14 ka no, na Yehowa Nyankopɔn rekasa akyerɛ ɔwɔ a ɔdaadaa Hawa wɔ Eden turo no mu no. Onyankopɔn kae sɛ: “Sɛ woayɛ eyi nti, wɔadome wo ntɔteboa ne wuram mmoadoma nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛnantew, na woadi dɔte wo nkwa nna nyinaa.” Bible nhyɛ da nka sɛ bere bi na aboa a wɔnam no so sɔɔ Hawa hwɛe no wɔ anan. Ɛwom sɛ nsɛm a ɛwɔ Genesis 3:14 no betumi ama ebinom anya adwene a ɛte saa de, nanso ɛho nhia sɛ yenya adwene sɛ ansa na wɔredome saa ɔwɔ no na awɔ wɔ anan. Dɛn ntia?

Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ, onii ankasa a Yehowa buu no atɛn ne Satan a ɔyɛ honhom abɔde a ɔde aboa a ɔba fam yi dii dwuma ɔkwammɔne so no. Bible frɛ Satan sɛ “atoro agya” ne “ɔwɔ dedaw.” Ɛda adi sɛ edin abien yi nyinaa twe adwene si bere a Satan nam aboa ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa de daadaa no ma obuu Onyankopɔn mmara so no so.—Yohane 8:44; Adiyisɛm 20:2.

Onyankopɔn na ɔbɔɔ awɔ, na ɛbɛyɛ sɛ na Adam ato awɔ din ansa na Satan nam ɔwɔ so redaadaa Hawa. Ɛnyɛ ɔwɔ a onni adwene a ɔne Hawa kasae no na ɔdaadaa no. Ná ɔwɔ no nnim sɛ Satan na ɔde no redi dwuma, na na ɔrentumi nte atemmu a Onyankopɔn de baa wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so no ase.

Ɛnde dɛn nti na Onyankopɔn kae sɛ wɔabrɛ ɔwɔ no ase? Sɛnea ɔwɔ nam a ɔtwe ne ho ase, na ɔtwetwe ne tɛkrɛma te sɛ nea ɔrepɛ dɔte ataforo no yɛɛ Satan a wɔabrɛ no ase no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. Wogyee dibea a ɛkorɔn a bere bi na ɔwɔ sɛ Onyankopɔn abɔfo no mu baako no fii ne nsam, na wɔbrɛɛ no ase ma ɔbaa tebea a Bible frɛ no Tartarus mu.—2 Petro 2:4.

Bio nso, sɛnea ɔwɔ betumi aka onipa nantin no, na Satan a wɔabrɛ no ase no nso ‘bɛka’ Onyankopɔn ‘aseni’ no “nantin.” (Genesis 3:15) Yesu Kristo na ɔbɛyɛɛ aseni no mu otitiriw a ohuu amane bere tiaa bi wɔ Satan ananmusifo no nsam. Nanso awiei koraa no, Kristo ne n’ayɔnkofo Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn no bɛpɛtɛw ɔwɔ a ogyina hɔ ma Satan no ti. (Romafo 16:20) Enti na ɔwɔ no a Onyankopɔn domee no no yɛ “ɔwɔ dedaw,” Satan Ɔbonsam a wɔbrɛɛ no ase, na awiei koraa wɔbɛsɛe no pasaa no ho mfonini a ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena