Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 4/1 kr. 31
  • Ɛhe Na Harmagedon Ko No Bɛba So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe Na Harmagedon Ko No Bɛba So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Armagedon Bɛhyɛ Ase Wɔ Israel Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Dɛn Ne Armagedon Ko No?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 4/1 kr. 31

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

Ɛhe Na Harmagedon Ko No Bɛba So?

Wɔrenko Harmagedon ko no wɔ beae pɔtee bi. Mmom no, asase mũ no nyinaa so na wɔbɛko. Dɛn ntia? Efisɛ afã abien no dɔɔso araa ma wɔnkɔ beae pɔtee bi.

Harmagedon nso kyerɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no.” Yehowa Nyankopɔn nam ne Ba, Kristo Yesu, so bɛboaboa abɔfodɔm ano na wɔne asase so sodifo abɔnefo nyinaa akɔko.—Adiyisɛm 16:14; 19:11-16.

Ɔkwan bi so no, Satan ne ne dɔm repiapia amanaman no akɔ ɔko no bi. Bible ka sɛ “adaemone honhom mu nsɛm” kɔ “asase nyinaa so ahemfo [sodifo] nkyɛn kɔboaboa wɔn ano . . . [kɔ] baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon.”—Adiyisɛm 16:14-16.

Adiyisɛm nhoma no nkutoo ne Bible mu nhoma a ama Bible akenkanfo abɔ mmɔden sɛ wobehu nea Harmagedon kyerɛ. Nnipa pii a wɔkenkan Adiyisɛm nhoma no a wɔfa emu nsɛm saa ara no akyerɛ beae pɔtee a wosusuw sɛ ɔko no befi ase, na wɔde ahopere hwɛ sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ saa beae hɔ. Yebetumi ahu adwene a ɛne sɛ Harmagedon yɛ beae pɔtee bi no wɔ Hela nhoma bi a ɛka Adiyisɛm no ho asɛm, a Oecumenius kyerɛwee wɔ afeha a ɛto so asia Y.B. a ɛda so ara wɔ hɔ no mu.

Bere a John F. Walvoord a kan na ɔyɛ Dallas Nyamekyerɛ Sukuu titrani no reka adwene a asɔfo a wokura tete adwene pii wɔ ho asɛm no, ɔkae sɛ: Harmagedon yɛ “ɔko a etwa to a anidaso biara nnim a wiase mu nnipa a wonhu wɔn ho ano bɛko wɔ aman a ɛwɔ Mediterranea Apuei fam no.” Walvoord kyerɛ sɛ, “‘Megido Bepɔw’ no yɛ bepɔw ketewa bi a ɛda Palestina atifi fam wɔ ɔbon kɛse bi ano.”

Nanso Adiyisɛm nhoma no nyɛ asase mfonini a ɛrekyerɛ kwan akɔ beae pɔtee bi a wɔfrɛ hɔ Harmagedon. Adiyisɛm mu nsɛm a edi kan no ka sɛ, ɛyɛ “nsɛnkyerɛnne.” (Adiyisɛm 1:1) Efi tete na Yehowa Adansefo kae wɔ wɔn nhoma, Studies in the Scriptures, Volume IV mu sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛboaboa nnipa ano akɔ Megido Bepɔw so.”

Nsɛm a esisii tete wɔ Megido no kyerɛ sɛ Onyankopɔn atamfo ho kaa mu wɔ hɔ a wɔannya baabiara anguan amfa. Enti wɔ Harmagedon mu no, Onyankopɔn bɛhwɛ sɛ obetu porɔwee ne abɔnefosɛm ase afi asase yi so korakora ɛmfa ho baabiara a ɛwɔ.—Adiyisɛm 21:8.

Ɛho nhia sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo suro Harmagedon. Onyankopɔn ko no bɛba nnipa a Onyankopɔn bebu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn no nkutoo so. Ɔko a Onyankopɔn de bɛba no bɛyɛ nyiyim, ɛrensɛe obiara kɛkɛ. Bible ka sɛ: “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no” no. (2 Petro 2:9) Asɛm bi a ɛka koma a ɛwɔ Dwom 37:34 no ka sɛ: “Twɛn [Yehowa, NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena