Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 6/1 kr. 26
  • Ɛnnɛyi “Israelni Abeawa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛyi “Israelni Abeawa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Nnii Me Huammɔ Da!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • ‘Nkokoaa Anom’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 6/1 kr. 26

Ɛnnɛyi “Israelni Abeawa”

AKA adapɛn abien ma wɔakae Yesu wu no, Sales abusua a wɔte Praia Grande, Brazil, no mu biara kyerɛw nnipa a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn no din. Wɔde krataa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo no bi maa Abigayl a wadi mfe asia no, na wobisaa no onipa a ɔpɛ sɛ ɔde ma no.

Obuae sɛ, “Mede bɛma papa no a ɔserew kyerɛ me bere biara no.”

N’awofo bisaa no sɛ, “Ɔne hena?”

Ɛnna ɔkae sɛ, “Papa no a ɔte mmubuafo akongua mu no.”

Nnannan akyi no, Abigayl kyerɛɛ n’awofo ɔbarima no. Wɔfrɛ ɔbarima no Walter, na ɔte ofie a ɛbɛn Ahenni Asa no pɛɛ. Bɛboro mfe 15 a atwam, bere a na wadi mfe 28 no, onyaa kar akwanhyia, na ɛma efi ne sisi kosi ne nan ase dwudwoe. Esiane sɛ ɔyɛ sikani nti, na ɔwɔ mmarima baanu a wɔwɛn no. Bere a wɔmaa Abigayl kwan sɛ obetumi ne Walter akasa no, Abigayl awofo kyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ no sɛ wɔn babea no pɛ sɛ ɔto nsa frɛ no.

Bere a Abigayl de nsato krataa no maa no wiei no, ɔkae sɛ: “Afoforo a wɔwɔ yɛn Ahenni Asa so no nyinaa nyaa nsato krataa no pii, nanso mede, minyaa biako pɛ. Enti wo nko ara ne obi a mereto nsa afrɛ wo. Sɛ woamma a, minnya obiara a ɔbɛba. Nanso sɛ woba a, m’ani begye paa, na Yehowa mpo de, n’ani begye aboro so.”

Da a wɔbɛkae Yesu wu no duu so no, na Abigayl ne Adansefo afoforo resiesie Ahenni Asa no so ama dwumadi a ɛbɛkɔ so anwummere no. Saa awiabere no na Walter retwam, na bere a ohuu Abigayl no, ɔka kyerɛɛ nea ɔreka ne kar no sɛ onnyina. Obuee kar no ahwehwɛ kɔɔ fam, na obisaa Abigayl nea ɔreyɛ. Abigayl ka kyerɛɛ no sɛ wɔresiesie asa no so kama ama no.

Saa anwummere no na Abigayl nhu nea ɔnyɛ. Ɔkasa no fii ase no, otwaa n’ani kurukuru saa ara sɛ ebia obehu Walter anaa. Prɛko pɛ na ohui sɛ Walter ne n’awɛmfo baanu no aba. Abigayl de anigye serew yiye. Ɔkasa no akyi no, Walter kae sɛ na anka ɔretu kwan akɔ kurow foforo so, nanso Abigayl nti, ɔsesaa n’adwene sɛnea bɛyɛ a obetumi aba Yesu wu a wɔrekae no. Afei ɔtoaa so sɛ: “Ɔkasa bi te sei ara na na merepɛ atie.” Ɔkae sɛ wɔmma no Bible, na ofii ase suaa ade, na ɔba nhyiam ahorow.

Saa bere yi nyinaa na Walter nuabea pɛ sɛ ohu Abigayl a ne nuabarima no taa ka ne ho asɛm no. Bere a ohuu Abigayl no, n’ani gyei sɛ wahu abeawa a ne ho yɛ anika saa. Ɔkae sɛ: “Mahu nea enti a me nuabarima no ani agye saa no.”

Walter da so sua ade na ɔkɔ nhyiam ahorow. Sɛ ɔkɔ nhyiam a ɔma mmuae na ɔka nea wasua no ho asɛm mpo kyerɛ afoforo. Ampa ara, abeawa kumaa Abigayl ma yɛkae Israelni abeawa a ɔboaa Naaman ma obehuu Yehowa, nokware Nyankopɔn no.—2 Ahene 5:2-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena