Momfa Mo “Adwene Nyinaa” Nhwehwɛ Nokware Nimdeɛ Pii
YEHOWA asomfo nyinaa hwehwɛ n’anim dom. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yenya n’anim dom nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den na yɛde ɔsom kronn ama no wɔ nnamyɛ so. Nanso, ɔsomafo Paulo twe yɛn adwene si asiane bi a ɛtoo Yudafo binom a na wɔwɔ ne bere so a ebetumi ato yɛn nnɛ no so sɛ: “Wɔwɔ Nyankopɔn ho nnamyɛ de; nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.” (Rom. 10:2) Ɛda adi pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛn gyidi ne ɔsom a yɛde ma Yehowa no gyina nkate so kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yenya yɛn Bɔfo no ne n’apɛde ho nokware nimdeɛ.
Paulo de nneyɛe a ɛsɔ Onyankopɔn ani bataa anigye a yɛde hwehwɛ nimdeɛ ho wɔ ne nhoma ahorow a ɔkyerɛwee no bi mu. Ɔbɔɔ mpae sɛ, Onyankopɔn apɛde ho “nokware nimdeɛ nhyɛ” Kristo akyidifo “ma,” sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛnantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa’ bere a ‘wɔkɔ so sow aba wɔ adwuma pa biara mu, na wonya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii no.’ (Kol. 1:9, 10) Dɛn nti na “nokware nimdeɛ” a yebenya ho hia kɛse saa? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya nimdeɛ a ɛte saa pii?
Ade a Ɛma Yenya Gyidi
Onyankopɔn ne n’apɛde ho nokware nimdeɛ a wɔada no adi wɔ Bible mu no ne ade a yɛn gyidi gyina so. Sɛ yɛannya nimdeɛ a edi mu a ɛte saa a, Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no bɛyɛ te sɛ ɔdan ketewaa bi a wɔde nkrataa a wɔatwitwa no asinasin asi. Sɛ mframa kakra bɔ fa ho a, ebetumi adwiriw agu. Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ɔsom kronn a “adwene” wom mma Onyankopɔn, na ‘yɛnyɛ yɛn adwene foforo.’ (Rom. 12:1, 2) Sɛ yesua Bible daa a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.
Onuawa daa kwampaefo bi a wɔfrɛ no Ewa a ofi Poland ka sɛ: “Sɛ mansua Onyankopɔn Asɛm daa a, merenkɔ so nnya Yehowa ho nokware nimdeɛ. Kristofo su a mewɔ no bɛsɛe ntɛm ara, na Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ no bɛyɛ mmerɛw—na eyi betumi ama me ne Onyankopɔn ntam asɛe.” Mommma ɛmma saa da wɔ yɛn fam! Ma yesusuw ɔbarima bi a onyaa Yehowa ho nokware nimdeɛ pii ma enti onyaa Yehowa anim dom no ho nhwɛ.
“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”
Dwom a wɔahyehyɛ no sɛ anwensɛm a ɛne Dwom 119 a ɛwɔ Bible mu no ka sɛnea na odwontofo no te nka wɔ Yehowa mmara, ne nkaesɛm, n’ahyɛde, ne mmara nsɛm, ne n’atemmusɛm ho no ho asɛm. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me. . . . W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara.” Ɔsan kyerɛwee sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—Dw. 119:16, 24, 47, 48, 77, 97.
Nsɛmfua ‘ahosɛpɛw’ ne ‘adwene’ no kyerɛ Onyankopɔn Asɛm a wodwennwen ho, nokwarem no, na odwontofo no ani gye nneɛma a ɛte saa a na odwennwen ho no ho. Saa nsɛmfua no si so dua pefee sɛ, na odwontofo no ani gye ho sɛ obesua Onyankopɔn mmara ho ade. Ɛnyɛ atenka bi a na ahyɛ odwontofo no koma ma na ɛmaa n’ani gyee Onyankopɔn Asɛm ho saa. Mmom no, na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ‘obedwen’ Yehowa mmara ho, na ama wate Yehowa asɛm ase yiye. Yetumi hu fi su a ɔdaa no adi no mu sɛ na ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn ne n’apɛde yiye paa.
Ɛda adi sɛ, na Onyankopɔn Asɛm ho anigye a odwontofo no wɔ no fi ne komam tɔnn. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So me nso m’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho saa? So m’ani gye ho sɛ mɛkenkan Bible no fã bi da biara da na m’adwennwen ho? So mebɔ mmɔden kenkan Onyankopɔn Asɛm, na mebɔ Yehowa mpae ansa na makenkan?’ Sɛ yetumi bua saa nsɛmmisa no sɛ yiw a, ɛda adi sɛ ‘yebenya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.’
Ewa ka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛma ade a m’ankasa misua no atu mpɔn bere nyinaa. Efi bere a me nsa kaa ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhomawa no, ɛkame ayɛ sɛ bere biara a mesua ade no, mede di dwuma. Mebɔ mmɔden paa sɛ mede Insight on the Scriptures ne nhoma afoforo a yɛde yɛ nhwehwɛmu no bɛyɛ nhwehwɛmu a ɛho hia.”
Ma yensusuw Wojciech ne Małgorzata a wɔwɔ abusua mu asɛyɛde pii no nso ho nhwɛ. Wɔyɛ dɛn tumi nya bere de sua Bible ka nnwuma a wɔyɛ no ho? Wɔka sɛ: “Yɛn mu biara gye bere de sua Onyankopɔn Asɛm no sɛnea obetumi. Afei, yɛka nsɛm a ɛyɛ anigye anaa ɛhyɛ nkuran no kyerɛ yɛn ho yɛn ho bere a yɛreyɛ yɛn abusua adesua ne bere a yɛrebɔ nkɔmmɔ no.” Bible a wosua kɔ akyiri no ma wonya anigye pii, na ɛboa wɔn ma ‘wonya nokware nimdeɛ pii.’
Momfa Mo Adwene Nyinaa Nsua Ade
Sɛ́ Kristofo no, yegye di sɛ nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) Saa asɛm yi ma yehu mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛkenkan Bible na yɛbɔ mmɔden ‘te ase.’ (Mat. 15:10) Ade biako a ebetumi aboa ma yɛayɛ saa ne sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa besua ade. Eyi ne su a tete Beroiafo no daa no adi bere a Paulo kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Paulo kyerɛw wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no ntɛm so, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.”—Aso. 17:11.
Sɛ woresua Bible no a, so wudi Beroiafo no nhwɛso no akyi de w’adwene nyinaa sua a womma nneɛma a ɛho nhia ntwetwe w’adwene? Sɛ bere bi a atwam no na Kristoni bi ani nnye adesua ho mpo a, obetumi abɔ mmɔden asuasua Beroiafo no. Afei nso, sɛ nnipa binom mfe rekɔ anim a, wɔntaa nkenkan ade na wonsua ade pii, nanso ɛnsɛ sɛ Kristoni yɛ saa. Ɛmfa ho mfe a obi adi no, obetumi abɔ ne ho mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma rentwetwe n’adwene. Na sɛ worekenkan ade a, wubetumi ama w’ani ada hɔ na woahwehwɛ nsɛm bi a wubetumi aka akyerɛ afoforo. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi abɔ mmɔden ne w’aware mu ɔhokafo anaa w’adamfo Kristoni bi abɔ nneɛma a woakenkan anaa woahu bere a na woresua ade no ho nkɔmmɔ? Sɛ woyɛ saa a, saa nneɛma no betumi aka w’adwene ne wo koma mu yiye, na aboa afoforo nso.
Ɛdefa bere a wode sua ade ho no, suasua Esra a ɔyɛ Onyankopɔn somfo a ɔtraa ase tete no a ‘osiesiee ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara’ no nhwɛso no. (Esra 7:10) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Wubetumi apɛ baabi a ɛfata asua ade. Afei, tra ase na bɔ Yehowa mpae hwehwɛ n’akwankyerɛ ne ne nyansa. (Yak. 1:5) Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na mepɛ sɛ misua wɔ adesua bere yi mu? Sɛ worekenkan ade a, ma w’ani nna hɔ na hyɛ emu nsɛntitiriw no nsow. Ɛbɛyɛ papa sɛ wokyerɛw saa nsɛntitiriw yi a wopɛ sɛ wokae paa no gu baabi, anaasɛ wohyɛ no nsow. Susuw sɛnea wubetumi de saa asɛm no adi dwuma wɔ asɛnka mu, bere a woresisi gyinae, anaa bere a worehyɛ wo mfɛfo gyidifo nkuran no ho. Aka kakra ma bere a wode resua ade no aba awiei no, gye bere fa susuw nea woakenkan no ho. Ɛno bɛma woakae nea woasua no.
Ewa ka sɛnea osua ade ho asɛm sɛ: “Sɛ merekenkan Bible no a, mekenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no, mede Watch Tower Publications Index no ne Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so no yɛ nhwehwɛmu. Mekyerɛw nsɛm bi a m’ankasa mede bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no to hɔ.”
Ebinom de mfe pii asua ade akɔ akyiri, na wɔasua Onyankopɔn ho ade pii. (Mmeb. 2:1-5) Nanso, wɔabenya asɛyɛde ahorow pii, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔn ankasa benya bere de asua ade. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ wɔ wo bere nhyehyɛe mu?
Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Bere?
Ebia, wubegye atom sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ wubetumi anya bere de ayɛ nneɛma bi a w’ani gye ho. Nnipa pii ahu sɛ ade a ɛbɛboa wɔn ma wɔn ankasa atumi asua ade ne sɛ wɔde botae bi a wobetumi adu ho te sɛ Bible mũ no nyinaa a wɔbɛkenkan besi wɔn anim. Nokwarem no, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛkenkan anato atenten, tete asɔrefie no ho nsɛm a ɛkɔ akyiri, anaa nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛkyere adwene a ɛte sɛ nea ɛmfa yɛn da biara da asetra ho. Bɔ mmɔden sɛ wubenya akwan bi a wobɛfa so adu wo botae no ho. Sɛ nhwɛso no, ansa na wobɛkenkan Bible no fã bi a ɛte sɛ nea asete yɛ den no, wubetumi akenkan ɛho abakɔsɛm anaa sɛnea wubetumi de adi dwuma no ho ade. Wubetumi anya nsɛm a ɛte saa wɔ nhoma a ɛne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” a ɛwɔ kasa bɛyɛ 50 mu no mu.
Sɛ worekenkan Bible a, ɛyɛ anigye sɛ wobɛyɛ nea worekenkan no ho mfonini wɔ w’adwenem. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woatumi ayɛ nnipa a worekenkan wɔn ho asɛm ne nsɛm a esisii no ho mfonini wɔ w’adwenem. Sɛ wode nyansahyɛ ahorow yi mu kakraa bi di dwuma a, ɛda adi sɛ ɛbɛma bere a wode sua ade no ayɛ anigye na ayɛ nea mfaso wɔ so kɛse. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma woanya anigye kɛse sɛ wubegye bere de asua ade. Ɛrenyɛ den koraa sɛ, ɛbɛma Bible a wobɛkenkan no daa no aka wo hɔ.
Bere a nyansahyɛ ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm no betumi aboa yɛn sɛ ankorankoro no, dɛn na abusua bi a wonni adagyew betumi ayɛ? Dɛn nti na montra ase mmɔ mfaso a mubetumi anya afi Bible a mobɛbom asua sɛ abusua no ho nkɔmmɔ? Ebia, nkɔmmɔ a ɛte saa a mobɛbɔ no betumi ama moahu nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ moyɛ, te sɛ sɔre a mobɛsɔre ntɛm anɔpa biara anaa nna bi a mubeyi asi hɔ de asusuw Bible no fã bi ho. Anaasɛ, ebia nkɔmmɔ a mobɛbɔ no bɛma moahu nea enti a ɛho hia sɛ moyɛ nsakrae wɔ mo abusua no nhyehyɛe mu. Sɛ nhwɛso no, mmusua bi ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobesusuw daa asɛm no ho anaasɛ wɔbɛkenkan Bible no fã bi bere a wɔadidi awie no. Abusua no de simma 10 anaa 15 susuw Kyerɛwnsɛm no ho anaasɛ wɔyɛ Bible akenkan a wɔayɛ ho nhyehyɛe no ansa na wɔn mu bi asɔre sɛ ɔresiesie ɔpon no so anaasɛ ɔrekɔyɛ bibiri foforo. Ebia mfiase no, eyi a wɔbɛyɛ no bɛyɛ den kakra, nanso ɛrenkyɛ koraa na ne yɛ aka abusua no hɔ ama wɔn ani agye ho kɛse.
Wojciech ne Małgorzata kyerɛkyerɛ nea ɛboaa wɔn abusua no mu sɛ: “Bere bi a atwam no, na yɛma nneɛma nketenkete a ɛho nhia gye yɛn bere. Yesii gyinae sɛ yɛbɛtew bere a yɛde nsɛm fa kɔmputa so mena no so. Yɛasan atwitwa bere a yɛsɛe no wɔ anigyede bi ho no so, na yɛde ɛda ne bere pɔtee a yɛde besua ade akɔ akyiri asi hɔ.” Akyinnye biara nni ho sɛ, saa abusua yi nnuu wɔn ho wɔ nsakrae a wɔyɛe no ho, na sɛ mo nso moyɛ saa a, morennu mo ho.
Mfaso wɔ Nokware Nimdeɛ Pii a Yebenya no So!
Onyankopɔn Asɛm a yebesua akɔ akyiri no betumi ama yɛasow “adwuma pa nyinaa mu aba.” (Kol. 1:10) Sɛ woyɛ saa wɔ w’asetra mu a, nnipa nyinaa behu wo nkɔso. Wobɛyɛ obi a wote Bible mu nokware ase yiye. Gyinae a wusisi bɛyɛ nea ɛfata, na wubetumi aboa afoforo yiye, na worenyɛ ade ntra so sɛnea afoforo a wonni nimdeɛ taa yɛ no. Nea ɛsen ne nyinaa no, wobɛbɛn Yehowa kɛse. Wubenya Yehowa su ahorow ho anisɔ pii, na eyi bɛda adi bere a woreka ne ho asɛm akyerɛ afoforo no.—1 Tim. 4:15; Yak. 4:8.
Ɛmfa ho mfe a woadi anaa osuahu a wowɔ no, bɔ mmɔden biara sɛ wobɛkɔ so ama w’ani agye Onyankopɔn Asɛm sua ho, na fa w’adwene nyinaa sua ade kɔ akyiri. Wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa werɛ remfi wo mmɔdenbɔ no. (Heb. 6:10) Obehyira wo pii.
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ den sɛ wubenya baabi a ɛfata asua ade de, nanso mfaso wɔ so
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Mmusua bi kenkan Bible no fã bi bere a wɔadidi awie no
[Adaka wɔ kratafa 13]
SƐ ‘YENYA NOKWARE NIMDEƐ PII’ A . . .
Yɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no mu den, na yɛnantew sɛnea ɛsɛ wɔ Yehowa mu.—Kol. 1:9, 10
Yenya nimdeɛ, na yetumi de nhumu di dwuma sisi gyinae a nyansa wom.—Dw. 119:99
Yɛn ani gye ho kɛse sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔabɛn Yehowa.—Mat. 28:19, 20