Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 1/1 kr. 4
  • Sɛ Onipa Wu a, Tebea Bɛn Mu Na Ɔkɔ Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Onipa Wu a, Tebea Bɛn Mu Na Ɔkɔ Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ankasa Ne Hell?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Wo Gyidi Wɔ Owusɔre Mu Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Adwene A Wukura Wɔ Ɔkra No Ho No Ka W’asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɔkra
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 1/1 kr. 4

Sɛ Onipa Wu a, Tebea Bɛn Mu Na Ɔkɔ Ankasa?

“Akra nyinaa, a abɔnefo de mpo ka ho renwu da . . . Esiane sɛ wɔbɛtwe wɔn aso daa wɔ ogya a ɛrennum da mu, na wɔrenwu da nti, wɔn amanehunu [to rentwa da].”—Clement a ofi Alexandria, a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa wɔ Yesu awo akyi mu.

SƐNEA na Clement gye di no, wɔn a wɔkyerɛkyerɛ sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ nkurɔfo ayayade no nso susuw sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da. So Bible foa saa nkyerɛkyerɛ yi so? Susuw nea Onyankopɔn Asɛm ka de bua nsɛmmisa a edidi so yi ho hwɛ.

So na Adam, onipa a odi kan no wɔ ɔkra a enwu da? Protestanfo Bible nkyerɛase a wɔfrɛ no King James Version, anaa Authorized Version, no ka sɛnea wɔbɔɔ Adam no ho asɛm sɛ: “AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu; na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Hyɛ no nsow sɛ kyerɛwsɛm yi nka sɛ wɔmaa Adam ɔkra.

Bere a Adam yɛɛ bɔne akyi no, dɛn na ɛbaa no so? Onyankopɔn anka sɛ wɔbɛyɛ no ayayade daa wɔ hell de atwe n’aso. Mmom no, Katolekfo New American Bible no kyerɛ asotwe a Onyankopɔn de maa no no ase sɛ: “W’anim fifiri mu na wubenya aduan adi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii; na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua; Genesis 3:19) Biribiara nni asɛm a Onyankopɔn kae no mu a ɛkyerɛ sɛ na Adam fã bi bɛkɔ so atena ase wɔ ne wu akyi. Bere a Adam wui no, Adam a ɔyɛ ɔkra no wui.

So ɔdesani bi wɔ ɔkra a enwu da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ odiyifo Hesekiel sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4, The Holy Bible—New International Version) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na ɛnam bɔne so na owu bae, na saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa obiara, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12, NAB) Sɛ nnipa nyinaa yɛ bɔne a, ɛnde na ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ akra nyinaa wu.

So ɔkra a wawu nim biribi anaa ɔte nka bi? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, nanso awufo nnim biribiara bio.” (Ɔsɛnkafo 9:5, NAB) Bere a Bible no rekyerɛkyerɛ tebea a onipa wu a ɔkɔ mu mu no, ɛka sɛ: “Ɔsan kɔ ne dɔte mu, saa da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:4, KJ) Sɛ awufo “nnim biribiara bio” na wɔn ‘tirim a wɔbobɔe yera’ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔate yaw wɔ hell?

Yesu Kristo amfa owu antoto tebea a sɛ obi wom a onim nea ɛrekɔ so ho, na mmom ɔde totoo nna ho.a (Yohane 11:11-14) Ebia ebinom bɛbɔ eyi agu aka sɛ Yesu kyerɛkyerɛe sɛ hell yɛ baabi a ɛhɔ yɛ hyew, na wɔbɛtow abɔnefo agu hellgya mu. Ma yensusuw nea Yesu kae ankasa wɔ hell ho no ho nhwɛ.—w08 11/1-E.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm “Nea Yesua Fi Yesu Hɔ—Fa Anidaso a Awufo wɔ Ho” a ɛwɔ kratafa 16 ne 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena